Nea Asase Wura No Bɛyɛ
Fa no sɛ wone ɔno na bisa wo ho sɛ, Dɛn na anka mɛyɛ?
ASƐM a edi kan no ka ofi fɛfɛ bi a wode maa nkurɔfo traa mu a wɔkɔɔ so sɛee no ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetu wɔn. Yehu nneɛma horow a nnipa ayɛ de asɛe asase no pii. Nea ɛwɔ he na enye koraa, sɛ abusua bi bɛsɛe wo fi, anaasɛ sɛ adesamma bɛsɛe asase yi? Sɛ worempene nnipa a wɔte wo fi a wɔsɛe no no a, so wuntumi nte nea enti a Onyankopɔn remma wɔn a wɔsɛe n’asase no kwan mma wɔntra so no ase?
Eyi pɛpɛɛpɛ ne nea Yehowa aka, sɛ ɔremma kwan mma sɛe a wɔresɛe n’asase yi no nkɔso nkosi daa. Bio nso, wahyɛ bere a ɔde besiw ano, bere a wɔfrɛ no sɛ “nna a edi akyiri.” Akodi, ɔkɔm, nsasewosow, nyarewa, ɔbrasɛe, mmofra asoɔden, nsɛmmɔnedi a emu trɛw ntɛmntɛm, nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominyafo a wodi wɔn anigyede ahorow akyi a wonni bere mma Onyankopɔn anaa onyamesom pa—eyinom ne nneɛma ahorow a wɔka too hɔ sɛ ɛbɛhyɛ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no agyirae. Sɛnea eyinom nyinaa ka yɛn fa no ne nea wɔka too hɔ pɛpɛɛpɛ wɔ ho a yehu mprempren no—“amanaman ahoyeraw bɛba asase so, a wonhu nea wɔbɛfa,” ne nnipa a wɔwɔ baabiara a ‘ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma wɔatotɔ beraw.’—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-14; Luka 21:25-27, NW.
So ebinom di eyi ho fɛw? Wɔkaa wɔn ba wɔ bere yi mu nso ho asɛm too hɔ: “Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” (2 Petro 3:3, 4) Fɛwdifo no aba, sɛnea wɔka too hɔ no, na wodi fɛw ka sɛ nneɛma yi nyinaa aba pɛn.
Nanso eyi nte saa, ɛnte sɛ nea ɛte mprempren wɔ asase so nyinaa no, na wɔde biribi foforo abɛka ho a ebi mmae da. John Oakes, kan New York Times samufo panyin no kyerɛɛ ade foforo a abɛka ho yie “Asase a wɔresɛe no no . . . yɛ soronko koraa wɔ biribiara a abetwam pɛn wɔ adesamma abusua no abakɔsɛm mu no ho.” Yehowa Nyankopɔn kaa ade foforo yi ho asɛm sɛ adanse ahorow a ɛfa “nnaa edi akyiri” no ho no biako. Bere a akã Kristo a wɔde no besi ahengua so ne amanaman no gyegyeegyeyɛ ho asɛm akyi no, Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Adiyisɛm no ka sɛ bere no adu nso sɛ ‘wɔsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Ebia na anka ɛyɛ nnipa pɛ sɛ wɔbɛsɛe no kan no wɔ wɔn adifudepɛ ne sika ho dɔ no mu, nanso na wonni tumi a wɔde bɛyɛ saa. Nanso, nnɛ, wɔn mfiridwuma ho nyansahu ama wɔanya tumi a wɔde bɛsɛe asase no na wɔreyɛ saa wɔ adifudepɛ mu. Na, sɛnea nkɔmhyɛ no nso kyerɛ no, ɛyɛ Yehowa na ɔbɛma wɔn nneyɛe bɔne no agyae.
Yehowa Nyankopɔn ammɔ asase no kwa. Wanyɛ sɛ ɔbɛma kwan ma wɔadan no sumina. Ɔyɛe a na ɔwɔ atirimpɔw bi wɔ ho. “[Yehowa] a . . . ɔnwenee asase na ɔyɛe no . . . wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” Na ɛbɛtra hɔ daa wɔ paradise tebea fɛfɛ a nnipa te so mu.—Yesaia 45:18; Dwom 104:5; Ɔsɛnkafo 1:4.
Ɔde onipa a odi kan no koduaa Eden turo no mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ “ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.” Na afifide bɛyɛ aduan ama abɔde a wɔte ase nyinaa a ɛnyɛ onipa nko. Na afifide no bi yɛ nhwiren—hwɛ ntama fɛfɛ a ɔde furaa wuram sukooko! Na ɛsɛ sɛ ɔwɛn asase no. Akyiri yi Onyankopɔn hyɛe sɛ afe a ɛto so ason biara nyɛ “ahomegye home mma asase no.”—Genesis 1:30; 2:15-17; Mateo 6:28-30; Leviticus 25:3-7.
Enti so nnipa awɛn asase no sɛnea ɔhyɛe no?
Na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma mmoa. Onyankopɔn frɛ onipa a ɔhwɛ mmoa yiye ɔtreneeni, na ɔfrɛ wɔn a wɔn tirim yɛ den no abɔnefo. Ne mmara a ɔnam Mose so de mae no bɔɔ mmoa ahorow ho ban—ná ɛsɛ sɛ wɔkora anomaa a ɔwɔ mma so. Na ɛnsɛ sɛ obi de nantwi ne afurum bɔ mu fɛtɛw—enye mma aboa a osua na onni ahoɔden pii no. Na ɛnsɛ sɛ obi kata nantwi a ɔporow awi ano—ɔwɔ hokwan sɛ odidi bere a ɔreyɛ adwuma. Wɔ Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ afiemmoa ne wɔn wuranom home Homeda, na na ɛsɛ nnipa yɛ adwuma de boa aboa a ɔrehu amane, sɛ na eyi yɛ Homeda mpo a.—Mateo 10:29; Mmebusɛm 12:10; Deuteronomium 22:6, 10; 25:4; Exodus 23:12, 5; Luka 14:5.
So wodi saa nnyinasosɛm ahorow no akyi nnɛ?
Onyankopɔn de afotu ahorow mae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa yɛ wɔn ade wɔ afoforo ho no ho. Yesu daa no adi wɔ saa kwan yi so sɛ: Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Na sɛnea yɛbɛpɛ sɛ yehu anisɔ wɔ nnipa a wɔte yɛn fi fɛfɛ no mu no fam no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma asase yi Wura, Yehowa Nyankopɔn. Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu.” (Mateo 7:12; 22:37-39) Nea ɛyɛ anigye no, sɛ wobɛyɛ eyi a, na ɛsɛ sɛ wodɔ wo yɔnko nso, “na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?”—1 Yohane 4:20.
So yehu saa ɔdɔ yi sɛ ɛrekyerɛ asase no mframa, nsu ne dɔte a onipa resɛe no mprempren no kwan? Na so yehu wɔ ɔsɛe kɛse a nnɛ ɔde reba afifide ne mmoa ne nnipa so no mu anaa? Na titiriw no, so yehu wɔ nnwuma wuranom akɛse a wɔde wɔn nnwuma ahorow no rekɔ aman a wɔyɛ mmɔbɔ a afei na wɔrenya nkɔso no so, faako a wobetumi asɛe nneɛma sɛnea wɔpɛ a mmara horow a ɛhaw wɔn adwene biara nni hɔ a ebesiw sɛe a wɔsɛe saa nsase no ne ɛso nnipa a wonni ahobammɔ biara no ano no fam anaa?
Nea etwa to koraa no, ade foforo wɔ hɔ a ɛsɛe asase no—abrabɔ bɔne. Ɛno nso yɛ ade a enti ɛsɛ sɛ wotu asase sotefo. Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmfa Bɔhyɛ Asase a ɛwɔ Kanaan no, na ɛnyɛ atirimɔden so na ɔnam retu ɔman biako na foforo abɛtra hɔ. Na ɔretu Kanaanfo no esiane sɛ na wɔde wɔn abrabɔ bɔne a ɛtra so ne nyamesom mu mogyahwiegu no agu asase no ho fĩ nti. Bere a Onyankopɔn abobɔ nsɛmmɔnedi ahorow a ɛyɛ ahobow yi bi din akyi no, ɔbɔɔ Israel kɔkɔ sɛ: “Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fĩ, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fĩ, na asase no so agu fĩ, enti na merema ɛso amumɔyɛfo no so ka, na asase no afe ɛsotefo no.”—Leviticus 18:24, 25.
Nanso Israel yɛɛ sɛnea saa amanaman no yɛe no: som abosom, hwiee mogya a edi bem gui, buu bra bɔne ahorow, kosii sɛ ‘asase no ho guu fi.’ Na esiane sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim nti, ɔfee Israel fii asase no so sɛnea ɔyɛɛ Kanaanfo a ná wodi wɔn anim no. Odiyifo no kae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] resɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔatõ daa apam no. Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo di sõ.”—Dwom 106:35-39; Yesaia 24:1, 5, 6.
Sɛnea sɛ wɔsɛe ne fɛ a ɛyɛ, na wɔdan adan a ɛwɔ mu no nguaman adan a woremma nnipa a wote wo fi fɛfɛ no mu nkɔ so ntra mu no, saa ara na Yehowa betu asase sotefo a wɔsɛe no no afi so. Ɛno akyi no ɛbɛyɛ paradise fi fɛfɛ ama adesamma nyinaa a wɔn ani bɛsɔ na wɔahwɛ so no. Odwontofo no to dwom sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:10, 11, 29.
Asase yɛ abɔde a wɔte ase nyinaa de: ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa yi wɔn Bɔfo Nyankopɔn, Yehowa no ayɛ. Dwom 148 se: ‘Munyi no ayɛ, ɔsoro, asase, po mu abɔde, ntakraboa, wuram mmoa ne afieboa ne nnipa nyinaa.’ Na Dwom a etwa to wɔ Bible mu no nkyekyem a etwa to no de awiei a anuonyam wom no ba sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yehowa] ayɛ!”—Dwom 150:6.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
‘Asase a wɔresɛe no no yɛ soronko wɔ biribiara a abetwam pɛn wɔ adesamma abusua no abakɔsɛm mu mu’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛsɛe asase no—abrabɔ bɔne
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Odiyifo no kae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] resɛe asase ama ada mpan . . . asase ho akum wɔ ɛsotefo ase”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
Asase yɛ abɔde a wɔte ase nyinaa de; ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa yi Yehowa ayɛ!
[Kratafa 15 mfoni]
“Me nso ɛyɛ me wiase”