Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 19-22
  • Nsɛm A Akyerɛkyerɛfo Baanu Kae—Nea Enti A Wogyaee Adekyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm A Akyerɛkyerɛfo Baanu Kae—Nea Enti A Wogyaee Adekyerɛ
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Na Ɛte
  • Sɛnea Ɛte Nnɛ
  • Sɛnea Ɛbɛyɛ Daakye
  • Awofo a Wɔde Wɔn Bere Mu Fa Yɛ Adwuma
  • Fɛwdifo a Wɔwɔ Klas Hɔ Fi Afie a Emu Apaapae Mu
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?
    Nyan!—1982
  • Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow
    Nyan!—2002
  • Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
    Nyan!—1996
  • Biako a Wɔne Sukuu Nhyehyɛe no Bɛyɛ
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 19-22

Nsɛm A Akyerɛkyerɛfo Baanu Kae​—Nea Enti A Wogyaee Adekyerɛ

“Miduu faako a na afei de mede osuro hyia mmofra a mekyerɛ wɔn ade no, na mihui sɛ bere adu sɛ ɛsɛ sɛ migyae.”

WƆN a wɔyɛ ntetee ho adwuma no de mfe pii abɔ mmɔden sɛ wobenya ɔhaw no ano aduru. “Dɛn nti na Kofi ntumi nkenkan?” Saa bere no ara mu no na Kofi nso rebɔ mmɔden sɛ obedi nhoma a ekura no no so nkonim. Nanso mpɛn pii no Kofi taa hyia nkogu fi mfiase esiane sɛ wɔsesa akyerɛkyerɛfo no mu baanu anaa baasa wɔ afe a edi kan no mu nti. Enti bere a Kofi repere sɛ obedi n’akenkan no so nkonim no, na wɔn a wɔyɛ ntetee ho adwuma no nso ahaw wɔ akyerɛkyerɛfo a woguan nti no ho. Afei nso dɛn nti na akyerɛkyerɛfo ntumi nkyerɛ ade bio?

Dɛn na ɛrekɔ so wɔ adekyerɛ adwuma no mu? Dɛn nti na akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ osuahu na wɔahyira wɔn so ama wɔn adwuma no regyae adekyerɛ? Me nso wobisaa me saa asɛm no ara. Bere a migyaee adekyerɛ akyi boro mfirihyia 10 ansa na meregyae adwumayɛ koraa.

Sɛnea Na Ɛte

Mifi akyerɛkyerɛfo abusua mu. Sɛ́ abofra a mede m’agode ahorow yɛ sukuu ho ɔyɛkyerɛ no, na mehwɛ bere a me nso saa agode ahorow no bɛdan m’ankasa me mmofra a mekyerɛkyerɛ wɔn ade wɔ sukuu dan mu. Wɔ bere a ɛsɛ mu no mebɛyɛɛ saa, sɛ obi a ɔkyerɛ klas

Mifii adekyerɛ ase bere a sukuu afe no afi ase akyi asram abiɛsa, na na me ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔto so abiɛsa a klas 3 mmofra no anya. Mmofra no de anigye bɔɔ me amanneɛ saa na metee sɛ ɛnne ketewaa bi reka sɛ, “Yɛpam baanu no fii ha kɔe.” Mibuu m’ani guu nea ɔkae no so na mifii ase sɛ me ne wɔn bɔ nkɔmmɔ fa mmoa a wɔwɔ wɔn afie horow mu no ho. Meyɛɛ aso tiee wɔn bere a oyi ka aboa a ɔwɔ ne fie no ho asɛm kyerɛ na ɔfoforo nso ka sɛnea ne de ye kyɛn ɔfoforo de ne nea ɛkeka ho no. Awiei no mibisaa abarimaa ketewaa bi sɛ, “Sɛ wo kraman huruw ba wo so na sɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo di agoru, na wompɛ sɛ wo ne no di agoru a, dɛn na woyɛ?”

“Oo, misum no kɔ nkyɛn.”

“Nanso sɛ wusum no na sɛ ɔkɔ na wansan amma bio ɛ?”

“Ɔnyɛ saa da.”

“Dɛn ntia?”

“Efisɛ ɔpɛ m’asɛm!”

Enti mebrɛɛ me nne ase kaa no brɛoo kyerɛɛ abofra no sɛ: “So wunim biribi? Bere a matie mo nyinaa no, minim sɛ mɛpɛ mo nyinaa nso asɛm. Merebɛyɛ sɛ saa ɔkraman no. Ɛyɛ a mɛma moasunsum me kakra; nanso, esiane sɛ mepɛ mo asɛm nti, merempɛ sɛ mobɛpam me koraa. Moate ase?”

Saa bere no mu na midii wɔn so nkonim. Eyi yɛ bere a na Wiase Nyinaa Ko II afi ase.

Sɛnea na ɛte wɔ akyerɛkyerɛfo nyinaa ho no, mewɔ adesua bi a m’ani gye ne kyerɛ ho yiye. Nea m’ani gye ho titiriw ne “Wiase Atumfo no Sɔre ne Wɔn Asehwe,” a ɛwɔ klas 6 mmofra no adesua mu no. Sɛnea na nhoma no ne Bible mu abakɔsɛm hyia fa no yɛɛ me nwonwa. Akyerɛkyerɛfo nhoma a mewɔ a ɛne Living in the Old World, (Wiase Dedaw no mu Tra) no mpo hyɛ nyansa sɛ yɛmma mmofra no nkenkan Nebukadneser ne n’adaeso no ho asɛm mfi Daniel ti 2 a ɛfa wiase ahenni horow no sɔre ne wɔn asehwe no ho.

Saa bere no yɛ anigye bere, na adekyerɛ yɛ dɛ. Bere twam ntɛmntɛm na nea ɛboro mfirihyia du atwam dedaw efi bere a migyaee adekyerɛ bɛyɛɛ ɛna no.

Mfirihyia aduosia no awiei bere mu na mesan kɔɔ sukuu dan mu bio. Ɛsɛ sɛ anigye a na bere bi mewɔ no yɛ kɛse afei, esiane sɛ m’ankasa me ba kɔ sukuu nti. Nanso nsɛm asakra koraa!

Sɛnea Ɛte Nnɛ

Obu a wonni no da adi wɔ biribiara mu ma ɛyɛ hu. Asuafo no nni obu biara ma akyerɛkyerɛfo no; nanso, ɛyɛ a akyerɛkyerɛfo nkumaa no yi saa su no ara adi kyerɛ akyerɛkyerɛfo mpanyimfo no. Nteɛso a na kan ɛwɔ sukuu ahorow mu no yɛ nea afei de ayera korakora. M’adwenem yɛɛ me naa. Efisɛ na minnye nea mihu no nni, titiriw nsɛm funu a efi mmofra a wɔadi mfirihyia 11 anom ba no nti. Enti miduu faako a afei de mede osuro hyia sukuufo no, da biara da, na mihui sɛ bere adu a ɛsɛ sɛ migyae adekyerɛ.

Misii gyinae sɛ mebisabisa kan akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo no mu binom a me ne wɔn kyerɛɛ ade no asɛm. Ne afei nso me kan sukuu mmofra a afei de wɔanyinyin awo mma a wɔkɔ sukuu no asɛm.

Nea wɔkae ne sɛ eyi fi nteɛso a ayera nti. Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Sɛ wutumi nantew fi ɔdan no ntweaa biako kosi n’anafoɔ na sɛ woamfa wo ho anhyɛ ntɔkwaw mu a, ɛnde wobɛda ase sɛ woadi nkonim saa da no.”

Nea ɔkae sɛ ama nteɛso asɛe no gu ahorow, nanso wɔn nyinaa kae sɛ, “efi obu a wonni mma tumidi” nti na ama aba saa. Sukuu akyerɛkyerɛfo mpanyimfo no mu biako kae sɛ: “Mmofra pii na wosua sɛ wɔn awofo nni obu biara mma nniso no ansa na wɔreba sukuu na wɔn mu pii nnye Onyankopɔn nni.

Enti, wɔ abofra no fam no, wɔn awofo ne tumidi a ɛkorɔn kyɛn biara. Sɛ mmofra mmu wɔn awofo a, na ɛhefa na yɛn a yɛyɛ akyerɛkyerɛfo no begyina?”

Mibisaa obi a ogu so kyerɛ ade a wanya bɛyɛ sɛ mfirihyia 25 wɔ adekyerɛ mu no asɛm faa abrabɔ pa so dua a wosi no ho. Ɔbea yi kae sɛ akyerɛkyerɛfo nkumaa no nsusuw asɛm no ho wɔ ɔkwan a akyerɛkyerɛfo a wɔanyinyin no yɛ no no so, na ɛsɛ sɛ akwankyerɛfo a wɔanya osuahu no hwɛ yiye na wɔanna wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anyamesomfo dodo. Wɔn mu biako kae sɛ: “Bere a woyii mpaebɔ fii sukuu adeyɛ mu pɛ na yɛn a yɛyɛ akyerɛkyerɛfo no yeraa mpae a yɛbɔ no.”

Wɔn mu pii te nka sɛ atadehyɛ ho gyinapɛn a wɔbrɛɛ no ase no sɛee nteɛso a ɛwɔ sukuu mu no koraa. Asɛm bi a obi kae a ɛyɛ anigye ne sɛ: “Ɛno na afei wofii ase susuw ade ho sɛnea wosiesie wɔn ho pɛpɛɛpɛ. Bere a yesusuw sɛ wɔrenyɛ saa ade bɔne yi bio no, ɛno akyi pɛ na wofii ase sɛ wobesiesie wɔn ho te sɛ nea wosusuw ade ho.” Akyerɛkyerɛfo nyinaa pene so sɛ “sɛ ahosiesie no ye a, na osuani no nso ye.” Ɔkyerɛkyerɛfo biako dii fɛw kae sɛ: “Sɛ wɔde wɔn ntadefĩ no tra ase a wɔabuebue wɔn bɔton nyinaa no a, adwene a wunya ara ne sɛ, anim a wɔayɛ a wɔde rehwɛ wo no yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wonsiesiee wɔn ho mmaa adesua ɛ.”

Sɛnea Ɛbɛyɛ Daakye

Bere a saa nsɛm yi kyerɛ su bɔne a ɛkɔ so wɔ sukuu ahorow mu no, ɛno nkyerɛ sɛ na asuafo no nyinaa yɛ atuatewfo. Meka kyerɛ wɔn a yɛdɔ wɔn na yɛn ani gye wɔn ho no sɛ: “Mo nti na akyerɛkyerɛfo da so wɔ sukuu mu. Wiase a ɛresakra no anya mo nyinaa so nkɛntɛnso.” Kan osuani bi de asɛm no baa awiei sɛ: “Efi mfirihyia aduosia no mfiase mu reba na wiase no dan sɛ afiri bi a nea ɛdannan no no abu a afei de entumi nnyina bio a ɛwosow biribiri. Ɛma wususuw ho bere nyinaa sɛ so da bi ebetumi agyina dinn bio anaa.”

Ade a misuae wɔ klas 6 no kaee me wiase tumi horow no aperententu, wɔn sɔre ne wɔn asehwe de besi mprempren de yi​—a ɛno nso ɛrewosow biribiri no so. Anigye bɛn na ɛbɛyɛ sɛ eyi nso, begyaa mu ama nea wɔammɔ din wɔ wiase abakɔsɛm nhoma mu no​—Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ Kristo nsam no​—a wɔaka ho asɛm wɔ onipa nhoma a akyɛ sen biara, Bible no mu no. Ɛno mu na afei de adekyerɛ bɛyɛ anigye bio.​—D. B.

“Na bere adu sɛ megyaa mmɔden a mebɔ sɛ mɛsakra awofo a biribiara mfa wɔn ho, akyerɛkyerɛfo a wɔmmfa biribiara nyɛ hwee ne mmofra a wɔabu ani agu wɔn so no mu agu hɔ.”

BERE a miwiee ntoaso sukuu wɔ mfirihyia 50 no mfiase mu no, na asuafo da so ara de obu ma wɔn mpanyimfo ne akyerɛkyerɛfo. Na wɔteɛ mmofra no so, na bɔne a enye koraa a wɔyɛ ne mmarimaa kakraa bi a woguan kɔhyɛ wuram nom sigaret. Ná yennim ɔhaw horow a New York kuropɔn no rehyia de kosii sɛ yehuu sini “Rock Around the Clock” a ɛma yɛbɔɔ piriw no. Yɛkãe sɛ awudi ne basabasayɛ ne obu a enni hɔ a ɛte sɛɛ remma ha da!

Mekɔɔ so kenkan atuatew a ɛrekɔ so wɔ mmofra mu no ho asɛm wɔ mfe no mu, na mehaw yiye bere a me babarima panyin no fii ase sɛ ɔrekɔ sukuu no. Enti misii gyinae sɛ mefi ase akyerɛ ade bio. Mede saa yɛ de me nne bɛka nea ɛrekɔ so a wɔkasa tia no ho na manya biribi aka afa yɛn ntetee ho nhyehyɛe no ho.

Mfirihyia asia a mede kyerɛɛ ade ma mihui sɛ nsakrae akɛse a ebu abaw mu aba. Wɔagye sukuu mpanyimfo tumidi nyinaa afi wɔn nsam. Enti wontumi nni nnipa a wɔhyɛ wɔn ase no so bio. Mpanyimfo anaa Sohwɛfo Kuw no na ɛde akyerɛkyerɛfo brɛ wɔn, na ɛsɛ sɛ wogye wɔn saa ara. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no mfata wɔ ɔkwan biara so a, ɔkyerɛkyerɛfo panyin no ntumi nyɛ ho biribiara. Yɛn “tetefo” a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ osuahu na wɔahyira wɔn ho so ama adekyerɛ no mu pii gyaee adekyerɛ. Wɔn a wɔde wɔn bɛhyɛɛ wɔn ananmu no ne eyinom. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu pii wɔ hɔ a wontumi nka Engiresi kasa anaa borɔfo yiye mpo​—abɔntenkwan so Engiresi anaa borɔfo kasa na wɔka. Ná mpaapaemu kɛse wɔ wɔn mu na woyi ade a wonnim no adi denam ɔman a wofi so ne anyamesom a wɔwom no ho nsɛm a wɔka no so.

Awofo a Wɔde Wɔn Bere Mu Fa Yɛ Adwuma

Mmofra a wɔwɔ yɛn sukuu mu no mu awofo bɛboro ɔha mu nkyem 90 de wɔn bere mu fa yɛ adwuma wɔ ofie no akyi, anyɛ yiye koraa no wɔn mu ɔha mu nkyem 50 fi afie a emu apaapae mu. Awofo no mu pii de wɔn mma no ba ntɛm bɛyɛ sɛ dɔnhwere biako ansa na yɛafi adesua ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya kwan akɔ adwuma ntɛm.

Afei nso mihui sɛ mmofra a mekyerɛ wɔn ade no ntumi ne mpanyimfo mmɔ nkɔmmɔ. Wɔn awofo kasa kyerɛ wɔn na wɔne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Ɛda adi sɛ me ne ɔpanyin a otie wɔn na oyi wɔn ayɛ. Sɛ meyɛ nhyehyɛe sɛ mepɛ sɛ me ne awofo no hyiam a, kakraa bi a wotumi ba sukuu no mu no​—mehyɛ wɔn nkuran sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔne mmofra no ntra bɛyɛ sɛ simma 30 anadwo biara ntie nea mmofra no ka, mmisa nea wɔyɛ wɔ sukuu no ho asɛm, nea ɛkɔɔ so wɔ sukuu mu da no ne nea ɛkeka ho no ho asɛm. Awofo a wɔyɛ adwuma no hu wɔn mma no dɔnhwere abien pɛ anadwo biara wɔ dapɛn no mu, na wɔn a wɔyɛ nnwuma horow abien no hu wɔn mma no nnaanu dapɛn biara wɔ dapɛn no awiei.

Fɛwdifo a Wɔwɔ Klas Hɔ Fi Afie a Emu Apaapae Mu

Mihui sɛ wɔn a wɔyɛ fɛwdifo wɔ klas hɔ anaa wɔyɛ basabasa no fi afie a emu apaapae mu. Ɔdɔ ho hia wɔn kɛse na wɔpɛ sɛ wɔtwe adwene ba wɔn so na wɔyɛ biribiara a wobetumi na wɔn nsa aka eyi. Wɔde nnamyɛ di wɔn awofo nokware na wɔhyehye wɔn ho pii fa wɔn awofo ho. Metee ase sɛ nea wɔreka ne sɛ: “Mepɛ sɛ m’awofo yɛ te sɛ nea mereka sɛ wɔyɛ no.”

Nsusuwii foforo ni: Awofo nhwɛ mma wonni mmara a wɔankasa ahyɛ wɔ afie no mu no so. Nea afi mu aba ne sɛ wommu mmara horow a “wɔahyehyɛ wɔ sukuu mu no, efisɛ mmofra no susuw sɛ sukuu no renhwɛ mma wonni mmara horow no so​—na eyi taa yɛ nokware.

Mammɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛ ade wɔ ntoaso sukuu mu. Wɔtow nkurɔfo atuo wɔ mu, wɔwɔ asekan, wɔto mmonnaa da biara da wɔ mu, na emu korɔnbɔ ne nnuru bɔne a wɔde di dwuma wɔ sukuu ɔdan mu no dɔɔso. Ntoaso sukuu ahorow pii wɔ hɔ a wɔn a wɔhwɛ ma wodi mmara so no wɔ hɔ bere nyinaa. Nanso sukuu no so ahwɛfo ne sukuu mu polisifo yi wɔn ani fi wee a wɔnom no so. Sukuufo mmofra pii wɔ hɔ a eyi na wɔde ayɛ wɔn adwuma afe mu nyinaa.

Bere a eyi maa m’abaw mu bui na mede ahometew fi sukuu ba fie bere biara no, mihui sɛ eyi ne bere a ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden yi m’ani fi awofo a asɛm biara mfa wɔn ho, akyerɛkyerɛfo a wɔpene nneɛma a ɛkɔ so no so ne mmofra wɔabu ani agu wɔn so no so. Migyaee adekyerɛ koraa na mede saa nnɔnhwere no dii m’ankasa m’abusua no asɛyɛde ahorow ho dwuma. Afei de mewɔ bere a mede kyerɛkyerɛ asɛm titiriw bi a ɛma koma tɔ yam no mu​—Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛwɔ Kristo Yesu ase, adesamma haw horow nyinaa ano aduru no.​—S. F.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena