Nyinsɛn A Woyi Gu: Nea Wɔn A Wowɔ Ho Nimdeɛ Ka
Nnuruyɛ mu nsusuwii ahorow a ɛne ne ho bɔ abira
Nsakrae a ɛreba wɔ mmara ho nsusuwii mu
ODURUYƐFO BERNARD NATHANSON a kan bi no ɔyɛ New York ayaresabea a edi kan a na woyi nyinsɛn gu kɛse wɔ hɔ no ɔhwɛfo no sakraa n’adwene mpofirim kae sɛ: “Migye toom, sɛ́ ɔpanyin a ɔhwɛ ayaresabea yi so no, sɛ, m’ahwɛ ma wɔakum nnipa bɛboro 60,000.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ́ nkwa fi ase bere a nyinsɛn fi ase, a mede kateeyɛ bɛka sɛ ɛnyɛ nokware no yɛ nkwaseasɛm!”
Dr. Howard Diamond a ofi Beth Israel Ayaresabea no ampene so: “Sɛ mete biribi nka mpo a, na mete akomatɔyam nka. Yafunu a woyi gu ho hia koraa kyɛn akokoaa a onni asetra mu no nkwa . . . Awotwaa nyɛ hwee!”
Sɛnea ayaresafo te yafunu a woyi gu no nka fa no sonosonoe yiye. Ebinom te bɔne a wɔayɛ ne ahometew nka kɛse. Ayaresafo no bɛpene so sɛ wɔn mu pii taa nom nsa bebree na ehu ka wɔn wɔ nna mu wɔ yafunu bebree a woyi gu no nti. Wɔn a wɔyɛ katee wɔ eyi mu wɔ ɔkwan foforo so no ka sɛ wɔn koma tɔ wɔn yam wɔ eyi a wɔyɛ no nti efise wɔte nka sɔ wɔregye mmea nkwa, wɔ nkate ne nipadua nyinaa mu.
Ayaresafo no mu binom nso nhu nea wɔnka. Dr. William Rashbaum a ofi Beth Israel Ayaresabea no huu nna mu asɛm a ɛyɛ hu a ɛfa nyinsɛn ketewaa bi a ɔrebɔ mmɔden ayi no agu nanso ɔmpene so na ɔde no ho atare yafunu no fasu ho dennennen ho asɛm. Osuaa ade fii eyi mu, wanso saa dae no bio, nanso ɔkae sɛ: “Meyɛ onipa. Mewɔ nkate horow. Na me nkate horow no ne sɛ hena na ɔmaa me anaasɛ obi foforo biara kwan sɛ onyi nyinsɛn ngu? Mewɔ ho kwan sɛ mete nka saa, nanso minni ho kwan biara sɛ mɛka eyi akyerɛ ɔyarefo a ɔpɛ sɛ miyi nyinsɛn gu ma no no. Wontua me ka wɔ me nkate horow nti, nanso wotua me ka wɔ adwuma a meyɛ no nti . . . Mifii ase yii nyinsɛn ahorow pii gui bere a me ne me yere tetew mu no efisɛ na mihia sika pii. Nanso migye hokwan a ɔbea no wɔ sɛ odi n’asetra so no di.”
Ɔyaresafo John Szenes gye hokwan a ɔbea no wɔ sɛ oyi nyinsɛn gu no di na ɛno na osususw ho kɛse. Nanso, ɔpenee so sɛ egye ebinom bere ansa na wɔatumi agyina biribi a ɛte sɛ nkyenenkyene no gu awotwa no mu sɛ nkekaho kɛse fi ase. Eyi nyɛ yafunu mu nsu ara kwa a ɛresen. Ɔhaw bi ato nyinsɛn no efisɛ akokoaa no remene nsu nkyenenkyene no na ɔrepere denneennen, na ɛno yɛ bere a ɔrepere awu.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Enti mitumi susuw sɛ mifii yafunu 24 a woyi gu dapɛn biara no ase a, anka eyi bɛhaw me kɛse wɔ m’adwenem sɛ́ ebia eyi yɛ awudi no ho.”
Wɔ Beth Israel Ayaresabea a ɛwɔ Denver, Colorado no, ɔyaresafo bi nam paane a aduru a wɔde fi awoko ase wom no wɔ so ma ɔbea a wanyinsɛn a ennuu bere a ɔde bɛwo no fi awoko ase ma yafunu no sɛe. Nnɔnhwerew pii akyi no wɔwoo abofra no a ɔwɔ nkwa mu, osu, na akyiri no owu. Oduruyɛfo no amma kwan sɛ wɔnkyɛe abofra no nkwa so denam nnuru horow a wɔde bɛma ma watra nkwa mu. Eyi haw wɔn a wɔhwɛ ayarefo no yiye ma wɔn mu biako gyaee adwumayɛ. Ayaresafo a wɔwɔ Denver no mu biako kaa saa ara faa asɛm bi a ɛte saa ho: “Sɛ wobɛbɔ mmɔden agye awotwaa no nkwa wɔ bere a woreyi nyinsɛn no agu no te sɛ nea wode ɔyarefo ato kar a wɔde gye ayarefo nkwa mu na afei woma kwan ma wɔtow atuo gu kar no mu. Adwene a ɛwɔ yafunu a woyi gu no akyi nyinaa—wɔ ɔbea no ne ɔyaresafo no fam—ne sɛ wɔbɛhwɛ na nyinsɛn no annya nkwa.”
Ehu ne adwenemhaw aka wɔn a wɔhwɛ ayarefo no mu pii wɔ osuahu ahorow a ɛte saa yi nti, titiriw nea ɛfa nsu a ɛyɛ nkyenenkyene a wɔde yi nyinsɛn gu no ho. Obi a ɔyɛɛ mpɛɛpɛemu faa eyi ho kae sɛnea wɔn a wɔhwɛ ayarefo no mu ɔpanyin bi a ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea a woyi nyinsɛn bebree gu wɔ hɔ kae. Ɔkae sɛ: “Mihuu nneɛma a ɛyɛ hũ pii,” na ɔde toaa so sɛ nea ɛka ho ne “mmofra a wɔwo wɔn wɔ ayaresabea hɔ a wonni biribiara a wɔde bɛboa wɔn ama wɔanya nkwa.” Ɔbea no kae sɛ “ɔde n’ani huu ɔyaresafo bi a ɔwɔ hɔ bere a wɔwoo abofra bi, na nea wɔyɛe ara ne sɛ wɔde abofra no hyɛɛ aduru bi mu wɔ bokiti mu kum no.” Amanneɛbɔ foforo kaa nkokoaa a wɔadi asram awotwe a woyi yafunu yi gu, na amanneɛbɔ no kae sɛ nyinsɛn a adi asram asia a woyi gu no mu pii tumi nya nkwa “na ayaresafo kum wɔn denam paane a wɔwɔ wɔn ne plastik kotoku a mframa nni mu a wɔde wɔn hyɛ mu kum wɔn so.” Nkokoaa no betumi anya nkwa na wɔn ho yɛ fɛ nanso wokum wɔn.
Wɔtaa ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea a wanyinsɛn no tumi di n’ankasa ne nipadua so, nanso nyinsɛn anaasɛ n’awotwaa no nyɛ ne nipadua no fa. Ɛyɛ biribi foforo a afifiri abɛka nipadua no ho te sɛ bɔnwoma toa na wɔde eyi to nyinsɛn a woyi fi ɛnã no nipadua mu no ho. Dr. A. W. Liley ɔbenfo a wagye din kɛse wɔ wiase a onim awo ho ade yiye no kae sɛ: “Hokwan biara nni hɔ a yebegyina so aka sɛ yɛanya adwene no sɛ nyinsɛn te sɛ ɔyare bi anaasɛ akwaa bi a afifiri abɛtare ɛnã no ho. Ɛsono ɛnã no ne ɔba no koraa fi nyinsɛn bere mu. Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ sɛnea awotwaa no fi ase no mu sɛ:”
“Yenim sɛ ɔdannan ne ho brɛoo wɔ ne wiase a ɔrenyin mu no mu, na sɛ nyinsɛn no da yiye a ɛma ɔbea no nya ahomeka. Ɔte yaw nka bere a nsa ka no, awɔw de no na ɔte nnyigyei nka na ohu kanea nso. Ɔnom yafunu mu nsu a ɔda mu no, ɔnom no pii bere a wɔama ayɛ dɛ no, sɛ ɛnyɛ dɛ nso a ɔrennom. Tekɔtekɔ nso ka no na onum ne kokurobeti. Onyan na ɔda. Nnyigyei a ɛtoatoa so nka a ɔte fono no nanso wotumi kyerɛ no sɛnea ɔbɛte nnyigyei ahorow a ɛsono nea ɛto so abien no wɔ nea edi kan no ho. Awiei no otumi hu da a wɔbɛwo no, na akyinnye biara nni ho sɛ awoko yɛ nea yafunu no ankasa si ho gyinae. . . . Eyi ne awotwaa a n’asetra mu a ɔwɔ, a ɛsɛ sɛ wɔwo no sɛ onipa no ayɛ nea nnipa bebree bu ani gu so na wɔde ahoɔden ka sɛ wonyi no ngu nkum no no.”
Bere a Dr. Liley akyerɛkyerɛ nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛfa nyinsɛn a ɛwɔ yafunu no mu no ho no, ɔkae sɛ: “Ebia wubesusuw sɛ nimdeɛ a ɛte sɛɛ bɛma wɔde obu ama akokoaa a wɔnwoo no no. Mmom, ebinom awe ahinam so se gye sɛ wɔsɛe no—bere a wɔanya nipadua no nkate ahorow a wohu no.” Dɛn nti na wɔn a woyi nyinsɛn gu no adɔɔso na wɔakɔ anim saa wɔ onipa a akokoaa no yɛ no nyinaa akyi? Dr. Liley mmuae ne sɛ: “Nea wɔnwoo no no sua, ɔda adagyaw, onni din na ontumi nkasa. Ɛyɛ ne ho ban a ontumi mmɔ no na ɛma ɔyɛ obi a wotumi toa no bere nyinaa saa. Onnuu afe a nnipa de bebu no ho akontaa, na ontumi nyɛ biribi ntua obi so ka.”
Ayaresafo pii pow sɛ wobeyi nyinsɛn agu. Ɔyaresafo biako kae sɛ: “Sɛ ayaresafo kakra wɔ hɔ a ɛte sɛ nea wɔyɛ pii a, na efi yɛn mu binom a wɔne Hippocrates (ntanka) no redi aperepere nti.” Ntanka no ka faa nyinsɛn a woyi gu ho sɛ: “Memmfa aduru a ekum obi mma obiara, sɛ wobisa me sɛ menyɛ saa mpo a, na saa nso na merentu obi fo, na esiane eyi nti meremfa aduru bi mma ɔbea bi na ayi ne nyinsɛn agu.”
Nsakrae akɛse aba wɔ mmara mu a ɛfa nyinsɛn a woyi gu ho. Engiresi mmara bu nyinsɛn a woyi gu sɛ ɛyɛ awudi—awudi ketewaa wɔ nyinsɛn no mfiase mu efisɛ saa bere no na akokoaa no nkekaa no ho, enti wobu no sɛ onni nkwa. Nanso bere a ɛnã no “ate nkwa nka wɔ ɔfa a ɛto so abien no mu no, saa bere no na abofra no wɔ nkwa mu na nyinsɛn a ɛte saa a wobeyi agu no yɛ awudi. Wɔde saa mmara yi dii dwuma wɔ U.S. Amerika nyinaa de kosii wɔn Ɔman Mu Ko no akyi.
Nyinsɛn a ɛyɛ nkwaboaa no ne mmadwoaa no a ɛka bom no yɛ nea German nyansahufo bi kyerɛkyerɛɛ mu wɔ afe 1827, Ɛno akyi na wohui sɛ nkwa fi ase wɔ nyinsɛn bere mu mmom kyɛn ‘bere a wɔte akokoaa no nka wɔ yafunu mu’ sɛnea na kan na wogye di no. Ɔman Mu Ko no akyi pɛ na Amerika ayaresafo kuw somaa wɔn nyansahufo ma wokodii adanse wɔ agyinatufo ne mmarahyɛfo anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ nkwa fi ase bere a nkwaboaa no ahyɛn mmadwoaa no mu. Sɛnea abɛyɛ na wobedi amanneɛbɔ foforo yi ho dwuma no ɔmantam biara a ɛwɔ ɔman no mu yɛɛ mmara foforo, efi afe 1870 kosi 1880 mu, sɛ, ɛyɛ awudi sɛ wobeyi nyinsɛn agu. Kuw yi dii adanse sɛ: “Nea ensua nkyɛn ɔdesani nkwa na yɛredi ho dwuma no.”
Mmere asakra. Nea wose wɔfrɛ no “afeha a ɛto so 19 mmara a ɛsɔre tia yafunu a woyi gu a ne bere atwam” no ayɛ nea wɔapopa afi United States Amerika mmara nhoma mu. Colorado yɛɛ mmara maa yafunu a wobeyi agu kwan wɔ afe 1967 mu. Amantam ahorow 15 nso yɛɛ saa ara wɔ mfirihyia anan a edi hɔ no mu. Ɛno akyi mfirihyia abiɛsa mu no amantam 33 pow saa mmara a ɛma nyinsɛn a woyi gu kwan no. Nanso wodii wɔn a wɔrepere ama nkwa no so nkonim wɔ US. Amerika Asennii Kɛse no wɔ gyinae bi a wosii wɔ 1978 mu, enti wɔmaa kwan sɛ sɛ obi hwehwɛ sɛ woyi ne nyinsɛn gu wɔ ɔsram abiɛsa mu a ebetumi abɔ ɛnã no ho ban, ansa na awo no aba, wɔ ɛnã no akwahosan nti a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.
Wɔ akwahosan nti? Gyinae a Asenniibea no sii wɔ Doe ne Bolton asɛm no ho no kyerɛkyerɛ mu: “nsɛm a ɛfa ho nyinaa, nipadua mu, nkate, adwenem, abusua ne ɔbea no mfe a wadi, a ɛbɛma asi ɛna no yiye.” Asenniibea no asɛm foforo a edii a ɛfa Roe ne Wade ho no trɛw nhwehwɛmu no mu: “Awo foforo de asetra a ɛyɛ ɔhaw a ɛbɛba daa bɛba abɛto ɛna no so. Eyi betumi adi no awu wɔ adwene mu ne nipadua mu akwahosan mu asiane abofra a wɔbɛhwɛ no no nti. Bere a ɔhaw wɔ hɔ ma wɔn a wɔnhwehwɛ akokoaa no, ne bere a ɔhaw wɔ hɔ sɛ akokoaa a wɔde no reba yi reba abusua a wontumi nhwɛ no no so wɔ adwene ne ɔkwan foforo bi nti no.”
Adwene foforo a wɔde kaa saa “akwahosan” yi ho ne, ɔhaw, bere a nyinsɛn reba, ɛyaw a ɔbɛte nka, sika a ɔrennya bio, n’adesua ho nhyehyɛe a obegyaa mu agu hɔ, biribi a ɔresua ne n’ankasa n’adwuma a obegyae. Wɔ ne tiaatwa mu no, atirimpɔw biara a ɛnã no de bɛba tumi de nyinsɛn no ba awiei ansa na wɔawo akokoaa no.
Amanaman Ntam Awo Ho Nhyehyɛe no yɛɛ saa nsusuwii a asakra yi ho mfatoho. Margaret Sanger na ɔhyehyɛɛ saa kuw yi na ɔyɛ obi a ɔsɔre tia nyinsɛn a woyi gu yi denneennen na ɔhyehyɛe na wɔde nnuru horow a ebesiw nyinsɛn ano no adi dwuma de asiw nyinsɛn a wobeyi agu no kwan. Amanaman Ntam Awo Ho Nhyehyɛe no kae wɔ 1964 mu sɛ: “Nyinsɛn a woyi gu kum abofra a ne nkwa afi ase no. Ɛyɛ asiane ma wo nkwa ne akwahosan mu. Ebetumi ama woadan obonin na bere a afei de wopɛ sɛ wowo no wuntumi nwo bio. Awo ano a wusiw no twe nkwa a wubefi ase no kɔ akyiri kakra.”
Ɛnnɛ Amanaman Ntam Awo Ho Nhyehyɛe no adan wɔn akyi akyerɛ nea wɔkae yi na wogyina nyinsɛn a woyi gu no akyi mmom sɛ nea wɔde siw nnipa dodow a wɔredɔɔso boro so no ano. Afei nso egyinaa asɛm a ɛbae wɔ Asenniibea Kɛse no akyi a ɛmaa wosii gyinae sɛ abeawa a onnyinii tumi yi ne nyinsɛn gu a awofo nni nea wɔbɛka wɔ ho no akyi. Ne kan asɛm a wɔkae, “nyinsɛn a woyi gu kum abofra no,” nni ne nhoma mu bio. Na mmom nokware no daa adi wɔ asɛm bi a wɔkyerɛw wɔ September 1970 mu wɔ California Medical Journal no mu:
“Kronkron a ɔdesani biara nkwa yɛ no yɛ asɛm titiriw wɔ atɔe man no nnuruyɛ mu, na ɛyɛ abrabɔ ho mmara a ama ayaresafo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora ɔdesani nkwa so, abɔ ho ban asiesie no ama atra nkwa mu na ama akɔ so. Esiane sɛ wɔntow tete abrabɔ ho mmara no nguu koraa nti, ɛho abehia sɛ wɔpaapae adwene a wokura a ɛyɛ nyinsɛn a woyi gu no ne adwene a ɛkyerɛ sɛ wɔrekum no a nnipa pii kyi koraa no mu. Nea afi mu ‘aba ne kwati a wɔkwati nyansahu mu nokwasɛm, a obiara nim, sɛ ɔdesani nkwa fi ase wɔ nyinsɛn bere mu na ɛtoa so ara wɔ yafunu no mu anaasɛ yafunu no akyi de akosi owu mu no.”
Ɔhaw foforo a na wosusuw sɛ nyinsɛn a woyi gu beyi afi hɔ ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade. Adwene no ne sɛ mmofra a wɔnhwehwɛ wɔn no taa yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade, enti siw a wobesiw awo ano no betwa saa ayayade no so. Nokwasɛm a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ adwene a wokura yi nyɛ nokware. Mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade no akɔ anim yiye, sɛnea amanneɛbɔ a edi hɔ a efi atesɛm krataa bi mu kyerɛ no: “Nyinsɛn a woyi gu ho mmara a wɔagow mu ntwa mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade no dodow so—mfirihyia anum adesua bi a Dr. Edward Lenoski, ɔbenfo wɔ Southern California Sukuupɔn no mu no yɛe no ma ohui sɛ pene a wɔpene ‘yafunu a woyi gu bere a obi hwehwɛ saa no so’ no maa mmofra a wɔyɛ wɔ ayayade ne aninyanne no dɔɔso mpɛn abiɛsa—nea afi eyi mu aba ne adwene a wɔanya sɛ ‘nkwa bo nyɛ den’ no.” Sɛ́ ebesiw mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade no ano no, nyinsɛn a woyi gu no ama nkokoaa ɔpepem bebree a wɔyɛ wɔn ayayade wɔ yafunu mu no dodow akɔ anim.
Anobaabae a ɛkɔ so wɔ nsennii ahorow a ɛfa gyinae horow a wosi wɔ nyinsɛn a woyi gu ho no ma wɔn anim gu ase wɔ awudi nsenniibea ahorow. Awudifo baanu tow atuo bɔɔ kar bi a na ɔpemfo te mu. Aboba no biako bɔɔ n’afuru maa nyinsɛn no sɛee. Ɔbea no anwu, nanso wɔde mmarima no too afiase wɔn nkwa nna nyinaa wɔ nyinsɛn a wɔasɛe no no nti. Wɔ asɛm foforo nso bi mu no, Winfield Anderson tow tuo bɔɔ ɔbea bi a ɔnyem ntaafo. Wɔpaee ɔbea yi mu yii ntaafo no. Aboba no biako bɔɔ ntaafo no mu biako ma owui nnɔnhwere abiɛsa ne fã akyi; nea ɔka ho no nso wui nnɔnhwere 15 akyi. Ɛnã no nyaa nkwa. Mmaranimfo a wodi maa wɔn a wɔtow tuo no kae sɛ nyinsɛn no “nyɛ nnipa,” nanso Ɔtemmufo Wingate, Jr., kae sɛ nyinsɛn, a ade a wɔde bɔɔ ɛnã no nti ama asɛe no, sɛ akyiri yi koraa na wowuwui a, wɔyɛ nnipa a wɔadi wɔn awu akum wɔn. Asennifo no buu Anderson fɔ sɛ wakum nnipa wɔ akwan horow abien so.
Asɛm bi a ɛne ne ho bɔ abira sɔre. Sɛ ɛnã bi ka sɛ wɔnsɛe ne nyinsɛn no a, wɔyɛ de hu no mmɔbɔ. Sɛ nyinsɛn no sɛe wɔ nsɛmmɔnedi nti a, ɛyɛ awudi. Sɛ ɛnã bi twa ne ba akokoaa nkwa so nna kakraa bi ansa na wɔawo no esiane sɛ wahaw sɛ ebia ɛbɛyɛ adesoa ama no a, mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ saa n’awo akyi da biako esiane adesoa nti a, ɛyɛ wudi.
Yehowa Nyankopɔn bu eyinom nyinaa dɛn? Ex. 21:22, 23 ka sɛ: “Na, sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo, na ɔba no fi, na bɔne bi amma akyiri a, ogye na wonnye no nea ɔbea no kunu de bɛto no so no, . . . Na sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnde ma ɔkra [nkwa] nsi ɔkra ananmu.” Mfitiase Hebri kyerɛwnsɛm no mmɔ pira a wopira ɛnã no nkutoo din na mmom ɛde akokoaa no nso ka ho, sɛnea mpɛɛpɛɛmu a ɛkɔ anim a wɔde ahwɛyie yɛe kyerɛ no.a
Tete mmara horow nso kura adwene a ɛte saa ara. Mmara horow a ɛbɔ wɔn a wɔnwoo wɔn no ho ban wɔ hɔ mfehaha pii ansa na Kristo reba. Hammurabi mmara no yɛɛ saa, afei nso Sumeriafo, Asiriafo, Hetifo, ne Persiafo mmara baraa bɔ a wɔbɛbɔ ɔbea ama ne ba a woanyinsɛn no no awu. Saa mmara horow yi kura asotwe na ɛfa ananmuhyɛ nso ho.
Wobɔɔ mmofra a wɔwɔ yafunu mu no ɔkwan a ɛyɛ hũ ne nwonwa nyinaa so, na wɔyɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ.” Ɔkwan a yɛfa so de saa agyapade yi yɛ adwuma no ho de “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”—Dw. 127:3; Rom. 14:12. NW.
[Ase hɔ nsɛm]
a Yesrɛ wo hwɛ August 1, 1977 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu wɔ nkratafa 478-480 na woanya mu nkyerɛkyerɛmu a edi mu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Sɛ ena bi twa ne ba nkwa so nna kakraa bi ansa na wawo no a, mmara ma kwan. Sɛ ɔyɛ saa n’awo akyi da biako a, ɛyɛ awudi
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Ɛyɛ ne ho ban a ontumi mmmɔ no na ɛma wotumi toa no ntɛm saa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
“Meremfa aduru bi mmma ɔbea a ɛbɛma ayi ne nyinsɛn agu”—Hippocrotes Ntam