Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 15-16
  • Akyerɛkyerɛfo Wɔ Ntua Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akyerɛkyerɛfo Wɔ Ntua Ase
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwumayɛ mu Asiane Horow
  • Bebree na Wɔretwe Wɔn Ho Afi Ɔko no Mu
  • Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow
    Nyan!—2002
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?
    Nyan!—1982
  • Nsɛm A Akyerɛkyerɛfo Baanu Kae—Nea Enti A Wogyaee Adekyerɛ
    Nyan!—1980
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 15-16

Akyerɛkyerɛfo Wɔ Ntua Ase

Mmɔden a Ebinom Mmmɔ a Wɔde Hyɛ Wɔn Din Ano no Fata Wɔn, Afoforo Nso Hu Amane Kwa. Wɔn Nyinaa Rehu Amane wɔ Wɔn Adwuma Nti.

“Dick ne Jane ntumi nkenkan, wontumi nkyerɛw na wontumi mmu akontaa efisɛ wɔn akyerɛkyerɛfo nso ntumi nyɛ saa.” Eyi ne sobo a The Wall Street Journal bɔe afe yi. Sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde agyina eyi akyi no ɔde nhwɛso horow mae a ɛkyerɛ akyerɛkyerɛfo a wontumi nkyerɛw na nsɛm a wɔkyerɛw no nso wohu mfomso ahorow a ɛyɛ nea wɔspɛl nso wɔ mu. Nsɛm mfuamfua pii wɔ hɔ a wontumi mmɔ din yiye, na wodi mfomso wɔ wɔn akyerɛw mu.

Ɛwom sɛ ɛnte saa wɔ akyerɛkyerɛfo no nyinaa ho de, nanso eyi yɛ nea ɛrekɔ so wɔ ɔman mu no nyinaa mu. Nea afi eyi mu aba ne sɛ wɔrehyɛ akyerɛkyerɛfo so wɔ aman horow mu ma wɔasɔ wɔn ahwɛ bio. Akyerɛkyerɛfo adwumayɛfo kuw no sɔre tia eyi sɛ wɔrehaw wɔn kwa wɔ bere a ɔman mu no mu adesua nyinaa aba fam. Eyi te saa de. Efisɛ nneɛma horow pii wɔ hɔ a ɛhyɛ mmɔden a sukuu ahorow no mmɔ no akyi, na akyerɛkyerɛfo pii wɔ hɔ a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo pa a wɔde adekyerɛ ayɛ wɔn adwuma koraa. Nanso pii wɔ hɔ a wɔnte saa; enti sɔhwɛ horow a wɔyɛ na wɔde ayi wɔn afi adekyerɛ mu no fata saa.

Nanso saa sɔhwɛ horow yi nyɛ den koraa na enhia mmɔdenbɔ biara koraa. Sɛnea New York Post no kae no, ɛyɛ “abofra bi agorudi ara kwa. Engiresi kasa mu sɔhwɛ no yɛ mmerɛw dodo ma akyerɛkyerɛfo nti obi a wakɔ ntoaso sukuu ne obi a ɔyɛ odwumayɛni ara kwa a ɔnkɔɔ ntoaso sukuu a ɔhwehwɛ adwuma betumi afa mu.”

Adwumayɛ mu Asiane Horow

Adwumayɛfo pii hu amane fi nnuru horow a ɛma akisikuru esiane nea wɔde yɛ adwuma no nti na eyi de owu ba wɔn so bere a wɔde mfirihyia 20 kosi 30 ayɛ adwuma no akyi. Saa ara nso na akyerɛkyerɛfo pii hu amane, na ɛtɔ bere bi a wowu mpo. The National Institute of Education bɔɔ amanneɛ bi kyerɛe sɛ ɔsram biara wɔtoa akyerɛkyerɛfo a wɔkyerɛ ɔde wɔ mmofra ne mpanyimfo sukuu ahorow mu no mu 5,200 na wɔde ɔhyɛ gye bɛyɛ 6,000 nneɛma fi wɔn nsam. Wɔboro mmofra no mu 282,000 ɔsram biara; na wogye 112,000 nneɛma fi wɔn nsam ɔsram biara. Wɔn a wodi nsɛmmɔne yi mu dodow no ara yɛ wɔn a wonni sukuu no mu na mmom wofi kurow no mu ba bɛyɛ saa.

U.S. News and World Report, May 21, 1979 de no bɔɔ nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so no mu binom ho amanneɛ sɛ:

“Bere a ne yɔnko sukuu kyerɛkyerɛfo rehwɛ no, obi fi akyi bɛtoaa California kyerɛkyerɛfo bi twee tuo kyerɛɛ no ma oyii ne ntade guu hɔ too no mmonnaa. Bere a ɔbarima no reguan agyaw no no ɔfaa ɔkyerɛkyerɛfo no ntade ne ne sikabɔtɔ nso kaa ho kɔe. Sukuu mmofra no de wɔn ntade katakataa wɔn kyerɛkyerɛfo no ho.

“New Orleans kyerɛkyerɛfo bi nso hwɛe bere a mmofra a wɔyɛ mmarimaa baanu sum abarimaa ketewaa bi fii abansoro bi so bɛhwee fam wui. Ɔkyerɛkyerɛfo yi suro sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ mu efisɛ mmerantewa yi bɛtoa no.

“Ntoaso sukuu mmeawa a wɔwɔ Los Angeles de abufuw paa mankyese hyew wɔn kyerɛkyerɛfo no ti nhwi. Ade tɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no so.”

Wɔabu akyerɛkyerɛfo abaw mu mfe pii sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ sukuu mu no ho amanneɛ Eyi sɛe sukuu no din na ɛsɛe sukuu ahwɛfo no nso din. Obi a ɔyɛ New Jersey boayifo kuw a wɔhwɛ ma wɔbrɛ nsɛmmɔnedi ase no muni bi kae sɛ: “Sukuu mu mpanyimfo no hyɛ wɔn adwumayɛfo so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabu wɔn ani agu basabasayɛ a ɛyɛ aniberesɛm a ɛrekɔ so wɔ sukuu mu no so.” Sɛ sukuufo nim sɛ wɔn basabasayɛ bɛma polisifo aba hɔ a ɛbrɛ wɔn basabasayɛ no ase ntɛm ara.

Bebree na Wɔretwe Wɔn Ho Afi Ɔko no Mu

Akyerɛkyerɛfo pii hu amane wɔ tebea a ɛwɔ sukuu mu no nti, na ebinom yare wɔ eyi mu te sɛ asraafo a wonya ɔko mu ɔyare horow no ara pɛ. Ebinom bɔ mmɔden de nneɛma horow hyehyɛ wɔn ho de bɔ wɔn ho ban. Nanso akyerɛkyerɛfo pii wɔ hɔ a wobu wɔn ani gu eyi so a wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ mu. Enti nea wɔyɛ ne sɛ wogyae wɔn adwuma no koraa. Eyi ama akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwa no mu pii agyae adekyerɛ. Eyi ma mmofra no hwere ade, wɔn awofo hwere ade, sukuu no ne ɔmanfo nyinaa hwere ade. Wɔn nso wɔhwere ade. Wɔn nyinaa ka ho bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena