Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwwd asɛm 3
  • Posena Nsa a Ɛyɛ Nwonwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Posena Nsa a Ɛyɛ Nwonwa
  • Wɔbɔe Anaa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Ho To Yehowa Nkwagye Basa No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere A Obi Ahyehye
    Nyan!—1980
  • Asɛnka Nhyiam Horow
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Ɔsono Mfare
    Nyan!—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Wɔbɔe Anaa?
ijwwd asɛm 3

WƆBƆE ANAA?

Posena Nsa a Ɛyɛ Nwonwa

Abenfo a wɔyɛ robɔt ho adwuma reyɛ mfiri bi a ɛbɛboa adɔkotafo ama wɔayɛ oprehyɛn a ne yɛ nna fam a ɛmma wontwitwa nipadua no pii. Ade baako a abenfo no rehwɛ so de ayɛ mfiri yi ne posena nsa a emu yɛ mmerɛw a otumi dannan no no.

Susuw Ho: Posena nsa yɛ nwɔtwe. Esiane sɛ ne nsa no mu yɛ mmerɛw nti, otumi dannan no, na otumi nso twe mu ma ɛyɛ tenten. Otumi de ne nsa no so nneɛma mu, bobare biribi ho, na otumi de kyim nneɛma nso. Ntokuru nketewa mpo, otumi de ne nsa wura mu. Posena tumi dannan ne nsa sɛnea ɔpɛ biara, na saa ara nso na otumi yere ne nsa no fã bi mu ma emu yɛ den.

Abenfo gye di sɛ, sɛ wotumi yɛ robɔt bi a ne nsa mu yɛ mmerɛw na ne nsa no tumi dannan te sɛ posena nsa a, ɛbɛboa ma wɔayɛ oprehyɛn a ɛmma wontwitwa nipadua no pii. Sɛ wɔyɛ saa mfiri yi a, ebetumi ama wɔayɛ oprehyɛn a ɛyɛ den a wɔmmrɛ ho.

Hwɛ sɛnea posena tumi dannan ne nsa a emu yɛ mmerɛw no

Abenfo atumi ayɛ robɔt bi a ne nsa mu yɛ mmerɛw saa, na wɔresɔ ahwɛ sɛ wobetumi de ayɛ adwuma anaa. Robɔt no nsa no tenten yɛ milimita 135 (nsateakwaa 5). Sɛ wɔde reyɛ adwuma a, ne fã bi pagyaw nipadua akwaa bi a ɛyɛ mmerɛw no bɔkɔɔ, na ɔfã foforo ayɛ oprehyɛn no ankasa. Abenfo a wɔyɛɛ robɔt yi, wɔn mu baako ne Tommaso Ranzani. Ɔkaa sɛ, “robɔt yi a yɛatumi ayɛ yi, yegye di sɛ ɛbɛboa ma yɛatumi ayɛ robɔt afoforo a ɛbɛyɛ nneɛma pii mpo sen wei.”

Posena ne robɔt nsa

Robɔt a ne nsa mu yɛ mmerɛw na ne nsa no tumi dannan betumi aboa dɔkotafo pa ara ma wɔayɛ oprehyɛn

Wususuw ho sɛn? Posena nsa nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena