Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 6/8 kr. 11-12
  • So Ntease Wɔ Nea Wɔka No Mu Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ntease Wɔ Nea Wɔka No Mu Anaa?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yehia Onyankopɔn wɔ Nkate mu Anaa?
  • Na Adwene mu Nso Ɛ?
  • So Wobetumi de Adannandi Asi Onyankopɔn mu Gyidi Ananmu Anaa?
  • Adannandi mu a Wɔhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Adannandi Ne Bible No Hyia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɛsɛ sɛ Migye Adannandi Di?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
Nyan!—1980
g80 6/8 kr. 11-12

So Ntease Wɔ Nea Wɔka No Mu Anaa?

SO WUGYE di sɛ onipa betumi atra ase a ɔmmfa ne ho nnto Onyankopɔn so? Ɛbɛyɛ nokware sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so. Nanso so odi nkonim wɔ eyi mu?

Nea wuhu sɛ ɛrekɔ so wɔ wiase no mu no fi mmɔden a onipa bɔ sɛ ɔbɛtra ase a ɔmmfa no ho nnto Onyankopɔn so. Ɛyɛ nokware, wiase no mu atumfoɔ no mu binom ka sɛ wɔyɛ gyidifo; nanso France nyansafo Voltaire kae wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Wiase yi mu nnipa a agye din kɛse no mu pii traa ase sɛ wɔn a wonnye Onyankopɔn nni. . . . Onyankopɔn ho nimdeɛ, wɔ a ɔwɔ hɔ ne n’atɛntrenee annya nkɛntɛnso ketewaa bi koraa wɔ akodi, apam horow, wɔn atirimpɔw, nea wɔn ani gye ho anaasɛ wɔn anigyede a wodii akyi anaa wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no so.”

Dɛn ne aba a saa ‘ase a wɔtra sɛ wɔn a wonnye Onyankopɔn nni’ no asow? Ɔkɔm, nhyɛso, nsɛmmɔnedi, ɔyare ne anigye a enni hɔ. Adesamma asetra kɔ so sɛe denam asase ne wim ne nsu mu fi a wɔyɛ ne nnipa dodow a wɔdɔɔso boro so so. Atesɛm krataa bi a wɔkyerɛw no March 6, 1977 bobɔɔ nsase horow bi a nnipa a wɔwom no dodow a wɔaka abom yɛ wiase nyinaa mu nnipa mu nkyem anan mu biako din, a na wɔ saa da pɔtee no so no saa ɔman no de ne ho ahyɛ akodi ne ntawtawdi mu.

Bible no si so dua sɛ onipa rentumi nni ne ho so wɔ nkonimdi mu a mmoa nka ho. Ɛkae wɔ Yeremia 10:23 sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Nsɛm a ɛrekɔ so nnɛ no di saa nokwasɛm no ho adanse. Nanso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ hɔ ma wɔn a wɔhwehwɛ eyi ankasa.

So Yehia Onyankopɔn wɔ Nkate mu Anaa?

Wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no te nka sɛ “wobetumi atra ase . . . wɔ nkate mu . . . a wɔremfa wɔn ho nto Onyankopɔn so.” So ɛyɛ nokware?

Adanse no kyerɛ sɛ wɔbɔɔ onipa sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsom biribi bere nyinaa na saa na n’awosu te. Ɔsom ho nhyehyɛe bi ada adi wɔ anibuei nyinaa mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.

Na dɛn na ɛba bere a nnipa sɔre tia nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn “hiade a wɔde begye adi” no? Ebia wɔbɛdan wɔn ho akɔ sika, tumi, nyansapɛ, amammui mu gyidi horow anaasɛ wɔn ankasa ho som mu. Wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no mpo betumi ayɛ wɔn a wɔsom biribi. Adwene ho nimdefo Stafford-Clark ka faa wɔn a wogyina ho ma kyiri-nyame no ho sɛ: “Wɔn yam a woyi de bɔ eyi ho ban no . . . yɛ adansefo foforo a ɛda adi wɔ sɛnea nkate ho hia wɔ gyidi mu fa no mu.”

Na Adwene mu Nso Ɛ?

So ɛnyɛ nokware sɛ nnipa betumi akyerɛkyerɛ sɛnea nneɛma si fa bae a wɔmmɔ Onyankopɔn din koraa? Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Nhyehyɛe ne akuw horow a wɔreyɛ na wɔapia Onyankopɔn akɔ akyiri no kɔ so ara.

So wopene saa adwene no so anaa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde susuw eyi ho kakra. So eyi fi wo ankasa wo nsusuwii mu anaa? Na “Nyansapɛ ho adwene” a ɛwɔ wiase no mu nnɛ no anya wo so nkɛntɛnso akodu he?

Nyansapɛfo Leslie Dewart a wɔkaa ne ho asɛm wɔ nhoma Religion in a Secular Age no mu no kae sɛ “nyansahu mu nkɔso a wɔanya nnɛ no nya nnipa a wɔwɔ hɔ mprempren . . . no so nkɛntɛnso, te sɛ nea nyamekyerɛ ho adwene nso nyaa tetefo no so nkɛntɛnso wɔ wɔn nna mu no.” Wɔ Mfinimfini Mfe no mu no, na nnipa pii gye Nyankopɔn di. Na su a nnipa a wɔte ase saa bere no kura nen. Afei nso, na ɛyɛ nea asiane wom sɛ obi renyɛ saa! Nanso, wɔn gyidi no taa yɛ nea ntease nnim na ogyina gyidihunu so. Ɛtɔ bere bi a, “nyamekyerɛ ho adenim” a ɛwɔ saa nna no mu no taa siw nkɔso a nyansapɛ benya no kwan. Enti bere a Galileo daa nneɛma a wabɔre ahu wɔ nyansapɛ mu no adi no, anyamesom akwankyerɛfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ‘watwe nea waka no asan sɛ ɛnyɛ nokware (ɛwom sɛ wɔ nokwarem no nea wabɔre akohu no nsɔre ntia nea Bible no ka no.)

Nnansa yi de, tebea no asakra koraa. Ɛnnɛ de, wɔhyɛ obi so na wannye Onyankopɔn anni sɛnea na kan wogye no di no. Asɔfo mpo pow Bible mu nsɛm bi pene nnɛ bere mu adwene horow a wɔde aba, te sɛ adannandi so. Wɔn mu binom mpo pow Bible mu abrabɔ pa ho gyinapɛn no, na wɔpene nneɛma te sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da ne aguamammɔ so.

So tebea horow a ɛte sɛɛ, sɛ́ ɛyɛ tete de, anaa nnɛ bere mu de no teɛ? Wɔ nokware a ɛyɛ sɛ tete gyidihunu no nteɛ no mma nnɛ bere mu honam fam ade dodow akyi a nnipa di no nyɛ nea ɛteɛ. Sɛ nhwɛso no, Dr. Wernher von Braun, Amerika ɔsraman ho nimdefo kɛse no yɛ obi a wɔkyerɛ sɛ ɔkae sɛ “ɛyɛ den ma me sɛ mɛte nyansapɛfo bi a onnye nni sɛ tumi kɛse bi na ɛhyɛ amansan nyinaa a ɛwɔ hɔ no akyi, sɛnea ɛte ma me sɛ mɛte nyamekyerɛ ho ɔdenimfo bi a ɔmpɛ sɛ ɔpene so sɛ nyansapɛ wɔ hɔ no ase.”

So Wobetumi de Adannandi Asi Onyankopɔn mu Gyidi Ananmu Anaa?

Ansa na Darwin de ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa adannandi ho no reba ma agye din no, na nea nnipa pii ka ne sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, efisɛ wontumi mfa ɔkwan biara so nkyerɛkyerɛ nea enti a nneɛma a wɔabɔ no wɔ hɔ no ase. Nanso bere a wɔpenee adannandi nkyerɛkyerɛ no so pɛ na pii tee nka sɛ ɛnde na ɛho nhia sɛ wonya Onyankopɔn mu gyidi bio.

Nanso, sɛ wugye adannandi di a, ɛnde ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wubehu asɛm bi a epuei wɔ Harper’s nsɛmma nhoma a wotintim no nnansa yi a ɛfa nea ɛmaa Darwin nyaa adwene a ɛte saa no ho. So na ɛyɛ nneɛma a ɛwɔ nkwa no mu a wapɛɛpɛɛ yiye ahwɛ anaasɛ tete abotan mu nneɛma wapɛɛpɛɛ mu ahu no ho kyerɛwtohɔ? Wɔkae sɛ Stephen J. Gould, nkwa mfiase ho ɔbenfo a ɔwɔ Harvard University no kae sɛ: “Adannandi a ɛkɔ so nkakrankakra no yɛ nea wodii kan susuw ho sɛ saa na ɛte fi mfiase​—‘wɔanhu’ eyi wɔ abotan mu da; ɛno na ɛdaa amansɛm ne amammui mu adwene horow a na wokura wɔ afeha a ɛto so dunkron no mu no adi.” Wɔ ɔkwan foforo so no, nnipa a Darwin te wɔn mu no nyaa n’adwene so nkɛntɛnso. Wɔkyerɛ sɛ Karl Marx kae sɛ: “Ɔkwan a Darwin fa so hu Engiresifo ne wɔn adwumayɛfo akuw horow, akansi, [ne nea ɛkeka ho] wɔ mmoa ne afifide mu no yɛ nwonwa.”

Ɛnnɛ, nyansahufo pii na wɔn adwenem yɛ wɔn naa na wobisa nsɛm a ɛho hia titiriw fa nokware a nsɛm a wosusuw ka de gyina adannandi akyi no yɛ no ho. Ɛnde dɛn nti na wɔda so ara gye Darwin nkyerɛkyerɛ no di na wogyina akyi? Asɛm a wɔkyerɛwee no kɔɔ so kae sɛ: “Akyinnye a wɔn mu binom gye ne sɛ gyaa a wobegyaa adannandi nkyerɛkyerɛ no mu koraa no bɛma nkurɔfo adwene mu ayɛ wɔn naa sɛ na biribi a ɛte sɛ adannandi nni hɔ koraa mpo. Ɛno nti na akyinnye biara nni ho sɛ wogyina Darwin akyi denneennen no. . . . efisɛ [n’akyidifo] no yɛ wɔn a wodi honam fam nneɛma akyi.”

Nanso pɛ a wɔmpɛ sɛ wosusuw biribi foforo ho no nkyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ adannandi yɛ nea ɛteɛ wɔ ɔkwan biara so.a Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ ahantan a na anyamesom akwankyerɛfo a wɔwɔ Galileo nna mu yɛ no kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ n’asɛm no yɛ nea ɛnyɛ nokware. Nkate ne adwemmɔne a wonya wɔ nneɛma ho betumi afura nyansafo ani te sɛ nea ebetumi afura anyamesom akwankyerɛfo ani no ara pɛ.

Nokware a ɛwom ne sɛ, wɔ nhyɛso a ‘nnɛ bere mufo’ de ba sɛnea ɛbɛyɛ na wobegyaa gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no agu hɔ, na anyɛ yiye koraa no wɔabu ani agu ɛno so no nyinaa akyi no, nnipa pii gye di yiye sɛ Onyankopɔn te ase. Na nyansahu mu nimdeɛ a akɔ anim wɔ yɛn nnɛ da yi mu no ma saa gyidi yi mu yɛ den bere biara.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ ɛbɛyɛ na woahu saa asɛm yi mu yiye no, hwɛ nhoma Did Man Get Here by Evolution or by Creation? no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena