Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 9/8 kr. 8-13
  • Yafunu A Wotu Gu—Ne Bo Yɛ Den Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yafunu A Wotu Gu—Ne Bo Yɛ Den Dɛn?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma a Ɛne Yafunu a Wotu Gu
  • Sɛ Wobetu Yafunu Agu​—Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔpaw?
  • Nea Wɔyɛ wɔ Ho Ano a Wobegyina
  • “Ankyɛ na M’ani Wui”
  • “Ɛsɛ sɛ Wuyi Abofra no Gu”
  • Dɛmdi Ano a Wogyina
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wɔpaw a Anibere Wom No
  • So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
    Nyan!—1982
  • Nyinsɛn A Woyi Gu: Nea Wɔn A Wowɔ Ho Nimdeɛ Ka
    Nyan!—1981
  • Wɔn A Wɔawuwu Wɔ Nyinsɛn A Wotu Gu Mu
    Nyan!—1993
  • Yafunu A Wotu Gu—Wiase A Emu Apaapae
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 9/8 kr. 8-13

Yafunu A Wotu Gu​—Ne Bo Yɛ Den Dɛn?

THE Daily Telegraph bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ Glasgow wɔ Scotland no, ayarehwɛfo baanu sosoo “dae a ɛyɛ hu kɛse” na na wontumi nna. Dɛn ntia? Efisɛ wonyaa oprehyɛn a wɔyɛ de yii abarimaa bi a wadi adapɛn 24 kyenee no mu kyɛfa. Ɛwom sɛ na wɔnhwɛ kwan de, nanso ɔtraa ase “bere tiaa bi.”

Wɔ Detroit wɔ U.S.A. no, wɔde abotafowa a wadi adapɛn 29 a wosusuwii sɛ wo a wɔwoo ne maame awotwaa mu paane no na akum no no kɔtoo beae a wotu yafunu gu wɔ ayaresabea hɔ. Nanso wanwu. Wɔtee ne su, na wɔde abofra a ɔyɛ ɔbea yi kɔɔ faako a wɔhwɛ ayarefo wɔ ɔkwan soronko so wɔ bere pa mu.

Mmotafowa a wɔwɔ ahoɔden a woyi wɔn gu no yɛ asɛnnennen a ɛrenya nkɔanim bere a yafunu a wotu gu redɔɔso no. Nnuruyɛ a anya nkɔanim no ma wotumi hwɛ mmofra a wɔannyin ansa na wɔrewo wɔn no yiye ma enti mprempren abotafowa a wadi adapɛn 26 a ɔwɔ ahoɔden tumi tra ase​—biribi a na ne yɛ yɛ den kɛse wɔ mfe kakra a atwam ni no mu no. Esiane eyi nti, wɔ aman bi mu no, ayarehwɛfo wɔ mmara mu hokwan sɛ wogyina wɔn ahonim so pow sɛ wobenya yafunu a wobetu agu mu kyɛfa.

Na nnuruyɛfo no nso ɛ? Wɔyɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

Adwuma a Ɛne Yafunu a Wotu Gu

Oduruyɛfo Philip Stubblefield kae wɔ nsɛm a Newsweek bisabisaa no mu sɛ: “Sɛ wobehu wo wɔ baguam sɛ woyɛ obi a otu yafunu gu no yɛ aniberesɛm ankasa.” Nokwarem no, nhyɛso a efi ɔmamfo hɔ ama nnuruyɛfo pii a wɔwɔ United States no agyae adeyɛ no koraa. Ɔtopae a wɔtotow asɛe ayaresabea ahorow a wotu yafunu gu wɔ hɔ no na “wɔ ɔman no mu nyinaa no, yɛwɔ ayaresabea ahorow a wonnya akwankyerɛfo” sɛnea Oduruyɛfo Stubblefield kyerɛkyerɛ mu no.

Nanso wɔ ne nyinaa akyi no, wɔkɔ so tu yafunu pii gu. Na ebia ɛrenyɛ den sɛ wobehu nea enti a ɛte saa no mu biako. Ɛyɛ adwuma a mfaso pii wɔ so.

Sɛ nhwɛso no, wɔ Paris, France no, awofo bi tuaa sika a ebedu £1,000 (¢210,000) na ama wɔatu wɔn babea a onnii mfe aduonu no yafunu agu, sɛnea asɛm bi a ɛwɔ aduruyɛ ho nsɛmma nhoma Pulse mu no bɔɔ amanneɛ no. Amanneɛbɔ koro no ara kyerɛ sɛ wɔ London ayaresabea ahorow bi no, wogye bɛyɛ £2,000 (¢420,000) wɔ yafunu biara a wotu gu ho.

Wɔ 1982 mu no, Britania adwumakuw a wotu yafunu gu a ɛso sen biara no mu abien nyaa mfaso pɔn ɔpepem 4.5 (¢945,000,000) . Ɛrebɔ saa sika dodow yi ho amanneɛ no, nhoma Human Concern se: “Yafunu a wotu gu yɛ adwuma a mfaso kɛse wom.” Wɔ Japan no, nniso no pow sɛ ɛbɛma ho kwan wɔ mmara mu ma wɔde nnuru a esiw nyinsɛn kwan adi adwuma. London krataa Sunday Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bara a wɔabara no fi nnuruyɛfo a wonya sika pii fi yafunu a wotu gu mu no a wɔhyehyɛ ase no.” Baabiara a wobɛhwɛ wɔ yafunu a wotu gu mu no sika fi mu ba.

Eyi nyɛ nwonwa. Bere a wohyia tebea horow a ɛhaw adwene, te sɛ abofra a onnii mfe aduonu a ɔnwaree a wanyinsɛn no, awofo bu ɛbo biara a wotwa ma wɔn no sɛ ɛfata na wɔde adi tebea no ho dwuma, titiriw no sɛ yafunu a wobetu agu no bɛyɛ nea asiane nni mu, wɔbɛyɛ no ntɛm ara ne nea wɔremma ɛnna adi a.

Ɛno mu mpo no, nnuruyɛfo pii ani a ennye adeyɛ no nyinaa ho no renya nkɔanim. Bere a yafunu a wotu gu fii ase wɔ Britania no, Daily Mail bɔɔ amanneɛ sɛ ɔbenfo Ian Morris kae sɛ: “Sɛ afei na merefi m’adwuma no ase a minim nea mprempren mahu wɔ yafunu a wotu gu ho no a, anka merempaw mmea ho ade a misuae no da.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mempɛ oprehyɛn no yɛ. Ɛyɛ me nnuruyɛ mu ntetee nyinaa a mesan no akyi. Botae no nyinaa ne sɛ wobegye nkwa, na ɛnyɛ sɛ wobedi awu a ɛte sɛɛ yi.” Ɛyɛ nsɛm a emu yɛ den ampa, nanso ɛnyɛ oduruyɛfo biara na obegye atom. Nanso ɛda te a nnuruyɛfo bi te nka sɛ adeyɛ no nye ho adwene bi adi.

Sɛ Wobetu Yafunu Agu​—Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔpaw?

Sɛ ɔbea bi hyia yafunu a wobetu agu ho ɔsɛmpɔw no a, nnipa kakraa bi, ebia ɔbea no ankasa mpo ka ho, na wosusuw agya no ho. Mpɛn pii no, ɔbea no nkutoo na osi gyinae wɔ yafunu a wobetu agu no ho na ɔde ne ho to nnamfo a wɔbɛn no ne abusuafo akyigyina so. Nanso The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ “mmarima nso di awerɛhow no bi, wɔte adehwere nka, na wɔn nso betumi ate awofo a wɔbɛyɛ ho nsusuwii mu nkate te sɛ mmea ara.”

Agyanom bi te nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn apɛde nso ho, ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔkasa wɔ ho ansa na ɛna no asi gyinae sɛ obeyi wɔn ba no agu. Wɔ asɛm no ho nhwehwɛmu a wɔde mfe du yɛe akyi no, asetra mu nsɛm ho ɔdenimfo Arthur Shostak se: “Mmarima pɛ sɛ wonya gyinaesi no mu kyɛfa, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔagye wɔn de atom. Ɛda adi sɛ adwene a ɛte saa no nyɛ nea ntease nni mu.

Nea Wɔyɛ wɔ Ho Ano a Wobegyina

Nanso, wɔ gyinaesi no mu no esiane sɛ ɔbea no nte sɛ ɔbarima no nti, ɔno na ɛsɛ sɛ ogyina honam fam ɔhaw a ɛbɛba ne nipadua mu bere a wɔsɛe ne nyinsɛn no mpofirim no ano. Dɛn na ɛwom ankasa?

Wɔ yafunu a ankyɛ a wotu gu mpo akyi no, ɔbea no taa te mmerɛwyɛ ne ɔbrɛ nka. Wɔtaa sinsen, wɔyare, na mogya tumi tu wɔn nso. Sɛ ɛyɛ akyiri yi koraa ansa na wɔretu yafunu no agu a, nyinsɛn a wɔasɛe no ho sɛnkyerɛnne betumi akɔ so dapɛn biako anaa nea ɛboro saa, bere a mogya no mu asikre so tew no. Nufu no mu a ɛyɛ kuru ne adwene mu haw nka a wɔte nso yɛ nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ wohyia. Yiw, yafunu a wotu gu betumi ayɛ ade a ɛyɛ yaw, a ɔbea no nkutoo na onim na ɛntaa nyɛ ade a ɛyɛ mmerɛw.

Nea ɛho hia kɛse no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔ nkate ne adwene mu no, nea efi yafunu a wotu gu mu ba no betumi asɛe ade ankasa. Asɛm no ne sɛ bere a nea efi mu ba wɔ honam fam no ba ntɛm na ɛyɛ nea wɔhwɛ kwan no, adwene ne nkate mu opira no ba akyiri yi na ɛkyɛ ansa na wɔadi ho dwuma sɛ wotumi yɛ saa mpo a. Sɛnkyerɛwfo bi kyerɛw kɔmaa London atesɛm krataa The Times no sɛ: “Sɛ mɛka no sɛ obi a ɔde ayɛ n’adwuma sɛ ɔne wɔn a wɔatu yafunu agu di nkitaho bere ne bere mu a, wɔtaa yɛ wɔn a wɔahaw kɛse mpɛn pii wɔ nea wɔyɛe wɔ ayaresabea hɔ no akyi mfe pii.” Asɛm no yɛ kɛse dɛn?

The Sunday Times kae sɛ: “Mprempren de ɛte sɛ nea asɛm a ahintaw no yɛ kɛse sen sɛnea wosusuwii wɔ bere a atwam no mu.” Adwenemhaw ne nkate mu ɔhaw no ano taa yɛ den ara ma ɛwɔ sɛ wɔsa “mmea a esiane ayaresa ahorow bi nti, wotu wɔn yafunu gu no mu fã yare wɔ adwenemyare ho.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ King’s College Ayaresabea a ɛwɔ London no di nea woahu yi ho adanse. Sɛnea The Times kyerɛ no, nhwehwɛmu yi da no adi sɛ “awarefo a wosi gyinae sɛ wɔbɛsɛe nyinsɛn bi no betumi adi awerɛhow kɛse” na wobehu sɛ wɔn awerɛhowdi no yɛ nea “ɛyɛ den sɛ wobegyina ano.”

Japanfo wɔ ɔkwan soronko bi a wɔfa so di saa ɔdesani asɛnnennen yi ho dwuma. Wɔde ahoni nketenkete a wɔde rɔba anaa abo ayeyɛ a wɔde gyina hɔ ma mmofra a wɔayi wɔn agu siei asɔredan ho. Ɛhɔ na wɔde wɔn hyɛ Buddafo nyame a ɔhwɛ mmofra so a wɔfrɛ no Jizo no nsa. Bere a awofo bɔ onyame no mpae de srɛ bɔne fafiri no, wobetumi ada sɛnea wɔte aniwu, awerɛhow, ne afobu nka no adi akyerɛ. Nanso ɛnyɛ wɔn kutoo na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi. Susuw osuahu ahorow a ebinom anya a edidiso yi ho.

“Ankyɛ na M’ani Wui”

Bere a Elaine dii mfe 22 no, na watu yafunu agu mpɛn abiɛsa. Ɔka sɛ: “Wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛsɛe nyinsɛn bere a adi adapɛn asia pɛ no, efisɛ saa bere no na ɛntɔɔ ɔba ɛ, gye sɛ wɔanya asram abiɛsa anaa nea ɛboro saa. Ɛno akyi, bere a metee sɛ nkurɔfo ka ɛnanom a wɔnwaree ho nsɛmmɔne no, m’ani gyei sɛ misɛee me nyinsɛn no. Mfe abien akyi no meyɛɛ saa mprenu, na m’ani kɔɔ so gyei sɛ manya ɔkwan a ɛremma menwo mmofra mma saa wiase yi mu.”

Eyi akyi bere tiaa bi no, Elaine bɛyɛɛ ɔyarehwɛfo, na ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔwogyefo. Ɔka sɛ: “Na ɛyɛ anigye kɛse sɛ wubehu sɛ wɔawo abofra ne sɛ wubenya anigye a awo a ɛte saa no ma nnuruyɛfo, awogyefo, ne awofo nya no mu kyɛfa. Nanso ankyɛ na m’ani wui sɛ matwa nnipa abiɛsa a wɔn ho nni asɛm nkwa so na mifii ase penee wɔ nkate a ɛma mete kommyɛ ne ahoyeraw no ho. Mekɔɔ so hwɛɛ m’akyi na mibuu mfe a anka me mma no adi ne sɛ ebia anka wɔbɛyɛ mmarima anaa mmeawa ne sɛnea anka wɔte no ho akontaa. Ɛyɛ hu ankasa sɛ obi bɛkɔ tebea a ɛte saa mu.”

Janet sa ɔyɛ ɛna bi a mprempren wadi mfe 39 no ka sɛnea ɔtee nka wɔ yafunu a otu gui akyi no ho sɛ: “Ɔkwan biako pɛ a mitumi faa so gyinaa ano ne sɛ mehyɛ me ho gye di sɛ menyɛɛ saa ankasa da. Metee me ho ase mfe pii sɛ na merentumi nyɛ saa, ne sɛ na ɛyɛ ahude kɛse bi.”

Karen a wadi mfe 19 no se: “Mebɔɔ mmɔden biara sɛ meyi nea mayɛ no afi m’adwene mu, nanso na misu sɛ mihu abofra bi anaa ɔbea bi a ɔyem a. Meyɛɛ basaa kɛse. Afei nufusu fii ase fii me nufu mu bae bɛkaeɛ me. Dae a ɛyɛ hu a na miso no ma mede nusu nyan, na na mete sɛ mmofra resu. Me bo fuwii esiane eyinom nyinaa nti.”

Sɛ́ wubebu yafunu a wotu gu sɛ adeyɛ ketewaa bi a ɛde ahotɔ ba no yɛ mfomso. Bere a woayɛ awie no worentumi nsan akyi.

Ebia ɔhaw a ɛwɔ hɔ saa bere no befi hɔ, nanso sɛnea yɛahu no, nea efi mu ba no betumi akodu akyiri yiye na ɛbɛtra hɔ akyɛ. Nanso sɛ oduruyɛfo bi kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotu yafunu gu nso ɛ?

“Ɛsɛ sɛ Wuyi Abofra no Gu”

Ɛno ne afotu tẽẽ a Sue oduruyɛfo de maa no. Dɛn ntia? Sue wɔ mmofra nkumaa abien dedaw, na bere a ohui sɛ wanyinsɛn no, ankyɛ na rubella, anaa Germanfo ntoburo sɛnea wɔtaa frɛ no no kaa wɔn mu biako. Ose: “Na akyinnye biara nni ho sɛ ebi bɛyɛ me nso, efisɛ na ebi nyɛɛ me da.” Ampa ara, ankyɛ na n’ankasa yaree.

Nnuruyɛ mu osuahu akyerɛ sɛ sɛ rubella ka ɔbea wɔ nyinsɛn mfiase a ebetumi ama mogya tɔw a ɛrenyin no adi dɛm kɛse. Saa nokwasɛm yi na na ɛwɔ oduruyɛfo no adwene mu ma enti ɔkasae sɛnea ɔyɛɛ no. Sue ka sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me pen sɛ abofra no bedi dɛm na merentumi nnyina ano da. Wɔ n’ayaresabea hɔ no ɔkɔɔ so kae sɛ, sɛ mepow n’afotu no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mede me nsa hyɛ krataa bi a ɛkyerɛ sɛ ɛso asodi biara da m’ankasa so na ɛnyɛ ɔno no ase.” Sue de ne nsa hyɛɛ krataa no ase. Ɔde kaa ho sɛ: “Nokwarem no, ɛsɛ sɛ migye ne ti sɛ na me ho asɛm haw no ankasa, ne titiriw, esiane sɛ na meyare abiriwbiriw nti.”

Ɛwom, na Sue kunu no ahaw kɛse sɛnea ɛsɛ sɛ ɛba no de, nanso ogyaw gyinaesi no maa ne yere, na ɔbea no yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛwo ne ba no. Bere a ɛsɛ mu no ɔwoo ɔbabea. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu ahorow wɔ abofra no ho ntɛm ara, nanso wɔ ne mogya a na ɛso atew kakraa bi akyi no, na biribiara nhaw no koraa. Nanso, nnuruyɛfo no ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ mmoawa a wɔko tia nyarewa a ne maame no nni bi wɔ abofra no mogya mu, a ɛda adi sɛ na rubella no aka abofra a na ɔrenyin no.

Dɛmdi Ano a Wogyina

Ɛwom sɛ nea efii saa asɛm no mu bae no yɛ anigye de, nanso nokwasɛm no da so ara wɔ hɔ sɛ wɔwo mmofra pii a wɔadi dɛm na wohia ɔhwɛ soronko. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka sɛ eye sɛ wobesiw mmubuafo a wɔbɛwo wɔn aba wiase no ano, nanso hena na obetumi ahu sɛnea obi foforo asetra som bo no? So nkurɔfo nni ɔman biara mu a wɔwɔ dɛm ahorow nanso wonya asetra mu anigye kodu baabi a wɔn nso wotumi yɛ biribi ma ɛboa adesamma yiyedi?a

Sue hwɛɛ nneɛma wɔ saa kwan yi so. Nanso na ɔwɔ ahoɔden fibea foforo a ɔde ne ho too so​—ne gyidi. Bere a edi kan a ne oduruyɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ ne ba no bedi dɛm no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɛba saa mpo a onim sɛ obetumi anya ahoɔden afi Onyankopɔn hɔ a ɔde begyina ano. Afei nso, onni hokwan biara sɛ ɔbɛma anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛfa “honam mu nyarewa nyinaa a wɔbɛsa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu” wɔ n’Ahenni nniso ase ho no abɔ abofra a ɔyɛ obubuafo. (Adiyisɛm 21:1-4) Gyidi a ɛte sɛɛ no wɔ n’ankasa akatua.

Nea Ɛsɛ sɛ Wɔpaw a Anibere Wom No

“Awo? Anaasɛ Yafunu a Wotu Gu?” Sɛ ɛsɛ sɛ wopaw eyi mu biako a, nea ɛwɔ he na wobɛpaw? Sue susuwii sɛ: “Me ba no anhwehwɛ wɔnyinsɛn no, enti hokwan bɛn na mewɔ sɛ mɛsɛe nkwa ketewaa no ansa na wanya hokwan de atra ase?

N’asemmisa no yɛ tiaa. Wobɛma mmuae dɛn?

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔkaa abofra a ɔwɔ Down’s syndrome yare no hwɛ ho asɛm. Wɔ nsɛmma nhoma yi biako a ɛbae February 8, 1986, borɔfo de, no mu.

[Kratafa 9 adaka]

Nokwaredi mu Abirabɔ Anaa?

Wiase Nyinaa Aduruyɛ Kuw Bagua Kɛse no gyee Geneva, Mpaemuka no toom wɔ Geneva a ɛwɔ Switzerland wɔ September 1948 mu. Egyina tete Hippokrase ntam no so. Nea edi so yi yɛ Mpaemuka no mu asɛm bi:

“Bere a Wɔagye Me Atom sɛ Nnuruyɛfo Kuw no Muni no: Mede obu hyɛ bɔ sɛ mehyira me nkwa so de asom adesamma . . . Mede ahonim ne nidi bɛyɛ adwuma no. . . . Mekura obu a ɛkɔ akyiri mu ama ɔdesani nkwa, fi nyinsɛn bere mu; sɛ wohunahuna me mpo a, memmfa aduruyɛ ho nimdeɛ a mewɔ no nni dwuma mma ɛne nnipa mmara mmɔ abira.”

Nnuruyɛfo kyerɛ ntam a ɛte sɛɛ ase dɛn? Adwene horow abien a enhyia ni. Nea ɛwɔ he na wopene so?

ODURUYƐFO l. M.

”Merentumi nhwɛ mogya tɔw a mayi no bere a masɛe nyinsɛn bi no a merenyɛ basaa. Ɛwom sɛ enni hwɛbea de, nanso ɛyɛ dɛn ara a, ɛyɛ ɔdesani nkwa na meresɛe no no.”

ODURUYƐFO V. A.

“Minsusuw sɛ yafunu a wotu gu yɛ bɔne. Mpɛn dodow a obi da so ara de ne ho to ne na so koraa no, ɔnyɛ onipa.”

[Kratafa 11 adaka]

Akwan Horow a Wɔfa so Tu Yafunu Gu

Asiane ahorow a ɛwɔ yafunu a wotu gu mu a ɛka ɛna no gyina nna dodow a mogya tɔw a ɛrenyin no adi no so. Ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so.

Wɔ asram abiɛsa a edi kan wɔ nyinsɛn bere mu no, wɔtaa de pɔmpe bi twe mogya a ɛredan ayɛ ɔba no.b Wɔtaa yɛ eyi wɔ ayaresabea wɔ bere tiaa bi mu. Efi asram anan kosi asia mu no, paane bi a wɔde wɔ ɛna no sɛnea ɛbɛyɛ a ebetetew abofra no mu asinasin na ama wɔatwe afi ɛna no mu no ne ɔkwan a wɔtaa fa so. Wogye wɔn to ayaresabea hɔ nna kakraa bi. Efi asram ason kosi akron no, ebia oprehyɛn kɛse te sɛ nea wɔfrɛ no hysteronomy ho behia.c

[Ase hɔ nsɛm]

b Ɛtɔ mmere bi a wokyekyɛ asram akron nyinsɛn bere no mu wɔ aduruyɛ mu yɛ no afã horow abiɛsa a ebiara yɛ asram abiɛsa a wɔfrɛ no trimesters.

c Hysterotomy yɛ awotwaa no a wɔpaem yi abofra a ɔrenyin no. Ɛnsɛ sɛ wobu no sɛ ɛno ne hysterectomy a ɛyɛ awotwaa no ankasa a woyi fi hɔ no.

[Kratafa 8 mfoni]

Mprempren mmofra a wɔannyin anwie ansa na wɔrewo wɔn no tumi nya nkwa esiane aduruyɛ mu nkɔanim nti

[Asɛm Fibea]

Justitz/Zefa/H. Armstrong Roberts

[Kratafa 10 mfoni]

Nnipa kakraa bi na wosusuw abofra no agya nkate ho pii

[Kratafa 12 mfoni]

Nea efi yafunu a wotu gu mu ba no betumi ayɛ nea ɛsɛe ade wɔ nkate ne adwenem

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena