Owu Ankasa A Wohyia
NA ABERANTE no werɛ ahow kɛse. Na ogyina baabi a wɔasie ne nua panyin bere tiaa bi mu.
Bere a na ɔresu na ne mmati wosow biribiri no, ɔkaa no brɛoo sɛ, “Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ owu? Ɛhefa na ɔkɔ? Me nua . . . Joel, wowɔ he?”
Na Joel a wanni mfirihyia 28 no yɛ mmofra baawɔtwe mu panyin. Na n’awofo yɛ ahiafo a wɔdɔw asase ketewaa bi so de nya wɔn ano aduan. Na wɔabɔ mmɔden pii de ahwɛ no sukuu; na bere a owiee adesua sɛ oduruyɛfo no, wɔn ani gyei kɛse. Wosusuwii nso sɛ: “Afei de ɔbɛboa yɛn wɔ mmofra afoforo no hwɛ mu. Yɛremmerɛ wɔ asetra mu pii bio.”
Nanso bere a owiee n’adesua wɔ Sukuupɔn Ayaresabea a wɔkyerɛkyerɛ ayaresa wɔ hɔ no akyi asram anum pɛ no, wawu!
Aberantewa no susuw eyinom nyinaa ne nneɛma afoforo ho. Na Joel nyɛ ne nuabarima ara kwa. Na ɔyɛ ne fotufo, ne yɔnko dwumayɛni, n’adamfo. Afei de ɔkɔ, mpofirim ara! Ɛbae Kwasida bi. Ná wim yɛ hyew yiye. Joel ka kyerɛɛ ne nnamfonom wɔ ayaresabea hɔ sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ nsu no mu koguare bere a wɔadidi awie, na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔne no nkɔ. Wɔampɛ sɛ wɔkɔ, enti ɔno nkutoo kɔe.
Wɔansan amma anikan. Awerɛhow bɛn na ɛkaa n’abusuafo ne ne nnamfonom sɛɛ bere a wɔde ne funu baa fie saa da no!
Aberantewa no bɔɔ mmɔden sɛ obesusuw eyinom nyinaa ho. Bere a wɔreyɛ “Kristofo” ayi ama no no ɔsɔfo no kae sɛ wɔafrɛ Joel “ama ɔsom adwuma a ɛkorɔn.” Nkuraasefo no kae sɛ ɔresan akɔ ne nananom nkyɛn, ne wɔn akɔtra. Na wɔreyɛ nhyehyɛe mpo de ayɛ “ayi a ɛto so abien” de agyaa ne sunsum anaa ne honhom ma akɔ nananom nsamanfo no kurom.
“Nanso,” aberantewa no susuwii sɛ, “so me nua barima no te ase mprempren ampa? So ɔredi m’awerɛhow yi bi? So n’ani agye? Ɔwɔ he? So ne wu no ne biribiara awiei?”
Nnipa pii susuw saa bere a wɔredi wɔn dɔfo bi wu ho awerɛhow. Susuw wɔn a wɔahwere adɔfo wɔ asiane akɛse mu, wɔ akodi mu, anaasɛ esiane mpofirim ɔyare bi nti no ho hwɛ. Susuw ɛnã a ne ba wu no sɛɛ ho; susuw mmofra a wɔhwere agya anaa ɛnã no ho hwɛ. Afei nso, susuw wɔn a wowu nea ebinom frɛ no owu a efi awosu mu no ho hwɛ.
So ɛnyɛ wo nwonwa sɛ wɔabegye owu atom sɛ ade a “efi awosu mu”? So w’adwene mu nyɛ wo nãa sɛ ebia owu de biribiara ba awiei anaa?