Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 1/8 kr. 3-4
  • Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Ɔbrɛ Ntraso?
  • Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?
    Nyan!—1995
  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1995
  • Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?
    Nyan!—2014
  • Mɛyɛ Dɛn Atew Ɔbrɛ Dodow So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 1/8 kr. 3-4

Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ JAPAN HƆ

“Sweden adidibea mmaawa, Japan akyerɛkyerɛfo, Amerika amanae adwumayɛfo, wɔn a wɔka bɔs wɔ Europa ne adwumayɛfo a wɔhyehyɛ mfiri wɔ mmaa nyinaa rekɔ so yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ adwumayɛ ama wɔahaw.”—MAINICHI DAILY NEWS.

NÁ NOBUAKI abrɛ. Ɔyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na na wafa adwumayɛfo 130 wɔ asram anan mu. Ná ɔyɛ aguadidan a ɛwowɔ Japan no nkorabata foforo bi adetɔnfo panyin, na bere a na ɔrebɔ ne ho mmɔden wɔ ahokyere mu no, ɔfaa nkurɔfo a wonnu gyinapɛn a na ɔrehwehwɛ no ho wɔ adwuma mu. Wɔkoo ntɔkwaw, na wonwiinwii wɔ wɔn tebea ho. Ɛno da nkyɛn a, odwumayɛni barima bi ne odwumayɛni bea bi guan kɔe. Ná Nobuaki ti pae no da biara. Ankyɛ, na ontumi nkɔ adwuma, na nna a ɔhyɛɛ ne ho kɔe no, ɔsan baa fie ntam ara. Ná wabrɛ atra so, te sɛ burogya a adum koraa.

Mmaa awarefo a wɔte fie daa nso brɛ tra so. Bere a Sarah ne ne mma baasa traa fie mfe abien akyi no, na onnya wɔn ho koma koraa. Ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ yɛ ara na mereyɛ adwuma, nanso na minwie da.” Sɛ ɛna bi yɛ honam fam adwuma na ɔhwɛ mmofra a, ɛnyɛ den sɛ obetumi abrɛ tra so. Betty a ɔwɔ ne mfe 40 mu no kɔɔ tebea bi a ɛmaa ɔkaa ɛna asɛyɛde ne adwuma boom mu, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi asɛyɛde abien no nyinaa ho dwuma pɛpɛɛpɛ. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ obiara ani—ne kunu, ne mma, n’adwumawura, ne ne mfɛfo. Ne mogya kɔɔ soro, na nsɛm nketenkete hyɛɛ no abufuw. Ɔbrɛ traa so.

Nkurɔfo a wɔmfa ɔbrɛ ntraso nsusuw wɔn nso kɔ saa tebea no mu. Ná Shinzo, Kristoni somfo mmɔdenbɔfo bi, wɔ ahoɔden ne nyansa pii. Ɔkɔboae wɔ beae bi a na wohia Kristofo akyerɛkyerɛfo wɔ hɔ kɛse. Nanso, asram kakraa bi akyi no, ɔtee ɔbrɛ nka, enti ɔhyɛɛ ne pia mu da mũ nyinaa. Ɔtee nka te sɛ nea ɔhyɛ suka bi mu a na onnya kwan mfi mu. Ná ɛyɛ den ma no sɛ obesi biribiara, nea obedi awia mpo, ho gyinae. Ná n’ani nnye ho sɛ ɔbɛyɛ biribiara. Ná wabrɛ atra so.

Dɛn ne Ɔbrɛ Ntraso?

Ɛnde dɛn ne ɔbrɛ ntraso? Herbert Freudenberger ne nhwehwɛmufo afoforo fii ase de saa asɛm yi dii dwuma wɔ 1970 mfe no mfinimfini, na ɛbɛyɛɛ nea wɔde di dwuma ma “ɔbrɛ tebea a nea ɛde ba ne nnipa a yɛne wɔn bɔ wɔ tebea a egye adwennwene kɛse mu.” Afei nso, ɛyɛ “honam anaa nkate fam ɔbrɛ a nea efi titiriw ne ahokyere ne nneɛma a wɔyɛ tra so kyɛ.” (American Heritage Dictionary) Nanso, nsonsonoe nketenkete wɔ sɛnea nhwehwɛmufo biara kyerɛ asɛm yi ase mu.

Ɛwom sɛ wonni nkyerɛase pɔtee biara mma ɔbrɛ ntraso wɔ ayaresa mu de, nanso nsɛnkyerɛnne a ɛma wohu wɔn a wɔwɔ saa tebea no mu no bi ne hodwooyɛ, bosooyɛ, basaayɛ, abasamtu, ne ɔyare. Nea ɔkɔ saa tebea no mu no te nka sɛ wabrɛ atra so, na nsɛm nketenkete hyɛ no abufuw. Biribiara nkanyan no mma ɔnyɛ ade. Ɛte sɛ nea biribiara bunkam no so, na ebia ofi ahoyeraw mu bɛhwehwɛ mmoa afi obiara a obehyia no hɔ. Ebetumi ayɛ te sɛ nea mmɔden biara a ɔbɛbɔ wɔ adwuma mu ne fie no yɛ ɔkwa. Abasamtu de ne ho gye mu. Sɛ wuhu nsɛnkyerɛnne yi na woyare ka ho, a w’ani nnye biribiara ho a, ɛnde ebia ɔbrɛ ntraso na aba wo so.

Ɔbrɛ ntraso betumi aka adwuma ne abusua asetra. Wopɛ sɛ wokwati. Nanso ɔkwan bɛn so? Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu no, ma yenni kan nhwɛ wɔn a ɔbrɛ ntraso betumi ahaw wɔn ne nea enti a ɛte saa.

[Kratafa 4 adaka]

Ɔbrɛ Ntraso ho Nsɛnkyerɛnne

“Adwumayɛ mu ɔbrɛ ntraso kyerɛ adwene mu ɔbrɛ bi a adwuma ho adwennwene a ennyae na ɛde ba, na nea efi mu ba ne:

1. Ahoɔden a ɛsã

2. Ɔyare a wontumi nko ntia

3. Nneɛma ho anisɔ ne anidaso a wonnya koraa

4. Adwuma a wɔntaa nkɔ na wɔnyɛ no yiye.

“Saa tebea yi brɛ obi ase efisɛ etumi ma ankorankoro a anka wɔte apɔw, wɔyɛ nnam, na wɔbɔ mmɔden yɛ mmerɛw, na ɛsɛe wɔn mpo. Ade titiriw a ɛde ba ne ahokyere a ennyae, nea ɛtra hɔ nna pii, asram pii, mfe pii.”—The Work/Stress Connection: How to Cope With Job Burnout, a Robert L. Veninga ne James P. Spradley kyerɛwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena