Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 2/1 kr. 8
  • Latvia Tie Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Latvia Tie Asɛmpa No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Onnyinii Dodo sɛ Ɔbɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woware?
    Nyan!—1986
  • Ɛnkaa Akyi Dodo sɛ Wobɛsom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 2/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Latvia Tie Asɛmpa No

BIBLE ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:4) Wɔn a wɔannya hokwan antie asɛmpa no mfe pii no retie nnɛ! Wɔ Latvia no, sɛnea ɛte wɔ wiase afã horow no, nnipa a wogu ahorow nyinaa a wofi mmusua nyinaa mu retie asɛm no, sɛnea osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛ no.

• Wɔ Rēzekne, kurow bi a ɛwɔ Latvia apuei fam mu no, maame bi ne ne babea a wadu mpanyin afe so srɛɛ ɔbea bi sɛ ɔnkyerɛ wɔn kwan. Bere a ɔbea a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no kyerɛɛ wɔn kwan wiei no, ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ a wɔmmra Adansefo no nhyiam ahorow ase.

Esiane sɛ na maame no ne ne babea no ani gye nyamesom ho nti, wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no. Wɔnam kwan so rekɔ no, wosii gyinae sɛ sɛ wɔkɔ na wohu biribi a ɛmfata wɔ hɔ a, wobefi hɔ ntɛm ara. Nanso, na nhyiam no yɛ anigye araa ma, amma wɔn adwenem koraa sɛ womfi hɔ. Wɔpenee so sɛ wɔne wɔn mmɛyɛ Bible adesua, na wofii ase kɔɔ nhyiam ahorow daa. Wɔ asram abiɛsa pɛ mu no, wɔdaa no adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu, na wɔhwɛ kwan sɛ wobegye asubɔ.

• Wɔ kurow bi a ɛwɔ Latvia atɔe fam mu no, Ɔdansefo bi hyiaa Anna a wadi mfirihyia 85, a ɔkyerɛɛ anigye na ɔpenee so sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Ne babea ne n’abusuafo foforo sɔre tiaa no denneennen. Nanso Anna amma ɛno anaa ne mfe a akɔ anim ne n’akwahosan a na enye no ansiw Bible adesua a na ɔbɛkɔ so ayɛ no kwan.

Da koro Anna ka kyerɛɛ ne babea no sɛ ɔrebɛbɔ asu. Anna babea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ asu a, mede wo bɛkɔ mpanyimfo atrae ma wɔahwɛ wo wɔ hɔ.” Nanso, ahunahuna yi ammu Anna abam. Esiane sɛnea na ne tebea te nti, wɔbɔɔ no asu wɔ n’ankasa fie.

Dɛn na Anna babea no yɛe wɔ eyi ho? Ɔsakraa ne su, na ɔnoaa aduan titiriw bi maa ne maame wɔ n’asubɔ akyi. Afei obisaa ne maame sɛ, “Wɔabɔ wo asu awie yi, wote nka dɛn?” Anna buae dɛn? “Te sɛ obi a wɔawo no foforo!”

• Wɔ December 1998 mu no, Adansefo baanu bi kohyiaa obi a na kan ɔyɛ sraani wɔ Soviet Union a na wakɔ pɛnhyen. Esiane sɛ na ogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ nti, ɔpenee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, na akyiri yi ne yere bɛkaa ho. Wonyaa nkɔso ntɛmntɛm, na ankyɛ na wɔbɛyɛɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Eduu ahohuru bere a edi hɔ no, na wɔabɔ nea kan ɔyɛ sraani panyin no asu. Awarefo yi ani a eku honhom fam nneɛma ho kɛse no ahyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran. Afei nso, wɔde wɔn ho nyinaa mae bere a na wɔresiesie ɔdan bi de ayɛ Ahenni Asa fɛfɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena