Paapa Ho Akwantu Ahorow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
WƆ NE Poland akwantu a ɛto so abien no mu no, Paapa John Paul II wiee n’amanaman ntam akwantu a ɛto so 20 wɔ mfirihyia anum pɛ mu no. Wɔ mfehaha pii a na paapa ahorow no mfa nkɔ baabiara akyi no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobebisa sɛ, Dɛn nti na akwantu ahorow pii ho abehia wɔ bere tiaa a ɛte sɛɛ mu?
Nsɛm a emu yɛ den a ɛreka Katolekfo kɛse no mu biako ne awaregyae. Wɔ asɔre no fam de, enni hɔ, na wɔ ne kasa ahorow mu no, Paapa John Paul II ayɛ katee wɔ ɛno ho. Nanso ɛtɔ bere bi a awaregyae ahorow yi yɛ bere sɛe. ɔkyerɛwfo John Whale ka tebea a ɛwɔ United States no ho asɛm sɛ: “Ɔsɔfo panyin Edward McCarthy a ofi Miami hui sɛ awaregyae ne ‘yɛn ɔhaw titiriw a ɛwɔ hɔ—na akyinnye biara nni ho.’” Dɛn nti na asɔre mpanyimfo binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde asɔre no mmara horow a emu yɛ den a ɛfa asɛm yi ho no bedi dwuma? “Wohu sɛ ɔkwan a ɛte saa a wɔbɛfa so no bɛma wɔn botae horow no asɛe, wɔ wɔn asɔreyɛ ne asɛm a ɛfa Katolekfo dodow nkɔanim ho no mu. Enti wɔma awaregu nkrataa ahorow mpem aduasa afe biara—a ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ awaregyae ankasa amma wɔ neaedi kan no mu, . . . ’Mmara kwan so nsɛm ahorow a ɛyɛ nwonwa wom’, Chicago sɔfo bi gye toom.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Ɔsɔfo panyin bi a ɔwɔ United States bɔɔ mass nnansa yi maa nnipa a wɔagyae aware ne wɔn a wɔatetew mu. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ná ɛyɛ . . . nea edi kan a ɔsɔfo panyin abɔ mass ama Katolekfo a wɔagyae aware ne wɔn a wɔatetew mu.” Esiane mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛma wɔagye atom sɛ awaregyae ye no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛsɛ sɛ paapa no tu kwan kɔ wiase nyinaa na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔayɛ nea ɛteɛ!
So Amammuisɛm Paapae Asɔre no Mu?
Ɛwom sɛ Vatican kasa mafo ahorow si so dua kɛse sɛ “asɛmpa” no ne paapa no akwantu ahorow no atirimpɔw de, nanso nsɛnkyerɛwfo pii hu sɛ ɛnte saa. Nhoma a wɔfrɛ no The Man Who Lead the Church no ka fa paapa no akwantu horow no ho sɛ: “Ɛmfa ho sɛ wosi so dua sɛ ɛyɛ honhom mu de anaasɛ nea ɛfa asɛmpa no ho no, ɔka ammamuisɛm ho asɛm wɔ n’akwantu no biara mu.”
Enti dɛn nti na akwantu ahorow yi ho hia saa? Efisɛ mpaapaemu a emu yɛ den ka Katolek asɔfo no wɔ amammui ne asetra ho nsɛm ahorow mu. Eyi ho nhwɛso daa adi titiriw wɔ paapa no Central America nsrahwɛ no mu. Nsɛnkyerɛwfo biako asɛm a ɔkyerɛw faa paapa no akwantu no ho asɛmti ne: “Amammuisɛm ne Nyamesom mu Paapae na Ɛkyekyere Paapa no wɔ N’akwantu no Mu.” Ɛno bɛdaa adi kɛse wɔ ne Nicaragua nsrahwɛ no mu, faako a asɔfo kura dibea akɛseakɛse wɔ aban no mu no. Sɛnea. The New York Times kyerɛ no, bere koro no ara mu no, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Managua a ɛyɛ Nicaragua ahenkurow mu no yɛ “obi a ɔkasatia nniso no denneennen.” So ɛno nyɛ asɔre a emu apaapae?
Amanneɛbɔ koro no ara kae nso sɛ paapa no botae titiriw wɔ Central America ne sɛ “ɔbɛhyɛ Roman Katolek Asɔre no den . . . de atia asidi a efi emufo a wɔyɛ asɔretiafo a wɔyɛ asɔfo hɔ no.” Katolek Asɔre no tumi ne nea ɛkeka ho no mu repaapae, na te sɛ Dutchfo anansesɛm mu abarimaa bi a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsateaa besiw nsu bi a ɛresen ano no, Paapa John Paul II rekyin wiase a ɔrebɔ mmɔden sɛ obesiw ntokuru ahorow no.
Asɔre Nkyerɛkyerɛ Horow Wɔ Ntua Ase
Wohu asɔre no a emu apaapae no kɛse bere a Katolek asɔre nkyerɛkyerɛfo ne asɔfo adwenem kɔ so ara yɛ wɔn naa wɔ asɔre no mfitiase nkyerɛkyerɛ ahorow ho no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Benedictine sɔfo Patrick Granfield kaa paapa no asɛyɛde a ɛne kora a ɛsɛ sɛ ɔkora gyidi no biakoyɛ no so no ho asɛm sɛ ɛyɛ ahodwiriw, “efisɛ ɛkame ayɛ sɛ tete nkyerɛkyerɛ a ɛfa gyidi ne abrabɔ pa ho no nyinaa yɛ nea asɔfo gye ho akyinnye denneennen. Nea ɛka nsɛm yi ho ne: . . . ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ pa; awo ano a wosiw; nyinsɛn a woyi gu; awaregyae ne ware a wɔsan ware; asɔfo a wɔnware; mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo,” ne afoforo a ɛkeka ho.
Wɔ 1971 mu bere a na wɔfrɛ paapa no Ɔsɔfo panyin Wojtyla no, ɔkae sɛ asɔfo binom rema adwene mu naayɛ asɔre denam gye a wogye nkyerɛkyerɛ atitiriw te sɛ Baasakoro, sɛnea Kristo te, wɔ a Kristo wɔ hɔ ankasa wɔ Adidi-Kronkron ase ne gu a wontumi ngu aware ho kyim no so. Afoforo te sɛ Hans Kung a ɔyɛ Katolekni nhomanimfo a ofi Switzerland no gye afeha a ɛto so 19 no mu nkyerɛkyerɛ a ɛfa yɛ a paapa no nyɛ bɔne ho no ho kyim.
Mpaapaemu ne adwene mu naayɛ asɛe Katolek Asɔre no. Asɔfo no de wɔn ho hyɛ nneɛma ahorow nyinaa a ɛfa nyamesom ho nsɛm ho mu, na wɔde wɔn ho hyɛ amammuisɛm ahorow nyinaa nso mu. Nea ɛka eyinomnyinaa ho ne adwumayɛ ho nsɛnnennen wɔ wiase nyinaa a ama asɔfo ne mmea a wosua asɔfo di no dodow so huan no. Komunism kɔ so ara hwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Katolekfo aman te sɛ Italy, France ne Spain so no mu dodow no ara bedi no nokware. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛsɛ sɛ paapa no tu kwan na ɔde kɔkɔbɔ ahorow a emu yɛ den má!
Nanso asɛm bɛn na ɔka kyerɛ aman ahorow no wɔ n’akwantu ahorow no mu? Anidaso bɛn na ɔde ma wiase no? Yɛn asɛm a etwa to wɔ eyi mu no bebua nsemmisa yi.
[Kratafa 8 mfoni]
“Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina. Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina. Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asi a, ɔrentumi nnyina, na, n’awiei nen.” Marko 3: 23-26