Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 11/8 kr. 13-16
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Wɔ Nhyehyee Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Wɔ Nhyehyee Ho
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsuonwini a Wɔde Di Nhyehyee Ho Dwuma
  • Ɛbo a Nsuonwini No Som
  • Nipadua Mu Nsu Ananmu Ntɛm a Wosi
  • Nhyehyee a Wobekwati
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere A Obi Ahyehye
    Nyan!—1980
  • Nnuruyɛ Foforo—Nea Enti a Nnipa Pii Ani Gye Ho
    Nyan!—2000
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1985
  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1995
Nyan!—1980
g80 11/8 kr. 13-16

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Wɔ Nhyehyee Ho

ƐYƐ DEN sɛ wubegye adi, nanso mfe bi mu no, Amerikafo bɛboro 12,000 hyehye ma wowu, na ɛkame ayɛ sɛ bɛboro 100,000 hyehye kɛse araa ma wode wɔn kogu ayaresabea. Obi a ɔwɔ nhyehyee ho nimdeɛ kɛse kae sɛ, “Ɛwom sɛ nnipa pii nhu de, nanso ɛyɛ ɔyaredɔm ankasa.” June 1979 Reader’s Digest no kaa asɛm a ɛyɛ ahodwiriw: “Hyehye a nkurɔfo hyehye no yɛ ade a ɛtaa kum nnipa a wonnii mfe 40, na ɛno ne ade a ɛto so abiɛsa a ekum nnipa nyinaa.”

Ebia wubesusuw sɛ ɛremma wo so da, nanso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wo nso wubetumi ahyehye. Na sɛ wobɛhyehyɛ a, ebia ɛbɛba mpofirim, a kɔkɔbɔ biara nni ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wubetumi ayɛ biribi de abrɛ dɛm a ɛbɛma woadi no ano ase anaasɛ de asiw ano mpo koraa anaa?

Yiw, wubetumi ayɛ saa.

Nsuonwini a Wɔde Di Nhyehyee Ho Dwuma

Nsɛntitiriw bi a wɔkyerɛwee wɔ July 1976 Burns (Nhyehyee) nsɛmma nhoma mu no kae sɛ: “Nnipa pii hyehye ma wɔde wɔn kɔ ayaresabea a na wɔnyɛɛ ho hwee anaasɛ wɔnyɛɛ ho ade titiriw biara. Na ɛkɔ so da adi sɛ biribi a ɛyɛ nwini a wɔde gu nipadua no fa a ahyehye no so no ne ade a ɛho wɔ mfaso sen biara wɔ ofie anaasɛ ayaresabea hɔ ankasa.​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw ɔfã yi.

Ɛde besi 1960 mfe no mu no, na nhoma horow a ɛka mmoa a wɔde ma bere a biribi ayɛ obi amonom hɔ ara no taa bu ani gu adeyɛ a ɛnyɛ den yi so. Nokwarem no, nnipa binom bɛka akyerɛ wo sɛ ɛnsɛ sɛ wode nsuonwini mpo gu obi nsa anaa ne nan a ahyehye so, efisɛ ɛbɛma ɔhyew no akɔ akyiri. Na ɛde besi nnɛ mpo no nnipa pii nhu hia a ɛho hia sɛ sɛ obi hyehye a ɛsɛ sɛ amonom hɔ ara wɔde ade a ɛyɛ nwini gu so. Anaasɛ wonsi so dua titiriw. Obi a wahyehye pɛn kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ baabi a wɔhwɛ nnipa a wɔahyehye no, ɛho adwumayɛfo no taa ka nea wobetumi ayɛ de asiw hyehye a nkurɔfo hyehye ano ne nea wobetumi ayɛ de aboa wɔn no ho asɛm pii kyerɛ ayarefo no, nanso menkae sɛ wɔkaa biribi a ɛfa nsuonwini a wɔde begu so ho asɛm.”

Nea ɛyɛ anigye no, 1960 mu no Dr. Alex G. Shulman kyerɛwee wɔ The Journal of the American Medical Association no mu sɛ na nneɛma a ɛyɛ nwini a wɔde di nhyehyee ho dwuma no yɛ nea na “tetefo nim, na ɛkame ayɛ sɛ nnuruyɛfo ne amanfo abu wɔn ani agu so. Na ɛwom sɛ nhoma ahorow bi bom yi saa ayaresa yi ayɛ de, nanso wɔntaa mfa nni dwuma nnɛ. Ampa, nnuruyɛfo pii ka sɛ ‘ɛho da so wɔ mfaso nnɛ,’ nanso mintumi nhu nea enti.”

Bere a wɔhyehyee no, ná nnipa pii nnim saa ayaresa a ɛho wɔ mfaso yi. Na efi saa bere no ebinom aka sɛ sɛ yɛde eyi dii dwuma amonom hɔ ara a ebia anka sɛnea opirae no renyɛ kɛse saa. Nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Family Safety kae nnansa yi sɛ: “Nsuonwini siw honam no a ɛkɔ so sɛe bere a onii ahyehye no akyi bere tenteenten no ano.”

Ɛbo a Nsuonwini No Som

Wɔ 1966 mu tɔnn no Awake! nsɛmma nhoma no twee adwene kɔɔ ɛbo a nsuonwini a wɔde di nhyehyee ho dwuma no som no so.a Ɛreka asɛm bi a Dr. Omeri S. Iung ne Franklin C. Wade kae no ho asɛm no, ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ obi hyehye a, ɛnyɛ amonom hɔ ara na ɛhɔ nam no sɛe. Honam no kɔ so ben. . . . Yegye di sɛ ade a ɛyɛ nwini a wɔde begu so no betumi abrɛ eyi ase anaasɛ ebetumi ama agyae mpo koraa.”

Wɔ saa Awake! nsɛmma nhoma no mu no, yɛbɔɔ ɔkwan a Dr. Stephen R. Lewis nam so dii nhyehyɛe ho dwuma ma etuu mpɔw no ho amanneɛ. Ɔkae sɛ: “Nea yɛyɛ bere a obi baabi kakraa bi ahyehye, sɛ ebia ne nsa anaa ne nan, no ne sɛ yɛde hyɛ fridge mu nsu a adwo mu bɛyɛ simma dunnum. Ɛsɛ sɛ eyi kum yaw no ano, na mpɛn pii no ɛyɛ saa. . . . Bɛyɛ simma dunnum akyi no wubeyi afi mu, asan de ahyɛ mu na wasan ayi de akosi sɛ yaw no begyae koraa bere a woayi afi nsuonwini no mu no. Eyi taa gye bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa a wode fridge mu nsu redi dwuma.”b

Da a saa nsɛm yi puei wɔ Awake! mu bɛyɛ sɛ asram kakraa bi no, nsa kaa nkrataa ahorow fii akenkanfo a wɔde dii dwuma ma ɛho baa mfaso nkyɛn. Ɛnã bi a ofi California kyerɛwee sɛ:

“Kwasida bi no me babarima yɛɛ sɛ ɔbɛsosɔ ne kar baabi a atetew. Afiri a wɔde sosɔ ade a na ɔde redi dwuma no dɔe dodo ma ɛpaee, na ngo a ɛwɔ mu no hwiee guu ne ho nyinaa. Nea ɛbaa m’adwenem ara ne saa asɛm no. Mekaee sɛ nsuonwini ne nea eye sen biara, enti bere a me kunu kɔɔ so hwiee nsuonwini guu no so no, mehwehwɛɛ saa asɛm a epuei wɔ Awake! no mu no ntɛmntɛm hwɛe sɛ nea yɛreyɛ no teɛ anaa. Afei yɛfrɛɛ oduruyɛfo no.

“Wankyerɛ yɛn ade foforo biara a yɛnyɛ. . . . Enti yɛkɔɔ so de mpopaho a yɛde abɔ nsuonwini mu guguu no so, esiane sɛ na ontumi nkasa, na na hyew a ɛwɔ ne mu no retu denneennen ma sɛ yɛde mpopaho no gugu ne so a ɛnkyɛ na ayɛ hyew nti. Sɛ metwa asɛm tenteeten no tiaa a, ade kyee no na ɛyɛ hũ, na n’anim ne ne nsa ho nyinaa abobɔ mpumpunnya. Nanso dapɛn pɛ mu no na ne nyinaa awaewae; na yentumi nnye nni mpo. Yenim sɛ nsuonwini no boae kɛse.”

Nsa kaa krataa foforo nso fii ɔbarima bi ne ne yere a wɔwɔ Michigan nkyɛn. Ɔyere no kyerɛe sɛ:

“Bere a me kunu retotow ntɔmmɔ a watwi a edi akyiri no Kwasida (wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase) no, nsu a adɔ kɛse hwie guu ne koko mu, n’anim ne ne nsa ho nyinaa. Woyii ne soro atade no, na bere a wɔde asɛm a epuee ‘Awake!’ nsɛmma nhoma no mu a ɛfa nhyehyee ho no redi dwuma no, anuanom no de ice guguu faako a na ahye no. Wɔyɛɛ yi kyɛe. Mede no kɔɔ ofie na metoaa so de ice ne nsu a adwo yɛe kosii sɛ na ɔnte yaw no bio. Nea na ɛsɛ sɛ dɔkta no yɛ akyiri yi ara ne sɛ ɔbɛhwɛ faako a ɛhyewee no.”

Ɛda adi sɛ nsuonwini a wɔde di dwuma ntɛm no ma ɔhyew fi mu ntɛm na ɛnkɔ akyiri kɛse. Sɛnea Dr. Shulman kyerɛwee no: “Nea m’ahu no kyerɛ sɛ, sɛnea ɛte biara no, wɔn a wɔde ice water (nsuonwini) gu wɔn honam baabi a ahyehye no so no di yiye sen wɔn a wɔnyɛ wɔn saa no.”

Nanso, sɛ onii hyehye mmoroso a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ eyi yɛ ho. Sɛ wohwie nsuonwini a ɛdɔɔso dodo gu onii so a, ɔhyew a ɛwɔ nipadua no mu no betumi akɔ fam mmoroso ma ade atɔ onii no so.

Nipadua Mu Nsu Ananmu Ntɛm a Wosi

Sɛ ayaresabea biara nni hɔ a wobetumi de nea wahyehye no akɔ simma aduasa bere mu a, sɛnea ɛbɛyɛ na nipadua mu nsu a wahwere no amma ade ntɔ no so no, ɛsɛ sɛ wɔde nsu a wɔde nkyene agu mu fra baking soda de ma no ma ɔnom. Fa nkyene atere ketewa biako ne baking soda atere ketewa biako fra nsu bɛyɛ beer ntumpan anan. Saa nkyene ne soda a wɔde afra nsu yi bɛbɛn nsu a onii a wahyehye no hwere no.

Bere bi a atwam no na wɔtaa hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe mogya ma obi a wahyehye kɛse no na ade antɔ no so. Nanso, aduruyɛ ho nhoma Current Therapy 1972 ka sɛ: “Gye sɛ ebia onii pirae nso ma wahwere mogya, na sɛ ɛnyɛ saa a, mogya ankasa ho nhia.”

Nhyehyee a Wobekwati

Nea edi kan koraa no, sɛ wonom sigaret a ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wugyae January 1976 Burns nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Mankyese ne sigaretnom na ɛtaa fi ogya ase.” Na adwumayɛfo kuw bi a wɔhwɛ nneɛma a ɛhyew ho ahobammɔ so panyin, Dr. Carlos Silva, kae sɛ ade a ɛtaa ma nnipa hyehye kɛse ne sigaret a wɔnom wɔ mpa mu. Obi a ɔhyehyee kae sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn baa faako a wɔhwɛɛ me no, ɛbɛyɛ sɛ na nnipa dunwɔtwe a wɔhyehyee biara mu nnipa baasa anaa baanan yɛ wɔn a wɔhyehyee bere a wɔrenom sigaret.”

Nanso nhwehwɛmu afoforo kyerɛ sɛ ɛnyɛ ogya na ɛma nnipa pii hyehye. Nneɛma te sɛ nsu a ɛyɛ hyew na ɛyɛ saa titiriw. Na wɔn a wɔtaa hyehye saa ne mmofra nketewaa. Nanso mpɛn pii no wobetumi akwati eyi sɛ wɔde nneɛma a ɛyɛ hyew sisi baabi a wɔn nsa nnu hɔ bere nyinaa, sɛ wonnyaw wɔn nsi aguaree a nsuɔhyew a wɔde beguare wɔn si hɔ, sɛ wɔmma kyɛnsee a ade a ɛyɛ hyew wom si gya so no nsa mma baabi a wobetumi ateɛ wɔn nsa aso mu, ne ade a.

Ahwɛyiye ne anidahɔ na ɛho hia titiriw. Sɛ wohyɛn ɔdan kɛse a nnipa pii wɔ mu mu a, hwɛ sɛ ɛhe na wobɛfa apue, sɛ ɔdan no rehyew mpofirim a. Nea nkurɔfo taa yɛ ne sɛ wɔfa baabi a wɔnam baa ɔdan no mu no, na eyi ma wɔn ho kyere wɔn wɔ ɔkwan no ano na ɛma nnipa wuwu. Awerɛhosɛm bi a esii wɔ Chicago agoruhwɛbea bi mfe pii a atwam ni no, apon du a na ɛwɔ hɔ no, baasa pɛ na nnipa no nyinaa pere kɔɔ ano​—na 575 wuwui!

Na woankasa wo fie nso ɛ? Sɛ anadwo yi ɛba sɛ ɔdan no rehyew a, wobɛyɛ dɛn apue? Mfɛnsere ne nea eye sen biara a wɔfa mu guan, titiriw bere a wɔanyan wo anadwo. Ogyadumfo bi tuu fo sɛ: “Sɛ wokɔ wo dan mu anadwo yi a, kata w’ani anaasɛ fa biribi kyekyere w’ani na bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ mfɛnsere no ano. Afei hwɛ sɛ wubetumi abue.” Sɛ ɔdan no rehyew a, ebia wo nkwa begyina eyi a wubetumi ayɛ no ntɛm so.c

Sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛkwati nneyɛe a ɛma obi hyehye, na yenim nea yebetumi ayɛ amonom hɔ ara bere a obi ahyehye a, nnipa a wɔtaa hyehye ma ɛsɛe wɔn no so bɛhwan kɛse.

[Ase hɔ nsɛm]

a Engiresi Nyan!, July 22, 1966. nkr. 12-16

b Burns​—A Symposium, 1965, a Dr. Leon Goldman ne Dr. Richard E. Gardner kyerɛwee.

c Sɛnea ɛbɛyɛ na wonya nyansahyɛ afoforo a ɛfa ogya ho ahobammɔ ho no. hwɛ Engiresi Nyan!, June 8, 1979. nkr. 11-15.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Nsuonwini pii dodo a wɔde nipadua no fã kɛse bɛhyem no betumi ama ade atɔ onii no so

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Fa baking soda ne nkyene fra nsu mu ma obi a wahyehye nnom, sɛ ayaresabea mmɛn hɔ a wobetumi de no akɔ ntɛm ara a

[Box/Pictures on page 15]

SƐNEA ƐBƐYƐ NA OBI ANHYEHYE NO

Nnom Sigaret wɔ mpa mu

Mma kyɛnsee a esi gya so nsa mma baabi a abofra betumi asom

[Kratafa 14 mfoni]

Fa nsuonwini gu nhyehyee so ntɛm ara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena