Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 7/8 kr. 21-23
  • Malta—Ahɔhoyɛ Supɔw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Malta—Ahɔhoyɛ Supɔw
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Supɔw no Abakɔsɛm a Ɛyɛ Anigye No
  • Dwuma a Malta Di wɔ Nnɛ Bere Mu
  • Maltafo Kasa
  • Ɔkwan a Wotu Kɔsra Aman Horow So
  • Ɔsomafo Paulo wɔ Malta
  • Malta Ahɔhoyɛ De Nhyira Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Paulo Tenaa Po So Hyɛn Mu Kɔɔ Roma
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Paulo Di Asiane Mu Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 7/8 kr. 21-23

Malta​—Ahɔhoyɛ Supɔw

WƆAHU ɛpo so amane wɔ bere tenten mu, na nea efii mu bae ne wɔn hyɛn a ɛbɔe. Wɔn ho afɔw na wɔabrɛ, nanso wokoduu Malta supɔw no mpoano dwoodwoo. Wo de susuw wɔn ani a ebegye ho bere a Malta supɔw no sofo bɛboaa wɔn, sɔɔ ogya maa wɔn na wɔn ho ayɛ hyew na wɔbataa wɔn ntade yɛɛ wɔn hɔho no. Oduruyɛfo bi a ɔka wɔn a wofii mu kae no ho no kyerɛwee sɛ Maltafo no yɛɛ wɔn “adɔe a ɛnka.”

Saa asɛm a esii a ɛdaa Maltafo ahɔhoyɛ no adi no bae mfeha 19 a atwam ni. Wubetumi akenkan eyi wɔ Bible no mu wɔ Asomafo No Nnwuma, atiri 27 ne 28. So efi saa bere no reba yi Maltafo asakra anaa?

Supɔw no Abakɔsɛm a Ɛyɛ Anigye No

Ɛda Mediterranean Po no mfinimfini pɛɛ, na efi Sicily kesee fam kɔ hɔ yɛ akwansin 60, na efi Libya, kusuu fam ko hɔ nso yɛ akwansin 220, na wosusuw sɛ Malta yɛ supɔw bi a na kan ɛwɔ hɔ a na ɛka Italia, ne Afrika kusuu fam bom no atifi. Nea ɛwɔ hɔ mprempren no yɛ nsupɔw nketewa a kɛse a ɛwom no yɛ akwansin 95 ahinanan.

Sɛ yefi ase fi bɛyɛ afe 800 A.Y.B. mu a, Malta bɛyɛɛ aguadibea ma Foenikiafo a wɔde kɔbere tu kwan fi Palestina, kɔ Cornwall, wɔ Engiresi Aburokyiri no. Foenikiafo de ho yɛɛ wɔn atubraman, na saa nkurɔfo yi titiriw na nnɛ bere mu Maltafo fi wɔn mu. Bere a Helafo adi so kakra no, Malta bɛhyɛɛ Romafo ase. Afei Arabiafo dii so, Knights of St. John, Fransefo wɔ Napoleon bere mu, ne afei Engiresifo. Eyinom nyinaa gyaw wɔn amanne ahorow wɔ supɔw no so. Awiei no Malta bɛyɛɛ kwasafo man a anya ahofadi wɔ December 1973.

Dwuma a Malta Di wɔ Nnɛ Bere Mu

Esiane beae a Malta wɔ no nti abɛyɛ ɔman a ɛho hia yiye wɔ akodi ne asomdwoe bere nyinaa mu, na ahyɛn pii ba hɔ. Ɛnnɛ, Malta de ne ho rema sɛ beae a Europa ne Afrika kusuu fam aman a wone wɔn ho ka no betumi ahyiam wɔ hɔ.

Afei nso ahyɛn akɛse a efi Amerika atɔe aman, Australia, ne Apuei Fam Akyirikyiri de aguadi nneɛma ba Malta, na wɔsan de gu ahyɛn nketewa mu kɔ aman horow a ɛwɔ Mediterranean Po no ano nyinaa mu. Enti Malta resan ayɛ aguadi man bio sɛnea ne ɛte bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam no.

Maltafo Kasa

Oduruyɛfo a wɔbɔɔ ne din wɔ yɛn asɛm no mfiase no ne Kristoni osuani Luka, a ɔkaa Maltafo no ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma ti 28, nkyekyem 1 ne 2 sɛ “pɔtɔfo” no. Yiw, Maltafo ka wɔn ankasa kasa, Malti, Semfo kasa a afei de ɔkasa horow a efi Europa abɛka ho. Ɛyɛ soronko efisɛ ɛno nkutoo ne Semfo kasa a wɔde Roma nkyerɛwde akyerɛw.

Ɔkasa no gyigye te sɛ Arabik na obi a aka Malti no yɛ nea obiara a ɔka Arabik a ofi Libya, anaasɛ Tunisia anaasɛ akyirikyiri te sɛ Lebanon anaa Misraim bɛte nea ɔka no ase. Sɛ nhwɛso no, wɔn asɛmfua ma akwaaba a wɔtaa ka, “Mernba” no te sɛ Arabik de no pɛpɛɛpɛ. Afei nso, Engiresi ne ɔkasa a ɛto so abien a wɔka wɔ Malta. Enti Maltafo dodow no ara ka Egiresi kasa, na wɔn mu pii nso ka Italia kasa. Saa ɔkasa horow pii a Maltafo tumi ka yi ma wonya hokwan yi wɔn ahɔhoyɛ no adi.

Nnipa a wɔwɔ supɔw yi so a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem nkyem mu abiɛsa no ma saa supɔw yi yɛ beae a nnipa wɔ hɔ kɛse sen biara no mu biako, nnipa 1,000 te akwansin biako ahinanan mu, a nnipa a wofi aman horow so a wotu kwan kɔsra hɔ no mpo nka ho. Esiane eyi nti, Maltafo ɔpepem pii atu kwan akɔtra nkurow ne aman horow mu na wotumi bu ano sɛ, nnɛ, bɛyɛ sɛ Maltafo ɔpepem nkyem mu abiɛsa tete aman horow so wɔ wiase nyinaa, titiriw, Australia, Canada ne Amerika.

Ɔkwan a Wotu Kɔsra Aman Horow So

Nea ɛka nnwuma titiriw a wɔyɛ nnɛ wɔ Malta no ho ne akwantu. Nkurɔfo ani gye supɔw no ho esiane owia a ɛbɔ wɔ hɔ ne ɛpo a atwa ho ahyia no nti. Mmeae ahorow pii wɔ hɔ a nkurɔfo ani gye ho titiriw wɔ tete nsɛm a akɔ so wɔ hɔ nti. Eyinom mu biako ne Ghar Dalam.

Ɛyɛ ɔbodan bi a ɛwɔ obon bi a emu awo mu. Ɛnyɛ sɛnea ɔbodan no mu nneɛma te na ɛho hia wɔ ha, na mmom mmoa ahorow nnompe a ɛwom no nti. Saa nnompe yi dɔɔso pii wo mu na ayɛ ɔbodan no mu ma afi ano de akosi ɔbodan no akyi anaa n’awiei pɛɛ. Mmoa a wonni supɔw no so no nnompe​—asusono, asono ne afrote ahorow​—wotumi hu eyinom nyinaa wɔ ha. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wonhuu mmoa yi mu biara nnompe a ne nyinaa di mu wɔ Ghar Dalam ɔbodan no mu, a ɛkyerɛ sɛ, biribi na ekunkum saa mmoa yi na ɛsɛee wɔn afunu no nyinaa prɛko pɛ, bere a osukɛse bi hohoroo wɔn bere bi faa saa ɔbon no mu no. Bere bɛn? Nkyerɛkyerɛmu biako pɛ a ɛne nea wonim wɔ tete hɔ no hyia ne Noa nna mu nsuyiri no.

Malta asetra kwan te sɛ tete Palestina de wɔ akwan horow pii so. Wotumi hu nguanten ne mpapo a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ faako, sɛnea Yesu kaa wɔn ho asɛm no. (Mat. 25:32, 33) Nneɛma a wɔde si adan no te sɛ akadobo a wɔde sii Salomo asɔredan no wɔ mfirihyia 3,000 a atwam no. Na bɛyɛ April ne September mu nso na wɔtaa hu nnomaayifo a wosunsum mfiri yiyi nnomaa a wotu kwan, wɔ ɔkwan a wɔyɛ no bere a wɔkyerɛw Dwom 91:3 no so. Ɔkwan a ɛte sɛɛ so na nnomaa ho adenimfo afa ama wɔn ntease a ɛfa nnomaa a wotu kwan tenten ho no mu adɔ.​—Afei nso hwɛ Yeremia 5:26.

Ɔsomafo Paulo wɔ Malta

Wɔn a wofii hyɛn a ɛbɔe wɔ Malta no mu wɔ afe 58/59 Y.B. mu no mu biako ne ɔsomafo Paulo a ɔyɛ nnam, obi a ɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn asɛm no mu yiye wɔ ɔkwan a ɛnka so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛɛ adwuma denneennen maa abosonsomfo a wɔwɔ Malta supɔw no so no tee Bible mu asɛmpa no wɔ asram abiɛsa a ɔde traa supɔw no so no mu. Wɔ nokwarem no, Paulo bɛyɛɛ nea ogyee din kɛse esiane n’ayaresa nnwuma no nti, efisɛ bere a ɔregyaw hɔ no wɔkae sɛ wɔkyɛɛ no ade daa no ase pii. (Aso. 28:9, 10) Maltafo bu ɔsomafo Paulo kɛse de besi nnɛ bere mu. Nanso nnansa yi ara na Kyerɛw Kronkron no a Paulo fii mu kaa asɛm kyerɛɛ wɔn no abɛda adi wɔ Malta anaa Maltafo kasa mu.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔ mprempren ɔmansodi mmara no ase no, wɔwɔ ɔsom mu ahofadi wɔ Malta a Roma Katolekfo dɔɔso wɔ hɔ no mu. Sɛ wokɔsra supɔw no so mprempren a wubehu Yehowa Adansefo asafo a wɔyɛ nhyiam bere nyinaa wɔ wɔn ankasa Ahenni Asa so. “Ahenni no ho asɛmpa” ho adwuma a Paulo fii ase wɔ ha bɛyɛ mfeha 19 a atwam no kɔ so nyin.​—Mat. 24:14.

Ɔsomafo Paulo, oduruyɛfo Luka, ne wɔn mfɛfo akwantufo no ani gyei esiane sɛ wɔyɛɛ wɔn hɔho wɔ saa supɔw no so wɔ Y.B. afeha a edi kan no mu a ɛnyɛ ɔman no mu mpanyimfo te sɛ Publio nkutoo a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo No Nnwuma no mu no, na mmom ɔmanfo no nso. Maltafo gye ahɔho ani te sɛ nea wɔn tetefo no yɛe no, efisɛ ahɔhoyɛ da so ara yɛ asetra kwan wɔ Malta.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena