Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 3/8 kr. 12-14
  • India Katolek Asɔre No​—Ɛhe Na N’ani Kyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • India Katolek Asɔre No​—Ɛhe Na N’ani Kyerɛ?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So ‘Nkurɔfo a Wɔbɛsakra Wɔn’ ne Botae No?
  • So Ɛyɛ Hindu-Katolek Asɔre?
  • Ɛhe na Asɔre no Rekɔ?
  • Paapa Ho Akwantu Ahorow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
    Nyan!—1984
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
  • Katolek Asɔre wɔ Afrika
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 3/8 kr. 12-14

India Katolek Asɔre No​—Ɛhe Na N’ani Kyerɛ?

Efi India Nyan! kyerɛwfo hɔ

Emufo no yɛ ɔman no mu nnipa mu kakraa bi pɛ. Mpɛn pii no nnipa no mu dodow no ara a wodi gyidi ahorow a wonim sɛ ɛyɛ Indiafo nkutoo de akyi no bu no sɛ ɛyɛ amanɔnne ɔhohyemfo na wɔde anibɔne hwɛ no. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ India Katolek Asɔre no ase atim wɔ asasepɔn ketewaa no so na ɛwɔ ɔpɛ sɛ ɛbɛkɔ so atra hɔ pintinn. Dɛn na asɔre no reyɛ de adu saa botae yi ho? So ebedi nkonim? Ne tiatwa mu no, ɛhe na asɔre no rekɔ?

EBIA ɛnyɛ Katolek Asɔre no ne nea ɛho hia sen biara wɔ India nyamesom ahorow mu​—emufo a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem 14 no yɛ nea ennu ɔman no mufo ɔha biara mu 2. Nanso, wosii hia a India Katolek Asɔre no hia wɔ Katoleksom mu no so dua bere a wɔ February 1986 mu no, Paapa John Paul II de dadu kɔsrasraa India no. Ná Kerala mantam a ɛhɔ na Katolekfo dɔɔso kɛse wɔ India no mu nsrahwɛ ka nkurow 14 a ɔkɔsrasrae no ho.

Wɔ asɔre no ani so no, Kerala hyerɛn te sɛ ɔbohene. Ɛyɛ Katolek dwumadi atrae wɔ India, na asɔre no yɛ ahyehyɛde akɛse a ɛwɔ ɔman no mu no mu biako nso sɛ Kerala ne Kristosom fie wɔ ɔman no mu biako. Wɔka nso sɛ Kerala ne Kristosom fie wɔ ɔman no mu. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Toma​—Yesu Kristo asomafo 12 no mu biako​—baa Malabar Mpoano a ɛwɔ Kerala wɔ Mesia no wu akyi. Nanso, edii bɛyɛ mfeha 14 ansa na Katolek Asɔre no reba India na asɔre no yɛ ahyehyɛde akɛse a ɛwɔ ɔman no mu no mu biako. Wɔka nso sɛ Kerala ne Kristosom fie wɔ ɔman no mu. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Toma​—Yesu Kristo asomafo 12 no mu biara​—baa Malabar Mpoano a ɛwɔ Kerala wɔ Mesia no wu akyi.

Nanso, edii bɛyɛ mfeha 14 ansa na Katolek Asɔre no reba India. Portugalfo nneɛma ahwehwɛfo ne asɛmpatrɛwfo a na wodi wɔn akyi no de Roman asɔre no baa Goa a na anka ɛyɛ Portugalfo atubraman wɔ India atɔe fam mpoano no. Efi hɔ no, gyidifo no de wɔn ani kyerɛɛ Kerala a ɛwɔ kusuu fam no.

Katolek asɔre no ayɛ nea ɔmanfo adwene nsi wɔn pĩ wɔ ho. Bere a pii ka asɔre no nhomasua, asetra, ne nnuruyɛ nhyehyɛe ahorow wɔ ɔman no mu nyinaa mu ho asɛmpa no, wobu nea wohu sɛ ɛno ne atirimpɔw a enti asɔre no wɔ hɔ​—sɛ ɛbɛsakra nkurɔfo​—no animtiaa.

So ‘Nkurɔfo a Wɔbɛsakra Wɔn’ ne Botae No?

