Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 3
  • Wogyina Boaa Papa Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wogyina Boaa Papa Bi
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mommpa Abaw
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Kar Tae—Ebetumi Abɔ Wo Nkwa Ho Ban!
    Nyan!—2004
  • So Moresiesie Mo Mma Ama ‘Tu A Wobetu’ No?
    Nyan!—1983
  • “Yɛn Ni! Monsoma Yɛn!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 3
Bob te mmubuafo akongua mu wɔ kwankyɛn; Adansefo mmerante no resesa ne tae no ama no

Wogyina Boaa Papa Bi

Da koro bi, na Bob reka kar wɔ Alberta, Canada akɔ fie. Ɔrekɔ no ara na ne kar tae paee. Saa da no, na awɔw wom paa. Esiane sɛ na ɔrekɔ mmirika nti, wanhu sɛ ne tae apae. Yɛreka yi, na aka bɛyɛ kilomita nnum ama wadu fie.

Akyiri yi, ɔkaa nea esii no ho asɛm wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ ne mpɔtam hɔ no mu. Ɔkaa sɛ, “Mmerante nnum bi a wɔte wɔn kar mu na wɔka kyerɛɛ me sɛ, me tae no apae. Afei, yegyinaa kwan no nkyɛn baabi, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, wɔbɛboa asesa me tae no ama me. Ná mintumi nhu sɛ tae foforo anaa ade a yɛde pagyaw kar no bi wɔ me kar no mu anaa. Wɔpɛɛ kwankyɛn hɔ baabi maa me tenaa me mmubuafo akongua no mu. Afei mmerante no wuraa me kar no ase. Wohuu sɛ tae foforo no bi bɔ ase, na wonyaa ade a wɔde pagyaw kar no nso bi; wɔsesaa me tae no maa me. Saa bere no, na awɔw no ano yɛ den, na na sukyerɛmma nso retɔ. Ɛmfa ho sɛ na mmerante no asiesie wɔn ho kama no, wɔboaa me ma mesesaa me tae no. Minnye nni sɛ anka me nko ara metumi ayɛ.”

“Medaa Adansefo mmerante no ase sɛ wɔboaa me. Wɔbaa hɔ sɛ wɔrebɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo wɔ mpɔtam hɔ. Mihu sɛ wɔde nea wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo bɔ wɔn bra. Saa da no, sɛ wɔampue hɔ a, anka minnim nea ebesi. M’ani sɔɔ nea wɔyɛ de boaa me no paa. Wobɛka sɛ gyama Onyankopɔn na ɔsomaa wɔn sɛ wɔmmɛboa me saa da no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena