Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 5/8 kr. 3-4
  • So Onipa Bɛsɛe N’ankasa Ho Ne Asase No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onipa Bɛsɛe N’ankasa Ho Ne Asase No?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SO ONIPA BETUMI ASƐE N’ANKASA HO NE ASASE NO AFEI?
  • SO BIBLE NO KA EYI SIE?
  • DƐN NA “WIASE AWIEI” KYERƐ ANKASA?
  • SO EBINOM BEFI MU?
  • Nuklea Ɔsɛe Da—So Bible Hyɛ H
    Nyan!—1980
  • Nea Asase Wura No Bɛyɛ
    Nyan!—1982
  • So Adesamma Bɛsɛe Wɔn Ho?
    Nyan!—1980
  • So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
    So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 5/8 kr. 3-4

So Woasusuw Ho Pɛn​—

So Onipa Bɛsɛe N’ankasa Ho Ne Asase No?

EBIA na woankenkan atesɛm nkrataa mu nsɛmti te sɛ “Ɔsɛe Da Akode,” “Ɔtopae a Ɛdɔɔso a Ɛde Bɛma Wiase Aba Awiei,” “Asasewosow Ɔtopae,” ‘Mmoawa Akodi, Ade Foforo a eyi Onipa Hu.’ Anaasɛ, ebia na woate sɛ wiase mpanyimfo reka sɛ ‘wiase nyinaa akodi kyerɛ kum a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa bekum wɔn ho’ ne afei “asɛm aba adesamma abusua no nkwa ho.”

Saa amanneɛbɔ ahorow yi yɛ nsɛm a wɔaka ahyehye ho dodo anaasɛ . . .

SO ONIPA BETUMI ASƐE N’ANKASA HO NE ASASE NO AFEI?

Atomik ɔtopae a wɔde hwee Japan so mfirihyia 35 a atwam no de wiase kɔhyɛn Nuklea Afe bi mu. Saa ɔtopae biako no kum nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 140,000. Nanso ɛno yɛ “ɔtopae ketewaa” sɛ wɔde to nea ɛwɔ hɔ mprempren no ho a. Ebinom wɔ hɔ a nnɛ wɔn ahoɔden no boro kan de a wɔtow no so mpɛn 4,600!

Ɔtopae a U.S. Amerika ne Russia aboaboa ano asie wɔn akode adekorabea ahorow mu no yɛ nea wobu ano sɛ wɔkyekyem a wobetumi anya ɔtopae no tɔn anum ama onipa biara a ɔwɔ asase so! Wɔ nokwarem no onipa betumi asɛe n’ankasa ho mpɛn ahorow bebree.

Ebinom te nka sɛ ɛrenkyɛ na onipa de saa “Ɔsɛe Da Akode” yi adi dwuma wɔ wiase ko foforo mu, na ɔde nkwa nyinaa ne asase yi aba awiei a ɛyɛ hu mu. Dɛn nti na wɔte nka saa? Efisɛ wosusuw sɛ wɔaka ho asɛm wɔ Bible no mu.

SO BIBLE NO KA EYI SIE?

Dabi. Bible no ka no pefee sɛ “[Onyankopɔn] wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.” “Na asase de, etim hɔ daa.”​—Dw. 104:5; Ɔsɛnk. 1:4.

Yesu Kristo kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo na wɔn na wobenya asase no adi” (Mat. 5:5) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wodwo no “wobenya asase no adi” sɛ wɔsɛe no anaasɛ ɛdan biribi a wɔahyew no? Nanso wɔn a wɔkenkan Bible no mu binom ka sɛ, So Bible no nka “wiase awiei” a ɛreba ho asɛm?​—Hwɛ Mateo 24:3.

DƐN NA “WIASE AWIEI” KYERƐ ANKASA?

Ɛno kyerɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei, na nea ebefi mu aba ne yɛn amumɔyɛfo wiase no sɛe, na ɛnyɛ asase no ankasa. Bible no de ɔsɛe a ɛreba no to biribi a ɛbae wɔ abakɔsɛm mu ho. Bɛyɛ sɛ mfirihyia 4,300 a atwam no, nnipa bɔnefo nso bɛdɔɔso wɔ asase no so. Onyankopɔn yɛɛ ho biribi no ɔde akora asase no ne ɔtreneeni Noa ne n’abusua no so. Nea Bible no kyerɛw too hɔ ne sɛ, “Na ɛno ara so na ɛnam na nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee.” Ɛde kɔkɔbɔ bi kaa ho sɛ: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, . . . wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.”​—2 Pet. 3:6. 7: Gen. 6:5-12.

Nanso wɔansɛe asase no ankasa a yegyina so yi. Yɛda so ara gyina so. Ɛyɛ nnipa “amumɔyɛfo” wiase no na woyi fii hɔ. Awudi wiase bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani baa awiei.

Nyansa wɔ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wowɔ ofie fɛfɛ bi, na sɛ wode ma obi a ɔyɛ n’ade basabasa ma ɔtra mu na ɔsɛesɛe w’agyapade no a, so wobɛsɛe ofi mũ no nyinaa anaasɛ wubetu onipa a onye no afi wo dan no mu? Mmuae no da adi pefee. Enti afei, Onyankopɔn, yɛn “fie” a ɛyɛ asase yi Wura no rensɛe no esiane sɛ ‘wɔn a wɔte mu’ no mu pii yɛ ‘basabasa’ nti, na mmom obeyi ‘wɔn a wɔte mu’ no afi mu.

Eyi bɛkyerɛ wiase bi a emu ayɛ hu, a ɛboaboa akode a ɛyɛ hu sen biara a wobetumi de akum nnipadɔm ano sie, nanso entumi mfa aduan mma nnipa ɔpepem bebree a wonnya aduan nni na ɔkɔm kum wɔn no awiei. Wiase a wonnni nokware koraa wom na nyaatwom ahyɛ mu ma. Wiase a ɛsɛe ade na ɛyɛ asase ne mframa mu fi. Sɛ́ ɔbɛma kwan ma awiei no onipa asɛe asase no, Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ “ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.” Eyi kyerɛ sɛ onipa rensɛe asase yi koraa nwie!​—Adi. 11:18.

SO EBINOM BEFI MU?

Yiw, bebree befi mu. Nea ɛne onipa akodi bɔ abira, a wɔsɛe nnipa papa ne nnipa bɔne nyinaa no, Onyankopɔn ko no bɛpaw mu. Bible no de awerɛkyekye nsɛm yi ma yɛn anidaso sɛ: “Awurade [Yehowa] rehwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn. (Dw. 145:20) Hyɛ no nsow sɛ a wɔn wobefi mu no bɛyɛ nnipa a ‘wɔdɔ Onyankopɔn.‘ Nkyekyem afoforo kyerɛ sɛ eyinom bɛyɛ nnipa a wodwo na wotie Onyankopɔn mmara ahorow.​—Dw. 37:10, 11, 34.

So w’ani rennye sɛ wobɛtra wiase bi a nnipa a wɔte saa ahyɛ mu ma mu. So ɛrenyɛ dwoodwoo asetra bere? Ɛwom sɛ “wiase no retwam‘’ de, nanso yebetumi anya anidaso sɛ ‘wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde tra hɔ daa.‘​—1 Yoh.2:17

Afei nso, saa anuonyam nhyehyɛe foforo yi abɛn pɛɛ. Sɛ yebetumi atra mu a na ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn apɛde mprempren. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo, a wonnye wo hwee, na woasua nea Onyankopɔn apɛde yɛ ne pii nso afa anidaso a ɛyɛ nwonwa yi ho.

[Kratafa 3 mfoni]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena