Asase Ho Ban A Wɔbɛbɔ Na Ansɛe
BERE bi wɔ adesamma abakɔsɛm mu no, Onyankopɔn bɔɔ asase no ho ban na amma nnipa ansɛe no. Ɔnam asase nyinaa so nsuyiri a ɛbae wɔ Noa nna no mu no so na ɛyɛɛ saa. Yenni kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ na nnipa resɛe asase no so nneɛma a aniwa hu no ankasa saa bere no. Nanso na asase no asɛe wɔ ɔkwan foforo so akodu baabi a Onyankopɔn tee nka sɛ ehia sɛ ɔyɛ ade wɔ anibere kɛse so.
Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma. Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.” (Genesis 6:4, 11, 12) Yiw, Onyankopɔn buu asase no sɛ asɛe wɔ Noa nna no mu, esiane adesamma basabasayɛ ne bɔne nti.
Saara na bere a tete Israelfo no kɔtraa Bɔhyɛ Asase no so mfiase no, Onyankopɔn de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Monnyɛ saa nnhura asase a mote so no ho, efisɛ mogya no ara na ehura asase no ho . . . Na munngu asase a mote so no . . . ho fi.” (Numeri 35:33, 34) Enti, na Kaanan asɛe esiane mogya ho fɔ a wɔn a wɔte so no di no nti. Eyi ho nhwɛso a ɛyɛ hu ne mmofra a na wɔde wɔn bɔ afɔre ma wɔn anyame no.
Na Kaananfo no bra asɛe korakora nso, na eyi nso kaa sɛnea Onyankopɔn bu asase no fa. Ɔbɔɔ Israel kɔkɔ sɛ: “Mommfa [ɔbrasɛe] nneɛma yi biara nngu mo ho fi, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fi, na asase no so agu fi, . . . na asase no afe ɛsotefo no.” (Leviticus 18:24, 25) Ɔbrasɛe ne mogyahwiegu sɛee Kaanan araa ma Onyankopɔn de ɔsɛe baa Kaananfo aman no so.
Asase no a Wɔresɛe No
Nnɛyi nso ɛ? So bere a yɛte mu yi nyɛ basabasayɛ, mogyahwiegu, ne ɔbrasɛe pii bere anaa? Mmɔden a onipa bɛbɔ sɛ obesiesie asase no ankasa a wasɛe so no nyinaa akyi no, ɔrentumi mma nnipa a wobu akontaa sɛ wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem ɔha a wɔawuwu wɔ ne akodi ahorow mu wɔ afeha yi mu no mma nkwa mu bio; saa ara nso na ɔrentumi mma ɔpepem pii a amumɔyɛfo adi wɔn awu no, anaa nnipa bebree a ɔkɔm kum wɔn ma ɛyɛ awerɛhow no mma bio. Nokwarem no, ɔrentumi mma nkokoaa a wonnya nwoo wɔn bɛyɛ ɔpepem 40 de kɔ 60 a wɔnam nyinsɛn a wotu gu so ma wɔn nkwa ba awiei afe biara no, mma nkwa mu bio. So yɛn adwene mu betumi ayɛ yɛn naa, sɛ ɛnyɛ nea nneɛma a ɛte sɛɛ yi resɛe asase no wɔ Onyankopɔn ani so—sɛ yɛde ɔbrasɛe a abu so nnɛ no to nkyɛn a?
Ntease pa kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yɛ biribi nnansa yi ara de bɔ asase no ho ban fi onipa nneɛma a ɔyɛ de sɛe ade no ho, na Bible nkɔmhyɛ si eyi so dua. Nanso dɛn na ɔbɛyɛ? Bible no ka sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18; Fa toto Mateo 24:3-14 ho.) Sɛnea ofiewura tu obi a ɔte ne fie a ɔyɛ ɔdesɛefo fi ne fie hɔ no, saara na Onyankopɔn “betu” wɔn a wɔsɛe n’abɔde fɛfɛ a ɛne asase no afi so.
Bible no ka sɛ: “Na wobegu abɔnefo ase afi asase no so, na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:22) Saa ade a wobefi soro ayɛ yi na Bible no frɛ no Harmagedon. (Adiyisɛm 16:16) Yesu nso frɛɛ no “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi sɛ nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da.”(Mateo 24:21) Ɛbɛyɛ kɛse akyɛn Nsuyiri no mpo.
So eyi yɛ ano aduru a emu yɛ den dodo anaa ɛnteɛ? Dabi, sɛ asase no Bɔfo no, Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ osi wɔn a wɔbɛtra so ho—gyinae. Ɔwɔ hokwan nso sɛ ɔma onipa bu ne nneyɛe ho akontaa. Afei nso, sɛ Onyankopɔn ma onipa hokwan ma ɔkɔ so nantew ɔkwan a ɔnam so no so a ɔnyɛ ho hwee a, asase no bɛsɛe ama obiara, na ɛbɛyɛ den sɛ wobetumi atra so. Ɔkwan foforo so no, Onyankopɔn nam sɛe a ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no’ so no so bɛkora yɛn agyapade a ɛne asase no so ama wɔn a wɔwɔ anisɔ. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Na teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu.”—Mmebusɛm 2:21.
Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, ɔpepem pii anya ahoɔden a ɛbɛma wɔatumi akyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔtra ase na wonya Onyankopɔn abɔde mu anigye nti. Wodi Onyankopɔn abrabɔ mu gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn so nso, na wɔkwati basabasayɛ ne mogya ho fɔ a wobedi, sɛ ɛnyɛ tee mpo a. Enti, wɔ ntease a ɛho hia yi mu no, wɔnyɛ wɔn a wɔsɛe asase no.
Asase a Wɔabɔ ho Ban Afi Ɔsɛe Mu
Mprempren, saafo yi wɔ anidaso a ɛyɛ anigye sɛ wobehu asase a wɔasakra no afi nnɛyi ɔsɛe tebea a ɛwɔ mu no mu ayɛ no paradise fɛfɛ no. Wɔbɛtew wɔn nipadua ho mpo afi bɔne nkɛntɛnso a ɛde ɔsɛe ba no ho. Bible no nhoma a etwa to no ka Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so bɛyɛ eyi nyinaa no ho asɛm nsɛnkyerɛnne kwan so sɛ “nkwa nsu asubɔnten.” Asubɔnten no afanu nyinaa na “nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde saa amanaman no yare.”—Adiyisɛm 22:1, 2.
Saa anisoadehu a wɔnam honhom so de mae yi ma awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛbɔ asase no ne adesamma a wɔte so no ho ban afi ɔsɛe mu. Nkɔmhyɛ afoforo ma yedi kan hu sɛnea saa asase a wɔasiesie so bio no bɛyɛ. Sɛ nhwɛso no, susuw nea Yesaia ma yedi kan hu sie a ɔde mae wɔ anwensɛm kwan so no ho hwɛ: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi.” (Yesaia 35:1, 2) Saa bere no, na po a emu ayɛ fi, asase ani dɔte a wɔasɛe no, ne wim mframa a asɛe biara nni hɔ bio.
Nea ɛho hia kyɛn eyi no, basabasayɛ, mogyahwiegu, ne ɔbrasɛe rensɛe asase no. Wɔn a wɔwɔ obu ma Onyankopɔn, ne gyinapɛn ahorow, ne n’abɔde nkutoo na ɛbɛtra hɔ. (Adiyisɛm 21:7, 8) Afei tie nea ebefi eyinom nyinaa mu aba a ɛyɛ anigye no: “Na [Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. . . . Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.”—Adiyisɛm 21:4, 5.
Nea ɛbɛba a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Hwɛ anigye ara a yenya sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn abɛsɛe “wɔn a wɔasɛe asase no”! Na hwɛ sɛnea saa bɔhyɛ ahorow a wɔnam honhom so de mae yi ka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn a ɔbɛbɔ asase no ho ban na ansɛe na wayɛ no paradise ofie ama adesamma komapafo no!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Bible no ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18