Anifurae a Nkontia De Ba—Ɔyare Bɔne a Wobetu Ase
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ
NÁ TEBEA no te sɛ nea ɛwɔ nkuraa pii a ɛwɔ nsubɔnten ho wɔ Afrika Atɔe ase no. Ná nnipakuw bi tete mmenkyi so wɔ dua kɛse bi a ɛma wɔn onwini wɔ owia a ano yɛ den no mu ase. Ná wɔn mu baanum—mmarima baanan ne ɔbea biako—ani afura koraa.
Akuraa no ase hene a ɔhyɛ atade fitaa yuu no kae sɛ: “Na wonnim nea enti a wɔn ani refura wɔ akuraa dedaw no ase. Ɛhɔfo a wɔn mfe akɔ anim no mu dodow no ara wuwui sɛ anifuraefo. . . . Na wosusuw sɛ honhommɔne bi na ɛyɛ wɔn saa. Wɔkɔsrɛɛ wɔn abosom sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban. Wɔn nananom a wɔawuwu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn abosom no aduan. Enti wokunkum nkokɔ ne nguan de yii mmusu. Nanso wɔn ani kɔɔ so furae.”
Awiei koraa no, nnuruyɛfo bae bɛkyerɛe sɛ ɛnyɛ honhom bi na ɔma anifurae no ba. Ɛyɛ yare bi a wɔfrɛ no onchocerciasis, anaasɛ anifurae a nkontia, mmoawa tuntum nketenkete bi, a wɔtow wɔn nkesua wɔ nsubɔnten a ɛsen ntɛmntɛm mu na wɔde ba.
Anigyesɛm no ne sɛ obi ntumi nnya anifurae a nkontia de ba no ntɛmntɛm te sɛ nyarewa foforo a ɛwɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no. Entumi nyɛ wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu anaasɛ wɔkɔsra baabi a ɔyare no wɔ hɔ bere tiaa bi no. Ɛyɛ bere a ɔyare no ka obi mpɛn pii wɔ mfe pii mu nkutoo no na n’ani fura.
Nanso, anifurae a nkontia de ba yɛ ɔyare a ɛyɛ hu a ɛwɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ a ɛsɛe nnipa ɔpepem pii asetra. Ɛwom sɛ ɛyɛ nkurɔfo wɔ Mfinimfini Apuei ne Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam mmeaemmeae bi de, nanso wɔn a ɛka wɔn paa ne wɔn a wɔyɛ adwuma na wɔtete nsubɔnten a nkontia no wom wɔ Afrika mmeae a ɛbɛn nkyɛmpɛ no ho no. Ɛkame ayɛ sɛ ɔyare no aka obiara wɔ nkuraa bi ase. Sɛnea Carter Asoɛe a ɛwɔ Atlanta, Georgia, U.S.A. kyerɛ no, ɔyare no betumi ayɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 126. Mmoawa a wɔde ɔyare no ba no wɔ nnipa foforo ɔpepem 18 nipadua mu. Wobu akontaa sɛ nnipa a wonhu ade yiye anaa wɔn ani afura koraa dodow bɛyɛ ɔpepem biako kosi ɔpepem abien.
Mprempren WHO (Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde) ne ahyehyɛde afoforo, ne aman horow nniso mmɔdenbɔ ama wɔredi ɔyare bɔne a adi mfehaha pii no so nkonim. Ntawntawdi ne abasamtu wɔ Afrika mmeaemmeae pii no nyinaa akyi no, eyi yɛ dwumadi a wɔde siw ɔyare no ano a ɛrekɔ so yiye. Wɔrekamfo dwumadi no sɛ “afeha a ɛto so aduonu yi mu aduruyɛ mu nkɔso ne nkonimdi kɛse mu biako.”
Ɔyare Bɔne
Nkontia mu abere (genus Simulium) ahorow pii no na wɔma anifurae no trɛw. Sɛ nkontia a ɔyare no bi wɔ no mu ka obi a, ogyaw asunson bi (Onchocerca volvulus) wɔ ne mu. Aboawa no nyin nkakrankakra wɔ nnipa no honam mu na ɔdan osunson a ne tenten bɛyɛ sɛntimita 60.
Sɛ asunson abere no dɔ nkesua wie a, wofi ase tow asunson nketenkete a wɔfrɛ wɔn microfilariae; wɔkɔ so yɛ eyi mfe 8 kosi 12, na wɔtow ɔpepem pii. Microfilariae no nnyinyin gye sɛ nkontia bi twe wɔn kɔ ne mu, wonyinyin wɔ nkontia no mu na ɔsan de wɔn ma obi. Mpɛn pii no, saa asunson nketenkete a wonnyinyinii no kyinkyin onipa no honam mu, na ebia awiei koraa no wɔkɔtow hyɛ aniwa no so. Asunson no bɛyɛ ɔpepem 200 betumi aboaboa wɔn ano wɔ onipa biako mu. Wɔdɔɔso araa ma ɔkwan a wɔfa so hwehwɛ wɔn wɔ obi ho ne sɛ wotwitwa ne honam nketenkete hwehwɛ mu. Ɔhonam a wotwa no betumi ama wɔahu asunson nketenkete ɔhaha pii a wɔrepere wɔ afiri a ɛma nneɛma nketewa yɛ akɛse a wɔfrɛ no microscope no ase.
Saa ɔyare mmoawa yi ma nnipa a wɔwɔ wɔn ho no ho yeraw wɔn. Onipa a wɔwɔ ne ho no honam yɛ pipirii woserekaa bere a mfe no retwam no. Mpɛn pii no, nneɛma bi gugu ne ho pii. Nnipa a mmoawa no wɔ wɔn ho no honam dan nea wɔbɛka pefee sɛ ɔdɛnkyɛm were, ɔketew were anaa ɔsebɔ were. Wɔn ho keka wɔn denneennen, na wɔkyerɛ sɛ ɛma ebinom kunkum wɔn ho. Bere bi akyi no, asunson a wosusua no tumi tow hyɛ aniwa no so, onii no ani fi ase fura, na efura koraa.
Wɔ nkuraa a ohia wɔ hɔ na nkontia abu so wɔ hɔ ase no, anifurae no titiriw ma wɔn ho kyere wɔn yiye. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ nkuraa no asefo pii wɔ gyidihunu bi sɛ Onyankopɔn de anifurae twe nnipa aso, na anifuraefo ho nni mfaso wɔ wɔn man mu. Ade foforo nso ne sɛ aban no mmoa wɔn wɔ asetra mu, na ɛma anifuraefo no mmusua na wɔyɛ biribiara ma wɔn. Sata, ɔbea bi a nkontia ama n’ani afura a ɔwɔ Burkina Faso kae sɛ: “Onifuraefo, sɛ́ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea no, hyia amanehunu koro no ara. Sɛ ababaa bi yɛ onifuraefo na ɔnwaree a, ɔrennya kunu. Mewaree ansa na m’ani refura, nanso me kunu wui. Me nuabarima ani furae bere a na ɔyɛ abofra, enti wannya yere. Yɛn abusua na ɛhwɛ yɛn baanu nyinaa—wɔma yɛn aduan ne biribiara. Ɛhaw adwene yiye.”
Wɔ mmeae a anifurae a nkontia de ba abu so no, nkurɔfo taa tu fi wɔn nkuraa ase, nkontia ne ɔyare no ma woguan. Wogyaw asasebere a ɛda nsu no ho no to hɔ ma ɛsɛe kwa. Eyi nso ma ohia ne ɔkɔm ba.
Nkontia a Wɔko Tia Wɔn
Wofii mmɔden a amanaman no bɔ sɛ wobesiw anifurae a nkontia de ba ano wɔ Afrika Atɔe Fam aman ason mu no ase wɔ 1970 mfe no mfiase. Wɔde wimhyɛn ahorow ne lɔre pii a nnuru a wɔde kunkum mmoawa no wom ko tiaa nkontia a wɔde ɔyare no ba no. Atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛtow ahyɛ nkontia no so akunkum wɔn bere a wɔn kum nyɛ den koraa mu—bere a wɔyɛ mmoawa no.
Ná ɛho nhia sɛ wɔde awuduru gu nsubɔnten no mu nyinaa. Abenfo nim sɛ nkontia abere tow wɔn nkesua gu nsu ani, na nkesua no fonfam nnubaa ne abotan ho wɔ nsubɔnten no ɔhweam no mu. Nsu a ɛsen ntɛmntɛm nkutoo na ɛma asunson a wɔrenyin no nya mframa pa a wohia na wɔatra nkwa mu no. Eyi kyerɛ sɛ mmeae a wɔtow nkesua no sua na wobetumi ahu faako a ɛwɔ.
Ɛnyɛ atirimpɔw nti a wɔde nnuru pete baabi a nkontia no tow nkesua no ne sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase koraa, ɛyɛ adwuma a wontumi nyɛ. Nanso sɛ wɔma wɔn dodow so tew a, abenfo hwɛ kwan sɛ wobetumi asiw ɔkwan a wɔfa so de mmoawa ma no ano. Sɛ nkontia no sua a, nnipa foforo kakraa bi na wobenya mmoawa no bi. Wɔka sɛ sɛ wotumi siw nkontia no ano kosi sɛ mmoawa a wɔwɔ hɔ no bewuwu nkakrankakra wɔ nnipa a wɔwɔ wɔn ho dedaw no mu a, bere bi bɛba a mmoawa no bɛsa. Enti, sɛ nkontia no bi ka obi a, ennya mmoawa no bi nkɔma afoforo.
Na adwuma no yɛ den. Nkontia no tow wɔn nkesua wɔ mmeae mpempem pii a ɛyɛ den sɛ wobetumi akɔ hɔ. Afei nso, esiane sɛ nkontia no betumi atu atwa akwansin ɔhaha pii nti, na ɛho hia sɛ wɔko tia wɔn kɔ akyiri. Bio nso, na ehia sɛ wɔma wɔn ani da hɔ yiye, efisɛ sɛ wɔamfa nnuru ampete mmeae a wɔwɔ no ɔsram biako mpo a, nkontia no betumi asan aba bebree, na ama adwuma a wɔde mfe pii ayɛ no ayɛ ɔkwa.
Efi 1970 mfe no mu no, wimhyɛn no paw mmeae a nsu nam hɔ bɛyɛ kilomita 19,000 de nnuru petee hɔ. Esiane eyi nti, wotuu ɔyare no ase wɔ aman a wonyaa dwumadi no mu kyɛfa wɔ mmeae a ɔyare no wɔ hɔ mu ɔha biara mu 80.
Aduru a Wɔmene Biako Anaa Abien Pɛnkoro Afe Biara
Afei efi 1987 reba no, wɔyɛɛ akode foforo a wɔde ko tia anifurae a nkontia de ba. Saa bere yi de, sɛ anka wɔbɛtow ahyɛ nkontia no so no, wɔde wɔn ani sii mmoawa a wɔwɔ nipadua no mu so mmom. Ná akode no yɛ aduru a empira a ɛyɛ nnam a wɔfrɛ no Mectizan (ivermectin), a wɔyɛe wɔ Amerika adufra adwuma bi beae a wɔyɛ nnuru ho nhwehwɛmu.
Ɛho hia sɛ obi a ɔyare no aka no no bɛmene aduru no pɛnkoro pɛ (biako anaa abien) afe biara na amma ɔyare no antrɛw. Mectizan nkunkum nipadua no mu asunson a wɔanyinyin no, nanso ekunkum mmoawa nketenkete no na ɛmma wɔn a wɔanyinyin no ntow microfilariae no bio. Eyi mma ɔyare no ntrɛw wɔ onipa no mu, na ɛmma afoforo nnya bi ntɛmntɛm. Aduru no kum akuru a aba aniwa kesua no so foforo no, na ɛmma akuru foforo nyɛ akɛse. Nanso, entumi nkum aniwa ho akuru dedaw no, na sɛ aniwa no afura dedaw a, entumi mma enhu ade bio.
Nanso, ɔhaw no ne ne kyekyɛ—aduru no a wɔbɛma nnipa a wohia no nsa aka. Sɛ wobetumi de akɔma nnipa bebree a wɔtete nkuraa a atew ne ho wɔ akyirikyiri ase no a, gye sɛ wɔnantew. Sɛ wɔde lɔre bɛkɔ hɔ a, ɛtaa hwehwɛ sɛ wɔdɔw hɔnom anaa wɔyɛ atwene mpo. Ɛtɔ mmere bi a, amanko, sika a wonni, ne ɛhɔnom amammuisɛm ma ne kyekyɛ ho haw no yɛ kɛse. Nanso, akwanside yi nyinaa akyi, eduu 1995 mfiase no, na wɔakyekyɛ Mectizan no bɛyɛ ɔpepem 31, wɔ Afrika titiriw.
Nea Wɔhwɛ Kwan Daakye
Bɛboro mfe 20 a atwam ni no, Anifurae a Nkontia De Ba Anosiw Dwumadi no ako atia anifurae no wɔ Afrika Atɔe Fam aman 11 mu, beae a ɛyɛ France asase mmɔho abiɛsa. Dɛn na afi mu aba? Sɛnea WHO akontaabu kyerɛ no, nnuru a wɔde kunkum asunson ne Mectizan a wɔde abom ayɛ adwuma no abɔ nnipa bɛboro ɔpepem 30, a bere bi anka tete yare bɔne yi reyɛ aka wɔn no ho ban. Seesei nnipa bɛboro ɔpepem 1.5 a na mmoawa no bebree wɔ wɔn ho no ho atɔ wɔn koraa. Afei nso, anifurae a nkontia de ba so nkonim a wɔredi no ama wɔanya asasebere bɛyɛ hekta ɔpepem 25 akyekye nkurow de adɔw mfuw—asase a ebetumi ama nnipa bɛyɛ ɔpepem 17 anya wɔn ano aduan afe biara.
Nanso akodi no mmaa awiei koraa. Afrika aman a wɔako atia anifurae a nkontia de ba no wom no mufo nnu nnipa a ɔyare no betumi ayɛ wɔn no fã.
Wɔama mmɔdenbɔ a wɔde ko tia ɔyare no mu ayɛ den wɔ nnansa yi mfe no mu. Wɔ mfe abien pɛ mu, efi 1992 kosi 1994 no, nnipa a wɔde Mectizan asa wɔn yare no abu abɔ ho fi ɔpepem 5.4 akodu ɔpepem 11. Eduu 1994 awiei mu hɔ no, na aman bɛyɛ 32 a ɛwɔ Afrika, Latin Amerika, ne Mfinimfini Apuei ayɛ Mectizan ayaresa dwumadi ho nhyehyɛe, a ebia ɛrenkyɛ ɛbɛbɔ nnipa bɛyɛ ɔpepem 24 ho ban ma wɔn ani renfura.
Amerikafo Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no hwɛ kwan sɛ ebedu afe 2002 no, na wɔatu ɔyare a ɛde ɔmanfo akwahosan to asiane mu no ase wɔ Amerika. Nokwarem no, adwuma no so sen saa wɔ Afrika. Nanso, Amanaman Nkabom Mmofra ho Foto no ka sɛ: “Ada adi dedaw sɛ anifurae nyɛ asiane kɛse mma awo ntoatoaso a wɔrenyin seesei no daakye, sɛnea na ɛte kan no wɔ baabi a anifurae ayɛ onyin fã bere tenten no.”
Ɛyɛ anigye sɛ yebehu mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛboa nnipa a wɔn ani reyɛ afura no. Wɔ Yesu Kristo asase so som adwuma no mu no, ɔno nso nam nkurɔfo a na wɔn ani afura a ɔnam anwonwakwan so ma wohuu ade bio no so kyerɛe sɛ odwen nnipa ho. (Mateo 15:30, 31; 21:14) Eyi daa nea ɛbɛkɔ so wɔ asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu adi wɔ ɔkwan ketewaa bi so. Nokwarem no, bere no reba a anifurae biara renka obiara. Onyankopɔn Asɛm hyɛ nkɔm sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue.”—Yesaia 35:5.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
“Na wɔtaa ka sɛ ahonhom na wɔma nkurɔfo ani fura. Mprempren de, wonim sɛ ɛyɛ asunson no”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Aduru no biako anaa abien a wɔmene no pɛnkoro afe biara no betumi asiw anifurae a nkontia de ba no ano