Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
1. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ na ɔdwene anifuraefo ho?
1 Na aka nna kakra bi ma Yesu awu, na bere a ɔfi Yeriko retwam no, anifuraefo mmienu bi srɛɛ no sɛ: ‘Awurade, hu yɛn mmɔbɔ!’ Ɛwom, na Yesu rebɛfa ɔhaw kɛse bi mu ma ɛho adwendwene ahyɛ no so, nanso ɔfrɛɛ anifuraefo no saa wɔn yareɛ. (Mat. 20:29-34) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu na yɛaboa anifuraefo?
2. Yɛhyia onifuraeni wɔ abɔnten a, yɛbɛyɛ dɛn adi no adanse?
2 Boa Wɔn: Sɛ wohyia onifuraeni wɔ abɔnten a, da wo ho adi na boa no. Ɛyɛ a nkurɔfo sisi wɔn, enti mfiase no ebia n’adwenem bɛyɛ no nãã. Nanso sɛ ɔhu sɛ wodwene ne ho na wopɛ sɛ woboa no ampa a, ɛbɛka ne koma ato ne yam. Nanso kae sɛ anifurae gu ahorow, enti obiara ne mmoa a ɔbɛhia. Bere a woaboa no awie no, wobɛtumi ama no ahu sɛ wowɔ mmoa foforo a wopɛ sɛ wode ma no. Kyerɛ no sɛ wo ne nkurɔfo sua Bible. Wobɛtumi akan Dwom 146:8 anaa Yesaia 35:5, 6 akyerɛ no. Sɛ ɔtumi kenkan anifuraefo nwoma (Braille) a, ɛnneɛ ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ woma no nwoma wɔ Braille mu a ɛbɛboa no ma wasua Bible. Wobɛtumi nso aboa no ma wanya nsɛm bi afi jw.org abɔ atie. Ebinom wɔ kɔmputa a ɛno ara tumi kenkan nsɛm. Enti sɛ ɔwɔ bi a, ɔbɛtumi akɔ jw.org akɔkenkan nsɛm bi wɔ hɔ anaa ɔbɛtumi atwe RTF (Rich Text Format) no bi.—Hwɛ adaka a wɔato din “Bere a Woreboa Onifuraeni . . . ”
3. Yɛbɛyɛ dɛn akɔhwehwɛ anifuraefo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no?
3 Hwehwɛ Anifuraefo: Yɛkɔ afie afie asɛnka a, yɛntaa nhu anifuraefo wɔ fie, efisɛ wɔn mu pii mpɛ sɛ wɔne ahɔho bɛkasa. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ‘kɔhwehwɛ’ wɔn. (Mat. 10:11) Wo ne onifuraeni bi yɛ adwuma anaa wo ne ebi kɔ sukuu? Adɛn na wontwe mmɛn no ne no mmɔ nkɔmmɔ? Sɛ anifuraefo sukuu wɔ mo mpɔtam hɔ a, wobɛtumi akɔma wɔn asafo nwoma no bi wɔ Braille mu ma wɔde agu wɔn nwomakorabea. Wonim obi a ne ho nnipa bi ani afura? Sɛ saa a, wobɛtumi ama no ahu sɛ Yehowa Adansefo wɔ mmoa bi a wɔde ma anifuraefo. Sɛ ɛbɛyɛ yie a, kɔma no biribi a ɔbɛbɔ atie anaa nwoma wɔ Braille mu. Sɛ nnwumakuw bi wɔ mo hɔnom a wɔhwɛ anifuraefo anaa wɔma wɔn dan tena mu a, wobɛtumi akɔhu ɛhɔ mpanimfoɔ na woakyerɛ wɔn nhyehyɛe a yɛayɛ de boa anifuraefo. Ma wɔnhu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔbɛsa anifuraefo yareɛ. Wobɛtumi ayi video a ɛwɔ jw.org a wɔato din “Without It, I Would Feel Lost” akyerɛ no. Video yi ma yɛhu sɛnea Braille Bible no aboa onifuraeni bi. Sɛ wokɔ baabi na woma nkurɔfo hu asɛm a wode nam a, ebia wɔbɛma wo ne anifuraefo a wɔwɔ hɔ abɔ nkɔmmɔ.
4. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi Janet asɛm no mu?
4 Onuawa bi a wɔfrɛ no Janet ani afura, na ɛyɛ a ɔtaa kɔka asɛm no wɔ anifuraefo atenae. Ɔne awuraba bi fii ase bɔɔ nkɔmmɔ. Janet ka kyerɛɛ awuraba no sɛ, “Yesu wɔ asase so no, ɔsaa anifuraefo yareɛ, na wei ma yɛhu nea ɔbɛyɛ ama anifuraefo nyinaa daakye.” Janet ne no kenkan Adiyisɛm 21:3, 4, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛhwɛ ama bɔhyɛ yi nyinaa abam. Awuraba no tenaa hɔ komm, na ɔkaa sɛ: “Mentee sɛ obi a n’ani afura aka biribi a ɛte saa da. Ɛyɛ a nkurɔfo susu sɛ gyama biribi a yɛn nananom yɛe nti na yɛn ani afura.” Akyiri yi, Janet de Intanɛt address bi kɔmaa awuraba no, na wei boaa no ma ɔnyaa Bible Kyerɛkyerɛ nwoma no, na seesei ɔne no yɛ Bible adesua mprenu nnawɔtwe biara.
5. Ɛwom sɛ yɛrentumi nsa anifuraefo yareɛ sɛnea Yesu yɛe no, nanso sɛ yɛma wɔn ho asɛm hia yɛn a, nhyira bɛn na ɛbɛfi mu aba?
5 Nokwasɛm ne sɛ, yɛnni tumi a yɛde bɛsa anifuraefo yareɛ sɛnea Yesu yɛe no, nanso yɛbɛtumi aboa nnipa a wiase yi nyame afura wɔn adwene ani no ma wɔahu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu, na anifuraefo ankasa nso ka ho. (2 Kor. 4:4) Dɛn na ɛkaa Yesu ma ɔsaa anifuraefo a ɔhyiaa wɔn wɔ Yeriko kurotia no yareɛ? Wɔn asɛm ‘yɛɛ no mmɔbɔ.’ (Mat. 20:34) Yɛn nso sɛ anifuraefo asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ a, yɛbɛyɛ nea yɛbɛtumi biara aboa wɔn ma wɔasua Yehowa ho ade, efisɛ ɔno na ɔbɛyi anifurae afi hɔ korakora.