So Ɔsom Mu Mmara Horow Betumi De Osetie Aba?
Asɔrekɔfo mu Dodow no Ara Sɔre Tia Asɔre Tumidi
NA ƆSOM mu mmara horow no nso ɛ? So asɔre anaasɛ anyamesom kuw bi betumi ahyɛ n’akyidifo ma wɔatie ne nkyerɛkyerɛ esiane sɛ ɛka sɛ egyina Onyankopɔn ananmu nti anaa? So ebetumi ahyehyɛ mmara a ɛde osetie ankasa bɛhyɛ n’akyidifo mu?
Ɔhaw Horow Reto Asɔre Horow No
Wobetumi ahu nhwɛso bi wɔ Roma Katolek Asɔre no mu. Wɔmpene tumi a ɛde mfe pii adi no so bio. Saa tumi yi a kan no wobu no sɛ ɛsen biara no yɛ nea afei Katolekfo a wɔnyɛ asɔfo no mu dodow no ara rekasa tia na afei de asɔfo no mu binom de wɔn ho akɔbɔ wɔn ho. Ɛnyɛ sɛ dodow no ara retwe wɔn ho fi asɔre no ho, na mmom, titiriw no wɔ nsɛm a ɛfa awo kwan a wosiw, awaregyae, sɛnea wɔsan ware bio, mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da, mmea asɔfodi ne asɔfo aware ho no ayɛ ade a wɔn mu dodow no ara kura adwene horow. Nanso kasa a wɔkasa tia asɔre no mmara horow no nkyerɛ sɛ wɔn mu dodow no ara atwe wɔn ho afi asɔre no ho.
Gallup mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1978 mu daa no adi sɛ “wɔn a wɔakɔ ntoaso sukuu [wɔ U.S. Amerika] bɛyɛ wɔn a wɔbɛpow asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa yafunu a woyi gu no ho, nanso wɔremfi Katolek asɔre no mu wɔ eyi nti.” Wɔn a wɔn ntetee nkɔɔ anim no fam de, wɔrenka hwee, nanso nea enti a wɔtra asɔre no mu no sonosonoe.
Nea afi asɔre nkyerɛkyerɛ no ho nsɛm a wobisa no mu aba a wohu no pefee ne nea ɛdaa adi wɔ Katolek mansin a ɛyɛ Quebec, Canada mu no. Ɛhɔ na awaregyae kɔɔ anim fii ɔha mu nkyem 9 wɔ 1960 mu kosii nea ɛboro ɔha mu nkyem 23 wɔ 1970 mfe no mfiase mu hɔ. Sɛnea Associated Press Report a ɛyɛ November 1977 de no kyerɛ no “awaregyae a ɛbadaa Margaret Trudeau ne ne kunu a ɔyɛ Ɔsoafo Panyin Elliot Trudeau ntam, wɔ French Quebec wɔ bere a ɔyɛ Ɔsoafo Panyin no mpo antwe nkurɔfo no adwene amma wɔn bo amfuw aba bɔne a ɛte sɛɛ wɔ kan Katolek mansin a ɛyɛ den yi mu.”
Asɔre horow nso ahu sɛ nnipa pii na wommu wɔn asɔre no nkyerɛkyerɛ no bio, na mmom wobu wɔn ani gu so. Owura Charles L. Dubin a ofi Ontario Asenniibea no kae sɛ: “Yɛn nhyehyɛe nyinaa, asɔre no, mmara ne asenniibea ahorow no ayɛ beae a wommu bio. Nea nkurɔfo pii hwehwɛ ne nsakrae.” Wɔ nea ɛfa nsakrae a aba nti a nnipa pɛ sɛ wɔsakra mmara no ho no, ɔkae sɛ: “Mimmuu mmara no sɛ ɛyɛ ade a mmaranimfo de bedi agoru da. N’atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛsom nnipa. Mmara no yɛ obiara adwuma. Nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ mmara no da nnipa a wɔkyerɛ sɛ ɛbɔ wɔn ho ban no honhom adi.” Ɔde kaa ho bio sɛ “wɔn a wɔhwɛ atɛntrenee so wɔ Canada no nyinaa wɔ atirimpɔw biako, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ adwene biako a ɛkyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔn nsa aka botae a wɔretiw—nsɛmmɔnedi a wobeyi afi hɔ no.”
Ɔsom Horow a Ɛnyɛ Kristofo Som Nso Ho Aka
Na ɔsom ahorow a ɛnyɛ Kristofo som no nso ɛ? So asi wɔn yiye wɔ nsase horow a saa ɔsom horow yi yɛ den wɔn hɔ no so wɔ abrabɔ mu anaa? Bere a na India wɔ Hindu mmara ase mfe bi a atwam no, na asotwe mu yɛ den ma afoforo, gye wɔn a wɔatew wɔn ho no nkutoo na wɔn asotwe yɛ mmerɛw. Nanso bere a wɔbaa Engiresi nniso ase pɛ na eyi sakrae, ɛwom sɛ nsɛm a ɛfa anyamesom, mpaapaemu, aware ne nneɛma afoforo ho no akata nnipa no mu titiriw adwene so de. Ɛyɛ den sɛ wɔn nsa bɛka nnipa no ma wɔne wɔn a wɔhwɛ ma wodi mmara so no ayɛ adwene. Na saa ara nso na eyi te wɔ nkramosom anaasɛ Moslem som nso mu. Wɔ asotwe a emu yɛ den a wɔde ma no nyinaa akyi no, nsɛmmɔnedi rekɔ so ara. Ɛnde dɛn na yebetumi aka afa mmara a etumi siw nsɛmmɔnedi ano no ho, na so ɔkwan bi wɔ hɔ a wobetumi afa so ayi nsɛmmɔnedi afi hɔ koraa?