Akraman—So Wɔyɛ Nnipa Nnamfo a Wɔsen Biara Bere Nyinaa?
“Akraman a Wɔyɛ Kekã Atetew Turowhwɛfo Mu”
’Ɔkraman Atow Ahyɛ Abeawa Bi So Akum No’
“Ɔkraman Akum Abofra Bi”
NSƐMTI a ɛte sɛɛ kyerɛ sɛnea ɔkraman nyɛ onipa adamfo a ɔsen biara bere nyinaa no. Nanso dodow a nsɛmmɔnedi rekɔ soro no, dodow no ara na wɔhwehwɛ akraman a wɔde wɔn bɛbɔ nnipa ne wɔn agyapade ho ban.
Wɔ nsɛm abiɛsa a yɛaka a ɛwɔ atifi hɔ no mu no, na biribiara nni mu a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wokunkum wɔn no yɛɛ biribi de hyɛɛ akraman no abufuw a ɛno nti ɛsɛ sɛ wɔyɛ adebɔne a ɛte saa. Esiane nkurɔfo so a wɔtow hyɛ a ntease biara nni mu yi nti, ɛfata sɛ yebisa sɛ: So nyansa wom anaasɛ asiane biara nni mu sɛ yɛbɛyɛn ɔkraman? Dɛn na ɛma akraman binom yɛ kekã? Ɛsɛ sɛ obi yɛ n’ade dɛn wɔ akraman ho?
Nea Enti a Akraman Binom Yɛ Basabasa
Akraman ho adenimfo pii gye nsɛm titiriw abien yi tom: (1) Ɛkame ayɛ sɛ nkraman nyinaa wɔ nkate a ɛma wɔbɔ nneɛma ho ban ne (2) abenfo a wɔtete akraman tumi ma saa nkate yi mu yɛ den kɛse wɔ ɔkwan a ɛma wotumi de di dwuma yiye no. Bere a wɔbɛwo ɔkraman no na ɔwɔ su bi nanso ebia ɔkwan a wɔnam so tetee no no bɛma eyi asakra. Ɛdenam tete a ɔtete no so no, abusuabɔ titiriw bi bɛda ɔkraman no ne ne wura ntam. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛnam ntetee a wɔde ma no no so na ɛma osuaa biribi na ohu nti, ɔkraman sua sɛnea obebu nea ne wura ani gye ho ne nea n’ani nnye ho na osuasua ne su ahorow no ntɛmntɛm.
Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔtete akraman no mu biako kae sɛ ɛbɛyɛ den sɛ obi a ne bo taa fuw anaasɛ ɔwɔ suban bɔne no bɛhwɛ kwan sɛ obenya ɔkraman a a odwo na ɔwɔ su pa. Ebia akraman wuranom a wɔwɔ abusua bi anaasɛ asetra mu kuw bi ho adwemmɔne no bɛma wɔn mmoa no anya bi mpo. Wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no O CÃO en nossa casa (Ɔkraman a Ɔwɔ Yɛn Fie No) no mu no. Theo Gygas kae sɛ: “Awiei koraa no, sɛnea onipa no su te biara no, ɛnsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔkraman no anya su horow a n’ankasa nni no. Esiane sɛ ne nkate horow ano yɛ den nti, ɛyɛ mmerɛw ma ɔkraman no sɛ obenya ne wura no su no bi a okura adwene a ɔwɔ no bi pɛpɛɛpɛ te sɛ hama a radio nam so kyere nsɛm.”
Nokwarem no, eyi nkyerɛkyerɛ asemmisa a ɛne sɛ dɛn nti na akraman binom yɛ basabasa tra so mpofirim ara bere a na kan no wonyi su yi adi no mu nwie. Wɔn a wɔtete wɔn no mu biako ka sɛ: “Te sɛ nnipa no, akraman nso di mfomso. Wontumi nte nneɛma ase sɛnea ɛsɛ sɛ wɔte no ankasa.” Sɛ nhwɛso no: Adwuma bi a wosiesie TV wɔ hɔ no wura de ne kraman kɔtraa n’adwuma no mu sɛ ɔmmɔ ho ban na ɛyɛɛ yiye asram pii. Afei da koro bi ne wura no kotowee sɛ ɔrema adwinnade bi so. Ɔkraman no ante adeyɛ yi ase na ɔtow hyɛe ne wura no so.
Nnipa binom gye di sɛ ebia saa kekã a wɔyɛ mpofirim ara yi yɛ su a wonya fii aboa a wosusuw sɛ ɔwoo ɔkraman a ɔne pataku no mu. Afoforo nso te nka sɛ ebia efi ne wura anaasɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia a wɔsesa no no nti. Sɛnea asɛm no te biara no, sɛ wowɔ ɔkraman anaasɛ woresusuw ho sɛ wu- benya bi a, wubetumi anya ahotoso sɛ nhwɛso ahorow a yɛde ama wɔ asɛm no mfiase no yɛ nea wɔntaa nte. Wo ne wo mma betumi akɔ so anya adamfofa a mo ne ɔkraman wɔ no mu anigye
Ntetee Ahorow Abiɛsa
Ne titiriw no, wɔakyekyɛ wɔn ntetee no mu abiɛsa na nea edi kan a ɛyɛ tiaa ne su horow a wode bɛkyerɛkyerɛ no. Nea ɛka eyi ho ne kyerɛ a wobɛkyerɛ ɔkraman no sɛ ɔmmra bere a wofrɛ no no, sɛ ɔntra ase, ɔnna hɔ, ɔnkɔfa nneɛma ahorow ne sɛ onhuru nneɛma a esiw no kwan. Nea ɛka ho nso ne NYƐ binom; ɔnntow nhyɛ nnipa so, onntu mmirika nni kar akyi, ɔntaa afipamfo nkokɔ mma na ompirapira wɔn, onnye aduan mfi ahɔho hɔ, ne sɛ, ɔnnyɛ nneɛma basaa wɔ fie hɔ. Saa su ahorow a obesua no bɛma asetra ayɛ nea asiane nni mu kɛse ama ɔkraman no na ɛbɛma no wura ani agye kɛse.
Nkakrankakra no, ɛsɛ sɛ wotete ɔkraman no ma ɔyɛ osetie. Nea ɛka eyi ho ne nnwuma ahorow a mfaso wɔ so te sɛ nneɛma ahorow bi so a ɔbɛhwɛ, kɔkɔbɔ a ɔde bɛma bere a obi nam ɔkwammɔne so ba wo fie ne afei nso w’akyi pɛɛ a ɛsɛ sɛ odi a wobɛkyerɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔma ɔkraman no nkate a ɔwɔ sɛ ɔbɛbɔ nneɛma ho ban no nya nkɔso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa na wabɔ ne wura ne n’abusua no ho ban wɔ bere a ɛho hia mu.
Mpɛn pii ne wura ankasa betumi de ntetee a wɔde ma ntɛm yi ama denam nhoma a wɔn ntetee ho nsɛm wom a ɔde bedi dwuma no so. Nanso egye boasetɔ kɛse ne ntease pa wɔ ɔkraman no su, nneɛma ahorow a otumi yɛ ne sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ nneɛma ho no ho. Ɛsɛ sɛ woma wo nsa yɛ den wɔ ahyɛde horow a wode bɛma no so nanso ɛnsɛ sɛ wode nteɛteɛm yɛ saa.
Wɔka sɛ akraman nkutoo ne mmoa a wosua sɛnea wɔyɛ osetie sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkamfo wɔn na wɔagoru wɔn ho. Efi da a wofi ase tete no so no, onya nkɔso denam ayeyi so na wɔ bere tiaa bi mu no obu sɛ wɔn nsa a wɔde bɔ n’atifi wɔ ɔdɔ kwan so ne nsɛm a ɛne “ɔkraman pa” ne osetie na ɛnam! Wɔn a wɔtete akraman no mu binom hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wonya atesɛm krataa a wɔabobow bere a wɔtete ɔkraman no. Wubetumi de abɔ fam de akyerɛ no sɛ ɔnyɛ aso, anaasɛ sɛ nteɛso bi ho hia a, ɛsɛ sɛ wode bɔ ɔkraman no akyi nanso nyɛ no sɛnea ebepira no. Ntetee no gye bere. Nanso sɛnea wɔn a wɔtete akraman mu biako kae no, “Ɛsɛ sɛ ɔkraman no wura gye bere na ɔde mmɔdenbɔ tete ne kraman no anaasɛ ɛsɛ sɛ onya wɔn a wɔwɔ ne ntetee ho nimdeɛ no ma wɔyɛ saa na otua wɔn ka.”
Wɔ ebinom fam no, ɔkwan a ɛto so abiɛsa a wɔnam so tete no ne sɛ wɔbɛtete ɔkraman no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atow ahyɛ biribi so. Na ebia ɛha na ɛsɛ sɛ Kristofo pii a wɔyɛ akraman wuranom no pow sɛ wɔbɛyɛ saa. Ɔkraman a otumi wɛn na ɔwɔ su pa yɛ ade biako; na ɔkraman a wɔatete no koraa sɛ ɔntow nhyɛ nnipa so anaasɛ ɔnwɛn no yɛ ade foforo. Nea enti a ɛsono nea edi akyi no ne sɛ wɔatete no sɛ ɔntow nhyɛ nkurɔfo so bere a ɔkraman a ɔwɛn no de kɔkɔbɔ ma ara kwa. Wɔtete ɔkraman a ɔwɛn ankasa sɛ ɔmmɔ n’ankasa ne ne wura ho ban bere a akode a etumi di awu mpo ka ho no. Wɔayɛ ma keka a ɔkraman a ɔte saa keka no adu baabi a obetumi abu obi nsam anaasɛ obetumi akum onipa mpo. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu sɛ ɔkraman a ɔte saa no betumi ayɛ aboa a ne ho yɛ hu sɛ wɔantete no na wɔanhwɛ no so wɔ ɔkwan pa so a. Wɔde no toto akodiawuo a aboba hyɛ mu ma ho. So w’agyapade som bo ankasa sen onipa foforo nkwa anaasɛ n’akwaa bi?
Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ, Sɛ Ɔtow Hyɛ Wo So A
Nea ɛsen ne nyinaa no, mma ehu nka wo anaasɛ ntu mmirika. Kae sɛ nkate a ɔkraman wɔ ne sɛ ɔbɛtaa biribiara a ɛreguan. Enti sɛ wo nankroma wosow mpo a, gyina hɔ na kasa kyerɛ ɔkraman no kakra te sɛ nea ɔyɛ wo ankasa de; ‘Ɛyɛ dɛn asɛm?’ Sɛ ɔpɔw a, ɛno yɛ sɛnkyerɛnne a eye; anyɛ yiye koraa no ɔrema woanya hokwan de apini w’akyi. Yɛ saa brɛoo, ntwe wo ho ntɛm ara. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ no. Sɛ wukura bag anaasɛ akatawia a, wubetumi de asiw wo ne ɔkraman no ntam de abɔ wo ho ban bere a ɛho hia no.
Sɛ ahwɛyiye yi nyinaa akyi no, ɔkraman ka wo a, nyansa wom sɛ wobɛkɔ akohu oduruyɛfo ntɛm ara. Bio nso kɔbɔ polisifo amanneɛ na kyerɛkyerɛ nea esii ne sɛnea ɔkraman no te no mu kyerɛ wɔn. Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ ma wɔwɔ wo ɔkraman yare bi a wɔfrɛ no rabies no ho paane anaasɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Ma ɛntra w’adwene mu bere nyinaa sɛ, sɛ́ ɛyɛ nea akraman bi ho nyɛ hu anaasɛ wɔn ho yɛ hu no, ɛsɛ sɛ wode ntease ne ahwɛyiye di wɔn ho dwuma.
Wo Kraman a Wobɛhwɛ No
Baabi pa a obenya atra a aduan pa ka ho no ka ntetee pa a wode bɛma wo kraman no ho. Sɛ obenya akwahosan pa a, ohia baabi a ɔhyew ne mframa wɔ a ɔbɛda na abɔ ne ho ban afi mframa ne osu a ɛretɔ ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ faako a wode no to no hɔ tew, ɛyɛ baabi a ɛhɔ wo na tiafi biara nni hɔ. Ɛdenam ntetee pa so no ɔbɛboa wɔ eyi mu. Te sɛ yɛn ankasa de no, ɛho hia sɛ wosrɛn ɔkraman ho nhwi no mu bere nyinaa na ɛsɛ sɛ woyɛ saa da biara, sɛ ɛyɛ atenten a. Wɔ bere ne bere mu no obehia pawda a wɔde kunkum mmoawa nketenkete ne sesã a wɔbɛsesã no ne aguare nso. Akraman ho nhoma ahorow ka eyi ho asɛm kɛse. Di wɔn nyansahyɛ ahorow no akyi na wo kraman no bɛkɔ so anya ahoɔden ne anigye
Ɛsɛ sɛ woma wo kraman no aduan bere nyinaa na woma odidi wɔ bere koro mu wɔ faako a woma no aduan da biara no. Eyi remma onnye duan mfi ahɔho nkyɛn na ɛbɛboa ma ne ho atew. Akraman mma hia aduan mprɛnsa anaasɛ mpɛn anan da koro na wɔn a wɔanyinyin hia mprenu. Ɛsɛ sɛ wokɔma aduan a wadi ma aka no so fi hɔ wɔ bɛyɛ simma 15 akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe. Ɛsɛ sɛ woma aduan no yɛ hyew nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ hyew pii na ɛsɛ sɛ wode nsu a ɛdɔɔso si hɔ ma no bere nyinaa. Te sɛ yɛn no, eye se akraman kwati mfremfremade ne nnuan a wɔakyew na srade pii wom. Nnuadewa ne nnuaba ahorow bi ye ma wɔn. Hwɛ yiye na woamfa nnompe nketewa amma wo kraman; nanso n’ani begye nea ɛso a ɔbɛwe ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, bu w’ani gu n’ani a ɔde srɛ ade bere a woredi biribi no so. Di wo ntetee a wɔde ma no no ho mmara horow no so.
So Wopɛ Sɛ Wunya Ɔkraman?
Krataa bi a wɔde kɔmaa atesɛm krataa mu samufo bi kae sɛ, “Dodow a mihu sɛnea nnipa te no, dodow no ara na medɔ m’akraman.” (Latin America Daily Post) So woagugu asɛm no mu dodo‘? Ebia ɛte saa. Nanso wɔ ɔkwan biara so no, nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a wɔde akraman yɛ wɔ wiase no mu. Wɔa- tete wɔn sɛ akraman a wɔkyerɛ anifuraefo kwan, na nnansa yi mpo wɔde wɔn di dwuma boa asotifo. Wɔde wɔn di dwuma sɛ akraman a wɔwɛn ne ayɛmmoa a wɔde wɔn di dwuma wɔ ayaresa mu ma ayarefo a wɔadi dɛm ne wɔn a wɔanya adwenemyare. Wɔagye nnipa pii nkwa wɔ ogya, nsukyerɛma pii a ɛtɔ ne asasewosow mu. Na akraman a wɔhwɛ nguan nso ɛ? Ɔnokwafo Hiob mpo kaa “ne nguankuw akraman ho asɛm,” na akyinnye biara nni ho sɛ ɔde wɔn wɛn ne nguan 7,000 fi mmoa a wɔbɛpɛ sɛ wɔkyere wɔn we ho.—Hiob 30:1; 1:3.
Sɛ wusi gyinae sɛ wabɛtɔ ɔkraman a, pii wɔ hɔ a wubetumi apaw mu bi. Anyɛ yiye koraa no, akraman ahorow 140 na wonim sɛ wowɔ hɔ nnɛ. Wubehu sɛ denam ɔdɔ mu a wubefi ahwɛ no a ntetee pa ka ho so no, wo kraman no bɛda ne ho adi sɛ adamfo nokwafo ɔhokafo ne wo hwɛfo—wɔ ayaresa mu mpo. Na nea obebisa afi wo hɔ nyinaa de asi ananmu ne sɛ wubehu n’ahiade ahorow na wode ɔdɔ ne ntease kakra atua ne so ka.