Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 1/8 kr. 5-6
  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wobetumi Abrɛ Atra So
  • Nea Ɛma Ɔbrɛ Ntraso Ka Nkurɔfo
  • Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?
    Nyan!—1995
  • Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?
    Nyan!—1995
  • Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?
    Nyan!—2014
  • Mɛyɛ Dɛn Atew Ɔbrɛ Dodow So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 1/8 kr. 5-6

Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?

FA NO sɛ woyɛ krakyedwuma na wowɔ abusua—anaasɛ ebia woyɛ bi ankasa. Adwuma aboaboa ano wɔ wo pon so. Wɔn a woyɛ nnwuma bi ma wɔn frɛ wo wɔ telefon so bere nyinaa, na ɛkame ayɛ sɛ wuntumi nni wɔn abisade ahorow no ho dwuma. Nea wohyɛ n’ase no bo afuw esiane sɛ wuntumi nyɛ nea wɔhwehwɛ fi wo hɔ no nti. Wo babarima anya asɛm wɔ sukuu mu. Ɔkyerɛkyerɛfo no pɛ sɛ ohu wo ntɛm ara. Bere a wosrɛ wo yere sɛ ɔmmoa wo no, ɔnyɛ ho hwee. Sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea tebea no agye nsam a, adwennwene dan ahohia, na ɛkowie ɔbrɛ ntraso mu.

Adwumayɛ bebrebe na ɛde ɔbrɛ ntraso ba anaa? Ann McGee-Cooper, amemene ho nhwehwɛmufo bi, kae sɛ ɔbrɛ ntraso “fi nneɛma a wɔyɛ tra so wɔ asetra mu, a ɛtaa yɛ adwumayɛ bebrebe a ahomegye nnim.” Nanso ɛnyɛ adwumayɛ bebrebe nkutoo na ɛde ba; wɔ tebea ne ahokyere koro mu no, ebinom brɛ tra so bere a ɛmma saa wɔ afoforo ho.

Wɔn a Wobetumi Abrɛ Atra So

Sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔyare bi betumi ayɛ nnipa binom no, saa ara na nkurɔfo bi wɔ hɔ a wobetumi abrɛ atra so ntɛm. Elliot Aronson a ɔyɛ nnipa nneyɛe ho ɔbenfo wɔ California Sukuupɔn mu ka sɛ: “Ansa na wobɛbrɛ atra so no, na ɛkyerɛ sɛ wode wo ho ahyɛ biribi mu fee.” Enti wɔn a wobetumi abrɛ atra so no de nnamyɛ di botae horow ne nsusuwii akɛseakɛse akyi. Wɔka sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden sen biara wɔ adwuma bi mu na ɔbrɛ ntraso taa ka wɔn.

Bere a Ɔbenfo Fumiaki Inaoka a ɔwɔ Japanese Red Cross Ayarehwɛ Suabea rebɔ su horow a wɔn a wobetumi abrɛ atra so da no adi mua no, ɔkyerɛwee wɔ nhoma Moetsukishokogun (Ɔbrɛ Ntraso ho Sɛnkyerɛnne) mu sɛ: “Wɔn a wobetumi abrɛ atra so no wɔ su horow a emu yɛ den a ɛma wonya mmɔborohunu, timmɔbɔ, tema, ahofama, ne nsusuwii ahorow. Wɔnyɛ nkurɔfo a mfiri ho adwuma na adi wɔn ti, na mmom ‘wɔpɛ nnipa,’ sɛ yɛbɛka no saa a.”

Sɛnea yetumi hu no, wɔn a wɔbrɛ tra so no yɛ nnam na wodwen afoforo ho. Bere a wɔka kyerɛɛ onimdefo bi sɛ ɔnyɛ ɔkwan bi a wobetumi afa so ahu wɔn a wobetumi abrɛ atra so ntɛm ayi wɔn adi no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan no so fa nkurɔfo wɔ adwuma mu mmom. Ɔkae sɛ: “Nea ehia sɛ nnwuma akuw yɛ ne sɛ wɔhwehwɛ nkurɔfo a wofi wɔn koma mu pɛ sɛ wɔbrɛ tra so . . . na afei wɔnyɛ nhyehyɛe ahorow mfa nko ntia ɔbrɛ ntraso.”

Wɔn a ebetumi aka wɔn titiriw ne wɔn a wɔn adwuma ma wɔne nnipa bɔ kɛse, te sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma de boa afoforo, nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo. Wofi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nkurɔfo, tu wɔn ho si hɔ sɛ wɔbɛma afoforo asetra ayɛ yiye, na sɛ wohu sɛ wonnu botae horow a wɔde asisi wɔn anim a ɛtɔ da bi a ɛkorɔn dodo no ho a, wobetumi abrɛ atra so. Ɔbrɛ ntraso betumi aka ɛnanom a wodwen wɔn mma ho nso esiane asɛm koro no ara nti.

Nea Ɛma Ɔbrɛ Ntraso Ka Nkurɔfo

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ayarehwɛfo mu daa nneɛma abiɛsa a ɛde ɔbrɛ ntraso ba adi. Nea edi kan a wɔhyɛɛ no nsow ne da biara da mu ɔhaw ahorow a ɛde abasamtu ba. Sɛ nhwɛso no, na ayarehwɛfo no mu fã kɛse no ara di asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma, wodi ayarefo haw ahorow a emu yɛ den ho dwuma, wosua sɛnea wɔde nnwinnade afoforo yɛ adwuma, bobɔ ɛka akɛse, na wogyina asetra a enni nhyehyɛe ano. Moetsukishokogun nhoma no ka sɛ: “Saa da biara da mu ɔhaw ahorow yi ne ade titiriw a ɛde ɔbrɛ ntraso ba.” Sɛ wɔanhwɛ anni nsɛnnennen ho dwuma a, abasamtu kɛse na ɛba, na ɛkowie ɔbrɛ ntraso mu.

Ade a ɛto so abien a ɛde ba a wɔhyɛɛ no nsow ne mmoa a wonnya, nya a wonnya obi nka wɔn tirim asɛm nkyerɛ no. Enti, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ɛna bi a ɔtew ne ho fi ɛnanom afoforo ho bɛbrɛ atra so. Nhwehwɛmu a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no daa no adi sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ ayarehwɛfo asigyafo bɛbrɛ atra so sen wɔn a wɔaware. Nanso, sɛ obi yɛ ɔwarefo na sɛ nkɔmmɔbɔ ankɔ so wɔ okunu ne ɔyere ntam a, ebetumi ama da biara da mu ɔhaw ahorow adɔɔso. Sɛ obiara wɔ fie mpo a, obi betumi ate ankonamyɛ nka esiane sɛ n’abusuafo ani abere rehwɛ television nti.

Ade a ɛto so abiɛsa a ɛde ba ne basaayɛ. Sɛ nhwɛso no, ayarehwɛfo botow ntɛm sen nnuruyɛfo, efisɛ ebia ayarehwɛfo nnya tumi a wɔde sakra nneɛma. Wɔn a wɔde wɔn asisi nnwuma so betumi abrɛ atra so bere a wɔte nka sɛ mmɔden a ɛsen biara a wɔbɔ no nkosi hwee no. Sɛnea nnipa dom akyɛde ho nsɛm panyin bi kae no, nea ɛde ɔbrɛ ntraso ba ne “abasamtu a obi nya fi mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛyɛ ne fam de, na wɔnyɛ asõ mma no no mu.”

Nnipa taa botow bere a wɔnkyerɛ wɔn ho anisɔ, na nea efi mu ba ne ɔbrɛ ntraso. Ɔyerenom brɛ tra so bere a wɔn kununom nkyerɛ adwuma a wɔyɛ de siesie fie de hwɛ mmofra no ho anisɔ no. Wɔn a wɔde wɔn asisi nnwuma so brɛ tra so bere a wɔn panyin bi bu n’ani gu adwuma pa bi a wɔayɛ so na ɔka wɔn anim wɔ mfomso nketenkete bi ho no. Parents nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ade a ɛho hia titiriw ne sɛ, yɛn nyinaa hia sɛ wɔkyerɛ yɛn mmɔdenbɔ ahorow ho anisɔ, na sɛ yɛyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnkamfo yɛn mmɔdenbɔ ahorow—sɛ ɛyɛ yɛn fie anaa yɛn adwuma mu—a, ɛnde ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte ɔbrɛ ntraso nka.”

Nea ɛyɛ anika no, bere a ayarehwɛfo taa brɛ tra so no, ɛntaa mma saa wɔ awogyefo fam. Mpɛn pii no, ɔwogyefo adwuma ne sɛ ɔbɛboa ma ateasefo afoforo aba wiase. Ɛnanom ne agyanom da wɔn ase wɔ wɔn adwuma no ho. Sɛ wɔkyerɛ nkurɔfo ho anisɔ a, wɔte nka sɛ wɔn ho hia na ɛkanyan wɔn.

Sɛ obi nya hu wɔn a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛbrɛ atra so ne nea enti a ɛte saa ara pɛ a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ obedi ɔhaw no ho dwuma. Asɛm a edi hɔ no betumi aboa wɔn a wɔabrɛ atra so ma wɔakari pɛ wɔ asetra mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Adwumayɛ bebrebe a ahomegye nnim na ɛde ɔbrɛ ntraso ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena