Ná Onnyinii Dodo sɛ Ɔbɛsom Yehowa
NNIPA pii a wɔn mfe akɔ anim susuw sɛ wonni anidaso bi sɛ wobetumi anya anigye wɔ wɔn nkwa nna a aka mu. Ɔbea bi a wagye din wɔ guasodeyɛ mu mpo kae sɛ: “Masɛe m’asetra, na aka akyi dodo sɛ mɛsakra no . . . Sɛ me nkutoo menam a, misusuw m’asetra bere a atwam ho, na m’ani nnye sɛnea mebɔɔ me bra no ho . . . Minnya ahotɔ wɔ baabiara a mekɔ, na mintumi ntra faako.”
Ná ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a ɔtraa ase mfe 2,000 a atwam ni no nni ɔhaw a ɛte saa. Ná ɔyɛ okunafo a wadi mfe 84, nanso na ɔwɔ ahoɔden ne anigye, na onyaa Onyankopɔn anim dom kɛse. Ná ne din de Hana, na na ɔwɔ biribi titiriw a ɛma n’ani gye. Ɛne dɛn?
‘Wampa Asɔrefie Hɔ Da’
Asɛmpa kyerɛwfo Luka ka Hana ho nsɛm kyerɛ yɛn. Ɔka sɛ: “Na odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ofi Aser abusuakuw mu” wɔ Israel. Sɛ́ odiyifo bea no, na ɔwɔ Onyankopɔn honhom kronkron anaa adeyɛ tumi dom akyɛde no wɔ ɔkwan soronko so. Na na Hana wɔ hokwan kɛse sɛ ɔhyɛ nkɔm da titiriw bi.
Luka de ka ho sɛ: “Wanyin, na ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu trae mfirihyia ason. Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan.” (Luka 2:36, 37) Ɛda adi sɛ Hana bɛyɛɛ okunafo bere a na ɔyɛ ababaa. Kristofo mmea a wɔyɛ akunafo nyinaa nim sɛnea ɛyɛ yaw sɛ obi bɛhwere ne kunu a ɔdɔ no wɔ owu mu. Nanso, te sɛ mmea pii a wosuro Nyankopɔn a wɔte ase nnɛ no, awerɛhosɛm yi amma Hana annyae ne Nyankopɔn som.
Luka ka kyerɛ yɛn sɛ ná Hana ‘mpa asɔrefie [a ɛwɔ Yerusalem] hɔ da.’ (Luka 2:37) Ofi komam kyerɛɛ nhyira a na efi Onyankopɔn fie hɔ som mu ba no ho anisɔ. Ne nneyɛe daa no adi sɛ, te sɛ Israel hene dwontofo Dawid no, na ɔwɔ ade biako pɛ a ɔsrɛ Yehowa. Ná ɛno ne dɛn? Dawid too dwom sɛ: “Ade biako na masrɛ [Yehowa], ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra [Yehowa] fi, na mahwɛ [Yehowa] animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.” (Dwom 27:4) Wɔ eyi mu nso no, Hana te sɛ Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wonya anigye wɔ baabi a wɔsom Yehowa a wɔkɔ hɔ daa no.
Hana som Yehowa adekyee ne adesae. Ɔde “mmuada ne mpaebɔ” na ɛyɛɛ eyi a na ɛkyerɛ abooboodi ne anigyina a emu yɛ den. (Luka 2:37) Ebetumi aba sɛ mfehaha pii a Amanaman mu atumfoɔ de dii Yudafo so ne ɔsom kronn a ɛsɛee araa koduu asɔrefie hɔ ne asɔfo no mpo mu no na ɛmaa Hana de mmuada bɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae no. Nanso na ɔwɔ biribi a obegyina so ama n’ani agye nso, esiane biribi soronko a esii da bi wɔ afe 2 A.Y.B. mu no nti.
Nhyira Bi a Ɛbaa Mpofirim
Saa da titiriw yi no, abofra Yesu maame Maria ne ne kunu Yosef de no baa Yerusalem asɔrefie hɔ. Simeon a na ne mfe akɔ anim huu abofra no na ɔkaa nkɔmhyɛ nsɛm saa da no. (Luka 2:25-35) Na Hana wɔ asɔrefie hɔ sɛnea na ɔyɛ daa no. Luka bɔ amanneɛ sɛ: “Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi.” (Luka 2:38) Hwɛ sɛnea Hana ani gyei bere a ɔde n’ani a na ayɛ wisiwisi no huu nea na ɔbɛyɛ Mesia daakye no!
Ná Onyankopɔn bɔfo de nsɛm yi ama nguanhwɛfo bi ho adwiriw wɔn wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem wɔ adaduanan a na atwam no sɛ: “Hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo wɔ Dawid kurom.” Ɔsoro asafo pii yii Yehowa ayɛ na wɔde kaa ho sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.” (Luka 2:8-14) Saa ara na Hana nso fii ase dii Nea na ɔbɛyɛ Mesia no ho adanse!
Bere a Hana gyee abofra Yesu too ne nsa so no, ofii ase “yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.” (Luka 2:38) Te sɛ Simeon a na ne mfe akɔ anim a ɔno nso nyaa hokwan huu abofra Yesu wɔ asɔrefie hɔ no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔno nso de anigyina ne mpaebɔ retwɛn Ogyefo a na wɔahyɛ ne ho bɔ no. Na asɛmpa a ɔtee sɛ Yesu ne saa Nipa no yɛɛ no dɛ dodo sɛ obemmua n’ano a ɔrenka ho asɛm nkyerɛ afoforo.
Ɛwom sɛ na Hana nhwɛ kwan sɛ ɔbɛtra ase ahu bere a Yesu benyin de, nanso dɛn na ɔyɛe? Ɔde anigye dii afoforo adanse wɔ ogye a na saa Mesia yi de reba no ho.
Hana Nhwɛso Pa No
Wiase yi mu anyamesomfo ahe na wobedi adanse a ɛte saa anaasɛ wɔbɛkɔ so ara asom awia ne anadwo bere a wɔadi mfe 84 no? Akyinnye biara nni ho sɛ anka wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔkɔ pɛnhyen na wɔkɔtra fie gye akatua ansa mpo na wɔadi mfe 84. Ná Hana ne Simeon yɛ nnipa soronko. Wɔyɛɛ nhwɛso pa maa Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim nyinaa. Nokwarem no, na wɔdɔ Yehowa fie na wofii wɔn koma nyinaa mu yii no ayɛ.
Yɛnam Hana so anya akunafo a wosuro Onyankopɔn ho nhwɛso. Nokwarem no, yebetumi de sɛnea Luka kaa ɔbea yi a na ne mfe akɔ anim ho asɛm no atoto ahwehwɛde a wɔhwehwɛ wɔ akunafo a wɔfata a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ 1 Timoteo 5:3-16 no ho ma afata. Ɔsomafo Paulo ka wɔ hɔ sɛ okunafo a ɔte saa no ‘kura nkotɔsrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia,’ na ‘waware kunu biako’ na ‘ɔde mmɔdenbɔ adi nnwuma pa nyinaa akyi.’ Ná Hana yɛ ɔbea a ɔte saa.
Ɛnnɛ, yehu akunafo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim a wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn awia ne anadwo wɔ Yehowa Adanse asafo ahorow mpempem a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ saa nnɛyi “Hanafo” a wɔwɔ yɛn mu no!
Mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim mpo betumi ahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ wɔn ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nnyinii dodo koraa sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔadi ne Mesia Ahenni no a ɔde asi hɔ wɔ soro mprempren a ɛnkyɛ ɛde nhyira kɛse bɛbrɛ adesamma no ho adanse. Nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wɔresom Onyankopɔn mprempren no betumi adi Yehowa nhyira a wɔanya ho adanse, te sɛ nea wohyiraa Hana wɔ ɔkwan soronko so wɔ mfehaha pii a atwam mu no. Ná onnyinii dodo sɛ ɔbɛsom Yehowa na wayi ne din kronkron no ayɛ—na saa ara na wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnɛ no nso te.