Malta Ahɔhoyɛ De Nhyira Ba
MALTA ne asase a ɔsomafo Paulo koduu so de nyaa ɔhome bere a oguu asu wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no. Supɔw no sofo gyee ɔne ne mfɛfo po so akwantufo no ‘boaa wɔn.’ Nokwarem no, Maltafo no yɛɛ akwantufo no “adɔe a ɛnka.”—Asomafo no Nnwuma 28:1, 2.
Akyiri yi, supɔw no so otitiriw Publio gyee Paulo ne n’ahokafo no yɛɛ wɔn hɔho na ‘ɔhwɛɛ wɔn yiye nnansa.’ Bere a asɛm no trɛwee sɛ Paulo asa Publio n’agya atiridii ne konkoruwa no, “wɔn a aka nso a wɔyare supɔw no so no bae ma wɔsaa wɔn yare.” (Asomafo no Nnwuma 28:7-9) Nanso Paulo yɛɛ pii sen saa. Oduaa nokware aba wɔ nkurɔfo no komam, na eyi de nhyira pii brɛɛ supɔw sofo a wɔpɛ ahɔhoyɛ yi. Ɛnnɛ, ade koro no ara rekɔ so wɔ Malta. Bra na bɛhwɛ.
Nsrahwɛfo De Asɛmpa Ba
Sɛ wufi soro hwɛ Malta a owia bɔ wɔ so no a, ɛte sɛ ɔbohene bi a ɛda Ɛpo Kɛse a ani bruu no mu. Sɛ nsrahwɛfo bi rebɛn Luqa Wimhyɛn Gyinabea a, ohu asase a owia bɔ so kɛse a ɛte sɛ nea afifide kakraa bi na ɛwɔ so. Sɛ osi fam a, ohu sɛ supɔw a ne trɛw yɛ akwansin ason na ne ntwemu yɛ akwansin du yi yɛ nnipa bɛyɛ 347,000 atrae. Malta asɔre ahorow pii no asɔre adan akɛse ne nketewaa pii a atifi atwa puruw ne nea atifi sorɔnsorɔn no da sɛnea wɔpɛ nyamesom no adi. Nanso wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, ɔkwan bɛn so na Maltafo anya Yehowa Adansefo nsrahwɛ mu mfaso?
Ɔhwɛfo kwantufo bi a wɔfrɛ no David kɔɔ Juliana fie na ohui sɛ ɔyɛɛ Ahenni nkrasɛm no ho ade ntɛm so. Juliana se: “Na amansɛm a asɔre no de ne ho ahyɛ mu no ama mahaw, enti mebɔɔ mmɔden sɛ mehu nokware a ɛfa Onyankopɔn nniso no wɔ Bible mu. Nanso bere a mekenkanee no, na nneɛma bi wom a ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛte ase. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me, bere a obi baa me pon ano na obisa sɛ minim dekode a Onyankopɔn Ahenni yɛ no anaa no! Ntɛm ara, meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me mmuae no mfi me Katolekfo Bible no mu. Ɔyɛɛ saa. Saa da no ara mihui sɛ mahu nokware no.”
Ɔdansefo bi a ɔwɔ kurom hɔ yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne Juliana besua Bible no. David san kɔɔ Malta asram asia akyi no, ahodwiriw a ɛyɛ anigye bɛn ara na onyae sɛɛ yi sɛ Juliana bɛmaa no akwaaba wɔ Ahenni Asa no so! Ankyɛ na ɔfatae sɛ ɔbɛyɛ Ahenni ho asɛmpa no ɔdawurubɔfo.
Na asɔre nkyerɛkyerɛ ama Juliana kunu Francis nso adwenem ayɛ no basaa. Bere bi a na ɔda ayaresabea a Francis kɔsraa no no, ohui sɛ na ɔretie Bible mu baguam ɔkasa a wɔmae wɔ Ahenni Asa so na wɔakyere agu kasɛt so no. Francis tee abusua ho ɔkasa bi no, ohuu sɛnea Bible afotu no ye no, na nea efii mu bae ne sɛ osii gyinae sɛ obefi ase akɔ Kristofo nhyiam horow. Ankyɛ na ohuu asɛnnennen bi a na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma? Na ɛyɛ dɛn?
Bɛyɛ mfe 20 no, na Francis ayɛ adwuma sɛ kyakyatowfo boafo wɔ beae bi a wɔtow kyakya. Afei ohui sɛ adwuma a ɛfa kyakyatow ho no nyɛ nea ɛne Kristofo nnyinasosɛm a ɛkasa tia adifudepɛ ne anibere no hyia. (Romafo 13:9, 10; 1 Korintofo 6:9, 10) Francis gye tom sɛ: “Ɛwom sɛ mfiase no na minni gyidi a na ɛho hia a ɛbɛma magyae m’adwuma no de, nanso mebɔɔ Yehowa mpae srɛɛ mmoa. Awiei koraa no, minyaa adwuma a ɛboa me ma mitumi hwɛ me yere ne me ba Sandro.” Ɛnnɛ, Francis som sɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mu.
Kyerɛwnsɛm mu Awerɛkyekye
Na Rose ne George anya aware mu anigye mfe asia bere a George nyaa akwanhyia wui awerɛhow mu no. Wannya awerɛkyekye biara wɔ nea ɔsɔfo no kae sɛ Onyankopɔn afa George esiane sɛ n’ani bere ɔdɔ a ɔwɔ ma no no nti no mu. Rose adwenem haw no araa ma odwen ho sɛ obekum ne mma baasa no na afei wakum ne ho.
Nanso nsakrae bɛn ara na ɛbaa Rose so sɛɛ yi bere a ne fipamfo bi a ɔyɛ Ɔdansefo a wɔfrɛ no Helen fii ase ne no suaa Bible no! Ankyɛ na Kyerɛwnsɛm mu owusɔre nkyerɛkyerɛ no kyekyee Rose werɛ. (Yohane 5:28, 29) Bere koro no ara mu no, nkuranhyɛ fii Peter a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo foforo no nkyɛn bae. Onyaa ne kasa ahorow a na ɛfa owusɔre ho no mu mfaso kɛse. Bere a anidaso yi kanyan Rose no, ɔkaa Helen ho wɔ baguam adansedi mu, na mprempren wɔn baanu nyinaa som sɛ daa akwampaefo, anaasɛ bere nyinaa Ahenni asɛnkafo.
Nnamyɛ ho Nkuranhyɛ
Joe fi abusua bi a ɛso mu, efisɛ ɔwɔ nuanom mmarima ne mmea 12. Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi hyɛɛ no nkuran no, ɔde nnamyɛ dii n’abusuafo pii adanse. Ose: “Mfiase no, na m’abusuafo no nim sɛ ntease wɔ nea mifi Bible mu kyerɛkyerɛ mu no mu. Nanso bere a wohui sɛ anigye a mewɔ sɛ mɛyɛ Ɔdansefo no renyin no, wɔsakraa wɔn adwene, na wɔn nyinaa sɔre tiaa me—titiriw no m’agya.” So wɔn su no brɛɛ Joe nnamyɛ no ase?
Dabida! Sɛ nhwɛso no, bere a na Joe nuabea biako ba yare na ɔreyɛ awu no, odii no adanse. Ɔkaa owusɔre anidaso no ho asɛm yiye. Mprempren ne nuabea yi yɛ Yehowa Ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Nea edi hɔ no, Joe nuabarima panyin biako ne n’abusua kyerɛɛ nokware no ho anigye. Afei ne nuabarimanom mu panyin no ne n’abusua gyinaa Onyankopɔn Ahenni no afã. Joe agya bo kɔɔ so fuwii. Bere a Joe nuabea kumaa nso fii ase suaa Bible no, agya no tuu Joe fii abusua ofi no mu. Eyi anhaw Joe na ɔde hokwan biara kɔsraa n’abusuafo no na ɔkaa Bible nkrasɛm no ho asɛm. N’agya kɔɔ so yɛɛ ade abufuw so na ɔkae sɛ: “Dɛn nti na wo ne ɔsɔfo no nkɔkasa. Ɔno na onim Bible no sen obiara!” Joe buae sɛ n’agya ne no bɛkɔ a, anka ɔde anigye bɛyɛ saa. Wɔn nsrahwɛ no kosii dɛn?
Joe kyerɛ sɛ: “Yɛhyɛɛ da ne bere, nanso ɔsɔfo no pɛe sɛ ohu asɛmti a yɛbɛka ho asɛm no na osiesie ne ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane sɛ ofii asɔfo sukuu bɛyɛ mfe ason nti, ɛho behia sɛ ɔyɛ nhwehwɛmu kakra. . . . Nanso, dapɛn biako, ɔsram, ne asram abien akyi mpo no, na ɔsɔfo no mfrɛɛ yɛn ɛ. Bere a m’agya huu saa no, ɔsakraa n’adwene wɔ asɔre no ho na nkakrankakra no, ohui sɛ nea masua afi Bible mu no ne nokware no.” Awiei koraa no, Joe agya begyee nokware no, na ɛno maa n’abusuafo a wɔde wɔn ho ahyɛ Yehowa som mu no dodow koduu 29.
Afotu a Ɛboa De Nhyira Ba
Ɔkwampaefo ɔsomfo ɔwarefo bi a wɔfrɛ no Ignatio de anigye reka ɔhwɛfo kwantufo foforo ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Paul ne ne yere bɛtraa yɛn nkyɛn. Wɔboaa yɛn baanu nyinaa wɔ yɛn aware abusuabɔ ne asɛnka mu nso. Osii hia a asɛnka ho hia no so dua bere nyinaa.”
Ignatio kae nea ɛbae bere a Paul ne asafo mu mpanyimfo ne asomfo hyiae wɔ ne nsrahwɛ a etwa to no mu no. Ignatio se: “Bere a mekae sɛ ɛsɛ sɛ mitwa asɛnka so saa anɔpa no na mekosiesie me ho ma ɔfã a mewɔ wɔ nhyiam no dwumadi mu no, Paul kae sɛ, sɛ mintumi nka ne ho ne no nkɔ mpo a, ɔbɛkɔ asɛnka sɛnea yɛahyehyɛ no. Ɔkaa saa no, me nso misii gyinae sɛ mɛkɔ. Yehowa hyiraa me gyinaesi no so dɛn ara! Saa anɔpa no, mifii Bible adesua ase, na mprempren nnipa baasia afi mu aba nokware no mu.”—Fa toto 3 Yohane 4 ho.
Nkuranhyɛ a Wɔne Wɔn ho Wɔn ho Nya
Bere biara a ɔhwɛfo kwantufo bi bɛkɔ akɔsra mfɛfo Adansefo wɔ Malta no, wɔde ahɔhoyɛ su gye no, na wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya ne nkuranhyɛ ne n’afotu mu mfaso. (Fa toto 3 Yohane 5-8 ho.) Nea afi mu aba ne sɛ Maltafo pii regyina Yehowa Nyankopɔn ne n’Ahenni no afã. Ebeduu 1989 ɔsom afe no awiei no, na supɔw sofo a wɔpɛ ahɔhoyɛ yi mu 389 na wɔayɛ saa. Mprempren wɔaboaboa wɔn ano ayɛ wɔn asafo ahorow anum a emu yɛ hyew (anan wɔ Malta na biako wɔ Gozo supɔw a ɛbɛn hɔ no so), na wɔde akokoduru bɔ asɛmpa no dawuru.
Ahwɛfo akwantufo a wɔama wɔakɔsra Malta nnansa yi mfe mu no ate nka sɛnea ɔsomafo Paulo a ɔkaa eyi kyerɛɛ Romafo Kristofo no yɛe no: “Efisɛ m’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom dom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den.” Wɔn nsrahwɛ no akowie ‘nkuranhyɛ a wɔne wɔn ho wɔn ho nya’ a ɛyɛ ahomeka mu ampa ara. (Romafo 1:11, 12) Bio nso, Yehowa Adansefo Ahenni asɛnka dwumadi no de honhom mu nhyira pii rebrɛ Maltafo a wɔpɛ ahɔhoyɛ no.
[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
GOZO
COMINO
MALTA
Valletta
Mediterranean Sea
8 km
5 mi