Nnuruyɛ Foforo—Nea Enti a Nnipa Pii Ani Gye Ho
AKWAN pii na wɔfa so de nnuru foforo no di dwuma wɔ ayaresa mu. Wɔtaa ka emu pii ho asɛm sɛ ayaresa a wɔmfa aborɔfoduru nni dwuma na wɔnyɛ oprehyɛn biara nso wom na mmom wɔde abɔde mu nneɛma te sɛ mframa, nsu, ne owia siesie nipadua no. Esiane nnansa yi nnuruyɛ nti, wɔagyae nnuruyɛ a ɛte saa a wɔde adi dwuma mfe mpempem pii no akyi di.
Sɛ nhwɛso no, Journal of the American Medical Association a ɛbaa August 27, 1960 no kae sɛ wɔ “tete mmere mu no,” sɛ obi hyehye a, na wɔde nsuonwini gugu baabi a ahyehye no, “nanso ayɛ sɛ nea nnuruyɛfo ne nnipa foforo nyinaa mfa nni dwuma bio. Ɛwom sɛ nhoma kakra bi kamfo ayaresa a ɛtete saa kyerɛ de, nanso wɔmfa nni dwuma ankasa nnɛ. Nokwarem no, nnuruyɛfo pii ka sɛ ‘wɔmfa nni dwuma koraa’ ɛwom sɛ wonnim nea enti a ɛte saa de.”
Nanso, nnansa yi, nnuruyɛfo a wɔde aborɔfoduru di dwuma no asan de nsuonwini a wɔde toto obi a wahyehye ho no redi dwuma. The Journal of Trauma a ɛbae wɔ September 1963 mu no kae sɛ: “Nsuonwini a sɛ obi hyehye a, wodi kan de gugu baabi a ahyehye no asan agye ntini fi bere a nnuruyɛfo Ofeigsson ne Schulman de ho amanneɛbɔ mae wɔ 1959 ne 1960 mu no. Yɛnam saa kwan yi so hwɛɛ ayarefo afe a etwaam no; nea efi mu bae no hyɛ nkuran.”
Asiane kɛse nni nsuonwini a wɔde sa yare no mu, na nokwarem no ɛma ɔyarefo no nya ahotɔ. Wɔde nsu di dwuma sa nyarewa ahorow nnɛ wɔ nnuruyɛ foforo no mu, na seesei wɔagye akwan horow a wɔfa so de di dwuma no atom wɔ nnɛyi nnuruyɛ mu.a
Saa ara na mpɛn pii no wɔde nhaban ne nnubona di dwuma wɔ nnuruyɛ foforo mu. Wɔde eyi adi dwuma mfehaha pii—anaa mfe mpempem pii mpo—wɔ aman bi so. Wɔ India sɛ nhwɛso no, wɔde nhabannuru adi dwuma bere tenten. Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ baabiara agye nhabannuru atom.
Nhwɛso Soronko Bi
Bɛyɛ mfe ɔha a atwam no, Richard Willstätter a akyiri yi okosuaa nhabannuru ho ade no ho dwiriw no wɔ nea ɛtoo n’adamfo kumaa Sepp Schwab a na wadi mfe du no ho. Ekuru bɔne bi tuu Sepp nan ho ma enti oduruyɛfo bi kae sɛ ɛsɛ sɛ wotwa ne nan no na ama ne ho atɔ no, nanso Sepp awofo kae sɛ wontu oprehyɛn no nhyɛ ɛda a edi hɔ no anɔpa. Ansa na ade rebɛkye no, wodii kan kohuu oguanhwɛfo bi a onim nhabannuru paa. Oguanhwɛfo no kɔtetee nhabamma pii na otwitwaa mu nketenkete yam no fekɔfekɔ de kyekyeree kuru no so.
Ade kyee no, na kuru no atwetwe, ma enti wɔsan tuu oprehyɛn no hyɛɛ da. Wɔkɔɔ so yɛɛ no aduru no, na eduu bere bi no na ekuru no awu koraa. Willstätter kosuaa adufra ho ade wɔ Munich Sukuupɔn mu wɔ Germany na akyiri yi esiane nnuru a ohu fii nhabammono mu nti, onyaa Nobel akyɛde. Anwonwasɛm ne sɛ aborɔfoduru a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu ɔha mu 25 fi nhaban mu.
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛkari Pɛ
Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ aduru a etumi gye obi no ntumi nnye ɔfoforo. Sɛ aduru bi begye obi a egyina nneɛma pii te sɛ yare ko, yare no kɛse ne ɔyarefo no ahoɔden ankasa, so. Ebetumi agye bere mpo ansa na obi ho atɔ no.
Mpɛn pii no, nnuru foforo no nyɛ adwuma ntɛm te sɛ aborɔfoduru no, ma enti yare a anka wobetumi asa no ntɛm no betumi abɛyɛ kɛse ma afei wɔde aborɔfoduru a ano yɛ den adi ho dwuma—anaasɛ wɔayɛ no oprehyɛn mpo—ansa na ɔyarefo no ho atumi atɔ no. Enti, ɛnyɛ papa sɛ yɛde yɛn ho bɛto aduruyɛ biako pɛ so te sɛ nea ɛno nkutoo na ebetumi asa yɛn yare.
Ɔkwan a nnuru foforo no fa so yɛ adwuma no nte sɛ aborɔfoduru. Mpɛn pii no, esiw yare no ano, na nnuruyɛfo no gyina ɔyarefo no asetra ne faako a ɔte ne sɛnea ɛka n’akwahosan so na ɛhwɛ no. Nea ɛkyerɛ bio ne sɛ, nnuruyɛfo a wɔde nnuru foforo di dwuma no gyina ɔyarefo no nipa mu no nyinaa so na wɔma no aduru na wɔnhwɛ yare ko a ayɛ no no nkutoo.
Ɛda adi sɛ nea enti a nkurɔfo pii ani gye nnuruyɛ foforo ho no ne sɛ wosusuw sɛ wonya nnuru no fi nhabamma mu na asiane pii nnim te sɛ aborɔfoduru a wɔde di dwuma no. Esiane sɛ wɔahu sɛ nnuruyɛ foforo no tu mpɔn kɛse nti, yebesusuw emu kakraa bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ June 22, 1988, Engiresi Nyan! nkratafa 25-6.