Akwahosan Pa—Wɔanya Ɛho Akwankyerɛ Foforo?
Nsɛm kakraa bi na ɛho hia nkurɔfo kɛse sen wɔn akwahosan. Ɛtɔ da a, nnipa pii nso tumi ka akwahosan ho nsɛm te sɛ nnuruyɛfo no ara pɛ. Sɛ anka Nyan! begyina afa bi no, ɛbɔ mmɔden sɛ ɛde nsɛm yi bɛka ayaresa foforo a aba so nnansa yi a nkurɔfo pii de wɔn ho hyem no ho asɛm. Ɛnyɛ nea yɛkamfo ayaresa ahorow a yɛbɛka ho asɛm anaa foforo bi kyerɛ. Yɛrenka ayaresa pii—a emu bi agye din, na emu bi nso ho wɔ asɛm—ho asɛm. Yegye tom sɛ nsɛm a ɛfa ayaresa ho no yɛ nea ɛso wɔ mfaso ma nnipa nyinaa; nanso ɛho gyinaesi no yɛ ankorankoro asɛm.
OBIARA pɛ sɛ onya akwahosan pa. Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi anya akwahosan pa, sɛnea nnipa pii a wɔka sɛ wɔyare no ma ɛda adi no. Ebinom hu sɛ ɛte sɛ nea nnipa pii na wɔyare nnɛ sen bere biara a abɛsen kɔ.
Nea ɛbɛyɛ na nnuruyɛfo atumi ako atia yare bi no, wɔkamfo nnuru a nnwumakuw a wɔyɛ nnuru ayɛ na wɔbɔ ho dawuru paa no kyerɛ kɛse. Anwonwasɛm ne sɛ, nnansa yi nnuru a ɛtete saa a wɔtɔ no fi dɔla ɔpepem kakraa bi kɔ dɔla ɔpepem pii afe biara. Dɛn na afi mu aba?
Nnuru a nnuruyɛfo kamfo kyerɛ no aboa nnipa pii. Nanso, nnipa a wɔnom nnuru no binom yare te sɛnea ɛte no ara na emu yɛ den mpo. Enti, ebinom adan kɔ nnuru foforo so nnɛ.
Nnuru a Nnipa Pii Agye Atom
Ɛnnɛ, wɔ mmeae a aborɔfoduru nkutoo na na wɔde di dwuma no, nnipa pii redan kɔ nea wɔfrɛ no nnuru foforo no so. Consumer Reports a ɛbaa May 2000 no kae sɛ: “Berlin Fasu a etwa aborɔfoduru ne nnuru foforo ntam no redwiriw.”
The Journal of the American Medical Association (JAMA), a ɛbae November 11, 1998, no kae sɛ: “Nnuru foforo a wɔde sa yare a na wɔnkyerɛ ho ade biara wɔ sukuu mu na wɔmfa nni dwuma wɔ US ayaresabea ahorow no anya din kɛse wɔ nsɛm amanneɛbɔ, aduruyɛ, aban nnwuma, ne ɔman mu no nyinaa, mu.”
Journal of Managed Care Pharmacy nso gyinaa nnansa yi nsɛm so kaa nea edi so yi wɔ 1997 mu sɛ: “Kan no, na nnuruyɛfo ani nnye nnuru foforo biara ho ka aborɔfoduru ho, nanso nnansa yi, ayaresa ho sukuu 27 a ɛwɔ United States [nnansa yi amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛyɛ 75] a Harvard, Stanford, Arizona Sukuupɔn, ne Yale ka ho, no nso kyerɛkyerɛ nnuru foforo no ho ade.”
JAMA kaa nea ayarefo pii reyɛ na ama wɔanya ayaresa no ho asɛm. Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ 1990 mu no, nnipa a wɔkɔɔ nnuruyɛfo hɔ kɔhwehwɛɛ wɔn yare a ɛrehaw wɔn ano aduru no 5 biara mu 1 (ɔha mu 19.9) de aduru foforo nso dii dwuma. Dodow yi nyaa nkɔanim bɛyɛ 3 biara mu 1 (ɔha mu 31.8) wɔ 1997 mu.” Krataa no kae bio sɛ: “United States da nkyɛn a, nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe no kyerɛ sɛ nnipa pii na wɔde nnuru foforo di dwuma wɔ aman a anya nkɔso mu.”
Sɛnea JAMA bɔɔ amanneɛ no, nnipa dodow a wɔde nnuru foforo dii dwuma wɔ asram 12 mu wɔ Canada no yɛ ɔha mu 15, ɔha mu 33 wɔ Finland, na Australia nso yɛ ɔha mu 49. JAMA kae sɛ: “Nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ nnuru foforo mu no dɔɔso ankasa.” Nanso seesei mpo insurance adwumakuw no ntaa ntua sika biara mma wɔn a wɔde di dwuma no. Enti JAMA mu asɛm no de baa awiei sɛ: “Sɛ daakye bi, insurance adwumakuw no tua nnuru foforo no ho sika a, ɛbɛma nnipa pii de adi dwuma.”
Aman pii de aborɔfoduru ne nnuru foforo abom adi dwuma bere tenten ni. Oduruyɛfo Peter Fisher a ɔwɔ Royal London Homeopathic Ayaresabea no kae sɛ wɔagye nnuru foforo binom atom sɛ “aborɔfoduru koraa wɔ mmeae pii.” Ɔkae sɛ “nsonsonoe biara nni aborɔfoduru ne nnuru foforo mu. Nea yenim ara ne sɛ nnuru bi ye, na ebi nso nye.”
Enti nnuruyɛfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no rehu mfaso a ɛwɔ aborɔfoduru ne nnuru foforo no nyinaa so. Sɛ anka wɔbɛkyerɛ ɔyarefo bi sɛ ɔmfa aduru pɔtee bi nni dwuma no, wɔhyɛ nyansa sɛ ɔnsɔ nnuru no mu biara nhwɛ na ɔmfa nea ebegye no.
Akwan a wɔfa so de nnuru foforo no di dwuma wɔ ayaresa mu no bi ne dɛn? Bere bɛn ne ɛhefa na eyinom mu bi fii ase fii? Na dɛn nti na nnipa pii de redi dwuma saa?