Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 79
  • Bere Aso Sɛ Metew Me Ho Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Aso Sɛ Metew Me Ho Anaa?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ metew me ho?’
  • Sẽsẽ wo ho hwɛ
  • Bere a Ɛhia Sɛ Wosan Kɔ Fie
    Nyan!—2015
  • Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 1: Masõ Sɛ Me Ne Ɔbea Anaa Barima Bɛnantew?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • So Ɛsɛ Sɛ Mifi Fie?
    Nyan!—1984
  • So Wosɛe Sika Pii Sen Sɛnea Wunya?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 79
Aberante bi aboaboa ne nneɛma ano, na ɔresiesie ne ho atu afi fie

MMABUN BISA SƐ

Bere Aso Sɛ Metew Me Ho Anaa?

Woredwen ho sɛ wobɛtew wo ho afi w’awofo ho anaa? Biribi a ɛte saa ba w’adwenem a, ebetumi ayɛ anigye, na saa ara nso na ebetumi ama woabɔ hu. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ bere aso sɛ wotew wo ho?

  • Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ metew me ho?’

  • Sẽsẽ wo ho hwɛ

  • Nea w’atipɛnfo ka

Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ metew me ho?’

Ebia nneɛma bebree nti na wopɛ sɛ wufi fie, nanso emu bi wɔ hɔ a ntease nhyɛ da nnim. Sɛ nhwɛso no, aberante bi a yɛfrɛ no Mario kaa sɛ, “Ná mepɛ sɛ metew me ho sɛnea ɛbɛyɛ a nnwuma a yɛde ahyɛ me nsa wɔ fie no befi me so.”

Nokwasɛm ne sɛ, wotew wo ho a, ebia wubehu sɛ bere a na wowɔ fie no, na ahofadi na wowɔ no ye koraa. Abaayewa bi a wɔfrɛ no Onya a wadi mfe 18 kaa sɛ, “Sɛ wotew wo ho a, wo ara na wubetua wo dan ka, atɔ w’aduan, atua wo nsu, kanea ne tɛlɛfon ka. Saa bere no nso de, w’awofo nni hɔ na wɔaboa wo!”

Nea yɛreka akosi: Ɛsɛ sɛ wuhu nea enti a wopɛ sɛ wotew wo ho na ama woatumi ahu sɛ bere aso sɛ wotew wo ho anaasɛ bere nsoe.

Sẽsẽ wo ho hwɛ

Yesu kaa sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsẽsẽ nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?” (Luka 14:28) Wopɛ sɛ wotew wo ho a, ɛsɛ sɛ wosẽsẽ wo ho hwɛ sɛ wubetumi ahwɛ wo ho anaa. Wobɛyɛ dɛn asẽsẽ wo ho? Nsɛmmisa a edidi so yi betumi aboa wo.

WUTUMI HWƐ SIKA SO YIYE?

Bible ka sɛ: “Sika bɔ onipa ho ban.”​—Ɔsɛnkafo 7:12.

  • Ɛyɛ wo den sɛ wubesie sika?

  • Ɛyɛ a wototɔ nneɛma basabasa?

  • Woyɛ obi a wotaa gye nkurɔfo hɔ bosea?

Sɛ wowɔ ɔhaw mmiɛnsa yi bi a, ebia anigye a wususuw sɛ wotew wo ho a wubenya no, ɛbɛdan ɔhaw mmom!

“Bere a me nuabarima tew ne ho no, na wadi mfe 19. Nanso anni afe mpo na ne sika nyinaa sae. Afei, esiane sɛ wantumi antua bosea a okogyei nti, wogyee ne kar, na na sikakorabea biara mpɛ sɛ wɔbɔ no bosea. Ewiee ase no, na ɔrepa kyɛw sɛ wɔmma no kwan ma ɔnsan mmra fie.”​—Danielle.

Nea seesei wubetumi ayɛ: Bisa w’awofo sɛ bosome biara ɛka sɛn na wɔbɔ. Nneɛma bɛn na ɛyɛ a wotua ho ka, na sɛn na wɔtoto wɔn sikasɛm na ama wɔatumi atua saa ka no? Wɔyɛ dɛn na wotumi sie sika?

Nea yɛreka akosi: Seesei a wowɔ fie yi, sɛ wusua sɛ wobɛhwɛ sika so yiye a, ɛbɛboa wo ama sɛ wotew wo ho a, woatumi atoto wo sikasɛm wɔ wiase a sikasɛm ayɛ den yi mu.

WUTUMI TOTO WO NNEƐMA PƐPƐƐPƐ?

Bible ka sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”​—Galatifo 6:5.

  • Woyɛ mmɔtohɔ anaa?

  • Ɛyɛ a w’awofo kae wo ansa na woayɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie no anaa?

  • Bere a w’awofo ahyɛ sɛ wupue a bra fie no, ɛyɛ a woma ɛpa ho anaa?

Sɛ wowɔ ɔhaw mmiɛnsa yi bi na wotew wo ho a, ebetumi ayɛ den pa ara sɛ wobɛtoto wo nneɛma yiye.

“Sɛ wo nko ara wote a, nneɛma bi wɔ hɔ a ebia w’ani nhyɛ da nnye ne yɛ ho, nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ara. Obiara renka nkyerɛ wo sɛ yɛ, enti ɛsɛ sɛ wo ara wokeka wo ho na woatumi ayɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ daa no.”​—Jessica.

Nea seesei wubetumi ayɛ: Fa bosome baako si w’ani so, na yɛ w’adwene sɛ wo nko ara wobɛyɛ fie nnwuma ahorow bi bosome no nyinaa. Ebi te sɛ, wo nko ara wobɛprapra fie, wo nko ara wubesi wo nneɛma, wobɛkɔ akodi gua, anoa aduan anwummere biara, na wuwie a woahohoro nkyɛnsee mu. Wei bɛma woahu nnwuma a ɛbɛba abegu wo so bere a woatew wo ho no.

Nea yɛreka akosi: Wopɛ sɛ wotew wo ho a, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a otumi toto ne nneɛma yiye.

Aberante bi ahuruw afi wimhyɛn mu, na waso bag a parachute hyem mu

Sɛ woanni kan ansiesie wo ho na wote wo ho a, ɛbɛyɛ te sɛ nea worehuruw afi wimhyɛn mu bere a wunnii kan nsuaa sɛnea yɛde parachute yɛ adwuma

NNEƐMA HYƐ WO ABUFUW NTƐMNTƐM ANAA ƐYƐ A WUTUMI NYA NNEƐMA HO ABOTARE?Bible ka sɛ: “Munyi ne nyinaa ngu, bobɔne, abufuw, nnebɔne, ɔkasatia.”​—Kolosefo 3:8.

  • Ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne afoforo bɛbɔ anaa?

  • Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛhyɛ w’abufuw so anaa?

  • Nea wobɛka nko ara na daa wopɛ sɛ obiara fa anaa?

Sɛ wowɔ ɔhaw mmiɛnsa yi bi a, ebetumi ayɛ den sɛ wo ne obi bɛtena dan baako mu anaasɛ wo ne wo hokafo bɛtena daakye.

“Me ne ebinom atena dan baako mu pɛn, na ɛma mihuu me mmerɛwyɛ ahorow. Mibehui sɛ, nneɛma hyɛ me so a, ɛyɛ a na maka m’anim asi so; ɛno nso de, ɛbɛyɛ den sɛ afoforo bɛte m’ase. Enti sɛ nneɛma hyɛ me so a, na ɛsɛ sɛ mepɛ ɔkwampa bi a mɛfa so adi ho dwuma.”​—Helena.

Nea seesei wubetumi ayɛ: Sua sɛ wo ne w’awofo ne wo nuanom bɛtena kama. Wɔn a wo ne wɔn te seesei no, mfomso wɔ wɔn ho, nanso sɛ wutumi ne wɔn tena a, ɛno bɛkyerɛ sɛ daakye wotew wo ho a, wubetumi ne obiara atena.

Nea yɛreka akosi: Sɛ wotew wo ho a, ɛno nkyerɛ sɛ woafa wo ho adi. Sɛ wubetumi atew wo ho ama biribiara akɔ yiye a, gye sɛ wusiesie wo ho yiye. Adɛn nti na wo ne wɔn a wɔatumi ayɛ saa ama asi wɔn yiye no mmɔ nkɔmmɔ? Bisa wɔn sɛ, sɛ wotwa wɔn ani hwɛ wɔn akyi a, nsakrae bɛn na anka wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ bere a na wɔretew wɔn ho no, anaa dɛn na wonim seesei a wonyae a anka wohuu no saa bere no. Sɛ woresi gyinae kɛse biara na woyɛ saa a, ɛbɛboa wo pa ara!

Nea w’atipɛnfo ka

Dapo

“Ɛyɛ den pa ara sɛ wo nko ara wubetuatua wo ho aka nyinaa, nanso mmabun pii dwen sɛ ɛyɛ fow. Ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wubenya dan a ne bo da fam ahan! Ɛyɛ a, wɔnhwɛ saa nneɛma yi nyinaa, wubehu ara na wɔatew wɔn ho, nanso ebewie ase no, na wɔasan de wɔn ani akyerɛ fie.”​—Dapo.

Ashley

“Sɛ mmabun tena wɔn awofo nkyɛn a, nkakrankakra wosua sɛnea wobedi nneɛma ho dwuma yiye. Ebinom wɔ hɔ a, ebia efie nnwuma a wɔyɛ no, wɔde baako anaa mmienu bi bɛka ho. Ebi nso fi ase tua nsu anaa kanea ka, anaa mpo wɔnoa aduan ma abusua no. Woyɛ saa nneɛma nketenkete yi a, ebetumi asiesie wo ama woatumi atew wo ho daakye.”​—Ashley.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena