Katolek Asɔre wɔ Afrika
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
KATOLEK Asɔre no wɔ akyidifo ɔpepedudu pii wɔ Afrika, na ɔhaw ahorow a ehyia wɔ hɔ no dɔɔso. Wɔ afe yi mfiase no asɔre no akannifo bɛboro 300 hyiae wɔ Vatican wɔ Rome susuw ɔhaw ahorow yi bi ho wɔ ɔsram biako asɔfo nhyiam titiriw bi mu.
Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ L’Osservatore Romano mu no, bere a pope no rebue nhyiam no ano no, ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ ne bere a edi kan a yɛreyɛ Afrika Asɔre no Asɔfo Nhyiam a ɛfa asasepɔn no nyinaa ho. . . . Nnipa a wofi Afrika afã horow nyinaa wɔ St Peter’s Basilica ha nnɛ. Rome Sɔfo Panyin de ɔdɔ a emu yɛ den kyia Afrika.”
Mmusua Ntam Akodi
Sɛnea nnipa pii nim no, ɔhaw ahorow a Katolek Asɔre no hyia dɔɔso wɔ Afrika aman a ɛne Burundi ne Rwanda a emu nnipa dodow no ara yɛ Katolekfo no mu titiriw. Wɔkaa mmusua ntam akodi no ho asɛm wɔ amanaman so wɔ fefɛw bere yi mu bere a nnipa kunkum wɔn mfɛfo ɔpehaha pii no. Obi a ohuu nea ɛkɔɔ so no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yehuu mmea a woturu mmofra nkumaa wɔ wɔn akyi sɛ wɔrekunkum afoforo. Yehuu mmofra a wɔrekunkum mmofra.”
National Catholic Reporter kaa Katolekfo akannifo yawdi ho asɛm. Ɛkae sɛ pope no “dii ‘yaw kɛse’ wɔ ɔko a ɛrekɔ so wɔ Afrika man ketewaa [a ɛne Burundi] a emu nnipa dodow no ara yɛ Katolekfo ho amanneɛbɔ foforo a ɔtee no ho.”
Nnipadɔm a wokunkum wɔn wɔ Rwanda no haw Katolekfo akannifo no kɛse mpo. Atesɛm krataa koro no ara mu asɛmti bi kae sɛ: “Pope Kasa Tia Mmusua a Wɔtɔre Wɔn Ase wɔ Ɔman a Emufo Ɔha Biara mu 70 Yɛ Katolekfo mu No.” Asɛm no se: “Pope no kae sɛ ɔko a ɛkɔ so wɔ Afrika man no mu no yɛ ‘mmusua a wɔtɔre wɔn ase ankasa, na awerɛhosɛm ne sɛ Katolekfo mpo kunkum bi.’”
Esiane sɛ na wɔreyɛ atirimɔdenne a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda no wɔ bere koro no ara a na Katolekfo asɔfo mpanyin nhyiam titiriw no rekɔ so wɔ Rome nti, ɛda adi sɛ asɔfo mpanyin no de wɔn adwene sii tebea a ɛwɔ Rwanda no so. National Catholic Reporter kae sɛ: “Rwanda ko no da biribi a ɛhaw adwene adi: Kristofo gyidi nnyee ntini sɛnea ɛsɛ wɔ Afrika na ama adi mmusua mu nyiyim so.”
National Catholic Reporter reka nea ɛhaw asɔfo mpanyin a na wɔahyiam no ho asɛm no, ɛkɔɔ so kae sɛ: “Albert Kanene Obiefuna, a ɔyɛ Awka a ɛwɔ Nigeria no sɔfo panyin no kaa asɛm [a ɛne mmusua mu nyiyim] yi ho asɛm bere a ɔrekasa akyerɛ asɔfo mpanyin no.” Obiefuna kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne kasa no mu sɛ: “Afrikani gyina n’abusua mu asɛyɛde so na ɔbɔ ne bra sɛ abusua no muni ne sɛ Kristoni nso.”
Afei, bere a ɛdaa adi sɛ Rwanda ho asɛm na ɛwɔ Obiefuna adwenem no, ɔtoaa asɛm a ɔka kyerɛ asɔfo mpanyin no so sɛ: “Saa nsusuwii yi atrɛw araa ma Afrikafo ka sɛ, sɛ tebea a emu yɛ den sɔre a, ɛnyɛ Kristofo adwene a wokura sɛ Asɔre no yɛ abusua no akyi na wodi, na mmom ɛbɛ a ɛne sɛ ‘mogya mu yɛ duru sen nsu.’ Na obi betumi de nsu a wɔka ho asɛm wɔ ha no aka Asubɔ mu nsu a wɔnam so wo obi ba Asɔre no abusua mu no ho. Honam fam abusuabɔ ho hia Afrikani a wabɛyɛ Kristoni mpo kɛse.”
Ɔsɔfo panyin no nam saayɛ so gye toom sɛ Katolek asɔre no ntumi nhyehyɛɛ Kristofo onuayɛ bi a emu gyidifo dɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea Yesu Kristo kyerɛe sɛ wɔnyɛ no, wɔ Afrika. (Yohane 13:35) Mmom no, ‘honam fam abusuabɔ ho hia titiriw’ ma Afrika Katolekfo. Eyi ama wɔde mmusua ho tan adi biribi foforo biara anim. Sɛnea pope no gye toom no, ɛsɛ sɛ Afrika Katolekfo gye atirimɔdenne a ɛsen biara a wɔadi nnansa yi no bi ho asodi to wɔn ho so.
Wɔka sɛ Gyina a Ebegyina ho Aba Asɛm
Afrika asɔfo mpanyin a na wɔwɔ asɔfo nhyiam no ase no kae sɛ wosuro sɛ Katoleksom betumi agu wɔ Afrika. Bonifatius Haushiku, Namibia sɔfo panyin kae sɛ: “Sɛ yɛmpɛ sɛ Asɔre no begu wɔ me man mu a, ɛsɛ sɛ yesusuw ɔsom afrafra ho anibere so.”
Italiafo Katolekfo nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma a ɛne Adista reka asɛnkoro no ara no, ɛkae sɛ: “Sɛ yɛka Asɛmpa no mu ‘ɔsom afrafra’ wɔ Afrika ho asɛm a, na yɛreka Katolek Asɔre a ɛwɔ saa asasepɔn no so no daakye ankasa, sɛnea ebetumi agu anaasɛ engu no ho asɛm.”
“Ɔsom afrafra” a asɔfo mpanyin no ka no kyerɛ dɛn?
Asɔre no ne “Ɔsom Afrafra”
John M. Waliggo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “fakaayɛ ne asɛmfua a yefi bere tenten de ada nokwasɛm koro no ara adi.” Sɛ wɔka no tiawa a, “ɔsom afrafra” kyerɛ mmusua nyamesom mu atetesɛm ne nsusuwii a wogye ka Katolekfo guasodeyɛ ahorow ne ɔsom ho, din foforo ne nkyerɛase foforo a wɔde ma tete amanne ahorow, nneɛma, nsɛnkyerɛnne ne mmeae ahorow.
Ɔsom afrafra ma Afrikafo yɛ Katolekfo a wɔwɔ gyinabea pa nanso wɔkɔ so kura wɔn mmusua nyamesom nneyɛe, guasodeyɛ ne gyidi horow mu. So ɛsɛ sɛ wɔpow eyi? Sɛ nhwɛso no, Italiafo atesɛm krataa La Repubblica bisae sɛ: “Ɛnyɛ nokware sɛ wɔde Buronya gyinaa Solis Invicti afahyɛ a esi December 25 no so wɔ Europa?”
Nokwarem no, sɛnea Josef Cardinal Tomko, Nnipa a Wɔsakra Wɔn Asafo sɔfopɔn no kae no: “Asɔre a ɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no de ɔsom ahorow frafrae bere tenten ansa na wɔrefi ase de asɛmfua no adi dwuma.” Sɛnea La Repubblica kae no, Buronya afahyɛ no kyerɛkyerɛ asɛm no mu yiye. Mfiase no na ɛyɛ abosonsomfo afahyɛ. New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Ɛda a ɛne December 25 ne Kristo awoda nhyia na mmom ɛne Natalis Solis Invicti, Romafo owia afahyɛ wɔ bere a owia no mmɛn nkyɛmpɛ no koraa no apontow na ehyia.”
Buronya yɛ asɔre no amanne pii a egyina abosonsom so no mu biako pɛ. Saa ara na gyidi ahorow te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, nnipa akra a wɔyɛ no ayayade wɔ owu akyi no te. John Henry Cardinal Newman a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no kyerɛwee sɛ “na Asɔre no sodifo asiesie wɔn ho fi bere tenten sɛ, sɛ hokwan no ba a, wobegye, wobesuasua, anaa wɔbɛpene ɔmanfo no nneyɛe ne amanne ahorow . . . so.” Bere a ɔrebobɔ asɔre no nneyɛe ne nnapɔnna pii no din no, ɔkae sɛ ne “nyinaa fi abosonsom mu, na wɔnam gye a wogye baa Asɔre no mu so tew ho.”
Sɛ Katolekfo kɔ mmeae a Kristofo nni hɔ, te sɛ Afrika afã horow a, wɔtaa hu sɛ nnipa no wɔ ɔsom mu nneyɛe ne gyidi horow a ɛtete sɛ asɔre no de dedaw. Nea enti a eyi te saa ne sɛ wɔ mfehaha a atwam no mu no, asɔre no gyee nneyɛe ne nkyerɛkyerɛ fii nnipa a wɔnyɛ Kristofo hɔ de baa Katoleksom mu. Ɔsɔfopɔn Newman kae sɛ nneyɛe ne nkyerɛkyerɛ a ɛtete saa ‘a wogye baa Asɔre no mu no ma wɔtew ho.’
Enti, bere a Pope John Paul II kɔsraa nnipa a wɔnyɛ Kristofo a wɔwɔ Afrika wɔ afe a etwaam no mu no, wɔfaa n’asɛm kae wɔ L’Osservatore Romano mu sɛ: “Mihyiaa wɔn a wodi asumansɛm wɔ Cotonou [Benin, Afrika], na sɛnea wɔkasae ma ɛdaa adi wɔ ɔkwan bi so sɛ wɔwɔ amanne, nsɛnkyerɛnne ne suban horow wɔ wɔn adwenem, biribi a na Asɔre no pɛ sɛ ɔde ma wɔn no. Na wɔretwɛn bere a obi bɛba abɛboa wɔn ma wɔasakra na wɔnam Asubɔ so atra ase sɛnea wɔreyɛ na wɔrehu dedaw wɔ ɔkwan bi so ansa na wɔrebɔ wɔn Asu no kɛkɛ.”
Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?
Nokware Kristosom a wɔmfraa mu a asɔre no antumi ankyerɛkyerɛ no de amanehunu aba. Mmusua mu nyiyim akɔ so, te sɛ nea ɔmampɛ ayɛ wɔ mmeae afoforo no, na ama Katolekfo akunkum wɔn ho. Hwɛ sɛnea agu Kristo ho fĩ! Bible no ka sɛ wɔn ho a wokunkum saa de bu mmara so no da wɔn adi sɛ wɔyɛ “Ɔbonsam mma,” na Yesu ka saafo ho asɛm sɛ: “Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”—1 Yohane 3:10-12; Mateo 7:23.
Enti dɛn na ɛsɛ sɛ Katolekfo komapafo yɛ? Bible no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnhwɛ yiye na wɔanni nneyɛe anaa gyidi biara a ɛbɛma wɔn som ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn ani so akyi. Bible no ka sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” Sɛ wubenya Onyankopɔn anim dom a, ehia sɛ ‘wotew wo ho na wonka nea ɛyɛ fĩ wɔ Onyankopɔn anim.’—2 Korintofo 6:14-17.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]
Pope no kae sɛ: ‘Ɔko a ɛkɔ so wɔ Rwanda no yɛ mmusua a wɔtɔre wɔn ase ankasa, na Katolekfo mpo kunkum bi.’
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]
Mfonini: Jerden Bouman/Sipa Press