Wɔ Wo Ba Fam No . . . Woyɛ Akyɛde A Ɛsen Biara!
ABARIMAA no ani agye, ɔde ahopere twɛn na Memeneda adu. N’agya de no bɛkɔ zoo akɔhwɛ mmoa! Wasõ saa da yi ho dae wɔ n’adwene mu dapɛn mu no nyinaa—ɔhwɛ sɛnea mmoa ahorow no di akɔneaba, sɛnea ɔde nnuan ma sono bi, ɔte sɛnea gyata bobom nka, ne sɛnea wɔma wɔn aduan. Afei ontumi ntwɛn bio!
Bere twentwɛn ase, nanso awiei no Memeneda du. N’agya ka kyerɛ no sɛ: “Asɛm bi asi. Yɛrentumi nkɔ zoo hɔ nkɔhwɛ mmoa no bio.” Abofra no ka dan mu a okura n’agode a ɔresu.
Mfe twam. Abarimaa no nyin, ɔware, ɔno nso wo ɔbabarima. Ɔno nso rebɛfa abofra no akɔ zoo akɔhwɛ mmoa, nanso sɛ da no nya du a, ɔno nso ka kyerɛ ne babarima no sɛ: “Asɛm bi asi. Yɛrentumi nkɔ zoo hɔ bio.” Bere a ɔrefi fie no osusuw ne tirim sɛ ɔbɛhwɛ na watɔ agode ama ne babarima no, na afei ɔtwe n’adwene si n’asenhia a ɛwɔ hɔ no so.
Mfe pii twam. Afei de wanyin, ne nkutoo na ɔte. Nanso nnɛ de ne ba a wanyin no reba abɛsra no. N’ani agye yiye. Nanso ɔte sɛ telefon no regyigye, na ne babarima no ka kyerɛ no sɛ: “Asɛm bi asi. Enti merentumi mmɛsra wo bio.” Akwakoraa no yɛ brɛoo san de telefon no to so bio, anigye a onyae no ayera. Ɔfa atesɛm krataa bi fi ase hwɛ mu, nanso n’ani ataataa nusu. Onhu hwee. N’adwene san kɔ n’akyi mfirihyia pii a atwam, ɔkae bere bi a atwam wɔ tete hɔ, na ɔte teteete nsɛm bi a atwam no nka bio: “Asɛm bi asi. Ɛbere nni hɔ bio.”
Ɛsɛ sɛ awofo nya bere ma wɔn mma. Honam fam nneɛma a wɔde ma wɔn nnɔɔso. Agode ma wɔn ani gye, nanso ɛsɛe, anaasɛ ɛfono mmofra no. Dodow a wɔn nsa ka no ma wɔkɔ so hwehwɛ pii, na ɛno de honam fam adepɛ na ɛba. Nea abofra hia ankasa ne ɔdɔ, na nea edi wo dɔ ankasa ho adanse ne wo ho a wode bɛma no.
Wɔ nkurow ahorow binom mu no, wɔde nkrataa atetare kar ahorow akyi a wɔrebisa asɛm sɛ, “So Woagyige Wo Ba Anɔpa Yi?” Adwenemyare ho nimdefo bi a ɔwɔ Florida de kaa ho sɛ: “Mmofra a wonnyigye wɔn nkrɔkrɔ wɔn nyɛ wɔn atuu no benyin adan mmofra a wɔtwe wɔn ho fi nnipa ho, . . . nkitaho a ɛsɛ sɛ ɔwofo no ne ne ba no nipadua di no ho hia yiye ma mmofra a wɔreyɛn wɔn no, na enti wɔ nsɛm bi mu no mmofra a wonnyigye wɔn a wɔnkrɔkrɔ wɔn no ntumi ntra nkwa mu nni afe.”
Adwumayɛfo nhyiam bi ase na wɔbɔɔ amanneɛ faa ayaresabea bi a nkokoaa a wɔyɛ nyisaa ahyɛ hɔ mano ho. Wɔahyehyɛ mpa no atoatoa so atenten-atenten a nkokoaa no deda so a wɔyareyare na wowuwu gye mpa a etwa to no nkutoo mu akokoaa no. Saa mpa no nkutoo mu na nkokoaa no yɛ yiye. Enti na oduruyɛfo a ɔhwɛ wɔn no nte ase. Mmabaa a wɔhwɛ ayarefo no hwɛ wɔn nyinaa pɛpɛɛpɛ. Wɔma wɔn nyinaa aduan, guare wɔn, hwɛ ma wɔn ho yɛ hyew—a mpaapaemu anaa nyiyim biara nnim. Nanso wɔn mu pii yareyare na ebinom wuwu—gye nea ɔwɔ mpa a etwa to no mu no nkutoo. Bere a bere twam na wɔde nkokoaa afoforo ba no saa ara na asɛm no yɛ.