Bere a Hindufo ahyehyɛde ahorow a wodi mfitiasesɛm akyi no bɔɔ kɔkɔ sɛ paapa no mmae no ankasa bɛma nkurɔfo asakra akɔ Kristosom mu no, asɔre no yɛɛ nea wobetumi nyinaa sɛ ɛde ɔkwan bi bɛto ɛno ne adwene a wɔanya sɛ ɛpɛ sɛ ɛsakra Indiafo no ntam. India Katolek Asɔfo Mpanyin Nhyiam no titirani kae sɛ: “Ɛho nhia sɛ obiara suro. Paapa kronkron no remma abɛsakra nkurɔfo.” Nea na esi so dua kɛse mpo ne asɛm a India sɔfo panyin bi kae no: “Katolek Asɔre no sɔre tia nkurɔfo a wɔsakra wɔn no denneennen. Ɛyɛ anyamesom mu ahofadi a wɔde wɔn ho gyigye mu. Yɛkasa tia.”

Na paapa no ankasa nso ɛ? Ɔka kyerɛɛ atiefo bi a na wogyina hɔ ma Hindusom, Soroastasom, Buddasom, Yainsom, Siksom, Yudasom, Nkramosom, ne ebinom a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no sɛ: “Katolek asɔre no gye nokware ahorow a ɛwɔ India nyamesom atetesɛm mu no tom na saa gye a wogye tom no betumi ama nokware nkitahodi ayɛ yiye.” Wɔ bere foforo mu no, ɔkaa sɛnea ɔne gyidi afoforo bi yɛ adwene ho asɛm na ɔkae sɛ: “Yɛpaem ka biakoyɛ a yɛne yɛn nuabarimanom ne yɛn nuabeanom Hindufo ne Nkramofo ne wɔn a wodi nyamesom atetesɛm afoforo akyi wɔ no.”

Ɛnyɛ nsɛm mu nko na wɔdaa saa biakoyɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ no adi. Wɔ paapa no nsrahwɛ no mu no, ɔsɔfo bi a ɔwɔ Calcutta Kali Abosomfi a agye din a ɛwɔ Kalighat no de nhwiren too ne kɔn mu.a Wɔ bere foforo mu no, ogyee vibhuti anaa nsõ kronkron wɔ ne moma so fii Hindu sɔfo bi hɔ na ɔhyɛɛ Nkramofo ponnadai (nkataho) a Nkramofo gyidi ho sɛnkyerɛnne ahorow wom no.

Wɔ eyinom nyinaa akyi bere a paapa no rekasa akyerɛ India asɔfo mpanyimfo no, ɔkaa “Asɛmpa no a wɔbɛka” ho asɛm sɛ nneɛma atitiriw a ɛka asɔre no yiyedi wɔ India no mu biako. Nanso asɛmpaka bɛn na na ɛwɔ paapa no adwene mu? Ɛnyɛ nwonwa sɛ osii so dua ɛsɛ sɛ asɛmpa no a wɔbɛtrɛw mu no yɛ nea ɛnam asetra mu nsɛnnennen ne sikasɛm mu nkɔso nhyehyɛe bi so.

Paapa no kae sɛ “nea ɛka Asɔre no asɛmpaka ahyɛde no ho ne atɛntrenee, asomdwoe ne ɔdesani nkɔso nyinaa ho adeyɛ a ahoɔden wom na wokura mu ara. Saa nnwuma yi a wɔmmfa nto wɔn ho so no bɛyɛ asɛmpaka adwuma no a wɔpow; ɛbɛyɛ nokware a wonni wɔ Yesu nhwɛso no ho.”

Paapa no paeem kae sɛ: “Wɔn a wɔaboa ma wɔn nuabarimanom ne wɔn nuabeanom anya nidi ne ahofadi no wɔ nhyira wɔ Kristo ani so.” Enti India nsɛnkyerɛwfo kae ma ɛfatae sɛ: “Obiara nni hɔ​—ɛnyɛ asɔre no mu atitiriw a wɔpɛ atetesɛm kɛse no nhyehyɛe a atra hɔ akyɛ no mpo​—a mprempren ɔka asɛmpa no a wɔbɛka no ho asɛm wɔ ntease ankasa a ɛne Kristosom a wɔbɛtrɛw mu sɛ ɔsom no mu.”

So Ɛyɛ Hindu-Katolek Asɔre?

Wɔ mmɔden a asɔre no bɔ sɛ Katoleksom rennyɛ amanɔnne de pii na ayɛ India de kɛse mu no, ɛhyɛ nneɛma a wobegye atom wɔ ne som mu nhyehyɛe ho nkuran. Enti asɔfo binom kenkan mpaebɔ bere a wɔte fam sɛnea wɔyɛ wɔ Hindufo atrae no, wobetumi de Hindufo nnwom a wɔde kankye ahyɛ Atɔefo asɔre nnwom ananmu, na wobetumi asɔ Hindufo Nilavillaku (yawa kanea a wɔde ngo gu mu) ansa na wɔafi dwumadi ahorow pii ase.

Sɛnea Katolek asɔre ba bi kyerɛ no, “adwene no ne sɛ ɛbɛma wɔahu Hindusom ne nyamesom afoforo mu nneɛma ahorow a ɛfa amansan yi ho no na wɔde ne nsɛnkyerɛnne ne amanne ahorow no abɛhyɛ yɛn som mu, sɛ wɔde bɛboa no na wɔde agyina akyi.” Akyinnye biara nni ho sɛ nyamesom amanne ne kwan ahorow a wɔfa so som wɔ Kerala asɔre ahorow no pii mu yɛ Katolek atetesɛm ne Hindufo amanne a wɔde afrafra.

Ɛhe na Asɔre no Rekɔ?

Bere a paapa no wɔ India na ɔredan adwene akɔ Mohandas Gandhi nkyerɛkyerɛ so no, ɔkae sɛ “ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa akannifo gye di sɛ wiase nsɛnnennen ano aduru no wɔ ɔdesani koma mu na wɔyɛ ade ma ɛne saa gyidi no hyia.” Ɔhyɛɛ mmofra nso sɛ “wonni tete nimdefo akɛse a ‘nyansa ne nokware a ɛtra hɔ daa’ wɔ wɔn nsɛm mu a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔakɔ anim wɔ asetra mu no nkyerɛkyerɛ akyi.”

Hwɛ sɛnea eyi nyinaa yɛ soronko koraa wɔ nea Yesu Kristo kyerɛkyerɛe no ho! Ná nea ne nkyerɛkyerɛ no fa ho titiriw ne Onyankopɔn Ahenni a ɛreba, wiase nniso a ebeyi ohia, asetra mu ntɛnkyea, ne nyarewa nyinaa afi hɔ koraa no ho. (Mateo 9:35) Bible mũ no nyinaa si saa Ahenni yi so dua sɛ adesamma nsɛnnennen ano aduru biako pɛ. Afei nso Yesu daa ahotoso koraa wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu adi bere a ɔkae wɔ mpaebɔ mu sɛ “W’asɛm yɛ nokware” no. (Yohane 17:17) Ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.”​—Mateo 6:33.

Na gyidi afoforo a wɔde wɔn ho hyehyem nso ɛ? Bible no de kɔkɔbɔ a emu da hɔ ma nokware gyidifo sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni ntwe kondua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ?”​—2 Korintofo 6:14; Deuteronomium 12:30, 31.

Enti, ɛnde bere a Katolek Asɔre a ɛwɔ India no yɛ nea esusuw sɛ ɛyɛ adepa​—ne nea ɛbɛma ne gyinabea wɔ ha no ase atim no​—nea ɛte ankasa ne sɛ ɛretwe ne ho afi Bible mu nokware ho akɔ akyiri. Nanso, bere a ɛreyɛ saa no, wɔto nsa frɛ nnipa pii sɛ wɔmma nsonsonoe nna Yesu nkyerɛkyerɛ ne Katolek asɔre no nkyerɛkyerɛ mu. Ɔkwan bɛn so?

Mprempren, Yehowa Adansefo bɛboro 7,000 a wɔwɔ India nyinaa de adwenkoro kura Bible mu nokware mu. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔn ani gye ho ma wɔahu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa asomdwoe a enni awiei wɔ n’Ahenni nniso ase no. Na nea ɛnte sɛ Katolek Asɔre no anaasɛ ɔsom afoforo no, wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛ amanaman no akodi anaa amammui mu basabasayɛ mu. (Yesaia 2:2-4) Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Yehowa Adansefo yɛ soronko ne nea enti a wotumi di Bible no akyi a, kyerɛw kobisa nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Kali yɛ Hindufo ɔsɛe nyamewa bi.

[Kratafa 14 mfoni]

Yesu Kristo honi a ɔte hɔ wɔ Hindufo yoga atraase mu. Nkyerɛwee a ɛwɔ ase no ne ‘om’ mantra no, na nea ɛwɔ ɛno ase no yɛ Dawid nsoromma

Maria honi a ɔhyɛ sari na tilak (osiwiei) si ne moma so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena