Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 2/8 kr. 15-16
  • Anifurae A Efi Asubɔnten

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anifurae A Efi Asubɔnten
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ɔyare no San Afoforo
  • Nnuru a Wɔyɛ Wɔn ne Sɛnea Wodi Ɔyare no So
  • Anifurae a Nkontia De Ba—Ɔyare Bɔne a Wobetu Ase
    Nyan!—1995
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Anifuraefo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Okununom ne Ɔyerenom—So Ɛyɛ Ampa sɛ Ɛsono Sɛnea Wɔkasa?
    Nyan!—1994
  • Nyarewa—So Ɛto Betwa Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 2/8 kr. 15-16

Anifurae A Efi Asubɔnten

“ONCHOCERCIASIS! Asɛmfua bɛn ni! Mentee din yi da. Ɛkyerɛ dɛn?” eyi ne asɛm a Jerry, m’adamfo a ɔyɛ Europani no bisae.

Mmuae tiaa a memae ne sɛ ɛyɛ “anifurae.” ‘Anifurae a efi asubɔnten mu. Mekyerɛ sɛ nea ɛde ba ne ntummoa tuntum bi a wɔfrɛ wɔn nkontia a wɔtaa tra asubɔnten ho wɔ nsase a ɛwɔ nhimaho dantaban no mu no so.” .Jerry tiee asɛm no yiye bere a mekyerɛkyerɛɛ mu no.

“Sɛ nhwɛso no, Wayen yɛ akuraa ketewaa bi a ɛwɔ Ouagadougou, Upper Volta, ɔman a ɛwɔ Abibirim Atɔe no kuropɔn no atɔefam na ɛne hɔ tenten bɛyɛ akwansin 44 a nnipa pii afi mu. Ɛwɔ asubɔnten a wɔfrɛ no White Volta no fibea mu hɔ. Wɔn a wɔte hɔ no mu pii yɛ ayarefo, wɔyɛ anifuraefo koraa anaasɛ wonhu ade papa.”

Jerry bisaa me sɛ, “so woakɔ Wayen pɛn anaa?”

“Mpɛn ahorow pii. Mihyiaa, Moussa nea etwa to a mekɔsraa hɔ. Ɔyɛ anifuraefo 70,000 a wɔwɔ Abibirim Atɔe Sahel mantam no mu no mu biako. Wobu ano sɛ bɛyɛ nnipa 1,000,000 na wɔn ani afura anaasɛ wonhu ade papa a efi saa ankontia tuntum no.

“Moussa nyɛ akwakora de, nanso sɛnea ne honam ani aponpono afa no te sɛ obi a ɔyɛ akwakora. Afei na wadi mfirihyia 40; sɛ ɛnyɛ ɔyare no a anka ɔwɔ ahoɔden a otumi yɛ adwuma yiye. Nanso ɔno ni, wapatu abɔ akora, ne honam ani ayɛ pipirii huhuuhu na aponpono. Ne nan anim nyinaa aworɔw wɔ tĩtĩ a otĩtĩ hɔ esiane sɛ ɛhɔ keka no no nti na ama ɛhɔ nyinaa ayɛ kɔɔ damedame basaa

“Ɔwɔ yere ne mma baanan. Nanso ohia fitaa yi mu na wɔte. Mmofra no mu ɔpanyin no afi akuraa no ase. Waguan kɔ na n’ani amfura. Mihuu ne nuanom mmarima a aka wɔ akuraa no ase a wokura abo ne nhwea a wɔde retwiw wɔn nsa ne wɔn anan ho esiane sɛ ɛhɔ keka wɔn nti. Ɔyare no aka wɔn de nanso emu nyɛɛ den ɛ. Wɔda so ara hu ade. Ɛno nti na wɔkyerɛ wɔn awofo a wɔanyinyin a wɔn ani afura no kwan no. Ɛrenkyɛ na wɔn nso wɔn ani afurafura, efisɛ anifurae abɛyɛ wɔn asetra no fa.”

Sɛnea Ɔyare no San Afoforo

Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Jerry sɛnea ɔyare yi fi onipa biako so kɔ foforo so denam ntummoa nketewaa bi a afu wɔ wɔn akyi, a wɔn u wosua wɔn ho ade no frɛ wɔn Simulium damnosum anaasɛ nkontia tuntum. Wɔtra nsubɔnten a ɛsen ntɛmntɛm ne nsuwansuwa ho, wɔn aduan ne onipa mogya. Ɛnyɛ Abibirim wɔ nhimaho dantaban no mu nkutoo na saa ɔyare no wɔ. Wohu ɔyare yi wɔ Yemen, Mexico, Central ne South Amerika.

Wɔ Moussa fam de ɔhaw no too no wɔ ne mmofraase pɛɛ Nkontia tuntum no mu abere no bi kaa no wɔ ne mmofraase, na ɔde ɔyare yi a ɛte sɛ osunson ba Onchocerca volvulus hyɛɛ ne mogya mu. Esiane sɛ ɔte beae a mmoa yi dɔɔso wɔ hɔ nti wɔkekaa Moussa mpɛn horow pii.

Sɛ Onchocerca volvulus nya hyɛn wo nipadua no mu pɛ a, na onipa no afi ase reyɛ mmerɛw. Mpɛn dodow a wɔkɔ so keka no no, na asunson no pii kɔ ne nipadua no mu nen. Wɔ mfirihyia 15 a ɛreba no mu no, asunsonninine abere pii bɛhyenhyɛn ne honam mu, aboaboa wɔn ho ano atɔwatɔw wɔ ne honam ani, a wotumi hu wɔn apɔwapɔw wɔ ne to ho, ne nkotodwe ho, ne mmeae ahorow bi mpo wɔ ne ti ho. Wɔkɔ so dɔɔso wɔ nipadua no mu, ɛwo bɛyɛ sɛ efi asunson “mma” 50 kosi ɔpepem 200. Eyinom hyɛn nipadua no mu nyinaa na akyiri no wokodu aniwa no ho. Sɛ wowu wɔ ade hatahata a ɛkata aniwa nkesua no so no mu a, emu tutu ntokuru, na hann ntumi mfa mu bio na nea etumi fi mu ba ne anifurae.

Jerry bisae sɛ, “ka asɛm biako yi kyerɛ me, so ɔyare no tumi kum nipa?”

Meka kyerɛɛ no sɛ, “Onchocerciasis, anifurae a efi nsu ho ntummoa no nkum nnipa. Anyɛ yiye koraa no, nea ɛyɛ ne sɛ ɛma wobɔ akwakora ntɛm na ɛma wo nkwa nna so tew. Nanso, ahokyere a ɛde ba wɔ sikasɛm mu no sõ kɛse. Sɛ wowɔ mmarima a wɔadi efi mfirihyia 25 kosi 45​—a wɔyɛ ɔmanfo a wobetumi ayɛ adwuma​—sɛ anifuraefo a, ɛnde na wo sikasɛm ho nhyehyɛe nyinaa asɛe. Saa atirimpɔw yi nti na nnipa aguan afi asase pa ɛda Volta asubɔnten a ɛwɔ Abibirim Atɔe no fibea a ɛda abon mu akɔtra asase a hwee nni so so na wɔde aguan afi nkontia tuntum no ano no.”

Nnuru a Wɔyɛ Wɔn ne Sɛnea Wodi Ɔyare no So

Jerry pɛ sɛ ohu sɛ dɛn na nnuruyɛ ho nyansahu wɔ na wɔde aboa agye nnipa a wɔn ade yɛ mmɔbɔ yi afi saa ‘anifurae a efi asubɔnten mu’, yi mu?”

Mmuae a memaa no no amma ne koma antɔ ne yam pii biara. “Mpɛɛpɛɛmu ne mmɔden a wɔabɔ no akɔ so bere tenten ni. Mprempren yi nnuru horow abien, suramin ne diethylcarbamazine, na wɔatumi ayɛ. Nanso, nnuru horow abien yi nyinaa de ɔhaw foforo ba, na nnuruyɛfo nkutoo na wɔde ahwɛyiye di ho dwuma de nnuru no ma. Wɔ nokwarem no, wontumi mfa mma obiara.”

“Na sɛ wotwitwa asunson a wɔasoasoa wɔ onipa no honam mu no nso ɛ?”

Ɛno te sɛ nea ebetumi asa ɔyare no. Atumi ayɛ saa, wɔ nokwarem no, wɔyɛ saa wɔ Amerika Mfinimfini. Nanso ɛte sɛnea eyi ntumi nni dwuma wɔ Volta River no ho wɔ mmeae a ɛdeda faako a sɛnea ɔyare no te no, sɛ wotwitwa asunson yi mmom a asunson nketewa nya kwan bɛhyɛ ananmu no.

“Nea wobetumi ayɛ mprempren ma ayɛ yiye ne nnuru horow a wɔde pete faako a nkontia tuntum no tra hɔ kɛse no. Eyi ne nea Vector Control Unit a ɛyɛ wɔn a wodi Onchocerciasis ho dwuma no reyɛ dapɛn biara denam helikoptar ne wimhyɛn nketewa so wɔ mmeae a Volta River no sen fa hɔ fi afe 1974.

“Amanaman Nkabom no fa a edi wiase nyinaa akwahosan ho dwuma (World Health Organization) no na ɛhwɛ nhyehyɛe yi so denam sika a aman horow fi wɔn pɛ mu de boa. Saa aman horow yi a wɔne Benin, Ghana, Ivory Coast, Mali, Niger, Togo ne Upper Volta no wɔ anidaso sɛ asase pa betumi afi saa ɔyare a wɔbɛsa no mu aba sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nnipa dodow no atumi atra saa asubɔnten no ho bio. Wɔn a wodi ho dwuma no de botae bi asi wɔn anim sɛ ɛsɛ sɛ wotumi wie adwuma yi yɛ wɔ mfirihyia 20 mu. De besi mprempren yi, Amerika sika bɛboro dollar ɔpepem 46 na wɔde adi dwuma a wɔde ko tia nkontia tuntum no.”

“Nkɔso bɛn na afi eyi mu aba?”

“Wiɛ, wɔatumi adi ɔyare yi so wɔ mmeae horow bi a etumi san nnipa no. Mprempren yi mpo nnipa no mu bi atu akɔtratra mmeae horow a wɔkyerɛ sɛ wɔatumi adi mmoa no so ‘nkonim’ no. Nanso sɛnea ɔpanyin bi a ɔka wɔn a wɔhwɛ so no ho no kae no: ‘Eyi nkyerɛ sɛ yɛatu ɔyare no ase koraa. Nea yebetumi aka ne sɛ ebia yɛatumi abrɛ no ase.’”

Mmom, anifurae yɛ ɔhaw horow a ɛda adesamma so no mu biako. Onipa mmɔdenbɔ ntumi nkɔ akyiri pii biara. Anigye bɛn na ɛbɛyɛ beree ɛnyɛ sɛ wɔn a ɔyare yi abɔ wɔn no honam na ɛsan yɛ foforo nko,’ na mmom ‘wobebue wɔn aniwa’ nso!​—Hiob 33:25; Yes. 35:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena