Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 11/8 kr. 28
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa a Wɔde ma Bere a Obi Ahyehye
  • Ahonhonsɛmdi
  • Bible no ho Anigye a Wokanyan
  • Sika Kasa
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Wɔ Nhyehyee Ho
    Nyan!—1980
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
Nyan!—1985
g85 11/8 kr. 28

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Mmoa a Wɔde ma Bere a Obi Ahyehye

Mepɛ sɛ mekyerɛw biribi fa mo asɛm a ɛfa hyehye a obi hyehye ho no ho. (October 8 ne November 8, 1980) Wɔ asram bi a atwam no mu bere a na merennan ngo wɔ ogya so no, nsu bi sɔɔ mu. Ngo a ɛrehuru no bɔ guu m’anim na eguu m’abakan ne me mmati so nso. Esiane sɛ na nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ mo asɛm no mu wɔ m’adwene mu nti, mehwiee nsuonwini guu me ho ntɛm ara. Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ na yaw no ano abrɛ ase de, nanso na me ho da so ara reworɔw enti mekɔɔ ayaresabea a ɛbɛn ho no. Ayarehwɛfo no de nnuru ahorow yɛɛ faako a mahyehye no anadwo mu no nyinaa ne da a edi hɔ no. Esiane sɛ na mahyehye kɛse nti, na misuro sɛ m’anim renyɛ sɛnea ɛte kan no bio. Nanso. adapɛn biako akyi no, na me ho atɔ me ara yiye ma ayaresabea ho adwumayɛfo mpo antumi anhu me. Mprempren wo ɔsram biako akyi no, me momaso ne m’ani akyi baabi kakra na ɛda so ara yɛ kɔkɔɔ. Yɛn abusua no asua pii afi Nyan! mu dedaw nanso me osuahu no ama yɛkenkan no kɛse mpo efisɛ ‘ebere ne akwanhyia to yɛn nyinaa.’

G. J., France

Ahonhonsɛmdi

Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ mo asɛm a ɛne “Ɔtamfo a ɔsen Biara​—Ɔne Hena?” no ho. (November 8, 1984) Metɔɔ nhoma pii a ɛfa ahonhonsɛmdi ho efisɛ na m’ani gye ho nti. Mansusuw da sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni kwati nneɛma a ɛte saa. Mo asɛm no boaa me ma metee asɛm yi ase, enti misii gyinae sɛ mɛsɛe nhoma a ɛfa ahonhonsɛmdi ho no nyinaa sɛnea Efesofo no yɛe no. Sɛ ɛnyɛ mo asɛm no a, anka merentumi nnya akokoduru mmɔ me ho ban wɔ Ɔbonsam ho.

E. M., Italy

Bible no ho Anigye a Wokanyan

Mo asɛm a ɛwɔ July 22, 1984 Awake! mu no kaa me kɛse. Kan no na mempɛ sɛ mekenkan mo nhoma ahorow. Ɛnyɛ sɛ meyɛ Methodistni a m’asɔre yɛ soronko wɔ mo de no ho nti, na mmom mihui sɛ Bible no anaa ɛho nhoma biara akenkan yɛ anihaw. Mprempren mo nsɛmma nhoma no akanyan m’akɔnnɔ kɛse ama Bible no ne ɛho nhoma akenkan. Mede nhoma pii a ɛbɛma kenkan a mekenkan Bible no anya nkɔso no ho ntoboa ahyem.

F. O., Nigeria

Sika Kasa

Meda mo ase wo mo asɛm a ɛne “Bere a Sika Kasa” no ho. (June 8, 1985) Wɔ saa bere a sikasɛm nhyehyɛe asɛe mu no, minyaa nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so wɔ sɛnea wɔde sika sie ne sɛnea wobedi wɔ nyansam no ho. Masua biribi afi asɛm a ese: “Sɛ wode sika yɛ botae titiriw wɔ asetra mu a, ebetumi ayɛ asiane” no mu. Asɛm yi ho aba me mfaso kɛse.

R. G., Philippines

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena