Yafunu A Wotu Gu—Wiase A Emu Apaapae
YAFUNU ahe—nea mmara ma ho kwan ne nea ɛmma ho kwan—na wotu gu wɔ wiase nyinaa afe biara? Nhoma a wɔfrɛ no Abortion ka sɛ “anyɛ yiye koraa no,” ne dodow betumi “ne nnipa a wɔanyinyin a wowuwu no dodow ayɛ pɛ”—bɛyɛ ɔpepem 45. Nanso International Planned Parent Federation abu akontaa sɛ ne dodow bɛyɛ ɔpepem 55!
Rusia ne ɔman a edi kan a ɛmaa adeyɛ no ho kwan wɔ mmara kwan so wɔ 1920 mu. Nnansa yi amanneɛbɔ bi a wɔansi so dua kae sɛ wotu yafunu ɔpepem 5 gu afe biara. Sɛnea apɔwmuden asoɛe mpanyimfo a wɔwɔ China kyerɛ no, yafunu a wotu gu wɔ hɔ no reyɛ adu ɔpepem akron—mmea a wonyinsɛn no mu nkyem abiɛsa mu biako. Japan de boro ɔpepem abien na United States bɔ bɛboro ɔpepem biako ne fã ho amanneɛ Britania reyɛ adu mpem ahanu aduonum.
Wɔ Roman Katolekfo aman a ɛne Spain ne Ireland mu no, mmara mma yafunu a wotu gu no ho kwan. Nanso mmea mpem dudu pii kɔ so ara tu yafunu gu afe biara. Ɔkwan bɛn so? Nokwarem no, ayaresabea ahorow bi wɔ hɔ a wowiawia wɔn ho yɛ saa. Nanso nyansa kwan a mmea pii fa so ne sɛ wotu kɔ ɔman bi a mmara ma adeyɛ no ho kwan mu a Britania ne baabi a wɔtaa kɔ.
Ɛda adi sɛ wontu yafunu yi nyinaa ngu esiane sɛ wobetumi awo abofra no a na wadi dɛm bi wɔ honam mu anaa adwene mu nti, anaasɛ nyinsɛn no fi mmonnaato anaasɛ da a obusuani bi ne wɔn dae no nti. Britaniafo akontaabu kyerɛ sɛ yafunu a wotu gu no mu bɛyɛ ɔha biara mu 2 na efi nneɛma a ɛtete saa. Ɛnde, dɛn nti na wotu pii gu saa? Ntease atitiriw abien bi wɔ hɔ.
Nsɛntitiriw No
Tete no na nnipa a wɔredɔɔso ano a wobesiw no nyɛ asɛnnennen. Mmusuakuw ne aman ahorow ani gyee wɔn dodow a na ɛrenya nkɔanim no ho na na mmea ntaa nnya biribi a wobegyina so na ama wɔama wɔn mmusua ayɛ nea esua. Na yafunu biara a wotu gu no nyɛ nea mmara taa ma ho kwan na na awaresɛe anaasɛ aguamammɔ na ɛma wɔyɛ saa.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, nhyehyɛe a wɔyɛ nnɛ de tu yafunu gu no betumi ayɛ nea nniso no pene so. Ɛdenam eyi so no, wobetumi asiw awo ano wɔ aman a nnipa redɔɔso dodo wɔ hɔ no mu.
Ɛwom sɛ asiane a ɛte saa nni Atɔe Fam aman no pii mu de, nanso yafunu a wotu gu no dodow rekɔ soro. Dɛn ntia? Kuw a wɔfrɛ no Religious Coalition for Abortion Rights a ɛwɔ New York kurom no kasamafo bi si so dua sɛ: “Sɛ yegye mmea ahofadi di a, ɛnde ɛsɛ sɛ yegye di sɛ mmea wɔ hokwan sɛ wɔbɛpaw nea wɔn ankasa pɛ wɔ abrabɔ fam.”
Nanso bene a ɔbea bi anyinsɛn no, so ɔwɔ hokwan a wɔrentumi nnye ho kyim sɛ ɔbɛpaw anaasɛ ɔbɛpow adwuma a ɛne ɛna a ɔbɛyɛ no na watu yafunu no agu anaa? So ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so no ye? Eyi ne akyinnye a wogye nnɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotu nyinsɛn gu anaasɛ dabi no mu asɛntitiriw. Mmuae no ne dɛn?
Pii gyina nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma no so. Dɛn ne nkwa? Bere bɛn na efi ase? So abofra a wɔnwoo no no wɔ mmara mu hokwan ahorow?
Bere Bɛn na Nkwa Fi Ase?
Bere a ɔbarima nkwaboaa no mu kromosom 23 no ne ɔbea mmadwoa no mu dodow a ɛte saa ara ka bom no, ɔdesani nkwa foforo fi ase. Efi nyinsɛn bere yi mu no na wɔahyehyɛ bɔbeasu ne nneɛma afoforo a ɛkeka ho no nyinaa. Nsakrae koro pɛ no bɛyɛ nyin a ɔrenyin wɔ asram akron a wɔde anyinsɛn no mu no. Oduruyɛfo John C. Willke kyerɛw sɛ: “Ɛyɛ abɔde mu adenim mu nokwasɛm sɛ na woyɛ nkwaboa biako pɛ wɔ bere bi mu.” Enti so nkwa fi ase bere a nyinsɛn fi ase no anaa? Pii ma mmuae tiawa sɛ yiw. Wɔ wɔn a wosusuw saa fam no, yafunu a wobetu agu wɔ bere biara mu no yɛ awudi.
Afoforo nso kyerɛ sɛ ‘nkwa fi ase bɛyɛ adapɛn 20 wɔ nyinsɛn a edi kan no akyi.’ Dɛn nti na wosusuw asɛm yi ho wɔ ɔkwan a ɛte saa so? Efisɛ saa bere no na ɛna no fi ase te nka sɛ abotafowa no keka ne ho. Ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ saa bere yi sɛ “ntɛmpɛ” bere. Wobetumi awo abofra ma wanya nkwa bere a wanya fi adapɛn 20 reba no, na wɔtaa tu yafunu gu wɔ bere biara mu kosi dapɛn a ɛto so 24 wɔ nyinsɛn bere no mu, a ɛyɛ bere a wɔtaa gye tom. Ɛnde, so eyi ne bere a wɔ mmara mu no wobu abofra sɛ ɔte ase anaa?
Wɔ Britania no, mmara no mmu abofra a wɔnwoo no no sɛ onipa. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, wɔrentumi nka sɛ yafunu biara a wotu gu no yɛ awudi wɔ mmara kwan so. Nanso mpɛn dodow a abofra no afi ne na awotwaa mu no, sɛ wɔntew funuma ntini no mpo a, ɛyɛ awudi sɛ wobekum saa abofra no. Saa bere no de abofra no wɔ mmara mu hokwan ahorow. Ɛnde, wɔ mmara kwan so no, saa adwene yi kyerɛ sɛ nkwa fi ase wɔ awo mu.
Adwene a Yudafo kura a Britania Rabi Panyin ada no adi no ne eyi hyia. Ɔkae sɛ: “Nkwa mfi ase kosi sɛ wɔbɛwo obi,” na ɔde kaa ho sɛ “Yemmu abofra a wɔnwoo no a wɔsɛe no no sɛ awudi.” Ɛnde, abotafowa no, abofra a ɔrenyin wɔ ne na awotwaa mu no nso ɛ? Wɔ nhoma a wɔfrɛ no Marital Relations, Birth Control and Abortion in Jewish Law mu no, Rabi David M. Feldman a ɔwɔ New York no kyerɛe sɛ: “Abotafowa no yɛ ‘Onyankopɔn ahintasɛm’ no fã bi a wonnim no a obetumi aba daakye.”
Nea Wosusuw mu Abirabɔ
Efi eyi mu no, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobesusuw sɛ wɔpene yafunu a wotu gu so wɔ nyamesom mu. Nanso ɛnyɛ ɔsom ahorow no nyinaa na wosusuw ho wɔ ɔkwan koro no ara so. Susuw Roman Katolekfo gyinapɛn ankasa no ho.
Wɔ 1869 mu no, Paapa Pius IX trɛw asotwe a ɛne tu a wotu obi fi asɔre no mu no mu ma ɛkaa mogya tɔw no a woyi gu a nna a adi no mfa ho. Wɔ 1951 mu no, Pius XII san tii nnyinasosɛm no mu, na ɔkae sɛ: “Onipa biara, abofra a ɔhyɛ ne na awotwaa mu mpo, nya hokwan a ɔwɔ sɛ ɔtra ase no fi Onyankopɔn nkyɛn tẽẽ, na mmom emfi n’awofo nkyɛn.” Bere a John Paul II rekasa wɔ Kenya wɔ 1985 mu no, ɔkaa no pen sɛ: “Nneyɛe a ɛtete sɛ nyinsɛn a wosiw ano ne yafunu a wotu gu yɛ mfomso.”
Nanso ɛnnɛ, Katolekfo pii ka sɛ adwene horow a ɛte saa no bere atwam na enti ɛsɛ sɛ wɔsan hwehwɛ mu. Nea efi mu aba ne sɛ Roman Katolekfo mu apaapae wɔ ɔsɛmpɔw no ho. Nokwasɛm ahorow bi ni.
Roman Katolekfo Nnwenehosɛm No
Ɔsɔfo Panyin Bernadin a ɔyɛ Amerikafo asɔfo mpanyimfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Committee for Pro-Life Activities no titrani no ka sɛ yafunu a wotu gu yɛ abrabɔ bɔne ne sɛ, asɔre no gyinabea ankasa no kyekyere Roman Katolekfo nyinaa. Bio, Roman Katolekfo abrabɔ ho ɔkyerɛkyerɛ ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Notre Dame Sukuupɔn a ɛwɔ United States, James T. Burtchaell, kyerɛwee wɔ 1982 mu sɛ: “M’asɛm no mu da hɔ pefee. Yafunu a wotu gu yɛ onipa a wokum no: abofra a wɔsɛe no.” Nanso, mfe anan akyi no, ɔsɔfo Richard P. McBrien a ɔyɛ dwumadibea a ɛhwɛ anyamesɛm ho nsɛm so wɔ saa sukuupɔn no ara mu titrani no bɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu sɛ yafunu a wotu gu nyɛ n’asɔre no nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛkyerɛ mu fann.a Sɛnea saa adwene yi kyerɛ no, wɔrentumi ntu Katolekfo a wɔde wɔn ho hyɛ yafunu a wotu gu mu no mfi asɔre no mu, ɛwom sɛ ebia wobebu wɔn sɛ wɔnyɛ anokwafo de.
Esiane saa asɔre nkyerɛkyerɛ a emu nna hɔ yiye yi nti, Katolekfo atitiriw pii ka wɔ baguam sɛ wɔpene yafunu a wotu gu so. Wɔn mu binom a wɔwɔ United States no yɛ asɔfo. Mmea asɔfo bi a wɔn mu binom penee atesɛm krataa mu aguadi ho dawurubɔ bi a ɛfa yafunu a wotu gu ho no so ma enti wohunahunaa wɔn sɛ wobegye wɔn dwumadi afi wɔn nsam no nso ka ho.
Bio nso, Katolek asɔremma tew kuw a ɛpene yafunu a wotu gu so. Awuraa Eleanor C. Smeal a ɔyɛ NOW a ɛyɛ mmea kuw bi a ɛne National Organization for Women no guamtrani no kae wɔ yafunu a wotu gu ho gua bi a wɔbae wɔ Washington D.C., U. S. A. no ase sɛ: “Me pene nea Katolek asɔremma susuw no so.” Bere koro no ara mu no, sɛnea The New York Times kyerɛ no, odii asɛm a na wɔka sɛ pene a ɔpene hokwan a wɔwɔ sɛ wobetu yafunu agu no so no bɛma wɔatu, no afi Roman Katolek Asɔre no mu no ho fɛw.
Ɛyɛ den ma Roman Asɔre no sɛ ebedi nsusuwii ahorow a ɛne wɔn ho wɔn ho bɔ abira yi ho dwuma wɔ wɔn ankasa mu.
Yafunu a Wotu gu a Mmara Mma Kwan mu Asiane Ahorow
Sɛ wɔbɛhyɛ mmara no yɛ ade biako. Nanso, wɔ adwempa a wɔde bɛyɛ saa nyinaa akyi no, sɛ tumi bi bɛbɔ mmɔden ahwɛ ma wɔadi mmara bi a ɛfa yafunu a wotu gu ho so no yɛ ade foforo koraa. Nkurɔfo ho wom, ɛfa wɔne afoforo ntam abusuabɔ ne wɔn ankasa ho. Wɔ ɔhyɛ ase no, wɔrentumi nkyerɛ nea nkurɔfo bɛyɛ pɔtee.
Sɛ yafunu a, wotu gu ho ɔkasatia di nkonim, sɛ ebia esiw nniso bi kwan wɔ yafunu a wotu gu a ɛbɛma ho kwan wɔ mmara mu anaasɛ etu mmara bi a ɛwɔ hɔ dedaw gu a, na afei dɛn bio? So ɛno di nsɛnnennen bi ho dwuma? Marilyn Waring a ɔyɛ Mmarahyɛ Baguani wɔ New Zealand a ɔpene yafunu a wotu gu so no kae sɛ: “Ɔbea bi bɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so [atu yafunu agu], a ɛtɔ da bi a ɔde n’ankasa nkwa twa so, na biribiara nni ho a amansɛmdifo, anaa mmara ahorow, betumi ayɛ de asiw no kwan.” Na ɛhɔ na wohu akyinnyegye a ano yɛ den. Wɔn a wɔpene yafunu a wotu gu so no bisa sɛ, ‘Nea ɛwɔ he na eye?’
Wɔ faako a mmara ma yafunu a wotu gu ho kwan no, ɛwom sɛ ebinom da so ara wu de, nanso wɔyɛ no wɔ nnuruyɛ ɔhwɛ a wonni ho agoru ase. Ɔkwan foforo so no, yafunu a wotu gu a mmara mma kwan a wɔyɛ no “mfikyiri” no kunkum nnipa pii ma ɛyɛ ahobow na mpɛn pii nnipa a wɔmfata na wɔyɛ wɔ tebea horow a ahotew nni mu mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Bangladesh no, wobu akontaa sɛ mmea 12,000 na wowuwu afe biara esiane yafunu a wotu gu no nti.
Nanso wo eyi nyinaa mu no, nnipa ho ade foforo bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo te nka dɛn wɔ yafunu pii a wotu gu no ho? Honam, adwene, ne nkate mu ɔhaw bɛn na yafunu a wotu gu no de ba onii a anka ɔbɛyɛ ɛna—ne agya no so? Eyinom ne nsemmisa a yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛkyerɛ mu fann” no ne nea wobu no sɛ emu mfomso sɛnea Roman Katolek Asɔre no ada no adi wɔ paapa tumi ase no.
[Kratafa 5 adaka]
Nkyerɛkyerɛmu a Ɛsonsonoe
Wɔn a wɔpene yafunu a wotu gu so no taa pɛ sɛ wɔbɛfrɛ wɔn nea wopɛ a wobɛpaw ho akofofo, te sɛ nea wɔn a wɔsɔre tia adepa no taa frɛ wɔn ho sɛ nkwa ho adwumayɛfo no. Wɔ saa nsam yi mu no, nea ɛbɛyɛ na nneɛma mu ada hɔ nti, wɔde nsɛm a ɛne wɔn a wɔpene yafunu a wotu gu so ne wɔn a wɔkasa tia yafunu a wotu gu na edi dwuma titiriw.
[Kratafa 5 mfoni]
Nnipa pii kyerɛ sɛ, “Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ mmea wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔn ankasa pɛ wɔ abrabɔ mu”
[Asɛm Fibea]
H. Armstrong Roberts
[Kratafa 7 mfoni]
Mmea pii kasa tia yafunu a wotu gu no wɔ baguam
[Asɛm Fibea]
H. Armstrong Roberts