Aduruyɛ a Wubetumi Apaw
ODURUYƐFO Isadore Rosenfeld sii eyi so dua wɔ ne nhoma a ɛfa nnuruyɛ foforo ho no mu sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, sɛ wɔde aduru bi ma nnipa dodow bi, na wɔwɔ gyidi sɛ ebetumi ‘asa wɔn yare’ a, wɔn mu fa ho betumi atɔ wɔn.”
Wɔfrɛ eyi gyidi ayaresa, a ɛkyerɛ sɛ sɛ obi wɔ gyidi ampa a, asikre mpo betumi asa no yare. Gyidi ayaresa tumi di ɔhaw te sɛ ahotutu, abofono, ɔbrɛ, anisobiri, ahoyeraw, ne adwenemhaw ho dwuma. Eyinom kyerɛ dɛn?
Ade biako ne sɛ, mpɛn pii no, aduru bi mu gyidi a obi nya no yɛ ade titiriw a etumi ma ne ho tɔ no. Nanso, ɛyɛ papa sɛ wobɛhwɛ sɛ aduru no redi yare no ankasa ho dwuma na ɛnyɛ sɛ ɛrebrɛ ɛho sɛnkyerɛnne no ase kɛkɛ. Wubetumi ayɛ eyi denam kɔ a wobɛkɔ ma wɔayɛ wo nipadua mu nhwehwɛmu anaasɛ wɔatwa wo foto wɔ ayaresabea no so.
Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a obi betumi ayɛ bere a ɔrepaw aduruyɛ bi no.
Nneɛma Atitiriw a Ɛsɛ sɛ Woyɛ
Ɛyɛ papa sɛ wobɛyɛ aduruyɛ bi ho nhwehwɛmu ansa na woasi ho gyinae. Bisa ho nsɛm. Dɛn na ebetumi afi mu aba? Mfaso ne asiane a ɛwom ne dɛn, na ebegye sika dodow ahe ne bere tenten bɛn? Ɛne nkurɔfo a wɔanya aduruyɛ a ɛte saa bi no nsusuw ho. Bisa wɔn hwɛ sɛ egyee wɔn a. Kae nso sɛ nsɛm pa kɛkɛ a nkurɔfo aka afa ho no ara nnɔɔso.
Ɛrenyɛ papa sɛ aduru foforo bi nti wobɛprɛ aborɔfoduru a woahu sɛ eye no ato nkyɛn, ɛwom sɛ ebia na aborɔfoduru no nni mu paa de. The New England Journal of Medicine mu asɛm bi kaa asiane a ebetumi afi adeyɛ a ɛte sɛɛ mu aba ho asɛm. Nsɛmma nhoma no ka sɛnea ayarefo nkumaa baanu a wogyaee aborɔfoduru kodii nnuru foforo akyi nyaa kokoram no ho asɛm. Ayarefo yi mu biako wui.
Nkurɔfo a wɔwɔ yare a enni sabea anaa yare a ɛyɛ hu no de wɔn ani to fam na ama wɔahu nnuruyɛfo a wɔyɛ adaadaafo no. Hwɛ yiye wɔ aduru biara a wɔka sɛ ɛsa nyarewa pii no ho. Nnansa yi nhwɛso bi ne vitamin foforo bi a wɔkyerɛe sɛ “etumi sa ntehyewa ne ahoɔmmerɛw ne yare a ɛyɛ hu biara no.” Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ vitamin no ho no bɛdaa adi sɛ ɛyɛ nkyene nsunsu ara kɛkɛ.
Ɛyɛ ampa sɛ nnuru foforo no bi tumi ma yenya akwahosan pa. Nanso, ɛsɛ sɛ wunya adwempa wɔ nneɛma ho. Ɛyɛ papa sɛ wubedi aduanpa, agye bere de ada, ateɛteɛ wo mpɔw mu, na woama w’ani ada hɔ, bere a worepaw aduruyɛ bi no.
Wɔahu Ayaresa Bi a Edi Mu
Akyinnye biara nni ho sɛ aduru biara a nnipa ayɛ ntumi nyi nyarewa ne owu mfi hɔ. Nea enti a eyi te saa ne sɛ yenyaa nneɛma a ɛtete saa no fii yɛn nana a odi kan, Adam, hɔ. (Hiob 14:4; Dwom 51:5; Romafo 5:12) Ebia nnuruyɛ pii—a egu ahorow—betumi ayɛ papa, nanso etumi bɔ nkwa ho ban bere tiaa mu pɛ. Nanso, ayaresa bi a edi mu wɔ hɔ, na nnipa ɔpepem pii ahu dedaw.
Yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn, Oduruyɛfo Kɛse, no na wayɛ ayaresa a ɛte saa ho nhyehyɛe. Sɛ wunya ne mu gyidi na wugye ne Ba Yesu Kristo ogye afɔrebɔ a ɛpopa bɔne no tom a, wubetumi anya akwahosan a edi mu ne daa nkwa wɔ wiase bi a yare nnim mu! (Mateo 20:28) Bible hyɛ bɔ sɛ wɔ saa wiase foforo no mu no, ‘obiara renka sɛ meyare.’—Yesaia 33:24.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Nnipa ɔpepem pii ahu ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so anya akwahosan a edi mu