Wiase Nsɛm
Mmea a “Wɔyera”
The Courier, nsɛmma nhoma a Europa Aman Nkabom tintim no ka sɛ: “Wɔ aman a wosusuw mmea nso akwahosan ho mu no, mmea 106 na wɔwɔ hɔ ma mmarima 100 biara. Eyi yɛ asetra mu nokwasɛm.” Nanso UN nhwehwɛmu nso twe adwene si nokwasɛm foforo so: Wɔ Asia aman te sɛ China, India, Korea Adehyeman, ne Pakistan mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmea 94 pɛ na wɔwɔ hɔ ma mmarima 100 biara. Dɛn ntia? The Courier kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nyansahu mu nkɔanim ama wotumi hu abofra a wɔyem no no bɔbeasu ntɛm” na ama “mmea ne mmarima a wɔwo wɔn dodow a ɛnyɛ pɛ no” ayɛ kɛse. Wɔ Korea Adehyeman mu sɛ nhwɛso no, wɔwoo mmea 94 maa mmarima 100 biara a wɔwoo wɔn wɔ 1982 mu, nanso wɔ 1989 mu no, na saa dodow no so atew abedu mmea 88, ma mmarima 100 biara. UN nhoma Our Planet de ka ho sɛ: “Akontaabu no yɛ ahodwiriw: Asiafo mmea ɔpepem 100 ‘ayera’ esiane mmeawa a wokunkum wɔn ne mmea a wonyinsɛn wɔn a woyi wɔn gu no nti.”
Akode Anaa Nkɔsodwuma?
U.S. dɔla ɔha, betumi atɔ AK-47 tuo biako anaa vitamin-A nnuru a ɛdɔɔso a ɛremma mmofra 3,000 a wɔadi afe biako anifurae. Dɔla ɔpepepem ɔha betumi atɔ atopae a wɔde hyehyɛ fam ɔpepem du anaa nnuru a ɛdɔɔso a ebetumi abɔ mmofra ɔpepem 7.7 ho ban afi nyarewa asia a ekunkum mmofra no ho. Dɔla ɔpepem ahanwɔtwe betumi atɔ F-16 wim akohyɛn 23 anaa atua iodine a wɔde fra nkyene ho ka mfe du, de abɔ nnipa ɔpepepem 1.6 ho ban afi dɛmdi a iodine a obi nni bi wɔ ne nipadua mu de ba ho. Dɔla bɛyɛ ɔpepepem 2.4 betumi atɔ ɛpo ase nuklea akohyɛn biako anaa, nsu ne ahotew ho nneɛma atua ho ka ama nnipa ɔpepem 48. Nneɛma bɛn na ɛho hia wiase no paa? Sɛnea The State of the World’s Children 1996 kyerɛ no, akode a wɔtɔn maa aman a wonnyaa nkɔso pii wɔ 1994 mu nkutoo dodow bo ano si dɔla ɔpepepem 25.4, sika a anka wobetumi de aboa nkɔsodwuma ahorow.
Aforote a Wotwa Kar Kwan Mu Ho Asiane
Dɛn nti na ɔforote twa kar kwan mu? Asɛmmisa yi yɛ aniberesɛm ma wɔn a wosua wuram mmoa ho ade ne afirikafo a wɔwɔ Newfoundland ne nsrahwɛfo mpempem a wɔfa ɔmansin no mu kar kwan so no. The Globe and Mail atesɛm krataa ka sɛ: “Afe biara, akwanhyia bɛyɛ 300 na na aforote ma kar nya wɔ Newfoundland kar kwan so, na emu pii kunkum afirikafo.” “Ɔforote a ne mu duru bɛyɛ kilogram 450 betumi ahwe kar bi so te sɛ ɔbotan bi, akum nea ɔte mu no anaa wapira no.” Shane Mahoney a ɔwɔ Abɔde mu Nneɛma Dwumadibea no ka sɛ, ebia Supɔw no so aforote a seesei wɔn ano si 150,000 no dodow so a wɔbɛma ahuan rentumi mmoa, efisɛ wɔ mmeae a aforote nnɔɔso mpo no, akwanhyia pii sisi. Ɛdenam sɛnea aforote bom nantew ho nhwehwɛmu a nyansahufo bɛyɛ so no, wɔwɔ anidaso sɛ wɔbehu nea enti a aforote a wofi awosu mu suro kar no, paw sɛ wobetwa kar kwan mu.
Tebea a Nauru Wom
Bere bi a atwam no, na wonim Nauru, adehyeman a esua na atew ne ho sen biara wɔ wiase no sɛ beae a osu tɔ na awia bɔ kɛse na ɛhɔ yɛ fɛ. Europa po so hyɛn mu adwumayɛfo a wodii kan huu supɔw a n’afanan no mu biara yɛ kilomita 20 wɔ afeha a ɛto so 18 mu no, frɛɛ no Anigye Supɔw. Nanso seesei, mpoano fã ketewaa bi na nnipa tumi tra, na The New York Times ka sɛ, Nauru abɛyɛ “ɔman a ɛso nneɛma asɛe sen biara wɔ asase so.” Dɛn ntia? Asase ani nkorontu. Mfirihyia 90 ni a wɔatu phosphates a efi nnomaa tiafi wɔ mfirihyia mpempem pii mu ne ɛpo mu mmoawa mu, “ma asase no ayɛ mmonkyimmɔnka na akado abosiw sisi so, a ebi tenten yɛ mita 22.” Ɔhyew a efi supɔw no nkyekyem anum mu anan a wɔatu fagude wɔ so dedaw mu no nso anya ɛhɔ wim tebea so nkɛntɛnso, na apia mununkum a ɛde osutɔ ba no kɔ ma ɔpɛ ayɛ asase no pasaa. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔde mfe anum betu phosphate a aka no. Naurufo pii te nka sɛ nea aka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wobetu Nauru na wɔde wɔn sika atɔ supɔw foforo a wobetu akɔtra so.
Mfã Yare Ase Regu
The Economist ka sɛ: “Wɔ borɔmpete akyi no, ɛte sɛ nea mfã ne yare a ɛtɔ so abien a wobetu ase. Dodow a wɔbɔɔ ho amanneɛ nnansa yi ara wɔ 1989 mu a na ɛreyɛ adu 900,000 wɔ wiase nyinaa no so huan beduu 163,000 wɔ afe a etwaam no mu, na wɔ aman dodow ara mu no, dodow no so tew beduu fã afe biara.” Sudan nkutoo na ɛnka ho, “na edi adanse sɛ akodi ne ɔyare na ɛnam.” Wɔatu mfã, a ɛyɛ nsu mu aboawa a ofi ase sɛ osa a aniwa ntumi nhu no no ase afi Asia Mfinimfini fam, Pakistan, ne Afrika aman dodow bi mu. Akwahosan ahyehyɛde ahorow nam aduru a eyi nsu mu fĩ so asiw ano, bere a wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔde ntama a ani tew sɔn nsu a wɔnom so na wɔmma wɔn a wɔanya ɔyare no kwan mma wonguare anaa wontiatia nsu a wɔnom no mu. Sɛ wonya kɔ obi mu a, anini no wu bere a wɔne abere no ahyiam awie no, na abere no nyin ma wɔn tenten du bɛyɛ mita biako ansa na adapɛn bi akyi no, wɔapue brɛoo afi ɔyarefo no nan ho a ahyɛ nsu a ɛyɛ ne yaw no mu, ɛtɔ da bi a, ebubu ɔyarefo no gu hɔ anaa ɛsɛe ne honam.
Wiase Awiei Dɔn Kɔ N’anim
Wɔakyim wiase awiei dɔn a agye din a ɛda The Bulletin of the Atomic Scientists akyi no nsa akɔ anim simma 3 ansa na abɔ anadwo dumienu. Sɛnkyerɛnne kwan so no, dɔn no kyerɛ sɛnea wiase no abɛn nuklea ɔko ho. Efi bere a woyii no adi wɔ 1947 mu no, wɔasesa bere a dɔn no abɔ mpɛn 16 de akyerɛ sɛnea wiase nsɛm tebea te. Bere a ɛbɛn anadwo dumienu sen biara—simma abien—ne 1953, bere a United States tow hydrogen ɔtopae a edi kan no. Bere a etwa to a wɔsesae ne 1991 mu, bere a esiane anidaso a wonyae wɔ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi a ɛbaa awiei mu nti, wokyim ne nsa baa aka simma 17 ma anadwo dumienu abɔ. Dɔn no a wokyim kɔ anim simma 14 no kyerɛ wiase mu akameakame a ɛreyɛ kɛse, nuklea a wobetumi de adi amumuyɛsɛm ho adwennwen a ɛreyɛ kɛse no. Leonard Rieser, a ɔyɛ The Bulletin no guamtrani kae sɛ: “Wiase da so ara yɛ beae a ɛyɛ hu yiye.”
Nkokoaa a Wɔawo Wɔn Foforo a Wɔpow Wɔn
Wɔ Italy no, ɛna bi betumi afa mmara kwan so apow ne ba a wawo no foforo no, na ogyaw awarefo a wɔpɛ sɛ wobegye no ahwɛ no a ɔbɛhwehwɛ wɔn no ho asɛyɛde to asoɛe a ɛhwɛ mmofra so no so. Nanso, woguan gyaw mmofra 600 hɔ wɔ 1995 mu, na Italifo atesɛm krataa La Repubblica ka sɛ wogyaw “pii guu sumina nkankyee mu, wogyaw afoforo guu baabi a ɛbɛn asɔredan anaa ayaresabea.” Adeyɛ yi kɔ so wɔ ɔman no mu mmeae a wɔanya mfiridwuma mu nkɔso sen biara na wodi yiye, ne mmeae a wodi hia buruburoo na wonnyaa nkɔso ahe biara nyinaa. Sɛnea Vera Slepoj, Adwene ne Nneyɛe Ho Nimdeɛ Fekuw a ɛwɔ Italy no titrani kyerɛ no, eyi yɛ “owu adwene a wɔwɔ ho sɛnkyerɛnne” a atrɛw wɔ ɔmanfo mu no.
Sukɔm Nko Nnɔɔso
Oduruyɛfo Mark Davis a ɔyɛ apɔw mu teɛteɛ ho ɔbenfo ka sɛ: “Sɛ obi nom nsu bere a sukɔm de no nkutoo a, ɔrennom nsu dodow a ɛsɛ sɛ ɔnom.” Nnipa pii ho nsu nnɔɔso, efisɛ wɔte sukɔm nka bere a nipadua no mu nsu aka kakraa bi dedaw no. Na bere dodow a nnipa nyin no, bere dodow no ara na wɔnte sukɔm nka kɛse. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ The New York Times mu no, sɛ wim tebea yɛ hyew anaa ɛyɛ nwini ne wosee pii, bere a yɛreteɛteɛ yɛn apɔw mu anaa yɛredidi, ne bere a ɔyare te sɛ ayamtu, atiridii ne ɛfe a ɛma yɛhwere nsu pii ka yɛn no, na yehia nsu pii. Wɔn a wodi nnuan a ntɛtɛ wom pii nso hia nsu pii na ama atumi afofa wɔn nsono mu. Ɛwom sɛ nsu wɔ nnuaba ne afumduan ahorow mu de, nanso nsu na yɛde kum sukɔm mpɛn pii. Nsu ye sen biribiara, esiane sɛ ɛkɔ nipadua no mu ntɛmntɛm nti. Dodow a nsu bi yɛ dɔkɔdɔkɔ no, dodow no ara na ɛkyɛ ansa na akɔ nipadua no mu. Anonne a wɔfrɛ no soda betumi ama sukɔm ade wo kɛse ankasa, efisɛ nsu ho hia na asikire ahono. Esiane sɛ caffeine ne nsa ma obi dwonsɔ pii nti, obi ho a ɔde to anonne a eyi wom so pii no ma ne ho nsu yow. Times ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo nom nsu kuruwa desilita 2.4 da biara.”
Wɔabue Egypt Ɔboda a Agye Din Ano
Wɔasiesie Nefertari ɔboda a ɛwɔ Luxor Nhemmaa Bon mu a wɔtoo mu mfe pii ni no na wɔasan abue ano ma ɔmanfo abɛhwɛ. Mohammed el-Soghayer, Luxor Tete Nneɛma Ho Bagua no titrani kae sɛ: “‘Ɔboda yi ne nea ɛyɛ fɛ sen biara wɔ Luxor asukɔn atɔe fam, anaa wɔ Egypt nyinaa mpo. Na ɛda adi sɛ adwumfo a wɔn ho akokwaw yiye na wɔyɛɛ ho adwuma wɔ Ramses II a osii saa adehye nkaedum yi esiane ɔdɔ kɛse a na ɔwɔ ma Nefertari nti no bere so. Ná ɔpɛ sɛ onya ɔboda a ɛyɛ fɛ sen biara.’” Nanso, ɛkaa kakraa bi na nsuyiri, atɛkyɛ, ne nkyene atɔwatɔw a ɛwewe ade resɛe mfonini a ɛyɛ fɛ na edi mu a ɛwɔ ɔboda a ne kɛse yɛ ahinanan mita 430 no. Wɔ 1986 mu, bere a wɔde mfe pii asusuw nsɛm ho akyi no, amanaman ntam kuw bi fii adwuma dennen a ɛne sɛ wɔbɛkeka adwinni asinasin no abobom denam mfonini a Italiani Ernesto Schiaparelli, a ɔyɛ Egypt Nneɛma Ho Ɔdenimfo a ohuu ɔboda no twae a wɔde dii dwuma no so ase. Fonwine a wɔmpɛ sɛ ɛbɛtra mu nti, wɔato nsrahwɛfo dodow ano hye. Ramses II san hyɛɛ Nefertari anuonyam bere a ɔde ne din too asɔrefie a ɛwɔ Abu Simbel no biako so no.