Wiase Nsɛm
Wɔasan “Ɔsɛe ba Dɔn” No Akyi
Wɔasan “Ɔsɛe Da Dɔn” no nsa a wɔde kyerɛ simma no akyi sen bere biara—wɔayɛ no aka simma 17 na yɛadu ɔdasu mu wɔ December 1991 The Bulletin of the Atomic Scientists no akyi mfonini bi mu. U.S.News & World Report ka sɛ “Ɔko nwininwini agyiraehyɛde” a ɛbae nea edi kan wɔ 1947 mu no, “dɔn no de bere a aka na nuklea Armagedon ɔdasu adu no kyerɛ nuklea ho suro.” Bere a wofii ase no na dɔn no wɔ simma 15 pɛ efisɛ ne yɛfo no susuwii sɛ ɛno ara na ebehia wɔ wɔn nkwa nna mu. Apuei-Atɔe Famfo ntam abusuabɔ reyɛ yiye wɔ mfe no mu nti wɔasan dɔn no akyi bere ne bere mu mpɛn 13, fi aka simma 12 kosi aka simma 2 na adu ɔdasum. Mprempren, esiane Strategic Arms Limitation Treaty ne atuo nketewa a wɔresɛesɛe no nti, Bulletin no asamufo te nka sɛ yɛahyɛn bere foforo bi mu, a anidaso no ne sɛ wɔrebenya ‘wiase nhyehyɛe foforo.” Bulletin no se: “Nanso asiane da so wɔ wiase no mu. Nuklea atopae bɛyɛ 50,000 da so ara hyehyɛ hɔ.”
Wɔn a Ɔtopae a Ɛhyehyɛ Fam Pirapira Wɔn Wɔ Cambodia
The Economist no se: “Nnipa a wɔadi dɛm pii wɔ Cambodia sen baabiara wɔ wiase no mu.” Dɛn ntia? Esiane ɔtopae a “aban no ne asɔretiafo akuw horow de hyehyɛɛ fam basabasa wɔ ɔmanko no mu no nti.” Esiane sɛ wɔanyɛ mmeae a wɔde atopae no ahyehyɛ no ho kyerɛwtohɔ biara nti, apirapira nnipa pii sen akode biara. Hokwan ahorow a ɔdesani wɔ ho ahyehyɛde abien bi, Asia Watch ne Physicians for Human Rights, te nka sɛ aman a wɔtɔn atopae no anaasɛ wɔkyerɛɛ sɛnea wɔde hyehyɛ fam—Britain, China, Singapore, kan Soviet Union, Thailand, United States, ne Vietnam—na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma woyiyi. Nsɛmma nhoma no ka sɛ wɔhwehwɛ sɛ Amanaman Nkabom no bara akode a ennim ɔsraani nan a ɔde tia fam ne abofra a ɔrebubu anyina de ntam nsonsonoe” no.
Aware ne Mfe a Obi Tumi Di
French National institute of Demographic Studies amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ awarefo tra nkwa mu kyɛ sen asigyafo. Wɔ mmarima ne mmea nyinaa fam no, amanneɛbɔ no da no adi sɛ abusuabɔ bi wɔ wɔn aware ne mfe a wodi no ntam. Nkontaabu kyerɛ sɛ awarefo na wonyin kyɛ sen biara, bere a wɔn a wɔagyae aware, asigyafo, ne akunafo de yɛ tiaa sɛnea edidi so no. Nhwehwɛmufo ka sɛnea mmea awarefo ntra nkwa mu nkyɛ nsen wɔn a wɔnwaree no ahe biara no ho asɛm sɛ, ɛte sɛ nea mmea tumi gyina sigyadi ano yiye.
Antarctica a Wɔbɛbɔ Ho Ban
New Scientist nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Awiei koraa no, wɔrebɔ Antarctica nneɛma ho ban.” Antarctic Treaty aman no “de wɔn nsa ahyɛ mmara bi a ɛbara fam a wobetutu ahwehwɛ asase mu nneɛma wɔ asasepɔn no so kosi anyɛ yiye koraa no mfe 50.” Mmara no mu ahyɛde ahorow no fa efi ne wura a wɔbɛtow agu nso ho, na ɛhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛnea adeyɛ foforo biara mu hwɛ sɛnea ebetumi anya hɔnom nneɛma so nkɛntɛnso no mu. Mprempren, wosusuw sɛ ɔman no mu nsrahwɛ yɛ asiane titiriw ma nneɛma a ɛwɔ Antarctic. Ɛsɛ sɛ ɛhɔnom man biara ma ahobammɔ ho boayikuw foforo na wɔde ɔkwan a wɔfa so hwɛ ɛhɔnom nneɛma so ne sɛnea wosiw efĩ ano wɔ hɔ ho amanneɛbɔ mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ma. Mmara no renni dwuma kosi sɛ aman a ɛwɔ kuw no mu no nyinaa bɛpene so, adeyɛ a ebegye mfe abien.
Columbus Agyapade
Columbus ne akwantufo afoforo yɛɛ nea ɛsen Amerika nsase a wohui—wɔsakraa hɔnom koraa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Alfred Crosby kyerɛw sɛ ɛnnɛ “ɛnyɛ den sɛ afifide ho nimdefo betumi ahu mmɛw mũ nyinaa [wɔ Amerika] a ɛyɛ den sɛ obehu ebi a ɛte sɛ ɛno a na ɛwɔ Amerika ansa Columbus rekɔ hɔ no mmere mu.” Sɛnea wɔahyehyɛ wɔ Wilson Quarterly no mu no, afifide a wɔde fi Wiase Dedaw no mu bae mu bi ne kwadu, cabbage, daisies, Kentucky bluegrass, ankaa, lettuce, mango, akutu, peaches, radish, ɛmo, ahwerew, tumbleweed, ne awi. Mmoa a wɔde bae mu bi ne anantwi, nkokɔ, nnyinamoa, mfurum, nnowa, apɔnkɔ, mprako, akisi, nguanten, akasanoma ne starling. Nanso nea ɛsɛe ade pii ne nyarewa a wɔde bae no. Eyinom mu bi ne nsanyare, borɔmpete, influensa, atiridiinini, atiridii, ntoburo, meningitis, mpobia, mpete, menewam yare ne nkɔnkɔn. Bere a wotumi de mmoa ne afifide ahorow bi fii Amerika kɔɔ Wiase Dedaw no mu no, ɔyare biako pɛ na wɔka sɛ wɔfa fii hɔ, ɛne mmaninyare.
Kukurubinsin
Da biara da, nantwi biako biara tumi gya ne nan efi bintuw akɛse 10 kosi 15; ɛsono de yɛ bɛyɛ kilo 2 dɔnhwerew biara anaasɛ nea ɛte saa. Eyinom ne mmoa a aka nyinaa tiafi, a onipa de ka ho nti, ebia obi bebisa sɛ dɛn nti na asase no so nyinaa nyɛɛ tiafi nkutoo. Efi kukurubinsin. Da biara da wɔsesaw tiafi pii. Sɛ tiafi no tɔ fam ara pɛ a, kukurubinsin mpempem pii a wɔbɛyɛ sɛ ahorow 120 befuw ho na wɔsesaw kɔ. Nhwehwɛmufo kanee akukurubinsin 16,000 wɔ ɛsono tiafi biako pɛ ho, ma bere a nyansahufo no san baa hɔ bio wɔ nnɔnhwerew abien mu no na ne nyinaa asa. Emu bi wɔ hɔ mpo a wɔhyehyɛ mmoa bi ho nhwi mu a wohuruw si tiafi no so bere a ɛntɔɔ fam mpo. Nea wɔantumi anni biara no, wɔbɔ no nkorowankorowa de sie fam sɛ aduan ma wɔn mma. Saa a wɔyɛ no nso yɛ ɔsom kɛse a wɔde ma adesamma—wɔde nitrogen a ɛyɛ asase yiye no hyɛ asase no mu. Wofuntum asase no ma mframa kɔ mu nso, na wɔn mma no di nsammoa ne asunson a ɛwɔ tiafi no mu a ebetumi de ɔyare aba no. Kukurubinsin ho wɔ mfaso araa ma na tete Misrifo som no.
Kar a Wɔde Bi Si Ebi So
Wɔn a wɔyɛ kar wɔ Japan, na wɔkɔ so yɛ a wɔpɛ sɛ wɔdan abusua biara ti na wɔtɔ kar abien no ahyia asɛnnennen—beae a wɔde besisi. Beae a wɔde kar sisi ho mmara foforo hwehwɛ sɛ wɔde biribi tare ho a edi adanse sɛ ne wura no wɔ beae a ɔde ne kar si, sɛ ɛyɛ fie anaasɛ adwuma mu, ade a wɔhwɛ ansa na wɔama kar no ho tumi krataa Nanso faako a wɔde kar no besisi no ho ka dɔɔso, ɛbɛyɛ ¥230,000 (U.S. $1,800) ɔsram biara wɔ Tokyo atrae binom. Enti wɔn a wɔyɛ kar afi ase yɛ mfiri a wɔde kar besisi so abien abien ne abiɛsa abiɛsa wɔ beae a wobetumi de kar biako pɛ asi hɔ. Wɔde kar a edi kan no si bamma bi so na wɔde anyinam ahoɔden ma so, na wɔde kar a ɛto so abien (anaasɛ abiɛsa) no asi ase. Foforo bi yɛ afiri a wɔde kar si so wɔ fie a ɛde kar a edi kan no hyɛ amoa bi mu. Wɔka mmeae a wobetumi de kar asisi nso kyerɛ wɔn a wɔtɔ kar no.
Sẽ a Esiesie Ne Ho?
Sɛ wɔma ɛsẽ bere a ɛdɔɔso a, n’ankasa siesie ne ho kakra. Saa na Ɔbenfo Tadashi Yamada kyerɛkyerɛ mu wɔ Shikai Tenbo (Dental Circles View), Japanfo aduruyɛ nsɛmma nhoma bi mu nen. Sɛ obi di asikre a, ɛmfa ho sɛ dodow ahe na odii no, nsu a ɛyɛ yerɛyerɛ gyina biribi a ɛda ɛsẽ no so no so bɛyɛ simma 8 kosi 20. Ade a ɛda ɛsẽ no so a nsu yerɛyerɛ agyina so no nan calcium a ɛwɔ se no mu no na ɛyɛ nea Yamada frɛ no “mmubui nketenkete.” Nanso, sɛnea Yamada kyerɛ no calcium a ɛwɔ ntasu mu no de nkakrankakra si calcium a asɛe no ananmu, enti wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no ɛsẽ no san ba tebea pa a na ɛwom no mu bio. Esiane sɛ asikre kakraa bi wɔ nnuan pii mu nti, Yamada hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ yetwitwiw yɛn sẽ so, titiriw ansa na yɛakɔda na yegyae nnɔkɔnnɔkɔwade a wodi ansa na adidi bere adu no na ɛse no anya bere a ɛdɔɔso de asiesie wɔn ho.
Ɛpo Tuntum So Awerɛhosɛm
The New York Times se: “Wɔanya dolphin nhoma ne nsu mu nkesua ne mpataa pii wɔ ɛpo tuntum no mu mfehaha pii araa ma obiara ansusuw sɛ saa nneɛma no betumi aba awiei.” Mprempren ne nyinaa asakra. Ɛnyɛ sɛ adwuma ne kurow biara a ɛwɔ Po Tuntum no ano no de di dwuma sɛ beae a wohwie wɔn nsu fĩ gu nko, na mmom ɔmansin a emu nnipa dodow bɛyɛ ɔpepem 160, mu asubɔnten bɛboro 60 de fĩ gu mu. Anan a ɛyɛ akɛse sen biara—Danube, Don, Dnieper, ne Dniester——nam beae a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ beae a efĩ wɔ hɔ sen biara wɔ wiase no mu biako, na ɛtwe nneɛma a awuduru wom nkaribo tɔn pii de ba. Mpataayi ntraso nso de ɔhaw aba, a jellyfish a wɔdɔɔso pii na wodi mpataa afoforo nkesua ne wɔn mma ka ho. Nea afi mu aba ne sɛ, mpataa ahorow 26 a anka woyi tɔn a na abu so wɔ 1970 mu no mu 5 pɛ na wotumi yi dodow a wobetumi atɔn bi nnɛ, na sukraman no ayera koraa. Abɔde a nkwa wom ho ɔdenimfo Yuvenaly Zaitsev se: “Sɛ yegyae efi no te sɛ nea ɛnam nkonyaa so mpo a, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ Po Tuntum no bɛsan akɔ 1950 mfe no mu tebea mu bio. Adebɔ wɔ n’ankasa mmara horow.”
Mmofra a Wɔawɔ Wɔn Pane
World Health Organization se wɔ wiase nyinaa no, wɔde nyarewa asia a ekum nnipa ho mpane awɔ mmofra baanum biara mu baanan mprempren: akɔmmew, ntoburo, polio, asinsen, samanwaw, ne nkɔnkɔn. Mfe du a atwam no, na ɛyɛ baanum biara mu biako. Mprempren, esiane sɛ pane biara a wɔwɔ no ho ka yɛ dɔla biako pɛ nti, wogye mmofra ɔpepem abiɛsa nkwa afe biara. Nanso, sɛnea World Health Organization kyerɛ no, nyarewa a wobetumi asiw ano da so araa kunkum mmofra bɛyɛ ɔpepem abien afe biara.