Hann-Kurafo No De Nokware Hann Kɔɔ Asia Anaafo Fam
Efi afe 1930 reba no, asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no, ɛkame ayɛ sɛ na ennuu Indonesia, Malaysia, ne ɔman a seesei wɔfrɛ no Papua New Guinea no. Ná ɛbɛyɛ dɛn na asɛmpa no adu saa aman yi so? Australia Betel a seesei wɔfrɛ no Australasia Betel no tuu ho anammɔn, na wɔtɔɔ ɛpo so hyɛn bi a ne tenten yɛ mita 16 (anammɔn 52). Ná hyɛn no wɔ ingyin ɛnna ɛsan wɔ mframatam mmienu. Ná hyɛn no mu adwumayɛfo nyinaa yɛ akwampaefoa a wɔde hyɛn no retu kwan de honhom fam hann akɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri, enti wɔtoo hyɛn no din Hann-Kurafo.—Mateo 5:14-16.
Wɔkaa Asɛm No Wɔ New Guinea
February afe 1935 no, nnipa nson de hyɛn no fi Sydney a ɛwɔ Australia apuei fam de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam. Ná wɔrekɔ Port Moresby a ɛwɔ New Guinea no. Bere a wɔnam kwan so no, woyii nam wɔ nsu no mu yɛɛ aduan, na wodu baabi a, na wɔagyina apɛ pɛtro ne aduan kakra aka ho, na wɔamiamia hyɛn no mu. Wofii Cooktown a ɛwɔ Queensland April 10, 1935, na wɔtoaa wɔn akwantu no so. Abotan bi wɔ nsu no mu baabi a wɔfrɛ hɔ Great Barrier Reef, na ɛhɔ fa yɛ hu paa. Ɛhɔ baabi na na wɔn ani kyerɛ. Wɔnam kwan so ara na wɔtee sɛ ɛhyɛn no sũ asesa, enti wodum ingyin no. Afei na wonhu sɛ wɔnsan wɔn akyi anaa wɔntoa so nkɔ New Guinea. Nea na ɔyɛ hyɛn no mu panyin a wɔfrɛ no Eric Ewins no kaa sɛ: “Ná obiara mpɛ sɛ ɔsan n’akyi.” Enti Hann-Kurafo no toaa n’akwantu no so, na nkakrankakra, ekoduu Port Moresby dwoodwoo April 28, 1935.
Hann-Kurafo no mu adwumayɛfo, efi benkum rekɔ nifa: William Hunter, Charles Harris, Alan Bucknell (nea ɔte fam no), Alfred Rowe, Frank Dewar, Eric Ewins, Richard Nutley
Bere a obi resiesie ingyin no, ɛhyɛn no mufo kaa asɛmpa no wɔ Port Moresby. Ná Frank Dewar ka ɛhyɛn no mufo ho. Wɔn mu baako kaa ne ho asɛm sɛ “ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔbɔ hye.” Bere a ne mfɛfo no reka asɛm no wɔ Port Moresby no, ɔno de ɔnantew kɔɔ akyiri kakra. Frank kaa sɛ, ‘Mefaa nhoma pii, ɛnna metew sii kurom nantewee bɛyɛ kilomita 32 [akwansin 20] ne akyi kɔkaa asɛm no kyerɛɛ kurom hɔfo.’ Bere a Frank resan aba no, ɔkɔfaa kwan foforo so. Baabi a ɔkɔfae no, na ɛsɛ sɛ otwa asubɔnten ketewa bi a adɛnkyɛm wom. Enti osii nsu no mu yɛɛ nkakrankakra twa koduu dwoodwoo. Asɛnka adwuma a hyɛn no mufo yɛe no kɔɔ yiye paa. Nnipa a wogyee Bible ho nhoma saa bere no, akyiri yi ebinom bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.
Wɔkaa Asɛm No Wɔ Java
Bere a wosiesiee Hann-Kurafo no ingyin wiei no, wofii Port Moresby de wɔn ani kyerɛɛ Indonesia supɔw a wɔfrɛ hɔ Java. Baabi a ɛwɔ no, kan no na wɔfrɛ hɔ Dutch East Indies. Wɔnam kwan so no, wogyinagyinaa kwan mu totɔɔ nnuan ne nneɛma a wohia, na July 15, 1935 no, wokoduu Batavia a seesei wɔfrɛ hɔ Jakarta no.
Wokoduu hɔ no, ɛhyɛn no muni a wɔfrɛ no Charles Harris ne Hann-Kurafo mufo no antoa akwantu no so bio. Mmom ɔkaa Java yɛɛ asɛnka adwuma no denneennen wɔ hɔ.b Ɔkaa sɛ: “Saa bere no, adwuma a na yɛyɛ paa ne sɛ, yɛkyekyɛ Bible ho nhoma wɔ kurow baako so wie a, na yɛkɔ foforo so. Ná mewɔ nhoma wɔ Arabic, Chinese, Dutch, Borɔfo, ne Indonesia kasa mu. Ná nkurɔfo gye yɛn nhoma no paa, enti na mitumi ma nhoma mmaako mmaako bɛyɛ 17,000 afe baako pɛ mu.”
Hann-Kurafo no nam po so, na wɔabuebue ne mframatam nyinaa
Asɛnka adwuma a Charles yeree ne ho yɛe nti, Netherlands aban mpanyimfo adwene baa ne so. Saa bere no, na ɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ Java apuei. Bere bi, aban panyin bi bisaa Yehowa Danseni bi a ɔreyɛ asɛnka adwuma wɔ Java sɛ, Adansefo dodow sɛn na wɔreyɛ asɛnka wɔ Java apuei fam. Onua no kaa sɛ, “Ɔdanseni baako pɛ.” Aban panyin no ho dwiriw no ma ɔteaam sɛ, “Adɛn, wokaa sɛ meyɛ akwadaa? Moasoa nnipadɔm akogu hɔ repete mo nhoma no a wose onipa baako pɛ!”
Wɔkaa Asɛm No Wɔ Singapore Ne Malaysia
Bere a Hann-Kurafo no fii Indonesia no, ɛtoaa n’akwantu so, na ekoduu Singapore August 7. Ná ɛhyɛn no wɔ afiri ne spika akɛse, enti baabi a wobegyina biara, na anuanom no bɔ ɔkasa ahorow a wɔatwe agu afiri so kyerɛ nkurɔfo. Wei maa nnipa pii betiee asɛmpa no. Bere bi mpo, dawurubɔ krataa bi a wɔfrɛ no Singapore Free Press de too gua sɛ, “Wukuda anadwo, . . . yɛtee ɛnne kɛse bi wɔ nsu no so.” Ɛtoaa so sɛ, “Ná ɛyɛ ɔkasa kamakama bi . . . a efi . . . ‘Hann-Kurafo’ hyɛn no mu reba. Efi bere a saa hyɛn no fi Australia baa Singapore no, wɔtaa de hyɛn no bɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadi a wɔakyere agu afiri so.” Dawurubɔ krataa no san kaa sɛ, ‘Sɛ wim tebea no ye a, ɛnde sɛ obi wɔ akwansin mmienu kosi mmiɛnsa [kilomita 3 kosi 4] mpo na sɛ wɔbɔ dwumadi no fi nsu no so a, otumi te.’
Bere a Hann-Kurafo no wɔ Singapore no, Frank Dewar ne hyɛn no mufo tetew mu kɔyɛɛ asɛnka adwuma wɔ baabi foforo. Ɔkaa ntetewmu no ho asɛm sɛ: “Bere a yɛwɔ Singapore no, yɛhyɛɛ ase yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Saa bere no, hyɛn no mu na na yɛte. Bere a Hann-Kurafo no rebɛtoa n’akwantu so no, Eric Ewins kaa asɛm bi kyerɛɛ me maa me ho dwiriw me. Ɔkaa sɛ: ‘Yoo Frank, wokaa sɛ Siam (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Thailand) na wobɛyɛ w’asɛnka adwuma. Enti ɛha ara na yɛde wo besi. Kɔtoa w’abrabɔ so!’ Asɛm no bɔɔ me pusa ara ma na minhu nea menka. Enti mekaa sɛ: ‘Siam koraa, minnim baabi a ne kwan da.’” Eric ka kyerɛɛ Frank sɛ, sɛ ɔkɔ Kuala Lumpur a ɛwɔ baabi a seesei wɔfrɛ hɔ Malaysia no a, obenya train wɔ hɔ akɔ. Ná Frank nni ano, enti osiim kɔɔ Kuala Lumpur, na abosome bi akyi no, okoduu Thailand.c
Bere a Hann-Kurafo no de n’ani kyerɛɛ Malaysia atɔe fam mpoano no, egyinaa Johore Bahru, Muar, Malacca, Klang, Port Swettenham (seesei ɛhɔ de Port Klang), ne Penang. Baabiara a egyinae no, ɛhyɛn no mufo bɔɔ Bible ho ɔkasa fii ɛhyɛn no spika no mu. Ɔdansefo bi a ɔde Jean Deschamp a saa bere no na ɔresom wɔ Indonesia kaa sɛ, ‘Anigye a nkurɔfo nyaa wɔ asɛm no ho de, adutwam.’ Sɛ ɛhyɛn no mufo bɔ ɔkasa no wie a, na wɔasi kɔ mpoano akɔkyekyɛ nhoma ama nkurɔfo a wɔn ani gye ho.
Wɔkaa Asɛm No Wɔ Sumatra
Ɛhyɛn no mufo fi Penang twaa Malacca Po no kɔɔ Medan, Sumatra (seesei ɛka Indonesia ho). Eric Ewins kaa sɛ: “Yɛn ani kaa wɔ Medan mantam no mu paa, na nnipa pii tiee asɛmpa no.” Anuanom no kyekyɛɛ nhoma bɛyɛ 3,000 wɔ mpɔtam hɔ.
Hann-Kurafo no de n’ani kyerɛɛ anaafo, na sɛ edu hyɛn gyinabea kɛse biara wɔ Sumatra apuei fam a, na hyɛn no mufo ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ hɔ. November 1936 no, ɛhyɛn no san kɔɔ Singapore, na Eric Ewins antoa akwantu no so bio. Nnawɔtwe bi akyi no, ɔwaree Ɔdanseni bi a ɔde Irene Struys a na ɔte Singapore. Eric ne Irene toaa so yɛɛ akwampae adwuma wɔ Sumatra. Ɛbaa saa no, na ɛho abehia sɛ Hann-Kurafo no nya hyɛn mu panyin foforo.
Wɔkaa Asɛm No Wɔ Borneo
Ná Norman Senior nim po so hyɛn ka, enti ɔno na afei ɔbɛyɛɛ hyɛn no mu panyin. Ofi Sydney bae January 1937. Afei wɔtoaa akwantu no so fii Singapore kɔɔ Borneo ne Celebes (seesei wɔfrɛ hɔ Sulawesi). Wɔyɛɛ asɛnka adwuma no fii mpoano kɔɔ akyiri paa wɔ saa nkurow no mu. Baabi a wɔyɛɛ adwuma no kodui no, sɛ wufi mpoano rekɔ hɔ a, ɛbɛyɛ kilomita 480 (akwansin 300).
Bere a Hann-Kurafo no duu po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Samarinda wɔ Borneo no, na ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no mpɛ sɛ ɔma wɔn kwan ma wɔka asɛm no kyerɛ ɛhɔfo. Nanso bere a Norman kyerɛɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ no mu kyerɛɛ no no, ɔtee wɔn ase, na ogyee yɛn nhoma no bi mpo.
Bere bi nso, ɔsɔfo bi ka kyerɛɛ Norman sɛ ɔmmra n’asɔre mmɛkyerɛkyerɛ n’asɔremma. Norman kɔe no, ɔno ara amma ɔkasa, na mmom ɔbɔɔ Bible ho ɔkasa a wɔakyere agu gramafon so kyerɛɛ wɔn, na ɔsɔfo no ani gyee ho paa. Ɔsɔfo no gyee yɛn nhoma no bi mpo sɛ ɔde bɛma ne nnamfo. Ɔsɔfo wei de, na ɔnte sɛ asɔfo a aka no. Ná wɔn mu dodow no ara ani nnye Yehowa Adansefo adwuma ho. Nea ɛwom mpo ne sɛ, akokoduru a anuanom a wɔde hyɛn no reka asɛmpa no de yɛ asɛnka adwuma no, na ɛyɛ wɔn ahi, enti wɔyɛe ara maa aban mpanyimfo no hyɛɛ mmara sɛ Hann-Kurafo no ntumi mma saa po so hyɛn gyinabea hɔ bio.
Mmeae a Hann-Kurafo no kɔe; edin a na wɔde frɛ saa mmeae no na ɛwɔ map yi so no
Wɔsan Kɔɔ Australia
Mmara a asɔfo no ma wɔhyɛe nti, Hann-Kurafo no san kɔɔ Australia December 1937. Wokoduu Sydney Hyɛn Gyinabea hɔ ansa na Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam no redu so wɔ April 1938 mu, enti wɔkɔɔ nhyiam no bi. Efi bere a Hann-Kurafo no fii n’akwantu ase kosi sɛ ɛsan beduu Sydney no, na mfe mmiɛnsa atwam. Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma wɔ Australia afe 1940 mu hɔ baabi no, ankyɛ na anuanom tɔn Hann-Kurafo hyɛn no. Onua Ewins kaa hyɛn no ho asɛm sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛɛ n’adwuma.” Afei ɔkaa bere a wodii wɔ hyɛn no mu nso ho asɛm sɛ, “M’ani gyee saa bere no sen bere biara wɔ m’abrabɔ mu.”
Nkyirimma Anya Hann-Kurafo No So Mfaso
Hann-Kurafo hyɛn no mufo duaa Ahenni aba no kɔɔ akyiri paa maa nnipa bebree tee asɛm no. Wohyiaa ɔsɔretia de, nanso nkakrankakra wɔn adwuma no sow aba. (Luka 8:11, 15) Seesei a yɛrekasa yi, mmeae a tete akwampaefo yi kɔyɛɛ adwuma no, ɛnnɛ Ahenni asɛmpakafo a wɔwɔ hɔ no boro 40,000. Mmarima akokodurufo kakraa bi yi, hwɛ adwuma kɛse a wɔde hyɛn a ne din ne ne honam sɛ no yɛ de gyaw nkyirimma!
a Akwampaefo yɛ Yehowa Adansefo a wɔde bere pii yɛ asɛnka adwuma.
b Charles Harris asetenam nsɛm baa June 1, 1994 Ɔwɛn-Aban mu.