Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 8/8 kr. 29-30
  • Me Kraman Tie Asɛm Ma Me!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Me Kraman Tie Asɛm Ma Me!
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Twinkie Adwuma
  • Ntetee a Ahokokwaw Wom
  • Ayɔnkofa a Ɛyɛ Anigye
  • Akraman—So Wɔyɛ Nnipa Nnamfo a Wɔsen Biara Bere Nyinaa?
    Nyan!—1985
  • Mmoa—Onyankopɔn Akyɛde
    Nyan!—2004
  • Sɛnea Ɔkraman Te Nneɛma Hua
    Wɔbɔe Anaa?
  • Minyaa ‘Nea Me Koma Pɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 8/8 kr. 29-30

Me Kraman Tie Asɛm Ma Me!

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ

“SƐ ME kraman ketewa no nni hɔ a anka minnim nea mɛyɛ!” Saa na Dorothy de ahosɛpɛ kae, bere a ɔde anigye hwɛɛ kraman ketewa bi a yɛfrɛ no Jack Russell sɛ ɔda agua a ɔte so no ase redwudwo ne ho no. “Asram kakraa bi ni a minyaa Twinkie, nanso wama nsakrae aba m’asetram dedaw!”

Bere a mebɛn no hwɛɛ no yiye no, mihui sɛ ntama bi a ani yɛ akokɔsrade bɔ Twinkie mu a wɔde nkyerɛwde akɛse tuntum akyerɛw mu sɛ “ƆKRAMAN A OTIE ASƐM MA ƆSOTIFO.” ‘Aboa nwonwaso bɛn ara ni!’ Mekae sɛ ɛno ne adwene a ɛbaa me tirim. ‘Dɛn na obetumi ayɛ?’

Ɛyɛ hokwan kɛkɛ na ɛba ma yehyiae wɔ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Amanaman Ntam Nhyiam a Yehowa Adansefo yɛɛ no July, afe a etwaam no wɔ London, England, a nnipa 44,000 na wɔkɔɔ bi no ase. Esiane sɛ na Dorothy te bɛn akasam no pɛɛ nti, na ɔte nea ɛrekɔ so no. Ɛnde dɛn nti na na ohia ɔkraman a ɔte kasa? Bere a eduu awia ahomegye bere a yɛte hɔ rebɔ nkɔmmɔ no, Dorothy kaa n’asɛm kyerɛɛ me.

Twinkie Adwuma

Atiridii bi a ɛyɛ mmofra a ɛyɛɛ Dorothy bere a na wadi mfe abiɛsa no ama n’asom ayɛ den paa. Efi bere a ne kunu wui mfe 23 a atwam ni no, ɔno nkoaa na atra, nanso, sɛnea Dorothy kyerɛkyerɛɛ mu no, bere a ne mfe kɔɔ anim no na ɛnyɛ obi a ɔbɛma n’ani aka kɛkɛ na ohia. Ɔkae sɛ: “Sɛ asotifo du nea m’atifi adu yi a, ehu tumi ka wɔn paa. Madi mfe 74, na mewɔ obi a ɔhwɛ me, nanso sɛ nea ɔhwɛ me no ba sɛ ɔrebɛhwɛ me na ɔbɔ ɔpon ano dɔn no a, mente. Ɛtɔ da bi a ɔbɔ wura dan no mu bere a m’ani nna, esiane sɛ osusuw sɛ ebia me ho mfa me nti; na ɛno ma me koma tu. Nanso seesei de Twinkie te dɔn no, na ɔba bɛprɛ me nan na odi m’anim kɔ abɔnten pono no ano. Saa ara na sɛ Twinkie te sɛ ɛdɔn a ɛwɔ me fononoo ho abɔ a, ɔde mmirika ba me nkyɛn, na midi n’akyi. Wɔatete Twinkie ma sɛ ɔte sɛ wusiw anaa ogya wɔ baabi a otumi twe m’adwene ba nea asi no so na ɔda fam yɛ biribi de kyerɛ sɛ asiane bi reba. Bere biara a ɔbɛboa me no, mekyɛ no ade soronko, mema no aduan a ɛyɛ dɛ di.”

Ntetee a Ahokokwaw Wom

Me ho dwiriw me. Mibisaa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wunyaa wo kraman yi, na hena na ɔtetee no?” Eyi maa Dorothy kaa Akraman a Wotie Asɛm Ma Asotifo, adɔe kuw bi a wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛboa asotifo wɔ Britain ma wɔn asetra atu mpɔn no ho asɛm kyerɛɛ me. Efi 1982 no, wɔama asotifo a wɔwɔ Britain akraman ɔhaha pii. Bere a wɔatete ɔkraman no awie no, wɔde no kɔma ne wura foforo no a wonnye hwee.

Wɔtaa de akraman a wɔayerayera na ɛyɛ adwuma yi, na mpɛn pii no wɔkɔfa wɔn fi mmeae a wɔhwɛ akraman a wɔayera so wɔ ɔman no mu, nanso ɛtɔ da bi a wɔn a wɔyɛn akraman na ɛde bɛkyɛ. Egye bɛyɛ asram 12 na wɔde atete ɔkraman biako. Mpɛn pii no, adwumakuw anaa nnipakuw bi na wɔka bom yi ntoboa de tua ho ka. Dorothy ka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ kuw bi a ɛboa nkurɔfo ma wɔn so tew na efi ayamye mu bɔɔ Twinkie ho ka.

Sɛ wonya wɔn a, wɔtete ɔkraman biara a obetumi atie asɛm a wadi fi adapɛn ason kosi mfe abiɛsa ma ɔte nnyigyei ahorow bi. Nanso, mfiase no de, wɔde kraman no ma obi a ɔkyerɛ kraman sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne nnipa tra ma ɔne no kɔtra ne fie asram abien kosi awotwe, a egyina ɔkraman no mfe ne nea otumi yɛ so. Nea ɛka saa ntetee yi ho ne ofie nneɛma nketenkete ho ntetee a wɔde ma no, nanso ne titiriw paa ne sɛ ɛbɛma aboa no ahu mmɔnten so ne ahyɛn, ahu nnipa a ɛsono wɔn mfe a mmofra nkumaa ne mmotafowa ka ho na ama ɔne wɔn abɔ. Botae no ne sɛ ɛbɛtete ɔkraman no ma wada suban pa adi na ama wasen baabiara a wɔde no bɛkɔ.

Bio nso, mihui sɛ ahyehyɛde afoforo nso nam akraman so boa wɔn a wohia mmoa atitiriw. Nea ɛka tete a wɔatete wɔn ma wotie akwankyerɛ ho no, saa akraman yi hu nneɛma pɔtẽẽ bi na wɔte hua nso. Wɔakyerɛ akraman yi biako a ɔhwɛ ɔbea bi a ɔte mmubuafo akongua mu ma otumi fa telefon ne nkrataa a wɔakyerɛw na ɔde ntasuo yɛ stampo so de tare nhoma kotoku so de mena! Ɔkraman foforo tumi di ahyɛde 120 so, yiyi nkankyee mu aduane ne nnaka mpo wɔ adetɔnbea. Ne wura a wadi dɛm no de ade kyerɛ dekode a ɔpɛ no so, na afei ɔkraman no fa de brɛ no.

Ayɔnkofa a Ɛyɛ Anigye

Mibisae sɛ: “So obiara hu mfaso a ɛwɔ Twinkie so no?” Dorothy buae sɛ: “Bere bi ɔdetɔnfo bi amma me kraman no anwura ne sotɔɔ mu. Ɛyɛ me sɛ na aduan wɔ ne sotɔɔ no mu ntia, nanso ne nkutoo na ɔyɛɛ n’ade saa esiane sɛ na ɔnte nea enti a mihia Twinkie saa no ase nti.”

Afei mebɛtee mfaso a ɛwɔ so sɛ obi benya ɔkraman a ɔte asɛm wɔ ne fie no ase, nanso na mewɔ asɛmmisa foforo. Mfaso bɛn na ɛwɔ Twinkie so bere a Dorothy ne mfɛfo Kristofo pii ahyia no? Dorothy kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mitumi hwɛ obi ano hu asɛm a ɔreka no yiye, na afiri a ɛboa ma mete asɛm yiye no boa me ma mitumi di nkɔmmɔ. Sɛ nkurɔfo hu Twinkie ntama a ani yɛ akokɔsrade a ɛbɔ ne mu no a, ntɛm ara wohu sɛ meyɛ ɔsotifo. Afei wɔhwɛ m’anim tee kasa, na wɔtaa ma kasa no mu da hɔ sɛnea wobetumi biara. Enti, enhia sɛ meka kyerɛ nkurɔfo sɛ meyɛ yarefo, na ɛno ma asetra yɛ mmerɛw ma me.”

Na aka kakra ma wɔafi nhyiam no fã a edi hɔ no ase, na na ehia sɛ Twinkie nantenantew ansa na watra ase ama awia dwumadi no. Ansa na merefi hɔ no, mebɔɔ me mu ase sɔɔ ne mu. Twinkie han n’ani na afei ɔhwɛɛ Dorothy na onyam ne dua. Hwɛ adamfo ketewa a ɔyɛ osetie, na mfaso wɔ ne so saa—na na wɔn adamfofa no di mu!

[Kratafa 30 mfonini]

Twinkie mmoa ho hia paa wɔ nhyiam ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena