Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 1/8 kr. 7-10
  • Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Wɔfa so Nya Ahotɔ
  • Nkurɔfo a Wɔboa wɔ Nkitahodi Mu
  • Wo Nsusuwii a Wobɛsakra
  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1995
  • Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?
    Nyan!—1995
  • Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?
    Nyan!—2014
  • Mɛyɛ Dɛn Atew Ɔbrɛ Dodow So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 1/8 kr. 7-10

Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?

BERE a dadwen ne da biara da mu ɔhaw ahorow ma adwennwen hyɛ nnipa pii so no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛnom nsa de agyina wɔn abasamtu ano. Nnipa pii de mmosa, a ɛyɛ aduru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so sen biara nnɛ, di dwuma de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati asetra mu ɔhaw ahorow. Ebinom nso de nnuru a wɔtaa kyerɛw ma nkurɔfo di dwuma de gyina dadwen ano. Afoforo nso dan kɔ nnuru a enya adwene so tumi, te sɛ wii, nnuru bi a wɔfrɛ no methamphetamine, ne cocaine so. Wɔahu mmofra bi mpo a wɔde nnuru adi dwuma sɛ wɔde rekwati asetra mu ɔhaw ahorow. Wɔka sɛ Amerika mmofra ɔha biara mu 95 de aduru a mmara mma ho kwan biako anaa nea ɛboro saa di dwuma ansa na wɔawie ntoaso sukuu.

Afei nso yɛwɔ nkurɔfo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati da biara da mu adwennwen denam nneɛma a wɔne wɔn nnamfo yɛ ma ɛtra so anaa wɔn ho a wɔyɛ te sɛ nea wɔn ani gye nanso wɔn mu tɔnn no, wɔwɔ abasamtu no so. Anaasɛ ebia ntease ahorow a ɛnteɛ nti wɔhwehwɛ ɔdɔ ne akorɔkorɔ fi wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu hɔ. Nanso nneɛma a wɔyɛ de brabra adwennwen so ma abasamtu yɛ kɛse mmom. Sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔde mmosa anaa biribi foforo a enya adwene so tumi bedi adwennwen so sen sɛ wɔbɛkanyan wɔn ho bio a, wɔma ɔbrɛ ntraso ba ntɛmntɛm. Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ bere a wote nka sɛ ahoɔden a ɛwɔ wo mu no resa nkakrankakra no?

Ɔkwan a Wɔfa so Nya Ahotɔ

Nyan! nkamfo ayaresa anaa aduruyɛ pɔtee biara nkyerɛ. Nanso, ɛde nyansahyɛ kakra a egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so a ebetumi aboa wo ma woakanyan wo ho bio ma. Oduruyɛfo Yutaka Ono a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Keio Sukuupɔn Aduruyɛ Suabea no kamfo “nneɛma abiɛsa” a ɛma wogyina ɔbrɛ ntraso ano kyerɛ. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “‘Nneɛma abiɛsa’ no ne, ahosodi, nkitahodi, ne ntease.”

Nea ɛbɛyɛ na woatumi adi basaayɛ so no, ɛsɛ sɛ wutumi te nka sɛ wutumi di wo nkate ne wo nneyɛe so. Sɛ abasamtu di wo nkate so da biara ma enti wuntumi nni nsɛnnennen ho dwuma a, ɛnyɛ den sɛ wubegye adi sɛ tebea no agye wo nsam. Nanso, ɛnsɛ sɛ wotra faako na wususuw nneɛma a ɛhaw adwene ho. Bɔ mmɔden di wo haw no ho dwuma nkakrankakra. (Hwɛ Adaka, kratafa 8.) Nyɛ mmɔtohɔ. Ɛdenam nneɛma pa a wubefi ase ayɛ so no, wubefi ase ate nka sɛ wo ho retɔ wo na wotumi di wo ho so.

Bɔ mmɔden tew abufuw a ɛde abasamtu ba so. Sɛ nhwɛso no, asetra mu ade ketewa biara tumi hyɛ ebinom abufuw. Wɔhyɛ sɛ wɔmfa ɔkwan pɔtee bi so nyɛ nneɛma, na sɛ afoforo anyɛ saa a, wɔn bo fuw, anaasɛ ebia wɔn nkogudi ahorow bɛma wɔn aba mu abu. Tete barima nyansafo bi kae sɛ: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?” (Ɔsɛnkafo 7:16) Gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn dodo a wobɛbata ho na woate nka bere nyinaa sɛ wuntumi nnuu ho no yɛ ɔkwan titiriw a ɔbrɛ ntraso betumi afa so aka wo.

Afotu foforo a ɛboa a efi Bible mu ne “ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.” (Mika 6:8) Sɛ́ obi bɛbrɛ ne ho ase kyerɛ sɛ obehu ne mmerɛwyɛ ahorow anaa “onsusuw ne mmɔdenbɔ ahorow ho ntra so.” Eyi betumi akyerɛ sɛ wobɛpopo wo ti wɔ nneɛma a wɔhwehwɛ fi wo hɔ a ɛtra so wɔ adwumam no ho.

Wɔn a wohu wɔn mmerɛwyɛ ahorow gye mmoa tom. Ɔbea bi a na ɔyɛ adwuma mu panyin a na ɔbrɛ ntraso aka no pɛn kae sɛ ade a ɛbɛboa ma woakwati ne sɛ wobɛsrɛ mmoa. Nanso, sɛnea ɔka no, “nnipa pii suro sɛ wɔbɛsrɛ mmoa efisɛ ebia wobebu wɔn sɛ wontumi nyɛ wɔn adwuma.” Sɛ́ ɛyɛ ofie adwuma, sukuu adwuma, anaa honam fam adwuma—biribiara a ebetumi ama woabrɛ atra so—no, fa nnwuma no bi hyɛ afoforo nsa bere a wubetumi ayɛ saa. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛnea nneɛma bɛkɔ so yiye ɛmfa ho sɛ w’ankasa wonhwɛ biribiara so tẽẽ.—Fa toto Exodus 18:13-27 ho.

Ebia wubehia ahomegye kakra. Akwamma betumi adi aboa obi a ɔbrɛ ntraso reyɛ aka no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Nanso, nhwehwɛmufo Ann McGee-Cooper ka sɛ, sɛ wo nsɛm tebea mma ɛno ho kwan a, “sɛ wunim ɔkwan a wobɛfa so agye w’ani a, ɛboa.” W’ahome a wubegye ama nsakrae aba wo dwumadi mu no betumi ama adwumayɛ asow aba mpo na akanyan w’adwene ma woatumi de w’ankasa w’adwene ayɛ nneɛma. Afotu a Ɔhene Salomo de mae mfe bi a atwam no da so ara yɛ adwuma: “Nsa ma ne ɔhome ye sen nsa abien amaama ne ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 4:6.

Nkurɔfo a Wɔboa wɔ Nkitahodi Mu

‘Ade’ a ɛto so abien a Oduruyɛfo Ono kaa ho asɛm ne nkitahodi. Ɛyɛ anika sɛ ɔbrɛ ntraso ntaa nka odumgyafo. Ebia nea enti a eyi te saa ne sɛ, sɛ wɔde bu a wobu wɔn sɛ wɔyɛ akatakyie no to nkyɛn a, wɔne wɔn mfɛfo wɔ biakoyɛ a emu yɛ den. Sɛ obi wɔ kuw bi a wɔde mmoa ma a obetumi de ne ho ato wɔn so mu a, obetumi anya mmoa afi wɔn hɔ. Ɛhe na wubetumi anya mmoa a awerɛkyekye wom nnɛ? Bere a nhoma Moetsukishokogun (Ɔbrɛ Ntraso ho Sɛnkyerɛnne) rekyerɛ akwan a nnuruyɛfo betumi afa so agyina ɔbrɛ ntraso ano no, ɛka sɛ: “Wɔ nnuruyɛfo fam no, wɔn abusuafo, titiriw wɔn ahokafo, ne wɔn a wɔde nkate fam mmoa a etu mpɔn na ntease wom sen biara ma.” Obiara hia obi a ɔbɛka sɛnea ɔte nka ankasa akyerɛ no. Wɔ nkitahodi ho asɛm yi mu no, Bible no de afotu a mfaso wɔ so ma. Ɛhyɛ awarefo nkuran sɛ wɔnkɔ so nnya ɔdɔ a ɛma wonya abusuabɔ a emu yɛ den mma wɔn ho wɔn ho, na ɛka kyerɛ obiara sɛ onnya nnamfo a wobetumi de nyansahyɛ ahorow a edi mu na wotumi de yɛ adwuma ama.—Mmebusɛm 5:18, 19; 11:14.

USA Today ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa bɔ mmɔden nya nnamfo a wɔbɛn yɛn ne abusuafo a wɔbɛboa yɛn.” Afei ɛde ka ho sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn den nso sɛ yɛde mmoa a ɛwɔ yɛn som ahorow ne adwene ho ayaresa ahorow mu bedi dwuma.” Ɛdefa ɔkwan a yɛbɛfa so de mmoa a ɛwɔ ɔsom mu adi dwuma ma aboa yɛn ho no, Yesu nua Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa] din mu.” (Yakobo 5:14) Kristofo a wɔwɔ ɔhaw ahorow betumi anya ahotɔ denam Yehowa Adansefo asafo no mu mpanyimfo a wɔne wɔn bɛkasa so. Ɛwom sɛ mpanyimfo no nyɛ wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ ɔbrɛ ntraso ho ayaresa mu de, nanso honhom fam mmoa a wɔde ma no so wɔ mfaso kɛse.

Bere a mmoa a yebenya afi nnipa hɔ betumi akanyan yɛn bio ama ɛda a edi hɔ no, ebia ɛrenyɛ nea ɛdɔɔso bere nyinaa. Martin E. P. Seligman kae wɔ ne nhoma Helplessness nnianim nsɛm mu sɛ ahofadi a wɔnto ano hyew a wohu wɔ Atɔe Fam no ka ho bi na adwenemhaw akɔ soro nnɛ, na ɔkaa hia a ɛho hia sɛ yenya asetra mu atirimpɔw ho asɛm. Afei ɔkyerɛe sɛ “ade biako a ɛho hia na ama woanya atirimpɔw ne sɛ wobɛbata biribi a ɛkorɔn sen wo ho.” Ɛmfa ho sɛ nnipa pii mfa abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn benya no aniberesɛm no, nkitaho a wo ne Ɔbɔadeɛ no—a akyinnye biara nni ho sɛ ‘ɔkorɔn sen wo’—bedi no betumi aboa wo ma woagyina basaayɛ ano.

Ɔhene Dawid, a ohyiaa ɔhaw pii, hyɛɛ ne manfo nkuran sɛ: “Nkurɔfo, momfa mo ho nto [Onyankopɔn] so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guandɔbea.” (Dwom 62:8) Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ aso ama yɛn “ɔpene a enni kabea” mpo. (Romafo 8:26) Komam a wubefi abɔ no mpae de asomdwoe a ebetumi ‘ahwɛ wo koma ne w’adwene so’ na woammrɛ antra so ba.—Filipifo 4:6, 7.

Wo Nsusuwii a Wobɛsakra

Awiei koraa no, ebia ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae wɔ sɛnea wuhu wo tebea no mu. Ntease anaa nhumu ne ‘ade’ a etwa to a Oduruyɛfo Ono kamfo kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so gyina ɔbrɛ ntraso ano. Sɛ yehyia adwennwen a emu yɛ den a, etumi ma yɛde yɛn ani bu nneɛma ɔkwammɔne so, na yɛde adwemmɔne kyekyere yɛn ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yenya adwempa. Susuw ho hwɛ sɛ ebia ntease wom ankasa sɛ wubenya nsusuwii a ɛnteɛ saa anaa. So nea ɛbɛba no yɛ hu sɛnea wususuw no? Bɔ mmɔden susuw nsɛm ho wɔ ɔkwan foforo so.

Parents nsɛmma nhoma ka sɛ: “Nea wubetumi ayɛ de afi ase ne sɛ wobɛfa no sɛ ɛbɛyɛ sɛ ‘woye’ nti na woabrɛ ntra so no, na ɛnyɛ sɛ ‘wunnye.’” Kae: Nnipa a ɛnyɛ den sɛ ɔbrɛ ntraso bɛka wɔn ne wɔn a wɔwɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn na wosusuw afoforo ho. Nea ɛbɛboa obi a wabrɛ atra so asen biara ne sɛ wɔbɛka asɛm de akyerɛ ne ho anisɔ. Sɛ ɛna bi kunu ne ne mma ka sɛ wɔn ani sɔ adwuma a ɔyɛ de hwɛ fie no nyinaa na sɛ wɔyɛ ade de kyerɛ saa a, ɛde nsakrae kɛse bɛba. Sɛ obi a wɔde no asi adwuma so brɛ tra so a, asɛm bi a wɔbɛka de akyerɛ anisɔ, ne nkamfo a wɔde bɛma no betumi ama wabenya adwempa.

Bible no kyerɛ sɛnea ɔyere pa fata nkamfo: “Ne mmabanin sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ: Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa.” (Mmebusɛm 31:10, 28, 29) Nokwarem no, “nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.”—Mmebusɛm 16:24.

Shinzo, Kristoni ɔpanyin a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no, nyaa ahotɔ kɛse wɔ ɔbrɛ ntraso a ɛkaa no no mu. Ɛwom sɛ Shinzo nyaa ayaresa de, nanso nea ɛboaa no sen biara ne Yehowa a ɔbɔɔ no mpae. Bere a ofi nokwaredi mu bɔɔ mpae akyi no, okohyiaa ɔpanyin a ɔne no suaa Onyankopɔn Asɛm nea edi kan no. Saa ɔpanyin no ne mfɛfo mpanyimfo afoforo, boaa no denam tie a wotiee ne dadwen ahorow no so. Ne yere kenkanee nsɛmma nhoma a worekenkan no mprempren yi bi a aba dedaw mu nsɛm a na ɛfa sɛnea wodi nkate a ɛmfata so ho kyerɛɛ no. (October 8, 1992 Engiresi de) Nkakrankakra obehui sɛ n’ankasa rebɔ mmɔden ayɛ biribiara. Ɔkwan a na ɔfa so hu nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ ne ho no fii ase sakrae. Ɛwom sɛ mfiase no na ɔte nka sɛ ɔwɔ abasamtu a enni awiei a ɛte sɛ suka mu de, nanso obenyaa anidaso nkakrankakra kosii sɛ awiei koraa no ofii suka yi mu.

Wo nso wubetumi agyina ɔbrɛ ntraso ano asan agyina wo nan so wɔ asetra mu bio te sɛ Shinzo.

[Kratafa 8 adaka]

Akwan Dumien a Wɔfa so Kwati Ɔbrɛ Ntraso

NEA edi so yi gyina nyansahyɛ ahorow a adwene mu ayarehwɛ ho ɔbenfo bi de mae no mu kakraa bi pɛ so.

1. Di wo nsusuwii, nkate, ne nneyɛe so—mpaebɔ yɛ mmoa kɛse.

2. Sɛ wufi ase yɛ basaa a, hyɛ da dan w’adwene kɔ nsusuwii a mfaso wɔ so na esiw nneɛma ano so.

3. Sɛ biribi haw w’adwene a, gu ahome kɛse na hyɛ da gow wo ho.

4. Bɔ mmɔden susuw tebea horow ho sɛnea nnipa afoforo susuw ho na ama woate nea enti a adwennwen no aba ase.

5. Fa w’adwene si nneɛma a w’ani gye ho wɔ afoforo ho so na kamfo wɔn. Ɛnsɛ sɛ woka adɛfɛdɛfɛsɛm, na mmom fa ayeyi a ɛfata ma.

6. Hu nsusuwii a ɛnteɛ a ɛsɛe ade, na tu ase.

7. Sua sɛnea wobɛpopo wo ti wɔ nneɛma a w’ahoɔden ne adagyew mma wuntumi nyɛ ho.

8. Teɛteɛ wo mpɔw mu da biara—nantew a emu yɛ hyew ye.

9. Kyerɛ obu ma afoforo, na boa ma wɔnna wɔn su horow a ɛkyɛn so adi.

10. Kura animtew ne nsusuwii pa mu.

11. Mmfa w’adwuma mu nsɛnnennen nnkɔ fie.

12. Yɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ no nnɛ—nyɛ mmɔtohɔ da.

(Woyi fii “Dealing With Feelings, Beating Burnout,” a Ruth Dailey Grainger kyerɛwee, American Journal of Nursing, January 1992 mu, na wɔayɛ nsakrae bi wom.)

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Ɔbrɛ ntraso taa ka obi a onni ne ho adagyew

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena