Teokrase Nsɛmmansɛmma
Angola: Wɔ December mu no, nsɛmma nhoma dodow a wɔde mae boro nea a ɛsen biara a wɔde ama pɛn no so 10,000. Adawurubɔfo 21,965 no reyɛ Bible adesua 60,691.
Guatemala: Adawurubɔfo 13,243 a wonyae December no ani gyei bere a wohui sɛ nnipa 32,911 baa wɔn “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no. Wɔbɔɔ nnipa 597 asu wɔ saa nhyiam horow no ase.
Latvia: Adwuma no da so ara nya nkɔanim wɔ Latvia. Wɔbɔɔ adawurubɔfo 577 ho amanneɛ wɔ December a etwaam no mu. Wɔyɛɛ ofie Bible adesua 1,816, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara de nsɛmma nhoma 20.5 mae.