Awiei no, bere a oduruyɛfo no asusuw biribiara a obetumi ho no, ɔde ne ho hintae sɛ ɔbɛhwɛ nea enti a ɛba saa anadwo mu no nyinaa. Wɔn a wɔhwɛ ayarefo no bae, maa nkokoaa no aduan wɔ bere a ɛsɛ mu, hwɛɛ wɔn nyinaa pɛpɛɛpɛ. Bɛyɛ anadwo kɔnn na ɔbea a ɔprapra hɔ no nso bae. Ɔkotow de ne nsa ne ne nkotodwe popaa fam hɔ nyinaa fii ɔdan biako mu kɔɔ foforo mu. Awiei no ɔsɔre gyinaa hɔ teɛɛ ne mu de ne nsa twitwiw n’akyi esiane sɛ wabrɛ nti, na ɔnantew kɔɔ mpa a etwa to no ho. Ɔbɔɔ ne mu ase faa akokoaa a ɔda mu no, ɔne akokoaa no nantew wɔ ɔdan no mu kasa kyerɛ no wosow no, krɔkrɔɔ no hwim no wɔ ne nsam brɛoo. Awiei no ɔde no too ne mpa no so fii n’adwuma no ase bio.
Eyi ankyerɛ biribi amma oduruyɛfo no; ɔbea no kogyinaa ne mpa no ho ara kwa. Nanso, ɔkɔɔ n’atɛwee hɔ bio anadwo a edi hɔ no, na saa ara na ɛbae. Ne anadwo a ɛto so abiɛsa. Ne nea ɛto so anan. Anadwo biara ɔbea a ɔprapra hɔ no teɛ ne mu wɔ saa beae hɔ, na anadwo biara akokoaa a ɔda mpa a etwa to no mu no na ɔma no so krɔkrɔ no wosow no na ɔdɔ no. Na akokoaa no nya nkwa.
Nkokoaa a ɔko ama wɔadan nyisaa a wɔde wɔn baa Amerika na afoforo afa wɔn ayɛn wɔn sɛ wɔn mma no hu ɔyare horow mu amane, nanso titiriw a wohu mu amane ne nea obefi ne komam adɔ wɔn. Amanneɛbɔ no kɔɔ so kae sɛ:
“Ɔko mu nyisaa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no so ade mu na wotu tare bobare obi. Wɔpɛ sɛ wokura wɔn. Wɔrehu ‘Nyisaa Yare’ no mu amane. . . . Wɔmomaa mmofra a wɔanyinyin no mu binom mpo so te sɛ nkokoaa fii bus a ɛde wɔn baa Travis Air Force Base (wimhyɛn gyinabea) no wɔ Benada no. Wɔhwɛ ade haa de wɔn nsa ne wɔn anan bobare adwumayɛfo a wɔreboa wɔn no. Stalcup, [oduruyɛfo a ɔhwɛ wɔn no] kae sɛ, ‘Ɛyɛ awerɛhow ankasa, na sɛ́ obi de ne nsa to wɔn ti so krɔkrɔ wɔn anaa ɔde wɔn asisi n’anan so no nkutoo nnɔɔsɔ. Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ mmofra betumi anyin a ɛnde na ɛnyɛ aduan ne nsu nkutoo na wohia, na mmom ɔdɔ nso.’”
Nanso sɛ wɔannyin wɔ nkate mu a, wɔbɛtwe wɔn ho afi nnipa ho atan nnipa, adan mmofra bɔne na wɔakum wɔn ankasa wɔn awofo mpo. Akyɛde a ɛyɛ agode a wɔde bɛma wɔn renyɛ yiye, na mmom ɔdɔ a wɔn nsa renka betumi ama eyi aba.
Ɛnyɛ ɔdɔ a ɛho hia ho asɛm nko na Dr. James Dobson kyerɛw faa ho, na mmom hia a asɛm a akyinnyegye wɔ ho, nteɛso, ho hia nso. Ɔkae sɛ:
“Migye di yiye sɛ nea ‘eye a ebetumi atra ofie bi a akwahosan wom ma mmofra nso fa kari a wɔbɛma nneɛma horow a ɛho hia titiriw yi akari pɛ ho: ɔdɔ ne sodi. Sɛ wudi eyinom ho dwuma yiye a, abofra biara behu sɛ n’awofo pɛ n’asɛm yiye kyɛn biribiara, na wobu no sɛ ɔdesani a ɔsom bo. Nanso osua sɛ wɔn dɔ no ka wɔn ma wɔkyerɛ no ade na wɔkyerɛkyerɛ no kwan—na ebia wɔteɛ no so bere a ɔpow sɛ ɔbɛyɛ osetie. . . .
“M’adwene a makyerɛ wɔ ha no nyɛ biribi a wɔresɔ ahwɛ anaa misusuw, na saa ara nso na merentumi nka sɛ ɛyɛ me nkutoo m’adwene. Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so hwɛ mmofra so a atra hɔ bɛyɛ sɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni, sɛ́ agyapade a atra Yudafo ne Kristofo mu. Ennyina nsɛm a wɔbɔ tirim ka anaasɛ wosusuw ho a ne ntease yɛ den so, na mmom nea wɔasɔ ahwɛ a wotumi di ho dwuma ma ɛyɛ yiye. Sɛnea Jack London kae no, ‘Ɛsɛ sɛ nea eye sen biara a wɔde susuw ade yɛ: so ɛyɛ adwuma?’ Sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ ɔkwan a eye so a, mpanyimfo akwankyerɛ a ɔdɔ wom tumi di dwuma!”
Wɔ teteete, ansa na Jack London reka eyi no, na Yesu Kristo aka sɛ? “Nyansa nam ne nnwuma so di bem” (Mat. 11:19) Bere a ɔreka nnɛ bere mu su a adwene ho nimdefo a wɔka sɛ awofo nnyaa wɔn tumidi mu na wɔmma mmofra no kwan na wɔnyɛ nea wɔpɛ no kura no ho asɛm no, Dr. Dobson de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ Amerikafo rennyaa nneɛma a ɛsom bo a ɛyɛ agyapade a wɔn nsa aka no mu na wɔakodi abrabɔ ho nkwaseasɛm a ɛfa wɔn mma ho a afoforo ka ma wodi akyi kwa no akyi.”
Sɛ wotwe wo ho fi wo ba ho a nea ɔte ase ara ne sɛ wompɛ no. Worentumi mfa agode ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no nsi ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ a honam fam nneɛma a ɔde kyɛ nyinaa akyi no ɔde n’ankasa ho ma anaa ne bere ma no ananmu. Abusua mu no ho hia ma abofra no honhom mu nyin. Wɔtee saa nokwasɛm yi ase wɔ tete Israel. Abofra no yɛ abusua no fã. Wɔkyerɛkyerɛ no ade wɔ fie, ɔne n’awofo yɛ adwuma ma osua nsaanodwuma, na otumi ne abusua no mufo di agoru.
Nanso nnɛ, mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no, sɛnea tebea no te wɔ wiase afanan ahorow ne sɛ wɔde nea abofra no hia wɔ abusua no akyi no bɛma no. Wɔde no kɔ sukuu, Wɔde no kɔ Sunday sukuu, wɔde no kɔ anigyebea, Wɔde no kɔ sini, wɔde no kɔ sɛ ɔnkɔyɛ adwuma. Anaasɛ sɛ awofo no kɔ a wogyaw no wɔ akyi a ɔbagyigyefo hwɛ no. Wɔtow no kyene fi abusua mu no mu. Odi kyinhyia wɔ akyirikyiri, na ɔte nka wɔ n’adwene ase tɔnn sɛ omfi abusua no mu. Ɔte nka sɛ wɔapow no, wɔnhwehwɛ no, wɔnnɔ no, mpanyimfo a wɔtan no no wiase bi na atwa ne ho ahyia.
Mmofra a wɔte saa nya nitan bi wɔ wɔn mu wɔ ɔkwan a ɛfata so na wɔde wɔn anibere ne wɔn abasamtu no kowie nnipa nkorɛnkorɛ a wɔte nka sɛ wɔabu wɔn ani agu no so na wɔanyi ɔdɔ adi ankyerɛ no anaa nnipa afoforo so. Wommu wɔn awofo bio, na ɛtɔ bere bi a wommu ɔpanyin biara. Nkitaho a awofo ne wɔn mma nni no gye ntini na enyin. Wobetumi aguan afi fie akɔtra nkurow akɛse mu na nea ebefi mu aba ne nsɛmmɔnedi, nnuru bɔne a wɔde di dwuma, ahohwibɔ ne ɔhaw horow a wontumi nnyina ano.
Aduru a wɔde bedi eyi ho dwuma ne ɔdɔ a wobenya ama abusua no mufo, efi bere a wɔawo abofra no rekɔ. Sɛ mpanyimfo nyinaa de nnyinasosɛm a wɔde asisi hɔ wɔ Bible no mu no bedi dwuma a anka ɔhaw horow a ɛto mmofra no ano bɛbrɛ ase yiye.
Ɛhefa na anka wobehu mmofra a wohu amane wɔ afie a emu apaapae mu, awaregyae ne mpaapaemu nti, wɔ bere a awarefo nyinaa tie afotu a ɛwɔ Bible mu wɔ 1 Korintofo 7:10, 11 no?—“Na wɔn a wɔaware no de, mehyɛ wɔn, . . . sɛ ɔbea nnnyaa ne kunu . . . na okunu nso nnnyaa ne yere.”
Ɛhefa na anka wobehu mmofra a wɔn agyanom ne wɔn nanom yɛ asabofo, bere a awofo di Bible mu afotu a ɛwɔ Efesofo 5:18 ne Romafo 13:13 no akyi?—“Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba.” “Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu.”
Ɛhefa na anka wobehu mmofra a wɔn awofo hwe wɔn pira wɔn bere a awofo tie afotu a ɛwɔ Kolosefo 3:21 ne Tito 2:4 no?—“Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” ‘Kae mmabaa no, na wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma.’
Ɛhefa na anka wobehu mmofra bebrebe a wɔte nka sɛ mpanyimfo ani nnye wɔn ho no, bere a wɔn awofo di afotu a ɛwɔ Deutoronomium 11:19 no akyi no?—“Na momfa [ɔsoro nnyinasosɛm], nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho, w’afitramu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”
Wɔ ne tiaatwa mu no, ɛhefa na wobehu mmofra a wɔmpɛ wɔn na wɔnnnɔ wɔn no, bere a mpanyimfo suasua Yesu nhwɛso a ɛwɔ Marko 10:14, 16 no?—“Momma mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munsiw wɔn kwan; . . . na ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.”
Esiane eyi nti, tebea bɛn sɛɛ na ɛbɛba wiase no mu bere a obiara di ahyɛde a Kristo Yesu de too hɔ wɔ Mateo 7:12 no akyi.—“Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no?
Yehowa Nyankopɔn dii ne dɔ a ɔwɔ ma adesamma no ho adanse: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yoh. 3:16.
Yesu dii ne dɔ no ho adanse denam n’ankasa ne nkwa a ɔde mae no so: “Sɛnea onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii nen.”—Mat. 20:28.
Bere a Yesu Kristo a wɔanyan no no foro kɔɔ soro no, ɔde ‘nnipa mu akyɛde’ maa Kristofo asafo no.—Efe. 4:8.
Yehowa Nyankopɔn de ne Ba koro no mae. Yesu de n’ankasa ho mae. Afei nso ɔde nnipa mae sɛ akyɛde sɛ wɔnsom n’asafo no. Afei nso wɔ adagyew a Yesu nni no nyinaa akyi no, wɔ sɛnea n’adwuma no ho hia nyinaa akyi no, onyaa bere maa mmofra bere nyinaa.a Awofo, munsuasua saa nhwɛso horow a ɛfa ɔma ho yi. Momfa mo ho mma mo mma. Momfa mo ho mma. Momfa, mo bere mma. Monhwɛ yiye wɔ ka a mobɛka sɛ, “Minni bere” no ho. Sɛ wudua saa nsɛm yi a, nea ebefi mu aba ne sɛ wobɛsow emu aba. Ɛho hia yiye sɛ wubegye bere ama eyi yɛ. Ɛnyɛ da koro wɔ afe no mu a wɔayi asi hɔ a wiase mu no nyinaa de ayɛ adekyɛ bere no, mmom da biara da.
Kae sɛ, woyɛ akyɛde a ɛho hia sen biara a wubetumi de ama wo ba!
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm a wɔakyerɛw wɔ kratafa 22-24 no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Ɔko mu nyisaa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no so ade mu na wotu tare bobare obi.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Nyansa nam ne nnwuma so di bem.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Hwɛ yiye wɔ ka a wobɛka sɛ ‘Minni bere’ no ho.”