Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 11/8 kr. 4-7
  • Mpenatwe Anaasɛ Aware?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpenatwe Anaasɛ Aware?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpenatwe​—So Ɔhaw Ahorow Wom?
  • Sɛnea Ɛkã Afoforo
  • Kyerɛwnsɛm no Adwene
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woware?
    Nyan!—1986
  • Aware anaasɛ Mpenaware—Emu Nea Ɛwɔ He?
    Nyan!—1992
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 11/8 kr. 4-7

Mpenatwe Anaasɛ Aware?

“Ɛyɛ kateeyɛ ara kwa! Krataa nkyerɛ hwee. Ɔdɔ na ehia. Anigye kɛse wɔ mpenatwe mu. Sɛ monwaree wɔ mmara kwan so a, ɛho hia sɛ mohwɛ yiye na mususuw mo ho mo ho ho kɛse.” Saa adwene no na Jan ne Anna nyae bere a wofii ase twee mpena no.

ƐDA adi pefee sɛ nnipa binom te nka sɛ, sɛ wɔtwe mpena a, wobesuro sɛ wɔn ntam betumi atetew. Enti ɛbɛma wɔn ani akũ wɔn ho wɔn ho ne wɔn abusuabɔ no ho kɛse. Sɛ yɛhwɛ no aniani a, ebia ɛte sɛ nea ɛyɛ nsusuwii pa. Nanso so saa mpenatwe no taa kyɛ kɛse sen mmara anaasɛ amanne kwan so aware?

Mpenatwe​—So Ɔhaw Ahorow Wom?

Bere a nhwehwɛmufo J. Trost ada nsɛm a ɔboaboaa ano fii asɛm no ho nhwehwɛmu bi mu wɔ nhoma Unmarried Cohabitation no mu adi akyi no, ɔdaa no adi sɛ “nnipa a wɔtwe mpena a wɔn ntam tetew no dɔɔso sen wɔn a wɔaware no mpɛn abien.”

Jan ne Anna twee mpena mfe abiɛsa ansa na wɔwaree. Ná asomdwoe wɔ wɔn abusuabɔ a edi kan no mu wɔ ɔkwan bɛn so? “Yehui sɛ mpenatwe ma woyɛ nneɛma afoforo a ɛnteɛ. Sɛ wotwe mpena kɛkɛ a, obi foforo betumi ne wo anya ayɔnkofa ntɛm ara.”

Lars ne Anette nso twee mpena mfe abiɛsa ansa na wɔwaree. Lars ka sɛ: “Bere a nsɛnnennen sɔree no, yenyaa ɔpɛ kɛse sɛ yɛbɛtetew mu mmom sen sɛ yɛbɛtra ase asiesie yɛn ntam te sɛ nea yɛbɔ mmɔden yɛ mprempren sɛ awarefo no.” Anette de ka ho sɛ: “Na mpɛn pii me bo fuw Lars a meka kyerɛ no sɛ mɛsesaw me nneɛma akɔ. Mprempren menyɛ saa bio.”

Anette kae sɛ, “Me nneɛma.” Ɛkyerɛ adwene a nnipa a wɔtwe mpena no betumi anya wɔ wɔn nneɛma ho​—wɔakyekyɛm ayɛ no “me” nneɛma ne “wo” nneɛma. Ebinom de nneɛma a wɔtɔ no so krataa sie yiye anaasɛ wɔkyerɛw wɔn din gu so​—sɛ ɛba sɛ. So ɛno yɛ abusuabɔ a asomdwoe wom a ɛtra hɔ kyɛ nhyɛase?

Na sɛ bere no du sɛ nnipa baanu no tetew mu a, dɛn na esi? Nneɛma a wɔbɛkyɛ no tumi yɛ ɔhaw ankasa na ɛde akyinnyegye ne nsisi kɛse ba. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbea no na na ɔhwɛ mmofra no ne fie hɔ a, ebia ɔrennya hwee efisɛ ne hokafo no na ɔtɔɔ nneɛma no mu pii. Ebia ɔrentumi nyɛ ho hwee wɔ mmara kwan so efisɛ wɔnwaree. Enti sɛ wɔtetew mu a, asɛm bɛn na ɛto no?

Nnipa binom ka sɛ wɔtwe mpena kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ wɔfata wɔn ho wɔ aware mu. Wɔte nka sɛ ɛbɛma ware a wɔbɛware daakye no ayɛ nea asomdwoe kɛse wom. Saa na asɛm no te? Sɛ nhwɛso no, so awaregu so atew wɔ aman a adeyɛ yi abu so kɛse wom no mu?

Fa Sweden sɛ nhwɛso. Abenfo a wɔwɔ hɔ no bu akontaa sɛ nnipa a wɔaware foforo nnansa yi ara no mu ɔha biara mu 99 twee mpena ansa na wɔwaree. Sɛ mpenatwe ma aware pii yɛ nea ahotɔ wom a, ɛnde wobɛhwɛ kwan sɛ awaregyae wɔ saa ɔman no mu so retew. Nanso akontaabu da no adi sɛ bere a nnipa a wɔware afe biara no dodow so tew fii 50,785 koduu 36,210 wɔ mfe 25 a ɛda 1958 ne 1983 ntam no mu no, wɔn a wogyaee aware no dodow kɔɔ soro fi 8,657 koduu 20,618. Ɛnde so nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ mpenatwe ma aware pii yɛ nea asomdwoe kɛse wom?

Sɛnea Ɛkã Afoforo

Afei haw a mpena a nnipa baanu twe a wɔnware no betumiahaw afoforo no nso wɔ hɔ. Nnipa pii wɔ hɔ a wobu no sɛ enye sɛ wɔbɛtwe mpena. Enti ebia mmofra no awofo anaasɛ wɔn nananom ani rennye, wɔn ani bewu na wɔayɛ basaa sɛ wɔtwe mpena ara kwa a wɔnware. Ebia wɔn ntam nkitahodi betumi asɛe.

Anna ka sɛ: “Misusuw sɛ m’awofo ani wui kɛse bere a me ne Jan fii ase trae no. Ebeduu saa bere no mu no, na me ne wɔn nya abusuabɔ pa mu anigye bere nyinaa. Nanso afei bere biara a yɛn abusuafo bebisa m’ase no, wɔyɛ basaa. Na sɛ wɔne Jan wɔ hɔ a, wɔn ani nka. Ankyɛ biara na wogyaee sra a wɔbɛsra yɛn no. Misusuw sɛ wohuu amane kɛse.”

Na mmofra a mpenatwe a ɛte sɛɛ ma wɔwo wɔn no nso ɛ? Sɛ awofo twe mpena na wogyae a, ebetumi ama wɔatete mmofra pii a ɛsonosono wɔn agyanom wɔ ofie biako mu. Eyi betumi ama mmofra no ayɛ basaa a wonni ahotɔ. Nhwehwɛmu bi a TV sɛnkyerɛwfo bi yɛe wɔ sukuufo a wɔadi mfe 15 ho no daa no adi sɛ mmofra yi mu baasa biara mu biako ne wɔn awofo baanu no nyinaa ankasa antra. Wɔ Stockholm a ɛyɛ Sweden ahenkurow no mu no, na wɔn dodow kɔ soro kodu bɛyɛ ɔha biara mu 43. Sɛnkyerɛwfo no kae sɛ: “Mprempren yɛanya adesamma abusua a ɛyɛ soronko koraa.” Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ 1980 mfe no mu pii wɔ afie abien . . . Sɛ wɔkɔ wɔn maame nkyɛn dapɛn awiei a, dapɛn foforo awiei na wɔkɔ wɔn papa nkyɛn.”

Ɔbenfo Class Sundelin hui wɔ nhwehwɛmu bi a ɛfa mmofra a wɔadi mfe 10 a wɔn dodow yɛ 5,500 a wɔwɔ Sweden ho no mu sɛ na “mmarimaa no mu du biara mu biako wɔ adwenemhaw kɛse. Ɔkae sɛ “ntetewmu a ɛredɔɔso no haw mmofra” na wɔde “wɔn ho to mmofra a wɔanyin sen wɔn kakraa no so na ntetewmu ma wɔn aba mu bu kɛse.” Abeawa bi a wadi mfe 12 a n’awofo tetew mu kaa sɛnea mmofra pii a wɔwɔ saa tebea no mu te nka no ho asɛm bere a ɔkaa eyi no: “Sɛ minyin a, mepɛ sɛ minya asetra pa. Mɛware na merennyae aware da.”

Wɔ Sweden no, wɔde asɛmfua “ntetewmu” no di dwuma wɔ nnipa a wɔtwe mpena ne awarefo ho. Esiane sɛ mpenatwe yɛ abusuabɔa entumi ntra hɔ nkyɛ kɛse sɛ aware nti, eyi bɛkyerɛ sɛ ɔwofo biako na ɔbɛtete mmofra a nnipa a wɔtwe mpena wo wɔn no. Wɔ ne nyinaa mu no ntetewmu a ɛte saa no ma mmofra hu amane, na te sɛ abeawa a wadi mfe 12 no, wɔtaa ka sɛ, sɛ wonyin a, wɔbɛpɛ sɛ wonya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛtra hɔ kyɛ​—wɔ aware mu.

Sɛ nnipa baanu twe mpena a wɔnware a, ɛde ɔhaw afoforo a emu yɛ den ba. Esiane sɛ wɔmfa mpena aware a ɛte sɛɛ nhyɛ mmara ase nti, aban mpanyimfo ntumi nhu ne dodow na wɔahyɛ mmara wɔ ho. Nnipa binom si gyinae sɛ wɔnware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentua tow akɛse na afei nso amma nsiesiei bi a aban yɛ a ɔde boa ahokwafo no nso ammɔ wɔn. Eyi nso ma tow a obiara tua no yɛ nea ɛdɔɔso. Wɔrentumi mfa mmara a ɛfa adedi, nsamansew, nneɛma a wɔkyekyem ne onii a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ mmofra no ho nni dwuma wɔ eyi ho nso. Sɛnea mmaranimfo bi a ofi Denmark kae no: “Wɔ abrabɔ fam akyi no, sɛ wususuw ho wɔ mmara kwan so nso a, aware a nkrataa nni so nye. Ehia nkrataa pii, kyerɛ sɛ, mmara mu nkrataa ne nneɛma afoforo ho hia na ama wɔatumi adi agyapade ne nneɛma afoforo a wɔde hyɛ afoforo nsa ma wɔhwɛ so ho dwuma sen aware a wɔde hyɛ mmara ase.”

Wɔ nsɛm a ɛma ɛsɔre wɔ abrabɔ fam ne asetra mu akyi no, biribi foforo a ɛho hia kɛse sɛ yesusuw ho nso wɔ hɔ.

Kyerɛwnsɛm no Adwene

Ebia Kyerɛwnsɛm no adwene wɔ asɛm yi ho no ho nhia nnipa a wɔtwe mpena no mu pii. Nanso ɛho hia ma nnipa a wɔpɛ sɛ wɔde Onyankopɔn ahyɛde di dwuma no.

Sɛnea Bible kyerɛ no, aban mu ne amanne kwan so aware nkutoo na onipa Bɔfo pene so.

Bible no kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn kaa nnipa baanu a wodi kan no boom wɔ aware mu. Dɛn ntia? Atirimpɔw biako ne ayɔnkofa a wobenya. Sɛnea abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis ka no: “Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.” (Ge 2:18) Na atirimpɔw foforo nso ne mma a wɔbɛwo. Wɔka kyerɛɛ nnipa baanu no sɛ, “Monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Ge 1:27, 28) Na yɛ a eyi renyɛ nhyehyɛe bi a wɔresɔ ahwɛ no da adi wɔ Genesis 2:24 a ɛka sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro” no.

Ɛwom sɛ nnɛ ɔbarima ne ɔbea biara nyɛ pɛ na aware pii gu de, nanso aban mu ne amanne kwan so aware da so ara yɛ nea ahotɔ wom a etumi gyina kɛse nnɛ. Ɔbarima ne ɔbea ntam abusuabɔ biara nni hɔ a ɛma awarefo baanu no nyinaa a mmofra no nso ka ho nya ahobammɔ ne ahotɔ kɛse te sɛ mmara kwan so aware.

Saa adwene no na Jan ne Anna nyae. Bere a Jan ne Anna atra mfe pii akyi no, Anna fii ase sɛ obesua Bible no na wakɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no bi. Ankyɛ biara na onyaa ɔpɛ sɛ obedi nea Bible hwehwɛ wɔ aware mu no so. Enti ɔka kyerɛɛ Jan da koro sɛ onkogye no aware. Na Jan ahu sɛnea ɔwɔ anigye ne sɛnea ne koma tɔ ne yam bere biara a obefi adesua aba fie no. Ohuu sɛnea ɛbɛsom bo ama no no enti okogyee n’aware.

Jan nyaa adwene sɛ, ‘Ebia ɔsom no ho bɛba me mfaso nso.’ Osii gyinae sɛ n’ankasa bɛyɛ nhwehwɛmu. Ankyɛ biara na ohui sɛ Kyerɛwnsɛm no adwene wɔ aware ho no ye sen biara. Mprempren Jan ne Anna yɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa a wɔn baanu nyinaa resom sɛ bere nyinaa asɛnkafo. Sɛ wɔde aware toto mpenatwe ho a, ɛte dɛn? Wubua sɛ: “Ansa na yɛreware no, na yɛtwe mpena kɛkɛ. Nanso bere a yɛwaree akyi no, yefii ase sɛ yɛbɛhyehyɛ abusuabɔ a emu yɛden kɛse, nea ɔdɔ wom a eye kɛse a obi a ɔto so abiɛsa​—yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn ka ho. Bɛboro mfe du ni no, yɛakɔ so anya aware a ɛyɛ anigye!”

Nanso ebia afoforo nso bɛfa ɔkwan foforo so. Wɔte nka sɛ aware betumi ayɛ nhyehyɛe pa de, nanso aware mu nokwaredi ho nhia. Wɔte nka sɛ aware akyi mpenatwe betumi ama aware ayɛ yiye na ahyɛ mu den mpo. So ɛte saa ankasa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Bere a nsɛnnennen sɔree no, yenyaa ɔpɛ kɛse sɛ yɛbɛtetew mu sen sɛ yɛbɛtra ase asiesie yɛn ntam te sɛ nea yɛbɔ mmɔden yɛ mprempren sɛ awarefo no”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Mmara kwan so aware da so ara yɛ nea ahotɔ wom a etumi gyina kɛse nnɛ

[Kratafa 5 mfoni]

Sɛ awofo tetew mu a, ɛma mmofra yɛ basaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena