Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere A Obi Ahyehye
ƐBƐYƐ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ nnipa mpempem pii hyehye da biara da. ‘Wɔ Amerika nkutoo no, sɛ wɔkyekyem a, nnipa bɛyɛ 270 na wɔhyehye kɛse da biara da ma wɔde wɔn kogu ayaresabea. Sɛ wo anaasɛ w’adamfo bi hyehye a, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na wode abrɛ n’amanehunu no ase anaasɛ wode asiw ano.
Sɛ nhwɛso no: Ahohuru bere a etwaam yi mu no, ná Anna Helak, ɔbea a wadi mfe 59 a ɔwɔ New York kurom, renoa aduan ama n’ahɔho. Bere a obuee ne fononoo no ara pɛ no, mframa hyew ne ogya a efi mu ba no hyehyee no. Adom so no wampira kɛse biara, ne nsa nifa ho nkutoo na ogya no kae. Esiane sɛ na ɛrenkyɛ na n’ahɔho no adu hɔ nti, ɔde mpopaho kyekyeree ne nsa a ahyehye no na ɔkɔɔ so noaa n’aduan no.
Bere a ahɔho no fii ase bae no, ɛda adi sɛ na ehu aka Anna—na ne ho popo—na na ne nsa no afi ase yɛ ne yaw. Bere a woyii mpopaho no, wohui sɛ nsa no ayɛ kɔɔ na afi ase rebobɔ mpumpunnya. Ahɔho no mu biako kae sɛ wɔmfa ice water anaasɛ nsuonwini ngu bokiti mu.
Wɔmaa Anna de ne nsa a ahyehye no hyɛɛ bokiti no mu. Eyi maa ne ho tɔɔ no, nsuonwini no kum ne yaw no ntɛm ara. Nanso bere a woyii nsa no fii bokiti no mu simma kakraa akyi no, ne nsa no fii ase yɛɛ no yaw bio. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma ne nsa no ntra nsu no ase na onyi mfi mu simma 20 anaa nea ɛte saa biara.
Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi na Anna tumi yii ne nsa no fii nsuonwini a ɛwɔ bokiti no mu no mu a na ɔnte yaw bio. Ne nsa ho a na aworɔ kɔɔ no kɔe a anyɛ kuru na anyɛ etwa biara. Anna ani gyei sɛ na n’ahɔho no mu biako nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a obi ahyehye.
Mfirihyia pii ni a wɔn a wɔyɛ ayaresa ho adwuma no abu wɔn ani agu nsuonwini a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no so. Nanso nnansa yi ayaresa nhoma akyerɛ sɛ nsuonwini a wɔde brɛ yaw ase bere a obi ahyehye no ne ade biako a mfaso wɔ so sen biara. Dɔkta bi a wɔfrɛ no Alex G. Shulman na ofii nsuonwini a wɔde sa yare ase bio. Wɔ asɛm bi a ɔkyerɛwee wɔ “Journal of the American Medical Association” no mu no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔde nsuonwini saa nnipa 150 a wɔahyehye a na ebi yɛ aniberesɛm, a ɛkame ayɛ sɛ na wɔn nipadua nyinaa mpo ahyehye, no yare.
Wɔde mmeae a ahyehye no nyinaa hyɛɛ ayowa kɛse a, nsu a adwo yiye wom na ɔde aduru bi a wɔfrɛ no hexachlorophene agu mu mu. Sɛ wontumi mfa faako a ahyehye no nyinaa nhyɛ nsu no mu a, ɛnde ɔde mpopaho bɔ nsuonwini no mu na ɔde toto so. Ɔkae sɛ: “Bere tenten a ɛda bere a onii hyehyee ne bere a wɔyɛ no aduru no ntam no na ɛkyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ. Enti sɛ obi hyehye a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi ntɛm.”
Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a obi ahyehye? Fa hyɛ nsuonwini mu ntɛm ara. Ntɛm adeyɛ ho hia. Ebetumi ama nea ɔte yaw nka no ho atɔ no na asiw twã a ebegyaw nso ano.