Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 74
  • Mɛyɛ Dɛn Atew Ɔbrɛ Dodow So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atew Ɔbrɛ Dodow So?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛde ba
  • Nea enti a ɛho hia
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Ɔbrɛ Ntraso—Wobɛyɛ Dɛn Agyina Ano?
    Nyan!—1995
  • Ɔbrɛ Ntraso—Hena na Ebetumi Aka No na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1995
  • Adwuma Ama Woayɛ Hahaaha?
    Nyan!—2014
  • Ɔbrɛ Ntraso—Ebi Reyɛ Ato Wo?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 74
Abɛɛfo mfiri, agodi, anigyede, ne sukuu dwumadi mma aberante bi nnya ne ho atwaye

MMABUN BISA SƐ

Dɛn Na Mɛyɛ Na Mammrɛ Dodo?

Ɛyɛ a wobrɛ dodo anaa? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi betumi aboa wo!

  • Nea ɛde ba

  • Nea enti a ɛho hia

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea ɛde ba

  • Nhyɛso. Ababaa bi a ne din de Julie kaa sɛ, “biribiara a wobɛyɛ wɔ asetenam no, nea nkurɔfo taa ka ara ne sɛ yere wo ho, pere kɔ w’anim, fa botae akɛse sisi w’ani so na ama woatumi akɔ w’anim. Ɛyɛ den sɛ wubegyina nhyɛso wei nyinaa ano!”

  • Abɛɛfo mfiri. Ɛnnɛ fon, tablɛt, ne mfiri afoforo a aba so nti bere biara yɛwɔ biribi yɛ. Wei betumi ama yɛabrɛ na bere rekɔ so no, ɛbɛma yɛayɛ hahaaha.

  • Bere a yennya nna. Nea ababaa bi a ne din de Miranda nso kae ni: “Sukuu, adwuma ne anigyede nti, mmabun pii sɔre ntɛm nanso wɔnna ntɛm. Wei ma wɔbrɛ nanso wontumi nyɛ ho hwee.” Sɛ ɛtoa so saa a, etumi ma obi yɛ hahaaha.

Nea enti a ɛho hia

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ adwumaden. (Mmebusɛm 6:6-8; Romafo 12:11) Nanso ɛnka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma ara kɔpem sɛ yɛrennya bere mfa nyɛ biribi foforo biara, na ɛbɔ yɛn yare mpo.

“Da bi, m’ani baa me ho so no, na da mũ no nyinaa aduan ntɔɔ me yam esiane nnwuma pii a na magye agu me ho so nti. Mibehui sɛ, ɛnyɛ suban pa sɛ mede ahopere begye adwuma biara ato me ho so bere mpo a m’ahoɔden ntumi.”​—Ashley.

Bible kae a ɛmmoa sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” (Ɔsɛnkafo 9:4) Sɛ wugyigye nnwuma pii gu wo ho so yɛ a, seesei de, wubetumi ate nka sɛ wo ho yɛ den te sɛ gyata. Nanso kae sɛ, sɛ wobrɛ dodo a, ebetumi de wo nkwa mpo ato asiane mu.

Nea wubetumi ayɛ

  • Sua sɛnea yɛka dabi. Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no nim nea wobetumi ayɛ, na wɔnyɛ nnwuma a ɛboro wɔn ahoɔden so.

    “Sɛ obi nnim dabi ka a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛbrɛ dodo. Saa onipa no, adwuma biara a, na wagye ato ne ho so. Wei nkyerɛ ahobrɛase. Onipa a ɔte saa no, ɛnkyɛ koraa na wayɛ hahaaha.”​—Jordan.

  • Nya bere home. Bible ka sɛ: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.” (Ɔsɛnkafo 4:6) Wɔka sɛ nna yɛ “adwene no aduan,” nanso nnɔnhwerew nwɔtwe anaa edu a ɛsɛ sɛ mmabun de da no, wɔn mu pii nna saa.

    “Bere a na nneɛma pii gu me so no, na minnya bere pii mfa nna. Nanso ɛtɔ da a, saa dɔnhwerew baako pɛ a mede bɛda aka ho no, ade bɛkye no na m’ani agye, na ɛma mitumi nya ahoɔden de yɛ adwuma yiye.”​—Brooklyn.

  • Toto nneɛma yiye. Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” (Mmebusɛm 21:5) Sɛ wusua sɛnea wode wo bere bedi dwuma na wototo wo nneɛma yiye a, ɛbɛboa wo wɔ w’asetena nyinaa mu.

    “Ɔbrɛ pii a yɛsesa gu yɛn ho so no, sɛ yɛtoto yɛn nneɛma yiye a, ɛso bɛtew. Nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no, sɛ woyɛ ho nhyehyɛe to hɔ a, ɛbɛma woahu faako a ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae na woammrɛ dodo.”​—Vanessa.

Nea w’atipɛnfo ka

Gianna

“Ebinom brɛ dodo efisɛ wɔpɛ sɛ wonya sika pii. Nanso 1 Timoteo 6:8 ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ kakra a yɛwɔ no. Ɛkae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ, na ɛnsɛ sɛ yebiri yɛn mogya ani pɛ nneɛma a wobɛhwɛ mpo no, na yenhia.”​—Gianna.

Waylon

“Sɛ meyɛ nneɛma a mɛyɛ no nnawɔtwe biara ho nhyehyɛe to hɔ a, ɛboa me pa ara. Ɛno nni hɔ a, biribiara a m’ahoɔden ntumi mpo, na mapene so sɛ mɛyɛ. Ɛba saa a, ɛma mebrɛ dodo, na ɛmma mintumi nni nneɛma ho dwuma yiye sɛnea meyɛɛ nhyehyɛe a anka metumi ayɛ no.”​—Waylon.

Kara

“Anhwɛ a wubenya adwene sɛ, adwuma biara a yɛde bɛma wo no, ɛsɛ sɛ wugye tom na ama w’ani agye. Nanso mabehu sɛ ɛnyɛ saa na asɛm no te. Sɛ wunya bere ma wo ho, na woammrɛ dodo a, w’ani begye.”​—Kara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena