Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woware?
Mpena a wɔtwe a wɔnware abɛyɛ nea wɔpene so kɛse wɔ mmeae ahorow pii, nanso so ɛma wonya anigye kɛse sen aware? “Nyan!” sɛnkyerɛwfo a ɔwɔ Sweden no ka eyi ho asɛm wɔ nsɛm abiɛsa a edidi so no mu.
JAN ne Anna hyiae wɔ agorudibea. Wonyaa wɔn ho wɔn ho ho anigye ntɛm ara. Ná Anna fii n’awofo nkyɛn sɛ ne nkutoo rekɔtra nkyɛe biara ɛ. Ná Jan ne aberante foforo bi na ɛte. Bere a Jan ne Anna hyiae bere tiaa bi akyi no, ɔne no kɔɔ ne fi anadwo bi. Jan daa hɔ maa ade kyɛe. Ade kyee no, ɔkɔfaa ne sanku ne ne tui (brush) a ɔde twitwiw ne sẽ so bae na ɔsan daa hɔ maa ade kyee. Ɔkɔfaa ne nneɛma nkakrankakra baa Anna fie na wofii ase tra boom. Jan ne Anna anhu sɛ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ wɔware.
Te sɛ Jan ne Anna no, nnipa ahorow ahorow ɔpepem pii twe mpena a wɔnware. Wɔka sɛ: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛware? Yebetumi atra ase yiye bere a yenni mmara kwan so kratasin—aware ho tumi krataa biara.
Nokwarem no, wɔ mmeae ahorow pii no, mpena a nnipa baanu twe a wɔnware no abɛyɛ ade a wɔpene so kɛse. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wɔware dodow so tewee bɛyɛ ɔha biara mu 40 wɔ mfe aduonu a etwaam no mu wɔ Sweden. Wɔ mfe aduonu a atwam no mu no, na mmofra baawɔtwe a wɔwo wɔn wɔ saa ɔman no mu no biako pɛ na ne maame nwaree. Mprempren ɛyɛ mmofra baasa biara mu biako anaasɛ baanu biara mu biako. Nhwehwɛmufo J. Trost a ɔwɔ Uppsala Sukuupɔn a ɛwɔ Sweden no mu no ka sɛ: “Nea yenim ne sɛ wɔyɛ mmofra a wɔdɔɔso sen biara a nnipa a wɔnwaree wo wɔn wɔ ɔman bi a anya nkɔso wɔ mfiridwuma mu a yɛahu pɛn.”
Sɛnea International Herald Tribune kyerɛ no, wɔ Denmark no, mpena a wɔtwe a wɔnware no abɛyɛ ade a mmerante ne mmabaa a wɔakɔ kɔlege de wɔn ho hyem. Wɔn na wɔwo mmofra baasa biara mu biako wɔ hɔ. Ɔbarima bi a wadi mfe 31 a ofi Denmark kae sɛ, “Obiara a yenim no nni hɔ a waware. Obiara de ne ho ahyɛ nea yɛfrɛ no aware a krataa nni so no mu.”
Aware ahorow a krataa nni so no redɔɔso wɔ aman afoforo nso mu. Sɛ nhwɛso no, sɛnea nkontaabu ahorow a United States Asoɛe a ɛhwɛ nnipa a wɔkan wɔn ho nsɛm so daa no adi kyerɛ no, nnipa a wɔtwe mpena a wɔnwaree bɛyɛ ɔpepem abien wɔ United States na wɔn dodow no dɔɔso sen wɔn a na wɔyɛ saa wɔ 1970 mu no mmɔho abiɛsa.
Dɛn nti na ɔbarima ne ɔbea taa paw sɛ wɔbɛtwe mpena a wɔnware? So aware a krataa nni so no ye te sɛ aban mu anaasɛ amanne kwan so aware anaasɛ ɛyɛ nea eye sen no mpo?