Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 143
  • Ɛyɛ Bɔne Sɛ Obi Bɛnom Sigaret Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Bɔne Sɛ Obi Bɛnom Sigaret Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Bible no ka sɛ yebetumi anom wii anaa nnuru foforo de agyigye yɛn ani anaa?
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
  • Sɛ Menom Sigaret a, Ɛhaw Onyankopɔn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Sigaret​—Onyankopɔn Bu no Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 143
Ɔbarima bi renom sigaret

Ɛyɛ Bɔne Sɛ Obi Bɛnom Sigaret Anaa?

Nea Bible ka

Bible nka sigaretnom ho asɛm.a Afei nso, nneɛma foforo a wɔde tawa yɛ no, ɛnka ho asɛm. Nanso, afotusɛm wom a ɛma yehu sɛ, nneyɛe ahorow a ɛho ntew na etumi sɛe nipadua no de, Onyankopɔn mpene so. Enti obu sigaretnom sɛ ɛyɛ bɔne.

  • Nkwa som bo. “Onyankopɔn . . . na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome.” (Asomafo Nnwuma 17:24, 25) Nkwa yɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ. Enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara, anaa yɛnom sigaret de twa so. Wiase nyinaa, nneyɛe a ɛde owu a ɛho nhia ba no, sigaretnom ka ho bi pa ara.

  • Dɔ wo yɔnko. “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Wonom sigaret wɔ baabi a nkurɔfo wɔ a, ɛno kyerɛ sɛ wonnɔ wɔn. Nyarewa a wɔn a wɔnom sigaret nya no, obi a ɔte ne baabi a ɔno nso taa home wusiw no bi no tumi nya yare koro no ara bi.

  • Ɛsɛ sɛ yɛyɛ kronkron. “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (Romafo 12:1) “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Obi a ɔnom sigaret ntumi nka sɛ ɔyɛ kronkron; ontumi nka sɛ ne ho tew na nkekae biara nni ne ho. Efisɛ wɔn a wɔnom sigaret hyɛ da twe awuduru a ebetumi adi wɔn nipadua dɛm kɔ wɔn mu.

Bible no ka sɛ yebetumi anom wii anaa nnuru foforo de agyigye yɛn ani anaa?

Bible mmɔ wii anaa nnubɔne foforo a ɛtete saa din. Nanso afotusɛm wom a ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnom nnubɔne de gyigye yɛn ani. Afotusɛm a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi akyi no, nea edidi so yi nso ho hia:

  • Ɛsɛ sɛ yetumi nya yɛn adwene so tumi. “Fa . . . w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37, 38) “Momma mo ani nna hɔ yiye.” (1 Petro 1:​13) Obi ntumi nnwen yiye bere a ɔnom nnubɔne. Nnipa pii mpo wɔ hɔ a wɔnom nnubɔne a ɛtete saa ma ɛka wɔn hɔ. Nneɛma a mfaso wɔ so no, nnipa a wɔnom nnubɔne mfa wɔn adwene nsi so, mmom nea ehia wɔn ara ne sɛnea wobenya nnubɔne no bi anom​—Filipifo 4:8.

  • Di aban mmara so. ‘Yɛ osetie ma nniso ne tumi horow.’ (Tito 3:1) Aman pii so no, mmara mma kwan sɛ obi bɛnom nnubɔne. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yedi aban mmara so.​—Romafo 13:1.

Sɛnea Tawa Betumi Asɛe Wo Nipadua

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (World Health Organization) bu akontaa sɛ afe biara nnipa bɛyɛ ɔpepem nsia na nyarewa a sigaretnom de ba kunkum wɔn. Wɔn mu bɛboro 600,000 de, ɛyɛ wusiw a wɔn nso homee bi kɛkɛ no na ekunkum wɔn. Wɔn a wɔnom sigaret ne afoforo a ɛbɛn wɔn no, momma yɛnhwɛ sɛnea sigaretnom tumi de yare brɛ wɔn.

Kansa anaa kokoram. Awuduru a etumi de kansa ba no, bɛboro 50 na ɛwɔ sigaret wusiw anaa tawa mu. Encyclopædia Britannica ka sɛ “kansa a ɛba obi aharawa anaa ahurututu mu nyinaa no, wusiw a efi sigaret anaa tawa mu no na ɛkɔfa emu ɔha mu nkyem 90 ba.” Sigaret wusiw betumi ama obi anya kansa wɔ n’anom, ne sumenewa (trachea), ne menewa, ne menem, ne dwɛɛdwɛɛwa (larynx), ne mmerɛbo, n’akitegya (pancreas), ne ne dwensɔtoa mu.

Ɔhome mu nyarewa. Wusiw a efi sigaret anaa tawa mu no, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma obi sɛ obenya ɔhome mu nyarewa te sɛ mpafe anaa influensa. Mmofra a wɔtaa home wusiw a efi sigaret anaa tawa mu no, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛyare ntehyewa anaa wɔbɛkɔ so abɔ waw. Ebinom nso aharawa ntumi nnyin nnyɛ adwuma yiye.

Komayare. Wɔn a wɔnom sigaret no, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn fã bedwudwo anaa wobenya komayare. Carbon monoxide a ɛwɔ wusiw a efi sigaret anaa tawa mu no tumi fi aharawa no mu kɔ mogya no mu a ɛmmrɛ koraa. Edu hɔ a, etu mframa a yɛhome (oxygen) no fi hɔ. Esiane sɛ mframa a yɛhome kakraa bi na aka wɔ mogya no mu nti, ɛsɛ sɛ koma no yɛ adwuma boro so na ama nipadua no anya mframa a yɛhome.

Ɔhaw a ɛde ba nyinsɛn so. Mmaa a wɔnom sigaret bere a wɔnyem no, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛwo mma a wɔannyin anwie wɔ yafunu mu anaa mma a wosusua. Wobetumi nso awo mma a wɔn anofafa no mu apae. Mmofra a wɔte saa nso betumi anya ɔhome mu nyarewa anaa wobetumi awu prɛko pɛ a obiara nte ase.

a Yɛka sigaretnom ho asɛm wɔ ha a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bɛhyɛ da atwe sigaret, cigar, abua, anaa water pipe mu wusiw akɔ ne mu. Ɛno da nkyɛn a, afotusɛm a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi fa tawa a obi bɛwe anaa asera a ɔbɛsom ho. Ɛlɛtrɔnik sigaret a nicotine wom ne biribiara a ɛte saa nso ka ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena