Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 6/8 kr. 3
  • “Kukurubinsin Ɔdehyeɛ” A Ɔyɛ Asase Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Kukurubinsin Ɔdehyeɛ” A Ɔyɛ Asase Yiye
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aduan a Ɛyɛ Soronko
  • Nea Ɛma Kukurubin Hu Kwan
    Nyan!—2014
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1992
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2014
Nyan!—1980
g80 6/8 kr. 3

“Kukurubinsin Ɔdehyeɛ” A Ɔyɛ Asase Yiye

(Efi South Africa “Nyan!” Kyerɛwfo Hɔ)

NKOEKOEMMOA ɔpepem ahorow pii wɔ baabiara. Nanso akoekoeboa bɛn na ɔwɔ abakɔsɛm a ɛyɛ anigye na ɛyɛ soronko kyɛn scarab anaa kukurubinsin?

Nanso tete Misraim adehye de aboa yi dii dwuma, efisɛ ne din wɔ Latin kasa mu ne Scarabaeus socer anaasɛ “ɔdehyeɛ scarab.” Ɔyɛ awo foforo ne daa nkwa ho sɛnkyerɛnne ma tete Misraimfo. Wɔde ne binsin a wabɔ no kurukuruwa no to owia ho. Wɔkyerɛ sɛ ne mmɛn a ano mfeamfeaa a ɛwɔ aboa no anim no gyina hɔ ma owia nyame no haran, bere a aboa no akyi nsensanee 30 no yɛ nea wobu no sɛ egyina hɔ ma ɔsram no mu nnafua 30 no. Enti wobu kukurubinsin sɛ ɔyɛ kronkron ma owia nyame no wɔ Misraim. Wɔhyɛ no aduru de no sie. Wɔde ɔbo a ɛyɛ den a wɔde yɛ nkaedum asen kɛse bi na wohu eyi wɔ Engiresi Atetede Korabea anaa British Museum na wogye di sɛ wɔyɛɛ eyi wɔ Heliopolis.

Wɔahu kukurubinsin mfonini ahorow pii wɔ tete Misraim adan ho na wɔde nnua ne abo asen wɔn a wɔde bi ayɛ nsɔano kaa ne kɔnmuade, anaa nea wɔde bɔ koko so. Wɔakyerɛw tete Misraim nhemfo ne wɔn adehye din ne wɔn ho nsɛm mpo wɔ ebinom so.

Aduan a Ɛyɛ Soronko

Kukurubinsin abusua no so yiye, wɔakyerɛ sɛ wogu ahorow bɛboro 20,000 na wohu wɔn wɔ wiase afanan nyinaa. Sɛnea ne din no kyerɛ no, n’aduan ne nneɛma a wɔde yɛ asase yiye. Wɔ South Africa no n’aduan titiriw ne nantwibini, nguanbini, mpɔnkɔ ne mmoa afoforo bini. Sɛnea atetesɛm bi ka no: “Wommu obi atɛn wɔ n’akɔnnɔde mu!” anaasɛ “obi ntua obi akɔnnɔde.”

Aboa no ti te sɛ atere, na n’ano ne n’anim hwɛ fam. N’abogye yɛ den yiye na ɛwɔ mfemfem ahorow ntrantraa abiɛsa a ebi da ebi so. Sɛ ɔte aduan nka a, kukurubinsin ma ne mfemfem no so hua te faako a mframa bɔ fi. Ɔyɛ ntɛm fi n’adwuma no ase.

Wɔabɔ kukurubinsin yiye ama n’adwuma a ɛyɛ soronko no. Ɔyɛ tiatiaa kurukuruwaa na ɔwɔ ntaban a ɔde kata ne ho. Ɔwɔ anan asia, anim de no yɛ ntiantiaa na emu yɛ den, efisɛ ɛno na ɔde tutu fam, mfinimfini de no woware na ɛno nso mu yɛ den, na akyi de abien no akonton kakra​—na abien yi na ɔde so binsin no mu.

Sɛ onya hu bini foforo a, na kukurubinsin afi adwuma ase. Ɔyɛ adwuma denneennen ahoɔhare so na ɛnkyɛ na otĩ bini no bi yɛ no kurukuruwa na omunimuni ara kosi sɛ ne kɛse bɛyɛ sɛ ankaa Ɔde n’anan a ɛwɔ akyi no munimuni eyi kɔ beae a asase no yɛ mmerɛw na afei otutu fam de bini a wabɔ no kurukuruwa yi sie mu sɛ n’aduan. Esiane sɛ nyarewa ahorow wɔ bini mu na ɛma nwansena di akyi nti, yɛn adamfo ahobrɛasefo yi yɛ adwuma a mfaso kɛse wɔ so denam ahotew a ɔma ɛba no so. Afei nso ebini a ɔde sie no pii yɛ nea ɔmfa nni dwuma, na mmom nea ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ asase no yiye. Enti yɛn adamfo ketewaa no yɛ “ɔyɛ asase yiye a ne ho akokwa.” Akuafo pɛ n’asɛm!

Ɛwom sɛ tete “adehye” ne “anyame” no ne kukurubinsin nni hwee yɛ bio de, nanso ne ho wɔ mfaso ara wɔ fam adwuma a ɔyɛ no mu. Wɔ nokwarem no ne ho wɔ mfaso ma nea enti a wɔbɔɔ no no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena