Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/1 kr. 20-23
  • Ademude a Ɛsom bo a Yɛka ho Asɛm Kyerɛ Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ademude a Ɛsom bo a Yɛka ho Asɛm Kyerɛ Afoforo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Maame Nhwɛso a Ɛhyɛ Nkuran
  • Bere a miwiee ntoaso sukuu wɔ 1938 mu no, Maame hyɛɛ me nkuran sɛ minsua krakyedwuma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahwɛ me ho sɛ ɔkwampaefo (edin foforo a wɔde bɛfrɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo). Ɛbɛdaa adi sɛ eyi yɛ afotu pa, titiriw esiane sɛ Paapa gyaw yɛn hɔ na ɛkɔbae sɛ na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ankasa ho nti.
  • Yɛn Ademude no a Yɛde Bere Nyinaa Ka ho Asɛm Kyerɛ
  • Botae bi a Yeduu Ho
  • Malta ne Libya
  • Dwumadi Foforo
  • Akwatafo Atrae Hɔ
  • Ademude no Wowaw Me
  • Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Ma Meyɛɛ N’apɛde
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Malta Ahɔhoyɛ De Nhyira Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Misii Me Bo Sɛ Mɛkɔ So Asom Me Bɔfo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/1 kr. 20-23

Ademude a Ɛsom bo a Yɛka ho Asɛm Kyerɛ Afoforo

SƐNEA GLORIA MALASPINA KA KYERƐE

Bere a na yenhu Sicily mpoano bio no, me ne me kunu fii ase de yɛn adwene sii baabi a yɛrekɔ a ɛne Mediterranea supɔw Malta no so. Akwanhwɛ a na ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Bere a hyɛn no faa po no so no, yesusuw osuahu a ɔsomafo Paulo nyae wɔ Malta wɔ afeha a edi kan no mu no ho.—ASOMAFO NO NNWUMA 28:1-10.

NÁ AFE no yɛ 1953, na na Malta nnye Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no ntom. Yewiee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesua no wɔ afe a edii ɛno anim no mu, na wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Italy. Bere a yesuaa Italia kasa bere tiaa bi akyi no, na yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu nea ɛda hɔ retwɛn yɛn wɔ Malta.

Ɛyɛɛ dɛn na me, sɛ ababaa no, mebɛyɛɛ amannɔne asase so ɔsɛmpatrɛwfo? Ma menkyerɛkyerɛ mu.

Maame Nhwɛso a Ɛhyɛ Nkuran

Bere a na yɛn abusua no te Fort Frances, Ontario, Canada wɔ 1926 mu no, me maame gyee Millions Now Living Will Never Die nhomawa no bi fii obi a na ɔyɛ Bible Suani (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) hɔ. Ɔde anigye kɛse kenkanee, na saa dapɛn no ara ɔkɔɔ kuw Bible adesua bi a wɔde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma na ɛyɛ ase. Ná Maame yɛ obi a n’ani gye Bible akenkan ho yiye, na ogyee Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no toom sɛ ademude a na ɔrehwehwɛ. (Mateo 6:33; 13:44) Ɛmfa ho sɛ Paapa sɔre tiaa no denneennen, na afei nso na ɔwɔ mmabaa nketewaa baasa a ɔrehwɛ wɔn no, ogyinaa pintinn wɔ nea na ɔresua no mu.

Gyidi a enhinhim a Maame daa no adi wɔ mfe 20 a edi hɔ mu no maa me ne me nuabeanom mpanyimfo baanu, Thelma ne Viola, adwene baa asetra a enni awiei wɔ trenee wiase foforo mu ho anidaso a ɛyɛ nwonwa no so. (2 Petro 3:13) Ohyiaa sɔhwɛ a na emu yɛ den pii, nanso yɛn adwene mu anyɛ yɛn nãã da wɔ teɛ a ɔkwan a wapaw no teɛ no ho.

Wɔ 1931 mu, bere a na madi mfe du pɛ no, yetu kɔtraa afuw bi mu wɔ Minnesota, U.S.A., kusuu fam. Ɛhɔ no, na yɛne Yehowa Adansefo ntam fekubɔ atetew, nanso Bible nkyerɛkyerɛ a yenya fii Maame hɔ no ammɔ yɛn. Sɛnea otuu ne ho sii hɔ somee sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo anaa bere nyinaa ɔsomfo no kanyan me maa minyaa ɔpɛ sɛ me ne no bɛyɛ saa adwuma no. Wɔ 1938 mu no, me ne me nuabeanom baanu no yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne denam asubɔ a yegyee wɔ Duluth, Minnesota, no so.

Bere a miwiee ntoaso sukuu wɔ 1938 mu no, Maame hyɛɛ me nkuran sɛ minsua krakyedwuma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahwɛ me ho sɛ ɔkwampaefo (edin foforo a wɔde bɛfrɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo). Ɛbɛdaa adi sɛ eyi yɛ afotu pa, titiriw esiane sɛ Paapa gyaw yɛn hɔ na ɛkɔbae sɛ na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ankasa ho nti.

Yɛn Ademude no a Yɛde Bere Nyinaa Ka ho Asɛm Kyerɛ

Awiei koraa, mitu kɔɔ California, na wɔ 1947 mu no, mifii akwampae adwuma no ase wɔ San Francisco. Bere a na yɛreyɛ adwuma de ayɛ ahosiesie ama “Amanaman Nyinaa Ntrɛwmu” Nhyiam no wɔ Los Angeles no, mihyiaa Francis Malaspina. Botae koro a na yɛn baanu nyinaa wɔ sɛ yɛbɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no maa yefii ase nyaa ɔdɔ maa yɛn ho. Yɛwaree wɔ 1949 mu.

Wɔtoo nsa frɛɛ me ne Francis sɛ yɛmmra Gilead adesuakuw a ɛto so 18 no bi, wɔ September 1951 mu. Wɔ asram anum ntetee a etu mpɔn akyi, ɛda a na yɛrewie adesua no a ɛne February 10, 1952 no, Nathan H. Knorr, a na ɔyɛ sukuu no titrani, bobɔɔ aman a wɔde yɛn rebɛkɔ mu no din nnidiso sɛnea nkyerɛwde a wɔde kyerɛw ebiara no te. Bere a ɔkae sɛ, “Italy, Onua ne Onuawa Malaspina” no, na yɛresusuw akwantu no ho dedaw!

Adapɛn kakraa bi akyi no, yɛtraa po so hyɛn no mu wɔ New York kɔɔ Genoa, Italy, a na ɛyɛ dadu akwantu no. Giovanni DeCecca ne Max Larson a na wɔka Brooklyn adwumayɛbea ti no adwumayɛfo ho no baa hyɛn gyinabea hɔ begyaa yɛn kwan. Yeduu Genoa no, asɛmpatrɛwfo a na wonim ɔbrɛ dodow a obi reba ɔman no mu a ɔfa mu no behyiaa yɛn kwan.

Bere a yɛn ani gyee biribiara a yehui ho no, yɛtraa keteke mu kɔɔ Bologna. Bere a yeduu hɔ no, sɛnea yehuu kurow no ne sɛ na atopae a wɔtotowee wɔ Wiase Ko II mu no ama ɛhɔ da so ara yɛ tan. Nanso na nneɛma a ɛyɛ anigye pii nso wɔ hɔ, te sɛ kɔfe a wɔretõtõ a ɛyɛ huam a wɔte ne pampan anɔpa ne abom a wɔde atomde agu mu ma eyi hua a wɔreyɛ de adi mmɔre aduan a egu ahorow pii no.

Botae bi a Yeduu Ho

Yɛde asɛm a wɔka kyerɛ a yesua guu yɛn tirim na efii ɔsom adwuma no ase, na na yɛka no mpɛn pii kosi sɛ onii no begye atom anaa ɔbɛka ne pon atom. Ɔpɛ a yenyae sɛ yɛbɛkasa akyerɛ nkurɔfo no kaa yɛn maa yesuaa kasa no yiye. Asram anan akyi no, wɔmaa yɛkɔɔ asɛmpatrɛwfo fie foforo mu wɔ Naples.

Saa kurow kɛse yi agye din esiane mmeae a ɛhɔ yɛ fɛ a ɛwɔ hɔ nti. Yɛn ani gyee ɔsom adwuma a yɛyɛe wɔ hɔ no ho, nanso asram anan bio akyi no, wɔmaa me kunu dwumadi sɛ ɔnkɔyɛ ɔmansin, anaa akwantu adwuma, nkɔsrasra asafo ahorow fi Roma kosi Sicily. Bere kɔɔ so no, yɛkɔsrasraa Malta ne Libya a ɛwɔ Afrika Kusuu fam nso.

Ná akwan a yɛde keteke tutu fi Naples kɔ Sicily wɔ saa mfe no mu gye honam fam ahoɔden. Ná yɛtra keteke a ayɛ ma be mu, na yegyinagyina mfinimfini a nnipa akyere so wɔ hɔ no, ma ɛtɔ da bi a edi nnɔnhwerew asia kosi awɔtwe. Nanso, ɛmaa yenyaa hokwan kɛse de huu sɛnea nnipa a yɛwɔ wɔn mu no te. Mpɛn pii no, na nkurɔfo de toa kɛse a bobesa wom a wokura no yɛ agua, na ne wuranom nom bi wɔ bere ne bere mu de dwudwo wɔn sukɔm ano wɔ akwantu a egye bere tenten no mu. Ná akwantufo a wɔwɔ adamfofa su taa ma yɛn wɔn paanoo a ɛnam hyehyem no bi, ahɔhoyɛ su a ɛma abotɔyam a yɛn ani sɔe.

Wɔ Sicily no, na anuanom behyia yɛn gye yɛn nnaka kura ma yɛde nnɔnhwerew abiɛsa ne fã foro mmepɔw kɔ asafo a ɛwɔ atifi hɔ no mu. Ná ayamye mu a yɛn nuanom Kristofo fi ma yɛn akwaaba no ma yɛn werɛ fi yɛn brɛ. Ɛtɔ da bi a na yɛtra afurum a wɔn nan gye fam so, nanso yɛantwa yɛn ani anhwɛ amena donku donku no mu da, faako a sɛ afurum no hintiwii biako pɛ a, anka yɛbɛkɔ akɔtɔ no. Bible mu nokware a yɛn nuanom gyinaa akyi pintinn, ɛmfa ho sɛ na wohyia nsɛnnennen no, hyɛɛ yɛn den, na ɔdɔ a woyii no adi kyerɛɛ yɛn no maa yɛdaa ase sɛ yɛne wɔn wɔ hɔ.

Malta ne Libya

Bere a yɛn nuanom a wɔwɔ Sicily ho nkae ayɛ yɛn adwene mu ma no, yɛfaa hyɛn kɔɔ Malta. Ɔsomafo Paulo hyiaa nnipa ayamyefo wɔ hɔ, na yɛn nso saa ara. Ahum bi a etui wɔ St. Paul’s Bay maa yehuu asiane a na ahyɛn nketewa hyia wɔ afeha a edi kan no mu. (Asomafo no Nnwuma 27:39–28:10) Ná Libya nso da yɛn anim a yɛbɛkɔ hɔ. Ná ebesi yɛn dɛn wɔ Afrika man a na wɔabara yɛn dwumadi no wɔ hɔ no mu?

Yɛkɔtoo amammerɛ foforo koraa wɔ hɔ nso. Sɛ yɛnam Tripoli akwan a wɔayeyɛ mpata wɔ nkyɛn nkyɛn so wɔ kurow no aguadibea hɔ a, na nneɛma a mihu ne nnyigyei a mete no gye m’adwene. Mmarima hyehyɛɛ ntade a wɔde afurum nhoma anwene de bɔɔ wɔn ho ban fii Sahara Anhweatam so hɔ awia a ano yɛ den no mu awiabere, ne anadwo awɔw no ho. Yesuae sɛ yɛbɛte sɛnea nkurɔfo yɛ nsakrae ma ɛne baabi a wɔte no wim tebea hyia no ase na yɛakyerɛ obu wɔ ho.

Nsiyɛ a anuanom fi anifere mu daa no adi no kyerɛɛ yɛn nneɛma pii wɔ Yehowa a yɛde yɛn ho bɛto no so kɛse na yɛadi wɔn a wɔwɔ asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ tebea a ɛtete saa mu ho nimdeɛ pii no afotu akyi ho. Ná yɛn Kristofo anuanom no fi aman ahorow ahorow mu; nanso wɔde biakoyɛ yɛɛ adwuma wɔ ɔsom a wɔde maa Yehowa no mu.

Dwumadi Foforo

Esiane ɔsɔretia a yehyiae wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu nti, na ɛsɛ sɛ yefi Italy, nanso yɛde anigye gyee asɛnka dwumadi foforo toom wɔ Brazil wɔ 1957 mu. Me ne Francis yɛɛ nsakrae maa ɛne ɛhɔ asetra ne amammerɛ ahorow hyiae, na asram awɔtwe akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ Francis sɛ ɔmmɛyɛ ɔmansin adwuma. Ná yɛfa bɔs, wimhyɛn, anaasɛ yɛnantew. Saa ɔman kɛse a emu yɛ fɛ yi bɛyɛɛ te sɛ asase ho adesua bi maa yɛn.

Ná yɛn mansin a edi kan no de yɛn kɔ asafo ahorow du mu wɔ São Paulo kurow mu, ne afei nkurow nketewa du a na ɛwɔ ɔman no mfinimfini fam ne kesee fam mpoano wɔ São Paulo mantam no mu. Ná asafo biara nni saa nkurow no mu saa bere no. Ná yɛhwehwɛ baabi tra, na yɛasoɛ akyi no, yɛde Ahenni asɛm no kɔ afie afie. Yegyigyaw nkrataa nso de too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛhwɛ Ɔwɛn Aban Asafo no sini ahorow a ɛma nimdeɛ no biako.

Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde mfonini ahorow, afiri a wɔde yi sini, afiri a ɛma anyinam ahoɔden kari pɛ, nkrataa, nhoma ahorow, nkratawa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo, ne ade a wɔde tintim baabi a wobeyi sini no akyerɛ wɔ krataa so no, bɛtra bɔs mu. Sɛ yɛde yɛn adaka ketewa a ntade wom no toto nneɛma a aka no ho a, na esua koraa. Ná ɛsɛ sɛ yɛde afiri a wɔde yi sini no si yɛn nan so sɛnea ɛbɛyɛ a akwan a ɛso mmonkyemmɔnka no so akwantu mma emmubu.

Bere a yɛanya baabi a yebeyi sini no akyi no, yɛkɔ afie afie kɔkyekyɛ nkratawa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba sini no ase. Ɛtɔ da bi a na wɔma yɛn kwan ma yeyi sini no wɔ adidibea anaa ahɔhodan bi mu. Mmere afoforo nso, na yɛde nnua abien sisi hɔ twe ntama mu kyekyere ho wɔ petee mu. Ná wɔn a wɔde anisɔ bɛhwɛ a na wɔn mu pii nhwɛɛ sini a ahokeka wom pɛn no gyinagyina hɔ, na wɔyɛ dinn tie bere a Francis kenkan ɛho nsɛm kyerɛ no. Ɛno akyi no, yɛkyekyɛ Bible ho nhoma ahorow.

Sɛ yɛrekɔ nkuraase a, na yɛfa bɔs. Ná atwene nneda nsubɔnten no bi so, enti na wɔde bɔs no si dampare kɛse so ma ɛtɛn nsu no ani de twa kɔ ɔfã nohoa. Wɔhyɛɛ yɛn nyansa sɛ yensi mfi bɔs no mu, na sɛ yehu sɛ bɔs no repa akɔtɔ asubɔnten no mu a, yenhuruw nkɔ dampare no fã nohoa na yɛankɔtɔ nsu no mu. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn bɔs antɔ asubɔnten no mu da—ná eye, titiriw esiane sɛ na wonim asubɔnten no sɛ adom a wɔwe nam wom nti!

Bere a yɛkɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛɛ no 1958 mu wɔ New York akyi no, yɛsan baa Brazil, na ankyɛ na yefii akwantu adwuma no ase bio. Yɛn mantam no de yɛn koduu Uruguay hye no so wɔ kesee fam, Paraguay a ɛwɔ atɔe fam, Pernambuco mantam a ɛwɔ kusuu fam, ne Atlantic Po no wɔ Brazil atɔe fam.

Akwatafo Atrae Hɔ

Wɔ 1960 mfinimfini no, yegyee nsa a wɔto frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyi Asafo ti no sini ahorow no biako wɔ akwatafo atrae bi no toom. Nokwarem no, na misuro kakra. Ná yenni kwata ho nimdeɛ biara, gye sɛ nea yɛakenkan afi Bible mu no nkutoo. Bere a yeduu faako a na wɔwɔ a na wɔaka dan no ho fitaa no, wɔde yɛn kɔɔ asa kɛse bi so. Ná wɔde ahama agye mfinimfini hɔ baabi ama yɛne yɛn nneɛma no.

Anyinam ahoɔden ho dwumadifo a ɔbɛboaa yɛn no yɛ obi a na ɔte atrae hɔ a na wadi mfe 40. Ná wahwere ne nsa fi ne bakɔn ne ne nipadua afã afoforo ma adi no dɛm kɛse. Mfiase no me ho dwiriw me, nanso ne su ne ahokokwaw a ɔde yɛɛ n’adwuma no maa me ho san me. Ankyɛ na yefii ase bɔɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ bere a yɛde nneɛma a ɛho hia totoo yiye no. Nnipa apem a na wɔwɔ yare no bi wɔ atrae hɔ no mu bɛboro ahanu na wɔbae. Bere a wɔbae a na wɔretɔ gu so no, yehuu ɔyare a na ayɛ wɔn no afã horow pii. Osuahu a ɛyɛ awerɛhow a ɛkaa yɛn bɛn ara ni!

Yesusuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ kwatani bi a ɔsrɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi” no ho. Bere a Yesu de ne nsa kaa ɔbarima no, ɔmaa no awerɛhyem sɛ, “Mepɛ, wo ho mfi!” (Mateo 8:2, 3) Bere a dwumadi no baa awiei no, nnipa pii baa yɛn nkyɛn bɛdaa yɛn ase sɛ yɛbaa hɔ, na wɔn nipadua a adi dɛm no dii amanehunu kɛse a adesamma hyia no ho adanse kɛse. Akyiri yi, Adansefo a wɔwɔ hɔ no ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wosua pii no suaa Bible no.

Wɔ 1967 mu no, yɛsan kɔɔ United States kɔyɛɛ aduru wɔ ɔyare kɛse bi a ɛyɛɛ yɛn ho. Bere a yɛkɔɔ so dii eyi ho dwuma no, yɛsan nyaa hokwan kɔyɛɛ ɔmansin adwuma. Mfe 20 a edi hɔ no, me ne Francis boom yɛɛ akwantu adwuma no wɔ United States. Saa bere no, na ɔkyerɛ ade wɔ Ahenni Ɔsom Sukuu no nso mu.

Hwɛ nkuranhyɛ ara a minyae sɛ na mewɔ okunu a ɔwɔ ɔdɔ, ne ɔhokafo nokwafo a odii asɛyɛde biara a wɔde maa no ho dwuma! Me ne no nyinaa nyaa hokwan kɔkaa ademude a ɛne Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛe wɔ asasepɔn anan afã horow so.

Ademude no Wowaw Me

Wɔ 1950 mu no, Maame waree David Easter, onua nokwafo bi a wɔbɔɔ no asu wɔ 1924 mu. Wɔboom yɛɛ bere nyinaa som adwuma no mfe pii. Nanso, wɔ Maame mfe a etwa to mu no, Alzheimer ɔyare fii ase daa adi wɔ ne ho. Obehiaa ɔhwɛ kɛse esiane sɛ ɔyare no nti na ontumi nsusuw nneɛma ho yiye nti. Me nuabeanom a na wɔwɔ ahofama ne David na wodii asɛyɛde kɛse a ɛne ɔhwɛ a wɔde maa no no ho dwuma, efisɛ na wɔmpɛ sɛ yegyae hokwan soronko a yɛanya sɛ yɛreyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no. Maame nokwaredi ho nhwɛso a ɔyɛ kosii ne wu mu pɛɛ wɔ 1987 mu no na ɛboae kɛse ma yɛfaa asetra kwan a yɛpawee no so, na anidaso a na ɔwɔ sɛ obenya ɔsoro akatua no kyekyee yɛn werɛ.

Eduu 1989 no, na mitumi hu sɛ Francis ho nyɛ den pii sɛnea kan na ɛte no. Ná yennim sɛ schistosomiasis, ɔyare bi a wonim no yiye wɔ wiase mmeae pii, afi ase reyɛ no. Wɔ 1990 mu no, saa ɔtamfo a ne ho yɛ den yi dii no so, na mehweree me hokafo a medɔ no a na me ne no asom Yehowa bɛboro mfe 40 no.

Nsakrae a wɔyɛ yɛ asetra fã. Ebi yɛ mmerɛw, na ebi nso yɛ den. Nanso Yehowa, ademude a ɛkyɛn so a ɛne Bible mu nokware no Mafo, nam n’ahyehyɛde no ne m’abusuafo dɔ ne wɔn nkuranhyɛ so wowaw me. Meda so ara nya abotɔyam bere a m’ani da so sɛ Yehowa bɔhyɛ a enni huammɔ no nyinaa bɛbam no.

[Kratafa 23 mfonini]

Bere a na me ne me kunu yɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Italy no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena