Nyɛmmoa Ne Nnipa
Efi Australia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ.
“MEDA so ara kae te sɛ nea esii nnɛra nkutoo, ɛwom sɛ mfe pii atwam de. Ná mete anigye nteɛm na me babea ketewaa no pue de anigye paem ka sɛ, “Mama, agyinamoa ba foforo aba.” Afei ɔsan kɔ bio kɔtwɛn foforo a ɛbɛba.
“N’ani gye mmoa ho. Da koro bi, ɔde aboa bi a ne tenten bɛyɛ nsateakwaa biako hyɛɛ ne nsam baa ofie. ‘Hwɛ, Mama, m’anya agyinamoa ba a osua paa.’”
“Me kae sɛ: ‘Dabi, me ba, ɛyɛ ɔsã.’
“Osii so dua kae sɛ, ‘dabi, ne ho nyinaa wɔ nhwi. Ɛyɛ agyinamoa ketewaa!’”
“Bere bi no na yɛwɔ agyinamoa ne ɔkraman. Sɛ mekae sɛnea na mmoa baanu yi nyinaa di agoru a, ɛma meserew. Ɛtɔ bere bi a agyinamoa no de ne nsa to ɔkraman no kɔn akyi taforo n’anim. Ɔkraman no nso kata n’ani da hɔ a n’ani agye.”
Osuahu a ɛna yi nyae no di nokware a ɛyɛ sɛ nnipa ani gye nyɛmmoa ho no ho adanse. Anyɛ yiye koraa no ayɛmmoa biako wɔ Australia afie abiɛsa biara mu abien mu. Akraman na wɔdɔɔso, na afei nnyinamoa, nnomaa ne mpataa. Na wɔwɔ mpɔnkɔ ne mpɔnkɔ-mma, Australia aboa bi a wɔfrɛ no kangaroo, ntwaboaa, nkura, nkyekyere, aketerɛ ne nwaw, ne mmoa afoforo a wɔde wɔn fi aman horow so, te sɛ kohãa, awɔ ne mpan.
Ebia na wowɔ ayɛmmoa. Anaasɛ ebia na woredwen ho sɛ wobɛhwehwɛ bi ama wo ankasa wo ho, wo mma anaasɛ obi foforo. Na sɛ obi te bɛn anaasɛ onim nnipa a wɔwɔ nyɛmmoa ara kwa mpo a, susuw a wosusuw abusuabɔ a ɛda nnipa ne nyɛmmoa ntam ho no ho betumi aba no mfaso.
Dɛn Nti Na Nnipa Wɔ Nyɛmmoa
Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Nyɛmmoa a nkurɔfo wɔ no di nkate bi a nnipa nyinaa wɔ ho dwuma, na wobu nyɛmmoa wɔ ɔman biara mu.”
Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no Australia nnansa yi mu no, wobisabisaa nkurɔfo nea enti a wɔwɔ nyɛmmoa. Mmuae titiriw a wɔde mae ne sɛnea ɛbɛyɛ na woanya ahokafo. Akraman fam no, wɔkaa ahobammɔ ne nnwuma afoforo a ɛho wɔ mfaso a wotumi de wɔn yɛ ho asɛm. Ebinom yɛn mmoa na wɔawo bebree ama wɔn. Na ebinom nso bu wɔn nyɛmmoa sɛ nea ɛboa ma wɔn ani gye.
Awofo pii te nka sɛ nyɛmmoa ho wɔ mfaso ma mmofra. Etumi ma wonya anigye ne ayɔnkofa, na ɛma wonya mmoa ho nimdeɛ ankasa. Anini ne abere asetra, nyinsɛn ne awo ne sɛnea wɔhwɛ wɔn mma a wohu no betumi aboa mmofra ma wɔate anwonwade a awo yɛ no ase. Ɔkwan foforo so no, nyɛmmoa nyarewa ahorow ne wɔn wu mpo a ohu no siesie abofra no ma nnɛ asetra yi mu nsɛm a emu yɛ den no.
Nyɛmmoa ma mmofra hu sɛ nkwa ho asɛyɛde abɛda wɔn so. Mpɛn pii no, sɛ awofonom tɔ nyɛmmoa ma mmofra a wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya bi, nanso sɛ ɛho mfitiase anigye a wonyae no kɔ fam pɛ a, na awofo no ankasa na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ayɛmmoa no so. Nanso ɛnã a yɛkaa ne suahu wɔ asɛm yi mfiase hɔ no kae asɛm bi wɔ ne babea no ho sɛ: “Sɛ onya abubummabaa a, ɔkɔ kwan so daa kɔhwehwɛ nhaban ma no. Enti ɔkraman no aguare, ne ho siesie ne n’aduan-ma yɛ n’asɛyɛde, ɛwom sɛ ɛyɛ a yɛboa no de. Yɛkyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ mmoa ayayade, na mmom onyi ɔkraman no ayɛ na ɔnkyɛ no ade bere a ɔyɛ ade pa no. Sɛ ɔyɛ saa a, ɔkraman no hwɛ n’anim, na ohinhim ne dua!”
Mmofra a woadi dɛm wɔ adwene ne nipadua mu ka wɔn a nyɛmmoa ho aba wɔn mfaso no ho. Wotumi boa mmofra no ma wonya anigye na ɛma wotumi fi ase ne afoforo di nkitaho.
Awarefo ahorow a wonni mma wɔ fie ka wɔn a wɔn ani gye nyɛmmoa ho no ho. Wɔn ho adwumayɛ, agoru a wɔne wɔn di ne wɔn ho anigye a wonya taa si mmofra a wonni wɔ fie hɔ no ananmu. Mpanyimfo a wɔtaa yɛ ankonam no mu pii taa nya anigye ne mfaso kɛse fi ayɔnkofa su a wɔn nyɛmmoa yi adi kyerɛ wɔn ne ahobammɔ a ebinom yɛ ma wɔn no mu.
Ade biako a ɛyɛ awerɛhow wɔ adesamma abusuabɔ a asɛe no mu ne sɛ ɛtɔ bere a mpanyimfo a wɔn nkutoo te no tu tare wɔn nyɛmmoa dodo. Obi a ɔtaa yɛ nnipa a wɔtete saa ho adwuma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na ɛho hia sɛ wɔkɔyɛ akwakora bi a ne nansoaa atu kuru no aduru wɔ ayaresabea. Nanso obuu n’ani guu eyi so asram pii esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ ogyaw ne kraman no nti . . . Wotwaa ɔbarima no nan efisɛ na kuru no ayɛ nea wɔrentumi nsa, nanso mpɛn dodow a otumi hu ne kraman no na ɔwɔ anigye.” Mpanyimfo bi wɔ hɔ a ɛnkyɛ na wowu bere a wɔhwere wɔn ayɛmmoa a wɔdɔ no yiye no.
Nanso nea ɛkɔ akyiri boro so te sɛ nyɛmmoa a wɔyɛ wɔn te sɛ nnipa akyi no, nyɛmmoa a wodi wɔn ho dwuma sɛnea ɛsɛ no tumi ma mmusua ne nnipa nkorɛnkorɛ ani gye.
Ayɛmmoa Sohwɛ
Mpɛn pii no wɔtaa nya nyɛmmoa mpofirim, ebia denam mmɔden a ayɛmmoa no wura no ankasa bɔ sɛ ɔde aboa no mma a ɔmpɛ no bi bɛma afoforo no so. Nanso bere a aboa ketewaa no fi ase nyin no, saa nso na ne ho asɛyɛde nyin. Bible ka wɔ Mmebusɛm 12:10 sɛ: “Ɔtreneeni ne n’afieboa bɛtra.” Ɛtɔ da bi a eyi nyɛ asɛnketewa.
Nea ɛka sika a wɔsɛe no wɔ nyɛmmoa ho ne aduan ne nnuru a wɔde ma wɔn. Na nnuru a wɔde ma wɔn yi betumi ayɛ nea asunsono nnuru ne nnuru afoforo a ɛbɔ wɔn ho ban fi nyarewa afoforo ho ka ho.
Eyi nso gye bere. Hwɛ a wobɛhwɛ wɔn, aguare wɔn, ama wɔn aduan, ayɛn wɔn, na wɔateɛteɛ wɔn apɔw mu no nyinaa gye bere. Mmom no, bere a egye no sonsonoe wɔ aboa biara ne ankorankoro ho. Afei asɛyɛde a obi wɔ wɔ ayɛmmoa no ne nnipa afoforo ho no nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, akraman ani gye nnipa fekubɔ ho na ɛho hia sɛ wonya bere ma wɔn. Afei nso ehia sɛ wonya atrae pa ma wɔn sɛnea wɔn kɛse tɛ. Akraman ho nimdefo bi kaa awerɛhow a ɛyɛ sɛ “nnipa a wɔwɔ afie nketenkete a ɔkwan nni hɔ titiriw biara wɔ akraman akɛse.” Sɛ wɔanhwɛ wɔn yiye a akraman tumi fi adi na wɔsɛe afoforo nneɛma, yɛ mmɔnten so fĩ na wɔhaw afirikafo wɔ ɔkwan so. Ɛtɔ bere bi a, gyegyeegye a nyɛmmoa yɛ no tumi haw afipamfo. Mmoa a wofi aman afoforo so ho betumi ayɛ anika, nanso mpɛn pii no ɛmfata sɛ wɔne wɔn tra dan mu. Ebetumi ahaw aboa no ne ne wura no nyinaa.
Afie a ɛfata a wɔn a wɔwɔ nyɛmmoa benya wɔ nnɛyi nkurow akɛse mu no ho asɛm yɛ den. Afei nso, sɛ obi tu kwan a, n’ayɛmmoa no sohwɛ betumi ayɛ den anaasɛ ɛho ka betumi akɔ soro.
Akraman ne nnyinamoa a wɔnennam basabasa, a mpɛn pii no wofi afie a wɔnhwɛ wɔn yiye mu no yɛ ɔhaw kɛse wɔ nkurow pii mu. Australia (a ɔman no mufo dodow yɛ ɔpepem 14) no, wokunkum akraman 50,000 a wɔnennam basabasa, ne nnyinamoa a wɔdɔɔso sen saa mpo, afe biara. Enti, wɔn a wɔwɔ akraman ne nnyinamoa pii a wɔmpɛ sɛ wɔwo no taa sa wɔn. Eyi nso mma mmoa no nkyinkyin pii, titiriw anini no.
Nyarewa Ahorow a Nyɛmmoa De Brɛ Nnipaa
Nyarewa ahorow a efi mmoa ho betumi asan nnipa bere ne bere mu, na ɛtɔ bere bi a nea efi mu ba no mpo tumi yɛ aniberesɛm. Sɛ wɔbɔ wɔn ho ban sɛnea ɛfata a, ɛnde ɛho renhia sɛ wosuro. Nanso, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wohu biribi fa nyarewa ahorow a wɔtaa hu wɔ wɔn ho no ho.
Rabies anaasɛ akraman yare yɛ ɔhaw kɛse wɔ wiase afã horow. Nea wɔtaa yɛ wɔ mmeae horow a ɔyare yi wɔ titiriw ne sɛ wɔde ano aduru sesa nyɛmmoa no.b
Toxascaris, eyi yɛ asunsono yare bi a wɔtaa hu wɔ akraman ne nnyinamoa mu, na nnansa yi wɔrebɔ mmɔden adi ho dwuma—esiane sɛ ɛmaa abofra bi ani furae nti. Nyɛmmoa a wɔwɔ nkuropɔn mu titiriw na saa yare yi ka wɔn, na wɔn a ɔyare yi wɔ wɔn ho titiriw ne akraman mma.
Sunsono yi nkesua pii wɔ nyɛmmoa no anan a wogya mu. Esiane sɛ etumi tare ade ho nti, ɛtetare mmoa no ho nhwi mu, ne carpet (kapɛte) a wɔde asɛw ɔdan mu ne wura so, anaasɛ nneɛma a mmofra de di agoru ho. Efi hɔ tumi kɔ mmofra no anom denam wɔn nsa a wɔnhohoro so. Sɛ ɛkɔ wɔn mu a, asunsono yi nkesua tumi kɔ onii berɛbo, ne ntini ne n’amemene mu.
Sɛ obi nni ayɛmmoa mpo a, ɛho hia sɛ ohu asiane horow yi. Nkesua no betumi atra fam hɔ mfe pii. Nhwehwɛmu bi a Engiresifo yɛe nnansa yi kyerɛe sɛ wotumi tra park ahorow a wodi agoru wɔ so no dɔte mu kyɛ.
Sunsono a wɔfrɛ no Borɔfo mu tapeworm no nso yɛ nea wɔnam saa kwan yi so tumi nya. Na honam ani nyarewa ahorow (te sɛ ɛyam nso tumi san afoforo tẽe anaasɛ ɛdenam mmoa so.
Nnomaa a wɔde wɔn hyɛ buw mu a nkoo, mmorɔnoma ne nkokɔ ka ho, betumi anya ɔyare bi a ɛma wɔn yam tu a wɔfrɛ no Borɔfo mu psittacosis (ornithosis) . Na bere a ɛte sɛ nea wɔwɔ ahoɔden mpo no, eyi tumi ma wowuwu. Nea ɛde ba ne bere a mmoa no kyere so na wɔhome mfuturu a mmoa yi bini a awo wɔ mu anaasɛ bere a anomaa bi a ɔyare anaa wawu wɔ wɔn mfinimfini.
Sɛ obi de anidahɔ di dwuma wɔ ahotew ho a, ɛbɛma nyɛmmoa atra baabi a ɛfata wɔn. Wɔbɛkɔ so ama nnipa ani agye, na wɔrenyɛ ɔhaw mma w’abusua no akwahosan.
Adwempa a Yebenya
Nnipa pii fam no, ayɛmmoa hwɛ yɛ wɔn asetra fã a ɛsom bo. Anigye ne nokwaredi a aboa ano yi adi kyerɛ wɔ ne wura no ho ne nneɛma afoforo a ɔyɛ de anigye pii ba.
Afoforo nso hu sɛ tebea horow a wɔwɔ mu ne wɔn asetra kwan mma wonnya bere ne nneɛma horow a ɛfata a wobetumi de adi ho dwuma, enti wɔmpɛ nyɛmmoa
Yiw, nyɛmmoa betumi ama onipa ani agye pii. Nanso eye sɛ yenya wɔn ho adwene a ɛfata, efisɛ nyɛmmoa rentumi nsi abusuabɔ pa a ɛsɛ sɛ ɛba wo ne nnipa afoforo ntam no ananmu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Nyan! November 8, 1971, nkratafa 21 kosi 23, na woanya nkyerɛkyerɛmu pii.
b Nea ɛbɛyɛ na woanya nea ɛka rabies ho asɛm no, hwɛ Nyan! May 22, 1978 de no mu nkratafa 25, 26.