Wɔfrɛ Me Onipa Adamfo a Oye Sen Biara
NNIPA pii frɛ me saa. Migye di sɛ m’abusuafo pene so. Mede abusua yi yɛɛ me de bere a meyɛ ɔkraman ba a wadi dapɛn asia pɛ. Na mprempren, ɛdenam hokwan a wɔn ankasa ama so no, wonhu biribi a wobetumi ayɛ a menka ho—nkate a mifi me koma mu pene so. Na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛba saa? Yɛn nkra- man de, yedi abusua a yɛde yɛ yɛn de no nokware kosi ase. Nnipa rentumi nka saa.
Yɛmma fie a yɛanom nsa abow, yɛnyɛ basabasa, yennya obi ho menasepɔw, na ɛwom sɛ ebia wobɛhwe yɛn (biribi a ɛnsɛ sɛ woyɛ) de, nanso wo nsa a wode bɛbɔ yɛn apampam bɛma yɛahinhim yɛn dua ama woahu sɛ asɛm biara nni yɛne wo ntam. Yɛn na yedi kan kyia wo bere a woaba fie no. Sɛ wote borɔn a adagyew nni so so a, yetumi te wo kar no nne wɔ afoforo a ɛretwam nyinaa mu. Abusua a mede ayɛ me de no ntumi nte eyi ase, nanso ɛyɛ mmerɛw ma me. Saa na wontumi nte wɔn ho hua a mitumi te wɔ nnipa afoforo nyinaa a ebia wɔabetwam no mu na midi akyi no ase. Nanso asetra nyɛ nea anigye nkutoo na ɛwom. Ade biako a mente ase ne bere a wɔtwe m’aso no. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔnhyɛ da no, wogyaw ofie no pon ano to hɔ na mede mmirika fi adi, sɛ wohu sɛ mapue a, wɔde abufuw frɛ me. Bere a mɛsan aba no, wɔtwe m’aso! Dɛn nti na wɔtwee m’aso sɛ masan aba? Bere bi mihuruw gyinaa didipon noso na mewee nam bi a na ɛda so no nyinaa. Sɛ mɛka no ketewa a, abusua no bo fuw me. Wɔkaa m’anim sɛ, “Wunim nea eye!” Dabi, na minnim, afei de mahu. Mate ase afei sɛ didipon no so nyɛ me de. Nanso, sɛ wɔtwɛnee bɛyɛ dɔnhwerew fã ansa na wɔreka m’anim a, anka merenhu nea enti a wɔreyɛ saa.
Menyɛ nyiyim wɔ mfe a obi adi ho wɔ me fie hɔ. Mesom obiara a ɔwɔ abusua no mu nokwaredi mu, mmofra ne mpanyin, wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne wɔn a wonni ahoɔden.
Eyi ma me ho ba mfaso, sɛnea mmoa ho oduruyɛfo bi kyerɛ no. Ɔkae sɛ: “Ade kɛse a ɛhaw nkwakoraa ne mmerewa no nyɛ nipadua mu nyarewa, na mmom ankonamyɛ ne pow a wɔpow wɔn no. Ɛdenam ɔdɔ ne ayɔnkofa so no, nyɛmmoa (nkraman ka ho) ma nkwakoraa ne mmerewa a wɔtaa bu ani gu wɔn so no ani gye.” Better Homes and Gardens nsɛmma nhoma bi a ɛbaa nnansa yi kae sɛ: “Nyɛmmoa boa ma wɔn a wɔayɛ basaa no ho san wɔn; wɔkanyan wɔn a wɔyare, wɔn a wɔadi dɛm; na wɔkanyan wɔn a wɔayɛ ankonam ne nkwakoraa ne mmerewa.”
Yɛn ayɔnkofa no nso boa wɔn a akisikuru a emu yɛ den aka wɔn no nso ma wɔtra ase kyɛ kakra, na yetumi boa wɔn a komayare aka wɔn no ma wɔkyɛ kakra. Esiane ayaresa a yɛn ayɔnkofa no tumi de ba no nti, ama yɛwɔ din wɔ nkwakoraa ne mmerewa afi mu, ayaresabea ahorow, afiase ahorow, ne sukuu ahorow mu. Yɛama nkurɔfo ho dɔm a wodi no ano abrɛ ase koraa wɔ ayaresabea ahorow a adwenemyare a emu yɛ den aka wɔn wɔ no. Ɛhɔ a yɛwɔ no ma wɔn asetra bɛyɛ nea ɛsom bo—obi a ɔde ne nkwa ama a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no. Ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware sɛ wɔ a yɛwɔ hɔ sɛ nyɛmmoa no tumi brɛ mogya mmoroso ne adwennwene a ɛba mmofra ne mpanyin so no ase.
Nanso ansa na wubetu mmirika akɔtɔ ɔkraman ma wɔasa wo nyarewa ahorow nyinaa ama wo no, ɛsɛ sɛ mema wote ase sɛ yɛnyɛ anwonwade ahorow Minnim ɔkraman biara a wɔato ne din sɛ “Penicillin”—ɛwom sɛ ɛyɛ din a sɛ worebɔ a ɛyɛ dɛ de, anaa ɛnte saa? Nanso sɛ woyɛ ankonam a wuhia obi a ɔbɛma w’ani agye a, yebetumi ayi w’adwennwene no afi hɔ.
Nea etwa to no, esiane sɛ merebobom wɔ nneɛma pa ahorow a yɛyɛ no ho nti, ɛsɛ sɛ mekae wo akokodurusɛm a nkraman taa di no bi—sɛnea yetumi we apon pue fa mu kɔbɔ yɛn wuranom kɔkɔ wɔ ogya a ɛredɛw wɔ fie hɔ ho, sɛnea yɛtwe mmofra fi ogya a ɛredɛw wɔ ɔdan mu no mu, sɛnea yetu mmirika kɔ fie kɔbɔ abofra a wayera wɔ kwae mu agya amanneɛ, sɛnea yehuruw si ɔtare mu gye abofra a nsu refa no nkwa. Ɛno ne nneɛma ahorow a wɔde yɛ sini; nanso ɛyɛ nokware wɔ yɛn fam. Nkraman biara nni hɔ a wosuro adan a wusiw ayɛ mu ma. Yɛpɛ sɛ yɛma wufi mu na yegye wo nkwa.
Ɛwom, yebetumi ahwere yɛn nkwa bere a yɛreyɛ saa no. Nanso saa na nkraman de yɛte.