Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/15 kr. 5-7
  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Fam Anifurae so a Yebedi
  • Ano Aduru Koro Pɛ a Ɛtra hɔ Daa—Onyankopɔn Ahenni
  • Onyankopɔn Wiase Foforo no mu Anigye
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Anifuraefo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ
    Nyan!—2015
  • Farisifo no Yeree Onifuraefo a Yesu Saa no Yareɛ No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/15 kr. 5-7

Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho

DENMARKFO bu bɛ bi sɛ: “Bruu a ewim yɛ no nsakra esiane sɛ onifuraefo nhu nti.” Nanso sɛnea ɛte no, wɔ yɛn da biara da asetra a adagyew nnim mu no, so yehu sɛ ewim yɛ bruu? So yɛwɔ daakye mu ahotoso? So yegye asɛmpa a Onyankopɔn Asɛm Bible no ka no di ankasa?

Yesusuw honam fam anifurae ho wɔ asɛm a edi eyi anim no mu. Momma yɛnhwehwɛ adehu a ɛho hia kɛse koraa mu. Ɛfa yɛn daa anigye ne yɛn adɔfo daakye ho.

Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Dɛn na ɛba bere a nnipa pere sɛ wobenya wɔn ano aduan, wogyina akwahosan mu nsɛnnennen ne abusua mu haw ahorow, nsisi, ne ɔdɔ a enni hɔ ano no? Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa pii hwere ahotoso a wɔwɔ wɔ wɔn yɔnko nnipa, nyamesom, ne nniso mu. Bere a wonnya wɔn haw ahorow ano aduru no, ebinom ka sɛ sɛ wɔannya anwonwakwan bi a, wontumi nnya wɔn haw ano aduru. Jacob Pinheiro Goldberg ka wɔ Brazil atesɛm krataa Jornal da Tarde mu sɛ: “Bere a nnipa wɔ tebea a emu yɛ den ankasa mu no, wɔma mfomso ahorow hyɛ wɔn abufuw ma wɔmfa nyansa nsusuw nsɛm ho, na wɔde wɔn ho to anwonwade a ɛma wɔn haw no yɛ kɛse so.” Nanso, sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde anidahɔ di ho dwuma, ɛnte saa?

Fa no sɛ wuhia ofie ama w’abusua na wowɔ wo sika. Ebia wobɛkɔ mmorɔn so akɔhwehwɛ afie a ɛwowɔ hɔ mu. Ɛwom sɛ wɔn a wɔtɔn afie no gye w’abisade no tom de, nanso wo nsa nka ofie a w’ani gye ho. Nanso, esiane sɛ w’abusua no ahotɔ ne wɔn yiyedi ho asɛm wom nti, wunnyae akyi di, ɛnte saa? Afei hwɛ sɛnea w’ani begye bere a awiei koraa no wunya ofie a w’ani gye ho no.

Sɛnea wubegye bere de ahwehwɛ ofie foforo no, dɛn nti na wonhwehwɛ Bible no mu mfa mpɛ wo nsɛnnennen no ano aduru? Sɛnea ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm ho yiye bere a yɛresi ofie ho gyinae ahorow no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛde adwempa susuw nea yɛkenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho yiye. Mfaso kɛse koraa wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware a yebehu na yɛagye wɔn atom no so koraa sen ofie a yebenya. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

Nanso sɛ Bible no mu nsɛm som bo saa a, dɛn nti na nnipa pii ani afura wɔ emu asɛmpa no ho saa? Ade biako ni, na ebia eyi bɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ne saa nti, Satan Ɔbonsam “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.” (2 Korintofo 4:4) Ɛwom sɛ yɛde yɛn ani na ehu ade de, nanso amemene no na ɛkyerɛ dekode a ne hann tɔ w’ani so no. Enti, wɔkyerɛ anifurae ase nso sɛ “nhumu anaa ntease a obi ntumi nnya anaa ɔmpɛ sɛ onya.” Eyi ma yɛkae asɛm bi a wɔtaa ka sɛ: “Anifuraefo biara nsen wɔn a wɔhyɛ da sɛ wonhu ade.”

Obi a n’ani afura ntumi nhu nea esi n’anim, enti obetumi apira. Wontumi nsa wɔn a wɔn ani afura ankasa no mu pii yare mprempren, nanso obiara nni hɔ a ontumi nyɛ honhom fam anifurae ho biribi.

Honhom Fam Anifurae so a Yebedi

Sɛnea ahotew a enni hɔ tumi sɛe ani no, saa ara na tebea ahorow a ɛmfata mu a wɔtra betumi afura obi ani wɔ abrabɔ fam. Afei nso, Yesu Kristo bɔɔ kɔkɔ wɔ nnipa nkyerɛkyerɛ ne atetesɛm ho. Ɔdaa no adi pefee sɛ, na nyamesom akannifo a wɔwɔ ne bere so no redaadaa wɔn nguan no: “Wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.”—Mateo 15:14.

Sɛ́ anka anifuraefo akannifo bɛdaadaa wɔn no, hwɛ sɛnea wɔn a wobue wɔn ani wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no ho no ani gye! Yesu kae sɛ: “Atemmu nti na mebaa wi yi ase, na wɔn a wonhu ade no ahu.” (Yohane 9:39) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn ani afura wɔ honhom fam no betumi ahu ade? Wiɛ, momma yɛnkɔ so nsusuw yɛn honam fam anifurae a yɛresusuw ho no ho.

Wɔayɛ nsiesie pii ama wɔn a wonhu ade yiye no mprempren. Ná ɛnte saa wɔ bere bi a abɛsen mu. Ná nnipa nhyɛɛ da mmɔɔ wɔn ho mmɔden biara sɛ wɔbɛyɛ biribi de aboa anifuraefo de kosii sɛ Valentin Haüy buee anifuraefo sukuu soronko bi wɔ 1784 mu. Akyiri yi, Louis Braille yɛɛ anifuraefo nkyerɛwee a ne din da so no; ɔyɛ de boaa wɔn a wonhu ade yiye na ama wɔatumi akenkan ade.

Na honhom fam anifuraefo nso ɛ? Wɔ nnansa yi mfe mu no, wɔabɔ mmɔden yiye reka asɛmpa no wɔ asase no afã horow a ɛwowɔ akyirikyiri koraa no. (Mateo 24:14) Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛma sɛnkyerɛnne kwan so anifuraefo ne honam fam anifuraefo nyinaa anya anidaso.

Brazilni bea bi kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ meka sɛ ɛmfa ho sɛ madi dɛm honam mu no, mitumi hu ade—honhom fam. Onyankopɔn a ne ho yɛ nwonwa bɛn ni! Yɛn ani agye sɛ yɛahu sɛ, ‘Yehowa bebue ne nsam na wama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’” (Dwom 145:16) Na Jorge a n’ani afura honam mu ka sɛ: “Wobetumi akyɛ m’asetra mu abien: ansa na merehu Adansefo no ne ɛno akyi. . . . Ɛnam wɔn so na mifii ase de m’adwene aniwa huu wiase yiye na ɛharan maa me. Me ne asafo no muni biara wɔ abusuabɔ pa.” Bere a eyi yɛ anigye no, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛnkyɛ, obiara ani remfura bio wɔ asase so—honam fam anaa honhom mu. Ɔkwan bɛn so na eyi bɛba? Ɔkwan bɛn so na ɛbɛda adi wɔ wiase nyinaa nokwarem sɛ “[Yehowa] bue anifuraefo ani”?—Dwom 146:8.

Ano Aduru Koro Pɛ a Ɛtra hɔ Daa—Onyankopɔn Ahenni

Ɛmfa ho nkɔanim a wɔanya wɔ nnuruyɛ mu no, nyarewa pii kɔ so de anifurae, ɛyaw ne owu ba. Ɛnde, dɛn na yehia na ayi nnuan pa a wonnya nni, ahotew tebea a enni hɔ, ne amanehunu a ɛsɛe aniwa ne asetram anigye no afi hɔ? Anifuraefo ne afoforo a Yesu saa wɔn yare no yɛ nea ɔbɛyɛ no daakye no nsusuwso ketewaa bi. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, ne nkyerɛkyerɛ ne n’ayaresa no yɛ nhyira a ɔbɛtrɛw mu ma adu asase nyinaa so wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no ho mfonini.

Wiase nyinaa ayaresa abɛn.a Ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛ ɔsoro ayaresa nhyehyɛe no mu fɛfɛɛfɛ sɛ: “Ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu. N’abɔnten mfinimfini ne asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dummien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.”—Adiyisɛm 22:1, 2.

Nsɛm te sɛ “nkwa nsu” ne “nkwa dua” no kyerɛ sɛ, sɛ nnɛyi nhyehyɛe bɔne no kɔ n’awiei a, nkakrankakra, Onyankopɔn Ahenni no ayaresa nsiesie no de adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu. Nokwarem no, Yesu agyede afɔrebɔ no so mfaso horow (a bɔne a wɔde firi koraa ka ho), ne Yesu Kristo ne n’Agya ho nimdeɛ de akwahosan a edi mũ ne daa nkwa bɛba.—Yohane 3:16.

Onyankopɔn Wiase Foforo no mu Anigye

Afei, yɛ asase a nsɛmmɔnedi, efĩ, anaa ohia nnim ho mfonini wɔ w’adwenem. Yɛ mfonini wɔ w’adwenem sɛ w’abusua no te Paradise a wɔasan de asi hɔ no mu. (Yesaia 32:17, 18) Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wode adwene ne aniwa a edi mu behu kɔla ahorow!

Faber Birren ka sɛ: “Trabea a ɛfata ma onipa ne sɛ ɔbɛtra baabi a nneɛma kɔ so sakra bere nyinaa—te sɛ hann, kɔla ne adebɔ su afoforo. Adebɔ mu nneɛma nyɛ ade koro. Kɔla yɛ adebɔ mu nneɛma a ɛma nnipa ani gye wɔ wiase no mu biako. Saa na ɛte wɔ adebɔ mu, ɛnyɛ nneɛma kakraa bi mu na ɛte saa, na ɛno so na asetram anigye kɛse no ara gyina.”

Hwɛ sɛnea adehwɛ akyɛde no som bo! Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ bere a aniwa a anka afura—honam fam anaa honhom fam—behu ade!

Yiw, wɔ Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ no mu no, anifurae ne dɛmdi afoforo remma wonni awerɛhow bio! Wɔnnaadaa obiara bio. Esiane sɛ nokware dɔ na wobeyi no adi nti, obiara benya honhom mu ntease. Ɛno ne nneɛma foforo pii reba nnansa yi ara, nanso mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wunya Onii a ɔbɛma ne bɔhyɛ a ɔhyɛɛ ho nkɔm no abam no anim dom: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue”!—Yesaia 35:5.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛsrɛ wo, hwehwɛ adanse a wɔde ama wɔ nhoma, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii mu no mu wɔ ti 18.

[Kratafa 7 mfonini]

Saa bere no na anifuraefo aniwa bebue!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena