Nnuruyɛ Foforo no Mu a Wɔhwehwɛ
“Biakoyɛ a ɛbɛtra nnuruyɛfo a wɔn ani gye aborɔfoduru ho ne wɔn a wɔn ani gye nnuru foforo ho ntam no ho hia na ama ayarefo a wɔpɛ nnuru foforo no anya akwahosan pa.”
ASƐM yi puei wɔ The Journal of the American Medical Association (JAMA) a ɛbae November 11, 1998 no mu. Asɛm no kyerɛe sɛ: “Eyi [biakoyɛ no] betumi ama nnipa pii de nnuru foforo no adi dwuma, ɛnkanka ɛnnɛ a insurance adwumakuw no reyɛ nhyehyɛe sɛ wobetua ho sika no.”
Nnipa pii de nnuru foforo no redi dwuma bere a wogu so de aborɔfoduru di dwuma no. Nanso, ebinom nka eyi ho asɛm nkyerɛ wɔn duruyɛfo no. Enti, Tufts University Health & Nutrition Letter a ɛbae April 2000 no kae sɛ: “Sɛ anka wubemuamua nsɛm so no, ɛyɛ papa sɛ wo ne wo duruyɛfo bɛyɛ biako.” Ɛkaa bio sɛ: “Sɛ ɔne wo yɛ adwene anaasɛ ɔne wo nyɛ adwene no, sɛ woka kyerɛ no a, ɛso bɛba wo mfaso.”
Eyi te saa esiane ɔhaw a ebetumi afi nhabannuru ne aborɔfoduru bi a wɔnom no bere koro mu aba nti. Esiane sɛ nnuruyɛfo bi ahu sɛ ayarefo a wɔba wɔn nkyɛn no de nnuru foforo no di dwuma nti, nnuruyɛfo no mu pii mpɛ sɛ wɔbɛda wɔn nsusuwii nkutoo adi na ama wɔn ayarefo no agyae sɛ wɔde nnuru foforo no bedi dwuma.
Yɛreka nnuru foforo no mu kakraa bi ho asɛm tiawa wɔ ha na ama yɛn akenkanfo ahu sɛnea nnipa bebree de redi dwuma wɔ aman pii so. Nanso, yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ wohyɛ no nsow sɛ Nyan! nkamfo eyinom bi anaa nnuruyɛ afoforo nkyerɛ.
Nhabannuru
Ɛkame ayɛ sɛ eyi ne nnuru a wɔde di dwuma sen biara wɔ nnuru foforo no mu. Ɛmfa ho sɛ nnipa de nhabannuru adi dwuma wɔ mfehaha pii mu no, emu kakraa bi na nyansahufo ayɛ mu nhwehwɛmu akɔ akyiri. Nhaban no mu kakraa bi pɛ na wɔatwe mu nsu ayɛ mu nhwehwɛmu yiye na wɔaka sɛnea edi dwuma ne asiane a ɛwom ho asɛm akyerɛ. Nhaban ne nnubona ho nsɛm pii gyina ɛho suahu a wɔanya wɔ abakɔsɛm mu no so.
Nanso, nnansa yi, nyansahufo pii ayɛ nhabannuru a etumi sa adwenemhaw nketenkete, awerɛfi a onyin de ba, ne dwensɔtoaa a ɛhon. Dua biako a wɔayɛ ho nhwehwɛmu ne black cohosh, a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no black snakeroot, bugbane, anaa rattleroot, no. Na Amerika Indiafo noa ne ntini no de ma ɔbea a ɔbrɛ bere a wayɛ bra ne ɔbea a wawo. Harvard Women’s Health Watch a ɛbae April 2000 no ka sɛ, nnansa yi nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wotumi de Germanfo black cohosh mu nsu “boa ɔbea a watwa bramono.”
Nea enti a nnipa pii pɛ nhabannuru a ɛte saa no ne sɛ wogye di sɛ asiane pii nnim te sɛ aborɔfoduru. Ɛwom sɛ eyi taa yɛ nokware de, nanso asiane pii wɔ nhabannuru bi mu, ɛnkanka sɛ wɔde fra aborɔfoduru a. Sɛ nhwɛso no, ahabannuru bi a wogye tom sɛ ɛma obi so tew no tumi ma onya mogya mmoroso ne home a ɛkɔ soro.
Nhabannuru bi nso ma mogya tumi tu ɔyarefo bi. Sɛ obi de nhabannuru a ɛtete saa fra aborɔfoduru a “esiesie mogya” no di dwuma a, ebetumi apira no kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ yare a enni sabea, te sɛ asikreyare anaa mogya mmoroso, anaasɛ wɔn a wɔnom aborɔfoduru bi no, hwɛ yiye wɔ nhabannuru a wɔbɛnom ho.—Hwɛ asɛm a ɛwɔ adaka mu no.
Ade biako a ɛhaw adwene wɔ nhabannuru ho nso ne sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi yɛ ma edi mu. Wɔabɔ amanneɛ nnansa yi sɛ wɔahu fagude ne awuduru foforo bi wɔ nhabannuru bi mu. Afei nso, nhabannuru no bi wɔ hɔ a, nneɛma a wɔkyerɛ sɛ wɔde yɛe no kakraa bi na ɛwom anaasɛ ebi nnim koraa. Nhwɛso yi ma yehu hia a ehia sɛ yɛtɔ nhabannuru anaa nnuru foforo fi mmeae a wɔagye atom no.
Aduannuru
Wɔaka sɛ aduannuru te sɛ vitamin ne mineral tumi sa yare pii te sɛ mogya a ɛso tew ne nnompe mu nyarewa—na etumi sa yare a wonya fi awo mu mpo. Vitamin ne mineral dodow a aban no kamfo kyerɛ no yɛ nea asiane pii nnim.
Nanso, kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ pii a wɔbɛnom betumi asa nyarewa bi no yɛ nea ebetumi de obi akwahosan ato asiane mu. Etumi siw nnuannuru afoforo dwumadi kwan na asiane kɛse mpo wom. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nokwasɛm a ɛte saa ne vitamin pii a wɔde bedi dwuma nanso wɔnkamfo nkyerɛ no so.
Homeopathy
Saa homeopathy aduruyɛ yi fii ase 1700 mfe no mu, na na ɛyɛ nipadua no mu adwuma nkakrankakra sen nnuruyɛ afoforo a na ɛwɔ hɔ no. Wɔ homeopathy aduruyɛ yi mu no, “wɔhwɛ sɛnea nipadua no yɛ adwuma na wɔde ɔyare bi ho aduru ama” nkakrankakra. Wɔsɔn nnuru a wɔde di dwuma wɔ homeopathy aduruyɛ yi mu no so yiye—ɛtɔ da a, wɔsɔn so araa ma ɛbɛyɛ den sɛ obi betumi ahu nneɛma pɔtee a wɔde yɛɛ aduru no.
Nanso, homeopathy aduruyɛ no nte sɛ nea wɔfrɛ no gyidi ayaresa no nti, etumi sa nyarewa te sɛ ntehyewa, ahoɔhene, ne mmofraberem ayamtu. Asɛm nni homeopathy aduruyɛ no ho pii esiane sɛ wɔsɔn nnuru a wɔde di dwuma wom no so yiye nti. JAMA mu asɛm bi a wotintimii wɔ March 4, 1998 mu no kae sɛ: “Wɔ wɔn a wɔwɔ yare a enni sabea no mu pii a wɔnkamfoo aduru pɔtee bi mmaa wɔn fam no, homeopathy aduruyɛ no ne nea ɛfata. Sɛ wɔde di dwuma yiye a, homeopathy aduruyɛ no betumi ayɛ ‘aduruyɛ foforo a wobetumi de aka nnɛyi aduruyɛ a wɔde aborɔfoduru di dwuma wom no ho.’” Nanso, wɔ ɔyare a emu yɛ den paa mu no, ɛyɛ papa sɛ obi bɛhwehwɛ aborɔfoduru.
Chiropractic
Nnuruyɛ foforo pii wɔ hɔ a wɔnam nipadua no a wosiesie no so de di dwuma. Emu biako a wɔtaa de di dwuma ne chiropractic aduruyɛ no, ɛnkanka wɔ United States. Adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ sɛ wosiesie akyi berɛmo a asɛm aba ho no yiye a, ɛbɛma ɔyarefo no ho atɔ no. Eyi nti na nnuruyɛfo a wɔte saa no sua akyi berɛmo ho ade yiye na ama wɔatumi asiesie wɔn ayarefo de no.
Mpɛn pii no, aborɔfoduru ntumi nko sisi yare. Nanso, ayarefo a wɔde chiropractic aduruyɛ di dwuma no tumi nya ayaresa ankasa. Adanse a ɛkyerɛ sɛ chiropractic aduruyɛ no tumi sa nyarewa afoforo ka ahotutuw ho pii nni hɔ.
Anigyesɛm ne sɛ wɔabɔ amanneɛ sɛ sɛ obi a ne ho akokwaw wɔ aduruyɛ yi mu hwɛ ayarefo bi a, ɔhaw pii ntumi mma. Nanso, ɛsɛ sɛ obi hu sɛ akyi berɛmo a wosiesie no tumi de ɔhaw a emu yɛ den te sɛ nipadua no fã a edwudwo ne mmubui ba. Nea ɛbɛyɛ na ɔhaw pii amma no, nnuruyɛfo no bi de nyansahyɛ ma sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔyarefo bi mu nhwehwɛmu de hu sɛ ɔkwan pɔtee bi bɛfata a.
Ayarefo a Wotwitwiw Wɔn
Twitwiw a wotwitwiw ayarefo no yɛ aduruyɛ a wɔde adi dwuma wɔ aman nyinaa mu bere tenten ni. Wɔka ho asɛm wɔ Bible mu mpo. (Ester 2:12, NW) British Medical Journal (BMJ) a ɛbae November 6, 1999 mu no kae sɛ: “Akwan a wɔfa so twitwiw ayarefo no di dwuma kɛse wɔ Chinafo ne Indiafo aduruyɛ mu. Per Henrik Ling ne obi a odi kan wɔ Europa a ɔkyerɛɛ sɛnea wotwitwiw ayarefo wɔ afeha 19 mu, na ɔkyerɛɛ nea wɔfrɛ no nnɛ sɛ Swedenfo kwan a wɔfa so twitwiw obi no.”
Twitwiw a wotwitwiw obi no tumi siesie ne nipadua, ɛma ne mogya bɔ yiye, na eyi bɔre biara a ɛwɔ nipadua no mu no. Nnuruyɛfo hyɛ nyansa sɛ wobetumi atwitwiw obi a wanya sisi yare, tipae, ne nsono mu yare. Nnipa pii a wotwitwiw wɔn no ka sɛ ɛboa wɔn kɛse. Sɛnea Oduruyɛfo Sandra McLanahan kyerɛ no, “adwennwene na ɛde nyarewa ɔha mu aduɔwɔtwe ba” na twitwiw a wotwitwiw obi no ma n’adwennwene so tew.
BMJ bɔɔ amanneɛ sɛ: “Akwan a wɔfa so twitwiw ayarefo no mu fa kɛse no ara ho nni asɛm. Ehia nhumu kɛse na ama obi akwati ɔhaw a efi nkurɔfo a wotwitwiw wɔn no mu ba no (sɛ nhwɛso no, sɛ wobetwitwiw obi a ne koma ho hyehye no anaa akwaa no fa baabi a mogya ntini no reyɛ asiw no) . . . Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ sɛ wotwitwiw obi a ɔyare kokoram a ne yare no yɛ kɛse.”
Sɛnea E. Houston LeBrun, a bere bi na ɔyɛ Amerikafo Nnuruyɛfo a Wotwitwiw Nkurɔfo Titrani no kae no, “Bere a nnipa pii ani regye twitwiw a wotwitwiw ayarefo ho no, wobenya ɔpɛ sɛ wobehu sɛnea nnuruyɛfo a wɔte saa no fata.” BMJ de afotu ma sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔahu nnuruyɛfo a wɔfata no, “ɛsɛ sɛ ayarefo no hu ankasa sɛ nnuruyɛfo no dɔm kuw bi a wogye tom.” Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ afe a etwaam no, na nnuruyɛfo a wɔte saa no wɔ adwumayɛkuw ahorow mu wɔ United States nkuropɔn 28 mu.
Acupuncture
Acupuncture aduruyɛ no agye din wɔ wiase nyinaa. Ɛwom sɛ akwan horow pii na wɔfa so yɛ “acupuncture” aduruyɛ no de, nanso mpɛn pii no, nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔde mpaane betuatua ɔyarefo bi ho de adi ne yare no ho dwuma. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ mfe pii a abɛsen kɔ mu no da no adi sɛ acupuncture aduruyɛ no tumi ma aduannuru te sɛ endorphins a etumi dwudwo yaw ano.
Nhwehwɛmu bi ada no adi sɛ acupuncture aduruyɛ no sa nyarewa pii na wotumi de deda obi a wɔrebɛyɛ no oprehyɛn. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ wotumi de acupuncture aduruyɛ no sa nyarewa ahorow 104. Boayikuw bi a U.S. Akwahosan Ahyehyɛde no pawee no kyerɛe sɛ etumi sa oprehyɛn akyi yare, honam mu yaw, ɔbea a ontumi nyɛ bra, abofono ne ɔfe a wonya fi nnuru ne nyinsɛn mu.
Ɛwom sɛ asiane pii nni acupuncture aduruyɛ no mu de, nanso etumi ma obi ho yɛ no yaw anaasɛ ɔyɛ titirii, anaa ne ho yeraw no. Mpaane no a wɔnoa no yiye anaa mpaane koro a wɔnsan mfa nwɔ obi foforo bere a wɔde adi obi ho dwuma awie no tumi tew asiane so wɔ aduruyɛ no akyi. Nnuruyɛfo yi pii nni ho nimdeɛ a ɛbɛma wɔde adi dwuma yiye anaa wɔde ɛho akwankyerɛ pa bɛma. Ɛrenyɛ papa sɛ obi bebu n’ani agu saa ahokokwaw a oduruyɛfo bi nni no so, ɛnkanka sɛ wɔnam aduruyɛ a ɛte saa so rehwɛ obi a ne yare nni sabea a.
Nnuruyɛ Pii Wɔ Hɔ
Nea yɛaka ho asɛm yi no yɛ nnuru foforo no mu kakraa bi kɛkɛ. Daakye bi, ebia wubebu eyinom bi ne pii a yɛanka ho asɛm no sɛ aborɔfoduru, sɛnea ɛte wɔ wiase mmeae pii mpo no. Nanso, ebinom wɔ hɔ a wobegyae akyi di anaasɛ wɔmfa nyɛ hwee bio.
Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛyaw ne nyarewa abu so wɔ nnipa asetram, sɛnea Bible ka ma ɛfata no: “Yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Romafo 8:22) Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa bɛhwehwɛ ahotɔ akyi kwan. Nanso, ɛhe na yebetumi adan akɔ? Yɛsrɛ wo, susuw nhwehwɛmu bi a wɔayɛ a ebetumi aboa wo ma woapaw aduruyɛ bi no ho.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]
Nhabannuru ne Aborɔfoduru a Wɔnom no Bere Koro Mu—ASIANE BƐN NA ƐWOM?
Wɔtaa bɔ amanfo kɔkɔ sɛ wɔmmfa nnuru bi a wɔakyerɛw ama wɔn no mmfra nnnom anaasɛ wɔmmfa nsa nnnom. So asiane bi wom sɛ yɛbɛnom nhabannuru ne aborɔfoduru wɔ bere koro mu? Saa adeyɛ yi abu so dɛn?
The Journal of the American Medical Association mu asɛm bi kyerɛkyerɛɛ “aborɔfoduru a wɔnom ka nhabannuru ho” mu. Ɛkae sɛ: “Ɛdefa mpanyimfo ɔha mu 44 a wɔkae sɛ wɔnom aborɔfoduru ho no, wɔn mu 5 biara mu 1 (ɔha mu 18.4) bɔɔ amanneɛ sɛ anyɛ yiye koraa no na wɔde nhabannuru bi anaa vitamin ka ho nom.” Ɛho hia sɛ yebehu asiane pɔtee a ɛwɔ adeyɛ a ɛte saa mu.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde nhabannuru di dwuma no hwɛ yiye nso bere a wɔrebɛyɛ wɔn oprehyɛn no. Oduruyɛfo John Neeld, a ɔyɛ Amerika Fekuw a Ɛma Nkurɔfo Nnuru Ma Wɔda Wɔ Oprehyɛn Mu titrani no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Osuahu pii akyerɛ sɛ nhabannuru a agye din paa, a ginseng ne St. John’s wort ka ho, no betumi ama mogya abɔ kɛse wɔ nipadua no mu. Ɛno betumi ayɛ asiane kɛse bere a wɔreyɛ obi oprehyɛn no.”
Oduruyɛfo yi de kaa ho sɛ: “Afoforo, te sɛ ginkgo biloba, akekaduru, ne feverfew, ntumi mma mogya ntwa ntɛm—ade a sɛ wɔreyɛ obi amemene mu oprehyɛn na ɛhon ntini no retu mogya a, ebetumi ama no abubu. St. John’s wort nso tumi nya nnuru a wɔde deda obi wɔ oprehyɛn mu no so nkɛntɛnso kɛse.”
Nokwarem no, ɛho hia sɛ yebehu asiane a ɛwom sɛ yɛbɛnom nhabannuru pɔtee bi ne aborɔfoduru bi bere koro mu. Ɛsɛ sɛ mmea a wɔyem ne mmaatan titiriw hu ɔhaw pɔtee bi a ebetumi aba wɔn mma so bere a wɔde nhabannuru ne aborɔfoduru di dwuma bere koro mu no. Enti, ɛyɛ papa sɛ ayarefo ne wɔn nnuruyɛfo besusuw aduru a wɔnom ho, sɛ ebia ɛyɛ nhabannuru anaa aborɔfoduru no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
Wɔde nhaban ahorow sa nyarewa ahorow bi
“Black cohosh”
Saint-John’s-wort
[Asɛm Fibea]
© Bill Johnson/Visuals Unlimited
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Koroyɛ ho hia na ama ayarefo ne nnuruyɛfo nyinaa anya aduruyɛ bi so mfaso